Mmofra Bisa Sɛ. . .
Hena Na Ose Ɛyɛ Ɔdɔ Ho Adammɔ Ara Kwa?
“SO WOBƆƆ obi ho dam pɛn bere a na wunnii mfe aduonu no?” Nyan! ɔkyerɛwfo no bisaa mpanyimfo bi a wɔadi fi mfe 21 kosi 70 saa asɛm yi. Mmuae bɛn na wɔmae ntɛm ara? Wɔserewee—na wɔkaakae nneɛma ahorow pii.
Jerry bua sɛ: “Ebi kaa me.a Na minnii mfe aduonu na mebɔɔ abeawa bi a wanyin sen me mfe asia ho dam ankasa. Na ne ho yɛ fɛ yiye—na n’ani yɛ akɛseakɛse! Nanso mamma obiara anhu sɛnea na mete nka mo. Me maame mpo antumi anhu sɛ na mepɛ saa abeawa no asɛm.”
Valerie a mprempren ɔyɛ ɔbea warefo no ka sɛ: “Mebɔɔ me kyerɛkyerɛfo a na ɔkyerɛ me mfoniniyɛ no ho dam. Na ne ho yɛ fɛ yiye. Esiane sɛ Jane a wawo abien no mpɛ sɛ ne de kam nti, ose: “Bere a na minnii mfe aduonu no, mebɔɔ odwontofo a na m’ani gye ne ho kɛse no ho dam. Na mesɔre ntɛm anɔpa sɛnea ɛbɛyɛ a menya nkongua a ɛwɔ anim no bi so atra wɔ ne kɔnsɛt ase. Da koro me ne mmeawa bi tuu mmirika kɔɔ ɔdan a osiesie ne ho wom no mu! Nanso bere a awiei koraa mihuu no no, migyinaa hɔ ara kwa a na mabue m’anom.” Ɛdɛn, nea na wanyin wɔ nnipa a wobisaa wɔn asɛm yi mu no mpo kae sɛ ɔbɔɔ obi a ɔyɛ sini ho dam!
Yiw, bisa mpanyimfo kuw biara na wubehu sɛ ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa bɔɔ obi ho dam bere a na wɔyɛ mmofra no. Mpɛn pii na eyinom yɛ nnipa a wɔn nsa rentumi nka wɔ—akyerɛkyerɛfo, nnwontofo a wɔagye din ne amannifo a wɔanyinyin. Adwene ne nneyɛe ho ɔbenfo Kathy Morrica se: “Ɔdɔ ho adammɔ yɛ onyin fã. Ɛkame ayɛ sɛ ɛka mmofra nyinaa.” Na wɔn mu pii tumi gyina ɔdɔ ho adammɔ no ano—a enkowie aniwu mu. Nokwarem wɔ mfe bi akyi no, wɔn mu pii tumi serew wɔ wɔn osuahu a wonyae no ho.
Nanso sɛ ɔdɔ ho adammɔ yi bi ka wo a, wubehu sɛ ɛnyɛ aseresɛm. Jerry kae sɛ: “Meyɛɛ basaa efisɛ na mintumi nyɛ ho hwee. Na minim sɛ wanyin sen me dodo nanso na mepɛ no. Na mintumi nyɛ ade mũ no nyinaa ho hwee.” Valerie de ka ho sɛ: “Meyɛɛ me ho mfonini sɛ maware me kyerɛkyerɛfo. Yɛbɛwo mma baanan na yɛatra ofi a ɛyɛ fɛ mu. Na ɛyɛ den sɛ meyi ne ho asɛm afi m’adwene mu.”
Ɛyɛ yaw sɛ wubedwen obi a wo nsa rentumi nka no da ho. Na sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ sɛnea wote nka no nyɛ hwee sɛ ɔdɔ ho adammɔ a ɛka mmofra a, ɛnyɛ nea ɛma wo ho tɔ wo ahe biara. Wɔ wo fam no, wo nkate no yɛ nokware! Wubesusuw sɛ, ‘Dɛn nti na sɛ meka sɛ medɔ obi a, obiara nnye me nni no?’
Sɛnea Ɔdɔ ho Adammɔ Te
Ɔsomafo Yohane se: “Ɔdɔ fi Nyankopɔn mu.” (1 Yohane 4:7) Enti ɛnyɛ bɔne sɛ wubenya obi ho nkate a emu yɛ den—sɛ nkate a ɛte saa no nyɛ ɔbrasɛe kwan so de anaa nea ɛnteɛ (te sɛ nea wonya ma obi a waware) a. Nanso Kristofo dɔ gyina nnyinasosɛm so na ɛnyɛ akɔnnɔ so. (Fa toto 1 Korintofo 13:4-7 ho.) Ɛnyɛ mmofra na Bible ka sɛ woyi ɔdɔ a ɛte sɛɛ adi na mmom Kristofo a wɔanyin wɔ honhom mu anaasɛ wɔn a ‘wɔadu mpanyin afe so.’—Efesofo 4:13-15.
Sɛ woyɛ abofra a, “mmerantebere mu akɔnnɔ” taa kyerɛ wo nsusuwii ne wo nneyɛe kwan. (2 Timoteo 2:22) Ampa, bere a worenyin adu mpanyin afe so no, ɛma wunya nkate afoforo a ano yɛ den. Egye mfe pii na yɛn mu pii asua sɛnea yebedi akɔnnɔ ahorow a ɛtɛ sɛɛ no so. Nea ɛyɛ anigye no, nhoma a wɔfrɛ no The Individual, Marriage, and the Family no kɔ so ka sɛ: “Esiane sɛ yɛn adesamma abusua yi si ɔbarima ne ɔbea ntam ɔdɔ so dua nti, ɛma abofra bi . . . nya adwene sɛ obenya ɔbea ne ɔbarima nna mu kyɛfa bere tenten ansa na wasiesie ne ho ama adeyɛ a ɛte saa.”
Hwɛ sɛnea ɛyɛ ahoyeraw sɛ wobɛkanyan ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ wɔ wo mu—na worennya obiara a wo ne no bɛyɛ ade a ɛte saa! Bio nso, sɛnea Seventeen nsɛmma nhoma no ka no: “Mmeawa taa si so ntɛm na wotumi ne nnipa afoforo bɔ ntɛm sen mmarimaa.” Esiane eyi nti, “wɔtaa hu sɛ wɔn mfɛfo sukuufo a wɔyɛ mmarima nnyinii na wɔn ho nyɛ anika, sɛ wɔde wɔn toto akyerɛkyerɛfo” anaasɛ mmarima afoforo a wɔanyin a wɔn nsa rentumi nka wɔn no “ho” a. Enti ebia abeawa bi besusuw sɛ ɔkyerɛkyerɛfo, odwontofo anaasɛ ɔmannifo bi a wanyin a n’ani gye no ho ne ɔbarima a “oye” no. Nanso mmarimaa nso betumi ate nka saa ara.
Nanso ɛnyɛ nea saa ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho yɛ fɛ anaasɛ odwontofo a ɔkanyan akɔnnɔ no benya ne ho anigye. Ɛnde ɛda adi sɛ ɔdɔ biara a wobenya ama nnipa a wɔte saa no gyina nsusuwii so kɛse na ɛnyɛ nokwasɛm so. Sɛnea The Individual, Marriage, and the Family kyerɛ no, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔdɔ ho adammɔ no nyɛ nea “ɛtra hɔ kyɛ”! Anaasɛ sɛnea ‘Teen nsɛmma nhoma no ka no: “Wɔ mmofra a wonnii mfe aduonu pii fam no, ɔdɔ ho adammɔ abu so te sɛ ɔpakum.” Nanso mmofra binom kɔ so kura wɔn nsusuwii no mu na wɔka sɛ wɔdɔ obi ankasa.
Ɔdɔ Ho Adammɔ—So Epira anaasɛ Dabi?
Wubisa sɛ: ‘Nanso sɛ ɛkame ayɛ sɛ ɔdɔ ho adammɔ tumi ka obiara a, ɛnde dɛn nti na asiane wom? Wiɛ, ‘ɛkame ayɛ sɛ obiara’ nso ayare ntoburo. Nokwasɛm ne sɛ ɔdɔ ho adammɔ betumi apira obi.
Ade biako ne sɛ nneɛma pii a mmofra ani gye ho no nyɛ nea ɛfata sɛ Kristoni kyerɛ obu ma. Onyansafo bi kae sɛ: “Wɔama nkwasea so bebree.” (Ɔsɛnkafo 10:6) Enti obi betumi anya odwontofo bi ho anigye esiane sɛ ne nne yɛ dɛ na ne ho yɛ fɛ nti. Nanso n’abrabɔ te dɛn? So rock nnwontofo pii a nkurɔfo pɛ wɔn asɛm no asetra kwan nyɛ nea nyansa nnim? Bible no bɔ Kristofo kɔkɔ sɛ: “Wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn.” (Yakobo 4:4) Sɛ wode wo koma si obi a Onyankopɔn kasa tia n’abrabɔ so a, so ɛrensɛe wo ne Onyankopɔn ntam ayɔnkofa no? Ɛyɛ bɔne nso sɛ wubenya obi a waware ho akɔnnɔ.—Mmebusɛm 5:15-18.
Bio nso, Bible no ka sɛ: “Monwɛn nyi mo ho mfi abosom ho.” (1 Yohane 5:21) Eyi yɛ nokware, sɛ onii a wɔayɛ no sɛ onyame no bra ye mpo a. Sɛ ɛba sɛ abofra bi de odwontofo a n’ani gye ne ho mfonini afomfam ne dan mu nyinaa a, wobɛka ho asɛm dɛn? So ɛnte sɛ abosonsom a asiane kɛse wom? Abeawa bi ka odwontofo a n’ani gye ne ho kɛse no ho asɛm sɛ: “Ɛnyɛ nea mede no ayɛ onyame.” Nanso ogye tom sɛ: “Midwen saa onipa yi ho bere nyinaa . . . Ɛsɛ sɛ miyi onipa yi ho adwene fi me tirim.”
Nokwarem no, ebinom ma wɔn nsusuwii no bɛyɛ nea nyansa nnim. Abeawa foforo kyerɛw odwontofo bi a wagye din ho dam a ɔbɔe no ho asɛm sɛ: ‘Mepɛ sɛ ɔyɛ me mpena na mabɔ mpae sɛ ɛmmra mu saa. Na metaa de ne album to me nkyɛn bere a mada no efisɛ ɛno nkutoo ne ade a ɛbɛma matumi abɛn no kɛse. Madu baabi a sɛ mannya no a, mekum me ho.’ So Onyankopɔn a ɔhyɛ yɛn sɛ yɛmfa “anidahɔ adwene” nsom no no ani begye akɔnnɔ bɔne a ɛte sɛɛ ho?—Romafo 12:3.
Bible no ka wɔ Mmebusɛm 13:12 sɛ: “Anidaso a ɛkyɛ mu ba ma koma yare.” Ɔbarima ne ɔbea ntam ɔdɔ a ‘wohwɛ kwan’ wɔ abusuabɔ a worentumi nnya mu no betumi ama wo ayare. Nnuruyɛfo kyerɛ sɛ ɔdɔ a woyi adi kyerɛ a wonnya so mfaso no ma obi “nya adwenemhaw na ɔyɛ basaa . . . ontumi nna anaasɛ ɔyɛ mmerɛw, ne koko yɛ ne yaw anaasɛ ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛhome.”
Afei nso, susuw ɔhaw a wode bɛba wo ho so no ho bere a woma wo nsusuwii di w’asetra so tumi no.Ɔbenfo Lawrence Bauman ka sɛ adanse ahorow a edi kan a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ ho adammɔ aka obi no mu biako ne “mmɔden a ɔbɔ wɔ sukuu a ano brɛ ase no.” Nnamfo ne abusuafo a wɔtew wɔn ho fi wɔn ho nso yɛ ade foforo a efi ɔdɔ ho adammɔ a ɛka obi no mu ba. (Fa toto Mmebusɛm 18:1 ho.) Abeawa bi a na “ɔdɔ” odwontofo bi a wagye din ma enti ɔpow nnipa afoforo no kae sɛ: “Su a miyii no adi no haw m’abusua no mpo.”
Wɔ baabi a adebɔne biara rentumi mfi mu mma mpo no, obi ani bewu wɔ agyimisɛm a odii no ho. Ɔkyerɛwfo Gil Schwartz ka sɛ: “Ɛyɛ me aniwu sɛ megye eyi atom nanso meyɛɛ m’ade te sɛ ɔkwapae bi bere a mebɔɔ Judy ho dam no.” Bere a ɔdɔ ho adammɔ no agyae akyi bere tenten no, kae a wobɛkae sɛ wudii obi akyi anaasɛ woyɛɛ biribi wɔ baguam no bɛkɔ so atra hɔ.
Nea eye no, te sɛ mpanyimfo a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no, mmofra pii tumi di ɔdɔ ho adammɔ a ɛka wɔn no ho dwuma. Nea ɛbɛba akyiri yi bɛboa wɔn a wontumi nni so. Mprempren de, afotu a eye sen biara ne sɛ wubegye ɔdɔ ho adammɔ atom sɛnea ɛte no—mmofraaberem nsusuwii.
Ebia mfaso bi wɔ ‘ɔdɔ a wuyii adi kyerɛe a wɔanyi bi adi ankyerɛ wo’ no mu. Nanso mma ɔdɔ ho adammɔ a mfaso biara nni so nni w’asetra so tumi anaasɛ ɛnsɛe wo nkate horow. Ɔkyerɛwfo Gil Schwartz ka sɛnea mfaso nni eyi so ho asɛm. Ɔka sɛ: “Wɔ Judy ho akɔnnɔ a minnyae ne ne ho apam a meyɛe nyinaa akyi no, metumi aka ne pen sɛ wansan ansusuw nea mekae no ho mpo.”
[Ase hɔ nsɛm]
a Yɛasesa edin no bi.
[Kratafa 20 mfoni]
Mpanyimfo—a nsa rentumi nka wɔn—ho dam a wɔbɔ abu so