Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 4/8 kr. 28-30
  • Mɛyɛ Dɛn Ama No Ahu sɛ Mempɛ No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Ama No Ahu sɛ Mempɛ No?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Ɔbea Bi Mpɛ Ɔbarima Bi Bio
  • Nea Enti a Ɛyɛ Den sɛ Wobɛka Akyerɛ Obi sɛ Wompɛ No
  • Fa Ahwɛyiye Di Ho Dwuma
  • Na Sɛ Ɔmfa Ne Dɔ Mma Me Ɛ?
    Nyan!—1998
  • ‘So Yɛrentumi Nyɛ Nnamfo Ara Kwa?’
    Nyan!—1986
  • Boa Wɔn Ma Wɔmpaw Ɔhokafo Nyansam
    Nyan!—1992
  • Sɛ M’awofo Te Nka sɛ Misua sɛ Mɛyɛ Nhyehyɛe Apue Nso Ɛ?
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 4/8 kr. 28-30

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mɛyɛ Dɛn Ama No Ahu sɛ Mempɛ No?

“Ahohuru bere a etwaam no, onua bi a ɔwɔ yɛn asafo mu ka kyerɛɛ me sɛ ɔpɛ me. Nanso, na mempɛ no. Ɔhaw no ne sɛ, minnim ɔkwan a mɛfa so aka akyerɛ no sɛ mempɛ no, a ɛnhaw no.”—Elizabeth.a

“SO METUMI ne wo abɔ?” So aberante bi aka asɛm a ɛte saa bi akyerɛ wo pɛn? Sɛ ababaab no, ebia w’ani begye, na woanya abotɔyam—w’ani betumi agye mmoroso! Nanso, wubetumi ayɛ basaa araa ma ebia wunhu mmuae a womfa mma no.

Sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ ɔpɛ sɛ ɔne wo bɔ na sɛ ɛbɛyɛ yiye a waware wo a, ebetumi de adwennwen pii abɛto wo so. Eyi te saa ankasa, ɛnkanka sɛ woaso aware na sɛ wubetumi ne obi ayɛ aware nhyehyɛe a!c Sɛ saa mpo a, nea wobɛyɛ wɔ asɛm no ho no begyina onii no suban so kɛse. Sɛ ɔyɛ obi a n’adwene mu abue na sɛ wopɛ no ampa a, ɛrenyɛ den sɛ wobɛma no mmuae. Na sɛ ɔnyɛ obi a ne ho akokwaw a obetumi ayɛ ɔhokafo a ɔfata nso ɛ? Na sɛ ne suban pa nyinaa akyi no, wompɛ no nso ɛ?

Susuw ababaa bi a ɔne obi abɔ nanso afei de wahu sɛ ontumi ne no ntra sɛ awarefo no nso ho hwɛ. Sɛ anka obetwa biribiara so no, ɔkɔ so ne no bɔ. Obisa sɛ: “Mɛyɛ dɛn aka akyerɛ no sɛ mempɛ no?”

Bere a Ɔbea Bi Mpɛ Ɔbarima Bi Bio

Wɔ tete agyanom bere so no, na ɛsɛ sɛ awofo na wɔware ma wɔn mma. (Genesis 24:2-4, 8) Wɔ Atɔe fam aman mu no, Kristofo tumi paw wɔn ankasa hokafo. Ahwehwɛde biako pɛ na Bible no de ma—sɛ Kristoni nware “Awurade mu nko.”—1 Korintofo 7:39.

So eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ woware yɔnko gyidini biara a ɔbɛkyerɛ wo ho anigye anaasɛ obi a wo ne no bɔe nkyɛe? Ɛnde, susuw Bible mu nhwɛso a ɛfa abeawa bi a na ofi Sunem akuraa a na ɛwɔ Mediterranea Supɔw so no ho hwɛ. Ɔhene Salomo huu no na ɔkyerɛɛ ne ho dɔ kɛse. Nanso, bere a ɔsee no pɛ no, abeawa no ampene na ɔsan ka kyerɛɛ mmea a wɔsom ɔhene no sɛ: “Monnnyan na monnhwanyan ɔdɔ kosi sɛ ɔno ara pɛ.” (Nnwom mu Dwom 2:7) Abeawa nyansafo yi ampɛ sɛ obi bɛhyɛ no ama wafi nkate mu asi gyinae. Na onni dɔ biara mma Salomo, efisɛ na ɔwɔ ne dɔfo guanhwɛfo awiɛmfoɔ bi.

Asuade titiriw bi wɔ eyi mu ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware nnɛ no: Ɛnyɛ obiara kɛkɛ na wubetumi anya ɔdɔ ama no. Enti, bere a ɛmfa ho sɛ ababaa bi ne obi abɔ no, akyiri yi ebetumi aba sɛ ontumi nware no. Ebia ɔnnɔ no bio esiane mfomso bi a wahu wɔ no ho nti. Anaasɛ ebia na onni aware dɔ mma no. Nyansa nnim sɛ wubebu w’ani agu nkate a ɛtete saa so. W’ani a wubebu agu so kɛkɛ no ntumi mma no mfi hɔ.d Tamara kaa aberante bi a na ɔne no bɔ ho asɛm sɛ: “Na mewɔ ne ho nsɛm pii. Na ɛnyɛ nsɛm nketenkete kɛkɛ, na mmom nsɛm a na ɛma mehaw kɛse bere a me ne no wɔ hɔ no.” Akyiri yi, ohui sɛ saa nsɛmnsɛm no nti, ɛbɛyɛ papa sɛ wotwa mu.

Nea Enti a Ɛyɛ Den sɛ Wobɛka Akyerɛ Obi sɛ Wompɛ No

Nanso, sɛ wobɛka akyerɛ aberante bi sɛ wompɛ no no nna fam. Ebia te sɛ Elizabeth a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no, wompɛ sɛ wobɛhaw no. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea nsɛm tumi haw afoforo no ho. Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wonya tema ne ayamhyehye’ na wonsusuw afoforo ho sɛnea wɔpɛ sɛ afoforo susuw wɔn ho no ara. (Kolosefo 3:12; Mateo 7:12) Nanso, so eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wote ɔbarima no ase na woware no sɛnea ɛbɛyɛ a wonhaw no? Akyinnye biara nni ho sɛ akyiri yi, obehu w’adwene na nokwasɛm a woamma anna adi no bɛma ɔhaw no ayɛ kɛse mmom. Nea ɛbɛhaw kɛse mpo ne sɛ wobɛware ɔbarima no esiane sɛ ɔyɛ wo mmɔbɔ nti. Ɛnyɛ ahummɔborɔ na yegyina so hyehyɛ aware.

Ebia woresusuw ho sɛ, ‘Sɛ mannware no a, merennya kunu bio.’ Sɛnea asɛm bi a ɛwɔ Teen nsɛmma nhoma mu kyerɛ no, ebia ababaa bi besusuw sɛ: “Ɔnyɛ ‘obi a mepɛ no’ nanso mɛfa no saa—efisɛ wompɛ sɛ wobɛtra hɔ a wonware.” Ɛyɛ ampa sɛ wowɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobɛware. Nanso, saa ɔpɛ yi a wubedi ho dwuma ɔkwampa so no nhwehwɛ sɛ wobɛpaw ɔhokafo biara kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ wunya obi a wodɔ no ankasa na obetumi adi Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde a ɛfa aware ho no ho dwuma. (Efesofo 5:33) Enti, mpere wo ho mpaw ɔhokafo! Nnipa pii anu wɔn ho sɛ wɔperee wɔn ho waree.

Eyinom nyinaa akyi no, ebia ebinom bɛkɔ so ne aberante no abɔ ɛmfa ho sɛ ebia ɔwɔ sintɔ a ɛkɔ akyiri no. Wɔka sɛ: ‘Sɛ mema no bere kakra a, ɔbɛsesa.’ So nyansa wɔ eyi mu ankasa? Ɛda adi sɛ, mpɛn pii no, ɛyɛ den ankasa sɛ obi bɛsesa ne su bɔne bi a agye ntini wɔ ne mu no. Na sɛ ɔyɛ nsakrae bi ntɛm ara mpo a, so wubetumi ahu sɛ wasakra koraa? Esiane biribi a ɛte saa nti, ababaa bi a wɔfrɛ no Karen sii gyinae sɛ ɔne aberante bi a ɔne no nam betwam esiane sɛ wonkura botae koro nti. Ɔka sɛ: “Na ɛnyɛ mmerɛw mma me efisɛ na ne ho yɛ me fɛ. Nanso, na minim sɛ ɛno ne adepa a ɛsɛ sɛ meyɛ.”

Fa Ahwɛyiye Di Ho Dwuma

Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛka akyerɛ obi sɛ w’ani nnye ne ho. Te sɛ biribi a ɛsom bo a ɛhyɛ adaka bi mu no, ɛsɛ sɛ wode ahwɛyiye di tebea no ho dwuma. Nyansahyɛ kakraa bi a wubetumi de adi dwuma ni.

Wo ne w’awofo anaa asafo no muni bi a ne ho akokwaw nsusuw asɛm no ho. Wobetumi aboa wo ma woahu sɛ ebia gyinae a wopɛ sɛ wusi no mfata.

Kyerɛkyerɛ nsɛm mu pefee. Ma no nhu sɛnea wote nka ankasa. Sɛ wobɛka kɛkɛ sɛ “Dabi, yɛmfa nsi ha yi ara” no bɛhaw ɔbarima no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ma nea woreka no nyɛ aniberesɛm, te sɛ “Ɛhaw me paa, nanso, m’ani nnye ho ankasa.” Hwɛ yiye na woanyɛ biribi amfa ankyerɛ sɛ sɛ ɔkɔ so pa kyɛw kakra a, wobɛpene. Ka a wobɛka akyerɛ no pen sɛ wunni dɔ mma no bio no bɛma wate ne ho ase na ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ obegyae awerɛhodi.

Ka nokware na yɛ anifere. Mmebusɛm 12:18 ka sɛ: “Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe.” Ɛwom sɛ wo nsɛm a wobɛka no pen no ho hia de, nanso Bible ka sɛ yɛmma yɛn “kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu.”—Kolosefo 4:6.

Nsesa wo gyinaesi no. Ebetumi aba sɛ wo nnamfo a wokura adwempa, a ebia wonnim nea enti a woasi gyinae a ɛte saa no bɛhyɛ wo sɛ hwɛ anim kakra. Nanso, awiei koraa no, wo na ɛsɛ sɛ wugyina nea ebefi wo gyinaesi mu aba no ano—ɛnyɛ wo nnamfo pa no.

Yɛ ade ma ɛne wo nsɛm nhyia. Kan no, na mo baanu no yɛ nnamfo pa, na akyinnye biara nni ho sɛ mobɛpɛ sɛ anka nneɛma kɔ so yɛ saa ara. Nanso, mpɛn pii no, ɛyɛ nea mfaso biara nni so anaasɛ entumi nyɛ yiye saa. Na ɔpɛ wo. So ebetumi ayɛ yiye sɛ obebu n’ani agu eyinom so na wafa no sɛ hwee nsii? Enti, ɛwom sɛ eye sɛ mobɛkyerɛ mo ho anigye de, nanso frɛ a mobɛfrɛ mo ho wɔ telefon so anaa bɔ a mobɛbom apue mpɛn pii no betumi ama wahaw kɛse. Ɛbɛkyerɛ ne nkate a wode redi agoru, na ɛno nyɛ su pa.

Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ “obiara nni ne yɔnko nokware.” (Efesofo 4:25) Saa a wobɛyɛ no renyɛ mmerɛw, nanso ɛbɛboa mo baanu nyinaa wɔ asetram.

[Ase hɔ nsɛm]

a Yɛasesa din ahorow no bi.

b Ɛwom sɛ asɛm yi de adwene si mmabaa so titiriw de, nanso ɛfa mmerante nso ho.

c Yesusuw asiane a ɛwom sɛ obi bɛyɛ aware nhyehyɛe bere a osua no ho wɔ February 8, 2001, nsɛmma nhoma no mu.

d Hwɛ “Young People Ask . . . Should We Break Up?” (Ɛsɛ sɛ Yetwa Mu?) a ɛbaa July 22, 1988, Engiresi Nyan! mu no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 29]

Ɛnyɛ obiara kɛkɛ na wubetumi anya ɔdɔ ama no

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Kyerɛkyerɛ nsɛm mu pefee

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena