Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 6/8 kr. 4-7
  • Mmofra Ahwɛe Asɛnnennen No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra Ahwɛe Asɛnnennen No
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔtɔn Mmofra Ɔhwɛ
  • Mmofra Ahwɛe Afi Horow
  • Mmofra Ahwɛe​—Ɛka Mmofra Dɛn?
  • ‘Hena Na Ɔbɛhwɛ Yɛn Mma No?’
    Nyan!—1988
  • Mmofra Ntɔtɔfewa Sukuu—Nea Ɛsɛ Sɛ Awofo Hu Fa Ho
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Mmofra Ahwɛe​—Nea Eye Kyɛn so a Wobɛpaw Ama Wo Ba!
    Nyan!—1988
  • Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Abɔ Yɛn Mma Ho Ban?
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 6/8 kr. 4-7

Mmofra Ahwɛe Asɛnnennen No

Ɛhɔ yɛ anigyebea. Wɔde nnuru ahorow a ɛyɛ fɛ aka agodi adan no mu na wɔde mfonini fɛfɛ ne mmofra nkumaa mfonini a wɔayeyɛ afomfam hɔ. Wɔahyehyɛ agode ne agoru ahorow fɛfɛ wɔ nnyinaso so. Na mmofra ho dede ayɛ beae hɔ ma.

Bernice Spence a ɔyɛ ɔbea a ɔwɔ ɛna su a mmofra ahwɛe yi yɛ ne de no se: “Yɛhwɛ mmofra bɛyɛ 130.” Na saa mmofra yi nyinaa fi he ankasa? “Fã kɛse no ara yɛ awofo adwumayɛfo a wɔtete bɛn ha no mma. Yɛn adwumayɛfo no? Pii yɛ akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ ho abodin krataa.”

WƆKA mmofra ahwɛe a wɔhwɛ so yiye na wɔwɔ adwumayɛfo a woye na wɔyɛ nnam no ho asɛmpa. Sɛ wɔhwɛ mmofra wɔ beae a ɛte sɛɛ a, awofo te nka sɛ wɔwɔ ahobammɔ. Nanso wɔ ne nyinaa akyi no, nsɛnnennen sɔre wɔ mmofra ahwɛe ahorow ho. Dɛn nti na ɛte saa? Ade biako ne sɛ, wɔntaa nnya mmeae a eye. Ebinom wɔ hɔ a wɔnhwɛ so yiye, adwumayɛfo no nnye, na wɔhyehyɛ mmofra no te sɛ nnesoa.

Mmofra ahwɛe ahorow a ɛwɔ New York Kurom a ɔmanfo tua ho ka no taa yɛ nea eye. Nanso ɛbɛbɔ kurow no ka dɔla ɔpepem 201 wɔ 1987 mu​—bɛboro dɔla 4,800 wɔ abofra biara ho! Wɔ nsase te sɛ Sweden a nniso no atwa sika a ɛkɔ anim ama mmofra ɔhwɛ no, ɔhwɛ pa a ɛte saa ara wɔ hɔ. Nanso wɔ Wiase Aman a Ɛto so Abiɛsa mu, ne wɔ U.S. mmeae ahorow bi mpo no, ɔmanfo sika a wotua wɔ mmofra hwɛ ho no sua. Dɛn na efi mu ba? Ebia mmofra no rennya ɔhwɛ pa.

Wɔtɔn Mmofra Ɔhwɛ

Eyi yɛ nokware wɔ mmofra ahwɛe a wɔde pɛ mfaso mpo ho. Sɛ yɛbɛka a, pii wɔ hɔ a eye. Nanso, ahwɛe no bi wɔ hɔ a wɔtew ka a wɔbɔ so denam mmofra ahwɛfo kakraa bi a wɔfa wɔn ma mmofra pii no so. Anaasɛ wɔtew so denam bo a ɛboro akatua a ɛba fam sen biara no so kakraa bi​—a ɛpam adwumayɛfo a wɔatetew wɔn yiye​—a wotua no so.

Ampa, mmofra ahwɛe adwumayɛfo pii wɔ hɔ a wɔtra akatua a ɛba fam no ho saa ara efisɛ wɔdɔ mmofra ara kwa. Nanso sɛ anigye a ɛte sɛɛ nni hɔ a, dɛn na ebetumi aba? Samuel ne ne yere hui. Wɔka boom yɛɛ mmofra ahwɛe bi wɔ Lagos, Nigeria​—kosii sɛ wɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔtom. Samuel kae sɛ: “Bere biara a ɛsɛ sɛ me yere kodi gua anaasɛ asɛm foforo biara nti ɔtwe ne ho no, sɛ ɔsan ba a ohu sɛ aboafo no anhwɛ mmofra no.”​—Hwɛ kratafa 6.

Wɔ United States no, ɛsɛ sɛ kuw ahorow a wɔma tumi krataa no hwehwɛ ahwɛe ahorow a wɔde pɛ mfaso no mu. Nanso Newsweek bɔ amanneɛ sɛ: “Wogow tumi krataa ahwehwɛde ahorow no pii mu, na ɔman kuw ahorow no nni sika anaasɛ adwumayɛfo a wɔde bɛkyerɛ mmofra ahwɛe adwumayɛ no kwan.”

Mmofra Ahwɛe Afi Horow

Nea ɛte sɛ mmofra ahwɛe mmeae horow no nso ne mmofra ahwɛe afi horow, nkurɔfo afi mu a wɔhwɛ mmofra akuw nketewaa wɔ hɔ no. Bere a ne bo nyɛ den te sɛ ahwɛe mmeae ahorow no, ɛyɛ nea wonim yiye, na wɔhwɛ U.S. mmofra a wɔnhwɛ wɔn wɔ fie no anan mu nkyem abiɛsa. Mpɛn pii no, mmofra ahwɛe ofi no mu ɛna no nso ankasa yɛ ɔwofo.

Wɔ abofra no fam no, mmofra hwɛ ofi betumi ama wanya nneɛma te sɛ nea ɔwɔ fie, ɔbea a oye a ɔbɛhwɛ no, ne mmofra kuw ketewaa fekubɔ. Nanso mpɛn pii no, kakraa bi pɛ na wɔyɛ de hwɛ nneɛma a ɛtete sɛɛ no so. Enti Toronto atesɛm krataa Globe and Mail bɔ amanneɛ sɛ mmofra ahwɛe afi a ɛwɔ Canada no ye a eye no fi “eye kɛse so kosi ɛyɛ ahobow” so. Ná afi no mu ɔha biara mu du nnye sɛ mmofra tra hɔ.

Mmofra Ahwɛe​—Ɛka Mmofra Dɛn?

Esiane sɛ mmofra ahwɛe bo a ɛsom no mu twe sɛɛ nti, ayɛ den ama nhwehwɛmufo sɛ wubehu sɛnea mmofra ahwɛe no ka mmofra ankasa. Ampa, wɔn a wɔpene mmofra ahwɛe so no binom ka ho asɛm pa yiye. Alison Clarke-Stewart ka wɔ ne nhoma Daycare no mu sɛ: “Asɛmpa a efi saa nhwehwɛmu yi nyinaa mu​—wɔ Canada, Engiresi Aburokyiri, Sweden, Czechoslovakia, United States​—ne sɛ mmofra ɔhwɛ wɔ mmofra ahwɛe a ɛfata mu no nni nkɛntɛnso bɔne biara wɔ mmofra adwene onyin mu.” Nhwehwɛmu bi mpo da no adi sɛ mmofra a wofi mmusua a ohia wom mu nya mfaso fi adwene nkanyan a ɛwɔ mmofra ahwɛe no mu!

Nanso, nhwehwɛmufo Belsky ne Steinberg bɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔ ɔkwan a ɛkɔ akyiri so no, wɔayɛ nhwehwɛmu wɔ mmofra ahwɛe a ɛwɔ sukuupɔn mu anaasɛ ɛne sukuupɔn wɔ nkitahodi a ɛwɔ adwumayɛfo ne mmofra nkyekyem a ɛkɔ soro ne nhyehyɛe ahorow a wɔayɛ no yiye mu. . . . Nanso, ɛda adi sɛ mmofra ahwɛe horow a ɔman no mu awofo nya nte sɛ eyinom na ebia ɛrenyɛ nea ɛsom bo te sɛ eyinom.” Ɛnde, esi mmofra ahorow a wɔwɔ mmofra ahwɛe a yɛtaa hu mu no dɛn? Belsky ne Steinberg de baa awiei sɛ: “Nea ɛyɛ ahobow ne sɛ kakraa bi pɛ na yenim wɔ sɛnea mmofra ahwɛe ka mmofra no ho.”​—Krataa a wɔfrɛ no Child Development, Po 49, nkratafa 929-30.

Nea wonim wɔ mmofra ahwɛe afi​—a wɔn na wɔhwɛ dodow no ara no​—ho mpo na esua. Nanso, ɛte sɛ nea mmofra ahwɛe ɛna no nnyɛ pii mfa nkanyan mmofra no adwene ne nkate mu onyin; ebia nea ɛho asɛm hia no no bɛyɛ nea ɛsen aduan a ɔbɛma no na ɔmma ɔnyɛ basabasa kosi sɛ ne maame bɛba no kakraa bi. Enti wɔtaa hu sɛ mmofra a wɔwɔ mmofra ahwɛe afi mu no sisi TV anim.

Kakraa bi nso na wonim wɔ sɛnea mmofra ahwɛe nya nkate mu abusuabɔ a ɛda ɛna ne abofra ntam so nkɛntɛnso anaasɛ faako a mmofra fam wɔn a wɔhwɛ wɔn no ho ma ɛboro so kodu no ho. Nanso, nhwehwɛmu ada no adi sɛ sɛ ɛsɛ sɛ mmofra paw ɛna ne mmofra ahwɛe odwumayeni mu biako a, wɔda so ara pɛ mama.

Atipɛnfo Nkitahodi mu Nsɛnnennen

Mmofra ahwɛe ho mfaso biako ne sɛ mmofra no sua sɛnea wɔne wɔn atipɛnfo bɛbɔ yiye. Nanso, eyi wɔ ɔfã foforo nso. Bible mu akasabebu bi se: “Fekubɔ bɔne sɛe ɔbra a mfaso wɔ so.” (1 Korintofo 15:33, NW) United States ne Europa nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ ɛte sɛ nea mmofra a wɔwɔ mmofra ahwɛe no ‘ani so yɛ hyew kɛse, wɔnnka nkɔ mpanyimfo ho, wosusuw wɔn ho kɛse, wɔne afoforo nyɛ adwene, na asotwe nka wɔn sen mmofra a wɔtete wɔn wɔ fie.’

Alison Clarke-Stewart ka sɛ su a ɛte saa no “da onyin ne afoforo a wɔne wɔn bɔ mu nnamyɛ adi mmom sen sɛ anka ɛbɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ wɔhaw wɔ ho” ankasa. Nanso ebia eyi renyɛ awerɛkyekye biara mma awofo a wohu sɛ abofra bi a na anka odwo no ka kasafi, titiriw no sɛ saa awofo no rebɔ mmɔden sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm bɛhyɛ wɔn ba no mu a.​—Efesofo 4:29.

Akwahosan ho Asiane Ahorow

Akwahosan ho asiane ahorow nso wɔ mmofra ɔhwɛ mu. CDC (U.S. Nyarewa Anosiw Dwumadibea) no ka “adehia a ɛkɔ soro bere nyinaa sɛ wobesiw nsanyare a ɛtaa ka mmofra a wɔwɔ mmofra ahwɛe mu ano” ho asɛm. Nea wɔfrɛ no mmofra ahwɛe nyarewa no bi ne mmerɛbo mu yare, shigellosis (nsono mu yare bi a ɛyɛ anibere) , ne Hemophilus influenzae (a ɛyɛ nsanyare bi a mmoawa de ba) . Ayamtu ne atiridii yɛ nyarewa ho nsɛnkyerɛnne a abu so. Mpɛn pii no nea ɛde nyarewa ba ne mmofra nkumaa a wɔpɛ sɛ wɔde biribiara hyɛ wɔn anom na wɔntetee wɔn yiye wɔ tiafi kɔ ho no a wɔka wɔn boa so no.

Nanso, ahwɛe a eye no di akwahosan akyi anibere so. Delores Alexander a ɔyɛ mmofra ahwɛe ho kwankyerɛfo no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛkyerɛkyerɛ mmofra no ma wɔhohoro wɔn nsa bere a wɔakɔ tiafi akyi no. Yennye mmofra a yenim sɛ wɔyare.” Wilioughby Fie kwankyerɛfo Bernice Spence de kaa ho sɛ: “Sɛ abofra bi yare wɔ ɛda no mu a, mpɛn pii no yɛfrɛ ɔwofo no na yɛka kyerɛ no sɛ ɔmmɛfa no nkɔ fie.” Nnuruyɛ mu nhwehwɛmu a wɔyɛ daa wɔ adwumayɛfo ne mmofra mu nso yɛ banbɔ akwan horow a ɛho hia.

Nanso wɔ ne nyinaa akyi no. nhwehwɛmufo Clarke-Stewart gye tom sɛ: “Mmofra a wɔwɔ mmofra ahwɛe nya flu, nsaa, ɔpakum, ne waw pii sen mmofra a wɔwɔ fie . . . Ebia abofra hwene mu a ɛsɔw nsu yɛ ɛbo a ɛnanom wɔ ɔpɛ sɛ wobetua ama wɔn mma akɔ mmofra ahwɛe bere a wɔyɛ adwuma no.” Nanso nea yɛasusuw ho no nti. ɛte sɛ nea asiane pii wɔ mmofra ahwɛe sen hwene mu a ɛsɔw nsu. Ɛnde, dɛn na eyinom nyinaa kyerɛ ma ɛnanom a wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma no?

[Kratafa 6 adaka]

Mmofra Ahwɛe ne Ɔbrasɛe

Wɔka mmofra a mmofra ahwɛe adwumayɛfo yɛ wɔn basabasa no ho nsɛm pii nnansa yi. So mmofra ahwɛe ahorow yɛ guankɔbea ma wɔn a wɔfeefee mmofra ne wɔn a wɔyɛ mmofra ɔbrasɛe nhoma ahorow anaa?

Asemmisa a ɛte sɛɛ no kanyan nkate a emu yɛ den wɔ mmofra ahwɛe adwumayɛfo binom mu. Bernice Spence a ɔyɛ mmofra ahwɛe bi sohwɛfo no kae sɛ: “Me bo fuw wɔ ɛno ho ankasa. Metan sɛ mehu sɛ mmofra ahwɛe bi gye dimmɔne. Nnipa a minim wɔn wɔ mmofra ahwɛe no pii yɛ wɔn a wɔatu wɔn ho ama​—wodwen mmofra ho.”

Nanso, mpanyimfo a wodi asɛyɛde ho dwuma no afa ɔkwan a ɛyɛ pintinn so. Nyan! ne Doby Flowers a ɔyɛ Mmofra Onyin ho Kuw a ɛwɔ New York kurom no kwankyerɛfo abadiakyiri no kasae. Mmofra bɛboro 40,000 na wogye wɔn wɔ mmofra ɔhwɛ nhyehyɛe ase wɔ n’akwankyerɛ ase. Awuraa Flowers kae sɛ: ‘”Yɛhwehwɛ yɛn mmofra ahwɛe adwumayɛfo no mu fefeefe. Yɛhwɛ hu sɛ ebia wɔwɔ nsɛmmɔnedi anaasɛ mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa ho kyerɛwtohɔ bi anaa. Na efi 1984 mu no, ɛsɛ sɛ mmofra ahwɛe adwumayɛfo nyinaa de wɔn nsateaa sisi nkrataa so.”

So ɛte sɛ nea mmofra ahwɛe adwuma twetwe wɔn a wɔyɛ mmofra basabasa anaa? Awuraa Flowers maa mmuae sɛ: “Wɔn a wɔfeefee mmofra wɔ nyamesom akuw horow, mmaranimfo, nhomasua mu. Wohu wɔn a wɔfeefee mmofra wɔ nnipa a wogye akatua ahorow, wɔyɛ nnwuma ahorow, ne mmusua ne nnipakuw ahorow nyinaa mu.” Ne nyinaa akyi no, sɛnea oduruyɛfo Roland Summit a ɔyɛ adwene ho ɔbenfo a ɔhwɛ mmofra a wɔayɛ wɔn basabasa wɔ nna kwan so no ka no no: “Asiane a ɛwɔ hɔ sɛ wɔbɛyɛ abofra bi basabasa no yɛ tee bere a abofra no fi ne na a ɔwoo no nkyɛn no.”

Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ awofo a wɔn mma wɔ mmofra ahwɛe no yɛ? Doby Flowers se: “Tie wo ba no! Tra ase na wone wo ba no nkasa. Hwɛ sɛ wubehu nsakrae bi wɔ ne su mu anaasɛ sɛnkyerɛnne bi a ɛkyerɛ sɛ wahaw, te sɛ kɛtɛ so dwensɔ, anaasɛ pow a ɔpow mpofirim sɛ ɔbɛkɔ mmofra ahwɛe hɔ.” Awofo ani a wɔbɛma ada hɔ ne wɔn ba no a wɔbɛtete no ne akode a ɛsen biara a wɔde begyina mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa no ano.​—Hwɛ Nyan! a ɛbae January 22, 1985, (Borɔfo de no) “Mmofra a Wɔyɛ Wɔn Basabasa​—Wubetumi Abɔ Wo Ba ho Ban.”

[Kratafa 5 mfoni]

Mmofra ahwɛe ka abusuabɔ a ɛda ɛna ne abofra ntam no dɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena