‘Hena Na Ɔbɛhwɛ Yɛn Mma No?’
NEA ɛde mmofra ahwɛe mmeae a ɛwɔ wiase nyinaa no aba ne mmea pii a ebi mmae saa da a wɔyɛ adwuma no. Mmofra ahwɛe ho ɔbenfo Alison Clarke-Stewart se: “Kuw a wɔn dodow kɔ anim sen biara wɔ adwumayɛ mu ne ɛnanom a wɔwɔ mma a wonnuu sukuukɔ, titiriw mmofra a wonnii mfe abiɛsa no. Saa adeyɛ yi abu so na ɛwɔ wiase nyinaa.”
Nanso ebia sɛ wobenya obi a wotumi de ho to ne so ma wahwɛ mmofra bere a ɛna yɛ adwuma no ka yɛ mmerɛw sen ne yɛ. Abusuafo ntaa mfa wɔn ho mma. Mmagyigyefo nhyehyɛe hwanyann—a nnamfo ne afipamfo a wɔfa wɔn de ba—taa yɛ nea ayɛ bi koraa no eyi hu na ɛma mmofra ho yeraw wɔn. Mmagyigyefo ne mmofra ahwɛfo a wotumi de ho to wɔn so no ho yɛ nã—na ne bo yɛ den dodo ma awarefo.
Tebea no nyɛ nea ɛnhaw adwene biara wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu. Ná Nigeriafo mmea taa de wɔn mma hyɛ wɔn akyi bere a wɔreyɛ adwuma no. Nanso Afrikafo mmea a wɔn dodow kɔ anim agyaw ofie nnwuma anaasɛ afumdwuma na wɔyɛ nnwuma wɔ dwumadibea, aguadidan, ne mfiridwuma ahorow mu a abofra a wɔkyekyere no hyɛ akyi no yɛ nea ɛmfata wɔ hɔ. Wɔ mmere a atwam mu no na mmea tumi kɔ wɔn mmusua atenten mu konya ɔbagyigyefo ntɛm. Nanso, sɛnea Lagos, Nigeria, atesɛm krataa Sunday Times kyerɛ no. “esiane nhomasua kwa ne nnwuma a wɔde ahoɔden na ɛyɛ a enhia ahokokwaw pii a adɔɔso nti, wɔn a wotwa to koraa [mmusua mufo a wonya wɔn] wɔ mmofra gyigye mu no nso afi hɔ.” Saa atesɛm krataa yi hyɛɛ nyansa sɛ: “Mmofra ahwɛe a wɔahyehyɛ no yiye betumi de mmuae ama.”
Yiw, mmofra ahwɛe afi ne mmeae ahorow rebɛyɛ nea wɔpaw wɔ mmofra ɔhwɛ mu ntɛmntɛm. Anyɛ yiye koraa no, mpɛn pii no wotumi de ho to so, eye, na ne bo yɛ mmerɛw sen ɔbagyigyefo a wɔbɛbɔ no paa. Ɛma mmofra tumi ne wɔn atipɛnfo bɔ fekuw. Wɔma nnuan a ahoɔden wom wɔ hɔ a ahomegye ne adesua nhyehyɛe ahorow nso ka ho. Sɛnea mmofra ahwɛe ɔkwankyerɛfo Delores Alexander ka kyerɛɛ Nyan! no: “Mmofra ahwɛe boa abusua no nyinaa.”
Ne nyinaa akyi no, ebinom suro sɛ ebia sɛnea mmofra ɔhwɛ rekɔ mprempren no betumi akyerɛ nneɛma pii a enye ama mmofra. So ntease pa bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wosuro saa? Ɛho hia sɛ awofo hu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asi gyinae a nyansa wom bere a ɛfa wɔn ankasa mma ho no.