Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 4/8 kr. 24-27
  • Nyansa A Ɛboro Ne Mfe So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nyansa A Ɛboro Ne Mfe So
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ayarehwɛ ho Asemmisa No
  • Asenni No
  • Gyinaesi No
  • Okura Mudi mu Kosi Ase
  • Asuade ma Ayaresabea Ahorow ne Nnuruyɛfo
  • Mmofra A Wɔwɔ “Tumi A Ɛboro So”
    Nyan!—1994
  • So Wode Bɔne Firi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Mereyɛ Pii Wɔ Yehowa Ahyehyɛde No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Monnantew Sɛnea Yehowa Kyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 4/8 kr. 24-27

Nyansa A Ɛboro Ne Mfe So

NÁ ƐYƐ ɔdasum Lisa a wadi mfe dummien a ɔyare dennen na wayɛ mmerɛw no ho dwiriw no bere a ɔyarehwɛfo bi hyɛn n’ayaresabea dan no mu sɛ ɔrebɛma no mogya no.

Lisa bisae sɛ: “Ɔkwan bɛn so na wubetumi de eyi ahyɛ me so? Me papa ne me maame mpo nni ha!” Ɔyarehwɛfo no de maa no ara.

Ayarehwɛ ho Asemmisa No

Na Lisa a ɔyɛ sukuuni a ɔyɛ hyew na ɔbɔ mmɔden kɛse no ne n’awofo ne ne nuabarima a wadi mfe anum no atra ase anigye mu wɔ Winnipeg a ɛwɔ Canada. Wɔ 1985 asusow bere mu no wɔmaa no aduru bi a ekum ɔyare mmoawa sɛ wɔde resa ne menewam yare bi na nea efii mu bae no ma ohuu amane pii. N’akwahosan sɛee, na ɛno akyi bere tiaa bi no wohui sɛ ɔwɔ nnompe mu ɔyare bi a emu yɛ den, ɔyare bi a mpɛn pii no ekum wɔn a ɛyɛ wɔn no.

Winnipeg nnuruyɛfo kyerɛe sɛ ohia nnuru a bɔre wom ayaresa a emu yɛ den ne mogya pii a wɔde bɛma. Nnuru a bɔre wom ayaresa ne bɔre ahorow a wɔde sa yare. Wɔkyerɛ sɛ bɔre ahorow no kum ɔyare no. Nanso, na Lisa ne n’awofo pɛ ɔkwan foforo a wɔbɛfa so asa yare no. Esiane Kyerɛwnsɛm mu ntease nti na wɔmmpene mogya a wɔde ma obi no so. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Afei nso wohui sɛ nnuru a bɔre wom ayaresa a emu yɛ den mu amanehunu ne nea enye a efi mu ba no mfata.

Awiei koraa no Lisa awofo de no kɔɔ Toronto Mmofra Ayarefo Ayaresabea a na wɔwɔ anidaso sɛ wobenya nnuruyɛfo a wɔne wɔn betumi ayɛ biako. Nanso sɛ anka wɔbɛyɛ biako mmom no, wɔmaa no mogya saa anadwo dasu no mu. Anɔpa a edi hɔ wɔ October 25 no, wɔhwehwɛɛ asennibea tumi a ɛbɛma ayaresabea no atumi de nhyɛso de saa ayaresa yi ama. Ɔtemmufo David R. Main daa adwene foforo adi. Ɔpaw Sarah Mott-Triile sɛ Lisa mmaranimfo. Wotuu asɛm no hyɛɛ Dwoda, October 28, 1985.

Asenni No

Asenni no gyee nnanum na wodii asɛm no wɔ ayaresabea no ɔdan bi mu. Sɛnea Lisa ankasa hwehwɛe no, wopiaa no wɔ n’ayaresabea mpa no so de no baa ɔdan no mu dabiara. Ɛwom sɛ na ɔyare yiye de, nanso na wasi ne bo sɛ n’ankasa benya afã wɔ gyinaesi a ɛfa ne gyidi ho no mu.

Wɔde nea na oduruyɛfo no aka sɛ wɔnam so bɛsa yare no tie na efii ase. Wɔ otemmufo Main atemmu a na wakyerɛw no mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ayaresa no a nnuruyɛfo a wɔadi adanse wɔ asenni bagua yi anim akyerɛkyerɛ mu no mu yɛ den na atirimɔden wom na ebetumi agye bere tenten. Wɔde ani bu sɛ ebehia mogya a wɔkɔ so de ma na ama ɔyarefo no atra ase.” Wɔkae nso sɛ nea efi nnuru a bɔre wom ayaresa mu ba dɔɔso na ɛkɔ akyiri.

Asenni no mu bɛyɛɛ den kɛse ɛda a ɛto so anan no. Wɔmaa Lisa so sii hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akasa akyerɛ ɔtemmufo no tẽẽ. Ná obiara a ɔwɔ asennibea dan no mu a Lisa ka ho no nim sɛ sɛ ogye mogya anaasɛ dabi mpo a obewu. Nnompe mu yare a aka no no nni aduru.

Lisa mmaranimfo no de ahwɛyiye ne nkate bisabisaa no nsɛm. Bere a Lisa de akokoduru kyerɛkyerɛɛ ne wu a ɛrepempɛn so, ne gyidi wɔ Yehowa mu, ne ne bo a wasi sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ osetie ama ne mmara a ɛfa kronn a mogya yɛ no ho no mu no, nnipa kakraa bi na wɔansu. Ɔkae sɛ ɔde ahoɔden kɛse bɛsɔre atia mmɔden biara a wɔbɛbɔ sɛ wɔbɛma no mogya no. N’asɛm tiawa a akokoduru wom no kaa obiara koma.

Ne mmaranimfo no kae sɛ: “Woka kyerɛɛ yɛn mprempren sɛ wugye Onyankopɔn di. So wubetumi aka akyerɛ yɛn sɛ ɔyɛ paara ma wo?”

Lisa buae sɛ: “Wiɛ, ɔte sɛ adamfo. Ɛtɔ bere bi na sɛ me nkutoo mewɔ hɔ a, mitumi kasa kyerɛ no . . . te sɛ adamfo; sɛ ehu ka me na me nkutoo wɔ fie a, mesrɛ no sɛ ɔmmoa me na mekasa kyerɛ no te sɛ nea ɔwɔ me nkyɛn wɔ ɔdan no mu.”

“Lisa, sɛ obi bisa wo sɛ dɛn ne nneɛma a ɛho hia sen biara wɔ w’asetra mu a, dɛn na anka wobɛka?”

Lisa buae sɛ: “Osetie a mɛyɛ ama Yehowa Nyankopɔn ne m’abusua.”

Ne mmaranimfo no bisae sɛ: “Lisa, sɛ wuhu sɛ asennibea bi hyɛ wo sɛ gye mogya a, so ɛbɛma woayɛ nsakrae bi anaa?”

“Dabi, efisɛ mɛkɔ so ara adi nokware ama me Nyankopɔn na matie n’ahyɛde efisɛ Onyankopɔn so sen asennibea bi anaa onipa biara koraa.”

Lisa kyerɛkyerɛɛ ne nkate wɔ mogya a na wɔahyɛ no de ama no dedaw no mu na ɔkae sɛ: “Ɛma metee nka sɛ meyɛ ɔkraman bi a wɔde biribi resɔ no ahwɛ efisɛ na mintumi nyɛ hwee. Esiane sɛ meyɛ abofra ara kwa nti, nkurɔfo te nka sɛ wobetumi de biribiara ayɛ me, nanso mete nka sɛ mewɔ hokwan sɛ mihu nea ɛrebɛto me ne nea enti a wɔreyɛ saa ayaresa ahorow yi ne nea enti a wɔreyɛ saa a m’awofo nnim ho hwee.”

Ne mmaranimfo no bisae sɛ: “So wodae saa anadwo no?”

“Dabi, manna.”

“Dɛn na na ɛhaw wo?”

“Wiɛ, nea na ɛhaw me ne nea Yehowa Nyankopɔn besusuw wɔ me ho efisɛ minim sɛ sɛ mesɔre tia ne pɛ a, merennya ne daa nkwa ho bɔhyɛ no, na me bo fonoo me kɛse sɛ meregye obi foforo mogya agu me mu, efisɛ ebetumi aba bere nyinaa sɛ wubenya AIDS anaa mmerɛbo mu yare anaa ɔyare foforo bi, na nea meyɛe anadwo mũ no nyinaa ne sɛ mehwɛɛ mogya no haa.”

“Lisa, so wubetumi asusuw mfatoho bi ho de akyerɛkyerɛ mu akyerɛ ɔtemmufo no sɛnea mogya a wubegye agu wo mu a wompene so no te?”

“Wiɛ, nea metumi asusuw ho ne mmonnaato efisɛ . . . mmonnaato ne sɛ wɔyɛ wo biribi a wompene so, na saa pɛpɛɛpɛ na ɛte.”

Gyinaesi No

Ná ɛda a ɛto so anum no de biribiara reba awiei. Efi mfiase no na ɔtemmufo Main ayɛ ade fɛfɛ na wakari pɛ. So na n’ayamye no bɛda adi wɔ ne gyinaesi no mu? Ɔde baa awiei sɛ: “Wɔresan de abofra Lisa Dorothy K. ahyɛ n’awofo ahobammɔ, ɔhwɛ ne nniso ase.”

Ɔtemmufo Main kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɔde saa atemmu no mae no mu kɔɔ akyiri. Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, ɔkae sɛ: “Lisa gyinabea mprempren ne fi da a ɔhwɛɛ saa yare yi ho sini no ne sɛ ɔmpɛ nnuru a bɔre wom a wɔde sa yare ne mogya a wɔde ma biara. Ɛnyɛ sɛ ɛsɔre tia ne nyamesom mu gyidi ahorow no nko nti na ɔpaw saa gyinabea yi, na migye di sɛ ɛte saa, na mmom nso efisɛ ɔmpɛ sɛ ɔbɛte yaw ne amanehunu a ɛka ayaresa no ho no nka. . . . Mepow sɛ mɛhyɛ mmara biara a ɛbɛma abofra yi afa saa amanehunu no mu. Mihu sɛ nea wɔka sɛ ɛsɛ sɛ ogye saa ayaresa no mfata koraa.”

Ɛdefa ɔdasum mogya a wɔde maa no kokoam no ho no, otemmufo Main kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ mihu sɛ wɔasisi [Lisa] wɔ ne nyamesom ne ne mfe no ho a etia [Canada Hokwan ne Ahofadi Ahorow ho Nhyehyɛe] no ɔfã 15(1) no. Wɔ saa tebea horow yi mu no, ɛdenam mogya a wɔde maa no no so no, ahobammɔ hokwan a ɔwɔ sɛ onipa no sɛnea mmara no ɔfã 7 no kyerɛ no yɛ nea wɔatiatia so. Ne saa nti, sɛ ɔyɛ abofra a ohia ahobammɔ mpo a, ɛnsɛ sɛ wɔma nea wɔrebisa no ho kwan sɛnea Nhyehyɛe no ɔfã 24(1) no kyerɛ no.”

Awiei koraa no, otemmufo Main san sii sɛnea n’ankasa ani gye Lisa ho no so dua, na ɔkae sɛ: “Lisa yɛ obi a ne ho yɛ fɛ, onim ade yiye, onim kasa, obu ade, ɔwɔ nkate, na nea ɛsen ne nyinaa no, ɔyɛ ɔkokodurufo. Ɔwɔ nyansa ne onyin a ɛboro ne mfe so koraa na misusuw sɛ wobetumi aka ama afata sɛ ɔwɔ su pa ahorow a ɔwofo biara bɛpɛ sɛ ohu wɔ ne ba mu no. Ɔwɔ nyamesom mu gyidi a wɔakyerɛkyerɛ no yiye, ɛyɛ pintinn na emu da hɔ. Wɔ m’adwene mu no, afotu a efi baabiara anaasɛ nhyɛso a efi n’awofo anaa obi foforo biara hɔ a asennibea ɔhyɛ ka ho, biara nni hɔ a ɛbɛwosow anaasɛ ɛbɛsakra ne nyamesom mu gyidi ahorow no.

“Migye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔma Lisa kwan ma ɔde nidi ne adwene mu asomdwoe ko saa yare yi. Ɛdenam nhyehyɛe a ɔno ne n’awofo bɛyɛ a wobegye atom no so nkutoo na wobetumi ayɛ eyi.”

Okura Mudi mu Kosi Ase

Lisa ne n’abusua no fii ayaresabea hɔ saa da no. Ampa, Lisa de nidi ne adwene mu asomdwoe koo ne yare no. Wɔ November 17, 1985 mu no, owui asomdwoe mu wɔ fie, wɔ ne na ne n’agya a wɔdɔ no no nsa so.

Wɔ asenni no mu no, Lisa kaa ɔne ne maame nkɔmmɔbɔ bi wɔ bere a edi kan a wohuu sɛ ɔwɔ nnompe mu yare no ho asɛm na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mene Mama susuw hokwan ahorow nyinaa a mewɔ no ho, na yɛboom kenkan Bible no, yɛkenkan yɛn ɔsom no nhoma afoforo, na meka kyerɛɛ no sɛ, . . . ’Sɛ miwu a, mehu wo wɔ nhyehyɛe foforo no mu, na menya anidaso a wɔahyɛ mu den sɛ mehu wo na matra ase daa wɔ paradise wɔ asase so.”

Asuade ma Ayaresabea Ahorow ne Nnuruyɛfo

Canada nnuruyɛ-ne-mmara akyerɛwfo L. E. ne F. A. Rozovsky kae wɔ Canadian Health Facilities Law Guide mu sɛ: “Ayaresabea ahorow ne nnuruyɛfo nyinaa betumi afa asuade afi saa gyinaesi yi mu. Titiriw no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye wɔ nea mmofra ayarefo anaasɛ wɔn awofo sɔre tia wɔ ayarehwɛ mu no ho. Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye sɛ wɔbɛpow ayarehwɛ a wɔde hyɛ obi so wɔ mmeae ahorow a wɔakyerɛ sɛ ɛyɛ ‘nyiyim’ wɔ Nhyehyɛe no Ɔfã 15(1) no mu, a mfe, ɔbarima anaa ɔbea a obi yɛ, nyamesom anaa abusua a obi fi mu no ka ho.”

Nanso, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ nnuruyɛfo “hwɛ yiye” na wɔpow nyamesom mu nyiyim a ɛte saa? Rozovskynom de ano aduru a ɛkari pɛ ma: “Nanso ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ ɛnyɛ akwahosan nhyehyɛe adwuma titiriw ne sɛ ɛbɛyɛ ɔyarefo no tamfo. Asɛyɛde no ankasa ne sɛ wɔbɛyɛ nea ɛho bɛba ɔyarefo no mfaso kɛse. Wɔ saa asɛm yi mu no, asennibea no hui sɛ nea ɛho bɛba ɔyarefo no mfaso kɛse no ne sɛ wɔfa ɔkwan foforo so hwɛ no.”

Ɛda adi sɛ, faako a ɔyarefo no yɛ Yehowa Adansefo mu biako no, obetumi anya nea ɛho bɛba no mfaso kɛse no bere a abusua no ne nnuruyɛfo yɛ biako na wɔfa ɔkwan foforo a mogya a wɔde ma nka ho so no. Nnuruyɛfo a wɔafa saa kwan yi so no nhweree nnuruyɛ mu ayarehwɛ a eye. Mmofra ayarehwɛ ho abenfo a wɔwɔ M. D. Anderson Ayaresabea a ɛwɔ Texas no bɔɔ amanneɛ sɛ:

“Mogya a wɔde ma de sa yare no ho nhia sɛnea wɔtaa de di dwuma no. Wɔ saa nsɛm a ɛfa ayarefo a wɔwɔ akisikuru ne ɛho nyarewa afoforo ho no mu no, mogya a wɔamfa amma wɔn no ansɛe nnuruyɛ mu ɔhwɛ a eye biara.”

Nsɛm a ɛwɔ Lisa asɛm no mu no kɔ akyiri. California ɔtemmufo bi a ɔredi Canada asennibea no akanni no akyi no apow dedaw sɛ ɔde ayarehwɛ bɛhyɛ abeawa bi a wadi mfe 14 so. Nea ɛka ho no, wɔ February 11, 1986 mu no, British Columbia Akwahosan Kuw no de akwankyerɛ maa ayaresabea so ahwɛfo nyinaa a egyina Lisa asɛm no so pɔtee, na ɛkae sɛ: “Saa asɛm yi ayɛ ade foforo a ebi mmae da.”

Wɔ baabi a mmara kwan so ne nnuruyɛ mu ntease mma no, saa gyinaesi yi ayɛ kanea a ɛkyerɛ kwan. Ɛteɛ na ɛfata. Daakye bɛka sɛnea nnuruyɛfo, ayaresabea ahorow, ne atemmufo bedi akwankyerɛ a obi ho a wosusuw ne nkate wom a Ɔtemmufo David R. Main ne Lisa de ama yɛn no akyi no akyerɛ yɛn.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]

Bere a Lisa de akokoduru kyerɛkyerɛɛ ne wu a ɛrepempɛn so no mu no, nnipa kakraa bi na wɔansu

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]

“Saa asɛm yi ayɛ ade foforo a ebi mmae da.”​—British Columbia Akwahosan Kuw

[Kratafa 25 mfoni]

Lisa a na wadi mfe 12 no kuraa ne mudi mu wɔ amanehunu ne ɔsɔretia kɛse mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena