Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 7/8 kr. 10-12
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Adi Ɔdɔ Ho Adammɔ So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Adi Ɔdɔ Ho Adammɔ So?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛnyɛ Wo Nkutoo
  • Nokwasɛm a Wubegye Atom
  • Wo Nkate Horow Mu a Wobɛhwehwɛ
  • Ne Ho Asɛm a Wubeyi Afi W’adwenem
  • Hena Na Ose Ɛyɛ Ɔdɔ Ho Adammɔ Ara Kwa?
    Nyan!—1987
  • Na Sɛ Ɔmfa Ne Dɔ Mma Me Ɛ?
    Nyan!—1998
  • Yɛyɛ Nnamfo Kɛkɛ Anaa Biribi Wom?​—Ɔfã 1: Dɛn Na Nea Ɔreyɛ Yi Kyerɛ?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Mɛyɛ Dɛn Ama No Ahu sɛ Mempɛ No?
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 7/8 kr. 10-12

Mmofra Bisa Sɛ. . .

Mɛyɛ Dɛn Atumi Adi Ɔdɔ Ho Adammɔ So?

ABABAA bi ka sɛ: “Makyerɛw no nkrataa de aka me nkate ho asɛm akyerɛ no. Bere biara a mebisa no sɛnea ɔte nka no​—ɔpow bere nyinaa sɛ ɔnte nka biara mma me. Nanso metumi agyina sɛnea ɔte na ɔyɛ n’ade so aka sɛ eyi nyɛ nokware.”

Nokwasɛm nkyerɛ hwee mma obi a ɔdɔ ho adammɔ aka no. Aberante a ababaa no ka ne ho asɛm no abɔ mmɔden sɛ obefi ayamye mu aka ne ho anigye a onni ho asɛm akyerɛ no na ɔhwehwɛɛ mmoa fii Kristofo mpanyimfo hɔ mpo. Nanso ababaa no rennye dabi a ɔka no ntom. Na ababaa no bu nsɛm a ɔka ne ne nneyɛe a mfomso biara nni ho no sɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma no no ho sɛnkyerɛnne. Enti na ɛyɛ ade a ababaa no ankasa de n’adwene na abu.

Ebia wo nso wuhu sɛ wopɛ sɛ wo ne obi a ɛsono sɛnea ɔte nka wɔ nneɛma ho anaasɛ nea enye koraa no onnim mpo sɛ wote nkwa mu no nya abusuabɔ. Mmɔden a wobɔ sɛ wobɛma watwe n’adwene asi wo so no nyinaa adi nkogu. Nanso wowɔ anidaso kɛse sɛ ebia nneɛma bɛsakra.

Sɛ saa a, ɛnde ɛda adi kɛse sɛ mmofraaberem ɔdɔ ho adammɔ aka wo. Eyi nyɛ ɔdɔ pa na egyina adwene a wɔde bu ade so na ɛnyɛ nim a wonim obi yiye no so. Nokwarem no, wɔ mmofra fam no, onii a wɔbɔ ne ho dam no taa yɛ obi a wɔn nsa rentumi nka no​—obi a ɔyɛ sini, odwontofo a wagye din, ɔkyerɛkyerɛfo, anaasɛ ɔmannifo bi a wanyin.a Nea eye no, wɔn mu pii tumi di ɔdɔ ho adammɔ yi so. Nanso wɔ ebinom fam no, ɔdɔ ho adammɔa wobedi so no ma wɔte ɛyaw nka kɛse. So ɔkwan bi wɔ hɔ a wobɛfa so ama ɛyaw no ano abrɛ ase?

Ɛnyɛ Wo Nkutoo

Nea edi kan koraa no, nya awerɛkyekye wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛnyɛ wo ne onipa a odi kan a wunnya ɔdɔ a wuyi adi kyerɛ no mu mfaso no mu. Salomo a ɔyɛ nnipa a wɔwɔ nyansa sen biara a wɔatra ase pɛn no mu biako no nyaa Israelni abeawa bi ho anigye. Ɔkaa anwensɛm a ɛyɛ dɛ sen biara a wɔakyerɛw pɛn no bi kyerɛɛ no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ne ho “yɛ fɛ sɛ ɔsram, na ne ho tew sɛ owia”​—na wantumi annya no!​—Nnwom mu Dwom 6:10.

Enti ɛda adi sɛ wubehu sɛ w’atipɛnfo pii​—ne w’awofo mpo​—ahyia ade koro no ara. Enti mfomso bi nni sɛnea wote nka no ho ankasa. Nanso esiane sɛ ɔdɔ ho adammɔ abu so nti, ebetumi ama obi ayɛ ade atra so nso.

Sɛ nhwɛso no, Bible no ka aberante bi a wɔfrɛ no Amnon a ɔbɔɔ ababaa bi ho dam kɛse ma enti “ne ho hiaa no ma ɔyaree” no ho asɛm. (2 Samuel 13:1-14) Saa ara na abeawa bi a ɔdɔ ho adammɔ aka no ka sɛ: “Mintumi nnidi. . . . Mintumi nsua ade bio. Misusuw ne ho. . . . Mayɛ mmɔbɔmmɔbɔ.” Yiw, ɔdɔ ho adammɔ betumi asɛe w’akwahosan na ama woayɛ basaa. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wubetumi asan adi tebea no so?

Nokwasɛm a Wubegye Atom

Bible no ka sɛ: “Nea ne ho da ne koma so no yɛ ɔkwasea.” (Mmebusɛm 28:26) Eyi yɛ nokware titiriw bere a ɔdɔ ho adammɔ aka wo no. Woma ne ho anigye a woanya no kata w’ani na wuhu nea wopɛ sɛ wuhu no nkutoo. Nanso abebusɛm no toa so sɛ: “Na nea ɔnam nyansa mu no benya aguanye.” Eyi kyerɛ sɛ wobɛhwɛ nneɛma sɛnea ɛte no ankasa.

Ɔbenfo Howard Halpern bisa sɛ: “Wobɛyɛ dɛn atumi ahu nokware anidaso ne nea ɛnyɛ nokware? Ɛdenam hwɛ a wobɛhwɛ nokwasɛm ahorow no yiye no so.” Susuw ho: Hokwan bɛn na mewɔ sɛ me ne onipa yi benya ayɔnkofa? So waware dedaw? Ɛda adi sɛ onipa a ɔte sɛɛ ho anigye a wubenya no yɛ nea mfaso nni so​—na enye koraa. So ɔyɛ obi a wagye din? Ɛnde hokwan a ɛwɔ hɔ ne sɛ worenhyia onipa yi da mpo na me ne sɛ wo ne no afi ayɔnkofa ase! Hokwan a wowɔ no nso yɛ nea esua bere a ɔyɛ obi a wanyin, te sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no.

Enti sɛ obi ankyerɛ wo ho anigye a, so ntease ankasa wom sɛ wubegye adi sɛ nneɛma bɛsakra daakye? Kae sɛ ‘koma yɛ okontomponi.’ (Yeremia 17:9) Obi ho anigye a woanya a wobɛkyerɛ sɛ mfomso biara nni ho no bɛma ‘woadaadaa wo ho’ mpɛn pii. Ɛyɛ wo bere ne wo nkate a woresɛe no. Wɔ nsase pii so no, mmarima na wodi kan kyerɛ sɛ wɔanya obi ho anigye. Abeawa betumi agu ne ho anim ase denam obi a ɔnkyerɛ ne ho anigye a ɔbɛkɔso adi n’akyi kɛse no so.

Awiei koraa sɛ abofra no, gye w’ankasa sintɔ tom. Dɛn na wobɛyɛ sɛ onipa no nso kyerɛ sɛ ɔwɔ wo ho anigye ankasa a? So woasiesie wo ho ama aware mu nhyɛso ne asɛyɛde ahorow? Sɛ ɛnte saa a, ɛnde “yi awerɛhow fi wo koma mu” denam pow a wobɛpow sɛ wode w’adwene besi nneɛma a wode w’adwene bu ara kwa no so. “Ɔdɔ wɔ ne bere” na wɔ wo fam no, ebia ɛno bɛba wɔ mfe bi akyi bere a woanyin no.​—Ɔsɛnkafo 11:10; 3:8.

Wo Nkate Horow Mu a Wobɛhwehwɛ

Wubisa sɛ: ‘Na nkate a manya mprempren no nso ɛ?’ Hwehwɛ sɛnea wote nka no mu yiye. Sɛ nhwɛso no, Ɔbenfo Charles Zastrow ka sɛ: “Ɔdɔ ho adammɔ ka obi bere a obu onii a wabɔ ne ho dam no sɛ ‘ɔdɔfo a ɔyɛ pɛ’; kyerɛ sɛ ɔka sɛ onipa no wɔ su ahorow a ɔhwehwɛ wɔ ɔhokafo ho no nyinaa bi.” Nanso “ɔdɔfo a ɔyɛ pɛ” a ɔte sɛɛ biara nni hɔ. Bible no ka sɛ: “Efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne, naOnyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.”​—Romafo 3:23.

Enti bisa wo ho sɛ, Minim onipa yi a mede me koma asi no so no ankasa dɛn? So me nkate horow no gyina nimdeɛ so anaasɛ medɔ ohoni bi? So ‘merehwɛ ɔhonam ani ade anaa? (2 Korintofo 10:7) So mihu onipa yi mfomso ahorow pefee anaasɛ minhu? Hwɛ a wobɛsan ahwɛ wo dɔfo no yiye bio no betumi ama woadi ɔdɔ ho adammɔ a aka wo no so!

Hwehwɛ ɔdɔ ko a woanya no mu nso? Bible no ka sɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw; ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de.” (1 Korintofo 13:4, 5) So eyi ne ɔdɔ a woanya? Anaasɛ ɛyɛ nea ɔkyerɛwfo Kathy McCoy ka ho asɛm sɛ “ɔdɔ a enyinii”? McCoy ka sɛ: “Obi betumi anya ɔdɔ a enyinii na asan akɔ bere tiaa bi mu . . . adwene no si wo so na w’ani begye adwene a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wodɔ obi ara kwa no ho . . . ɔdɔ a ennyinii de ne ho bata biribi ho, ɛhwehwɛ n’ankasa de na etwe ninkunu. . . . Ɔdɔ a ennyinni hwehwɛ pɛyɛ.”

Ebetumi ayɛ wo yaw sɛ wubehu sɛ woasɛe wo nkate wɔ adaeso ara kwa ho. Nanso Ɔbenfo David Elkind ka eyi sɛ: “Saa abasamtu yi betumi ayɛ osuahu ahorow a mfaso wɔ so a wotumi sua biribi fi mu a ɛbɛboa mmofra ma wɔahu nsonsonoe a ɛwɔ ahoɔfɛ ne fata a wɔfata wɔn ho wɔn ho no ntam.”

Ne Ho Asɛm a Wubeyi Afi W’adwenem

Yegye tom sɛ nneɛma a ɛwɔ wiase no mu nyinaa ho a wususuw no nyɛ nea ɛma sɛnea wote nka no gyae koraa. Nanso nneɛma kakraa bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ na ama woayi w’adwene afi ɛyaw a wudi no so. Nea edi kan koraa no, kwati yɛ a wobɛma ɔhaw no ayɛ kɛse! Ɔbarima ne ɔbea ntam ɔdɔ ho nhoma a wobɛkenkan, ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa ho sini a wobɛhwɛ wɔ TV so​—anaasɛ nnwom bi a wubetie ara kwa​—no, betumi ama te a wote nka sɛ woyɛ ankonam no mu ayɛ den. Enti kwati si a wode w’adwene besi ɔhaw no so no. “Nnyina sã a, ogya dum.”​—Mmebusɛm 26:20.

Bɔ mmɔden sɛ wo ne nnipa binom benya adamfofa ankasa. Worentumi mfa obi ho anigye a wunya a wode adwene na ebu ara kwa no nsi nnipa a wɔdɔ wo na wosusuw wo ho no ankasa ananmu. ‘Ntew wo ho.’ (Mmebusɛm 18:1) Ɛda adi sɛ wubehu sɛ w’awofo betumi aboa kɛse ne titiriw no, sɛ wɔyɛ Kristofo a. Aberante bi kae sɛ: “Wɔne nnipa a wotwa to a mɛka ɔdɔ ho adammɔ a ɛka me no ho asɛm akyerɛ wɔn.” Nanso wɔ mmɔden a wobɔ sɛ woremma wonhu wo nkate horow no, ɛda adi sɛ wɔahu dedaw sɛ biribi rehaw wo. Dɛn nti na wuntwiw mmɛn wɔn na ‘womfa wo koma mma wɔn?’ (Mmebusɛm 23:26) Kristofo asafo no muni a ne ho akokwaw nso betumi ayɛ otiefo pa.

Esther Davidowitz a ɔyɛ ɔkyerɛwfo no kɔ so tu fo sɛ: “Yɛ obi a onni adagyew.” Fa wo ho hyɛ anigyede bi mu, teɛteɛ w’apɔw mu, sua kasa bi, na fi ase yɛ Bible nhwehwɛmu bi. Nneɛma a mfaso wɔ so a wode wo ho bɛhyem kɛse no betumi ama ɛyaw a wote no ano abrɛ ase kakra.

Ɔdɔ ho adammɔ so a wubedi no nyɛ mmerɛw. Nanso bere a bere rekɔ so no, ɛyaw no ano bɛbrɛ ase. Na wubesua nneɛma pii afa w’ankasa ne wo nkate horow ho. Ebia asuade ahorow yi fata ɔdɔ ho adammɔ a aka wo no ho yaw a wubedi no.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . . Hena na Ose Ɛyɛ Ɔdɔ ho Adammɔ Ara Kwa?” a ɛbaa June 8, 1987 Nyan! mu no.

[Kratafa 10 mfoni]

Wɔ ebinom fam no, ɔdɔ ho adammɔ a wɔbɛma agyae no yɛ ade a ɛyɛ yaw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena