Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 8/8 kr. 12-18
  • Wɔn A Wonni Afie​—So Anidaso Bi Wɔ Hɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔn A Wonni Afie​—So Anidaso Bi Wɔ Hɔ?
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mprempren Mmɔdenbɔ Ahorow mu Nhwehwɛmu
  • Ɔyare ho Sɛnkyerɛnne a Wɔsa
  • Ano Aduru a Ɛtra hɔ Daa
  • Wɔn A Wonni Afie​—Dɛn Na Ɛde Ba?
    Nyan!—1988
  • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nnipa a Ohia Afa Wɔn Nnommum
    Nyan!—1998
  • Hena Na Ɔbɛhwɛ Oguanfo No?
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1988
g88 8/8 kr. 12-18

Wɔn A Wonni Afie​—So Anidaso Bi Wɔ Hɔ?

“DABERE yɛ ɔdesani ahiade a ɛne aduan ne nsu yɛ pɛ wɔ hia a ɛho hia no mu na ofie yɛ anibuei asetra mu tebea titiriw. Bere a wɔahu saa nokwasɛm yi no, wobegye ofie a wonni atom sɛnea ɛsɛ sɛ ɛyɛ no: ɔdesani nidi mpoatwa ne ɔdesani hokwan titiriw bi a wamma nsa nka.”​—Lord Scarman a ɔyɛ United Kingdom Amanaman Ntam Dabere ma Wɔn a Wonni Afie Afe Kuw no titrani

Ɔkasa ahorow te sɛ eyi kyerɛ sɛ mpanyimfo ne nniso ahorow nim hia a ɛho hia sɛ wonya adan pii ne nea eye no yiye, na wɔrebɔ mmɔden adi ahiade yi ho dwuma. Nanso, asemmisa no ne sɛ: Mmɔdenbɔ ahorow yi tu mpɔn dɛn? Ma yensusuw nhwɛso kakraa bi ho.

Mprempren Mmɔdenbɔ Ahorow mu Nhwehwɛmu

The Times of India bɔ amanneɛ sɛ sɛ wobetumi adi Bombay nnipa dodow a ɛkɔ soro bere nyinaa no ahiade ho dwuma a, ɛho hia sɛ wosisi adan afoforo 125 da biara. Bere a ebia eyi bɛyɛ te sɛ nea ɛnnɔɔso biara no, ɛka bom yɛ adan bɛboro 45,000 wɔ afe biako mu, na ɛno bedi nnipa dodow nkɔso no nkutoo ho dwuma. Na adan atantan a abobɔ so a enye na ɛyɛ fi 800,000 a ɛwɔ kurow no mu no nso ɛ? Sɛ wobetumi ahyɛ ananmu wɔ mfe 20 mu a, ɛsɛ sɛ wosisi adan afoforo 110 da biara. Ɛno de dodow no ba nea ɛboro adan 85,000 afe biako. Amanneɛbɔ no se sɛ wobetumi ayɛ saa a, “ɛsɛ sɛ nneɛma a yɛyɛ no bɔ ho mpɛn anan.” Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, wɔ 1961 ne 1981 mfinimfini mu hɔ no, New Delhi a ɛyɛ India kurowpɔn no tumi nyaa ne botae a na ɛyɛ adan 450,000 a na wobesisi no mu nea ennu du biara mu biako.

Adan ho nsɛnnennen no ama nniso horow no ho akyere wɔn wɔ Afrika esiane nkuraasefo a wotu kɔ nkurow akɛse mu no nti. The Star a ɛyɛ Johannesberg, South Africa atesɛm krataa bi no bɔ amanneɛ sɛ wɔ aman bi mu no, “wɔapam wɔn a wɔtete nkurow akɛse mu a wɔnyɛ adwuma no akɔ nkuraase.” Wɔ afoforo mu no, wɔn a wɔwɔ baabi te yiye wɔ nkurow akɛse mu no nkutoo na wɔma wɔn kwan ma wɔyɛ adwuma wɔ hɔ. Wɔ amanaman ntam nyiyim ho nteɛm no nyinaa akyi, titiriw wɔ faako a mmusua mu nyiyim nsɛnnennen wɔ no, so akwan a emu yɛ den sɛɛ no atumi adi nkonim? Amanneɛbɔ no se: “Nkuraasefo aguanfo a wobenya nnwuma ne afie ama wɔn ho nsɛnnennen no yɛ nea ɛregye nsam wɔ Afrika ɔfã kɛse no ara​—ne nokwarem no wɔ Wiase Aman a Ɛtɔ so Abiɛsa no nyinaa mu. Wɔahyɛ nkɔm sɛ Afrika nkurow akɛse atitiriw behyia wɔn asetra ne nhomasua nhyehyɛe ne wɔn nsu, anyinam ahoɔden ne efĩ a woyi a ebebubu agu.”

Wɔ Britania no adan a wobenya ama ahiafo ne adan a ɛresɛe a wobesiesie anaasɛ wobesi no foforo yɛ nsɛnnennen atitiriw abien a egye ntɛmpɛ. Catholic Herald se: “Nanso wɔ bere koro no ara mu no, bere a wɔka kyerɛ yɛn sɛ sɛ́ ɔman no, ‘yɛrentumi’ nsɛe sika biara bio wɔ saa nsɛnnennen a ɛyɛ hu yi ho no, anosiw biara nni hɔ wɔ sika a yetua ma nkurɔfo a wɔtɔ wɔn ankasa afie no ho.” Esiane adan a ne bo yɛ mmerɛw no sika a wɔatew so no nti, ne si no so atew nea ennu anum biara mu biako sen sɛnea na anka ɛte mfe du a atwam ni mu no. Amanneɛbɔ no se: “Nea ɛka ɛno ho no, yɛwɔ nsiesie ho ka kɛse wɔ ɔmanfo ne obi ankasa adan nyinaa ho a wobu ano sɛ ɛyɛ pɔn ɔpepem 50.” Nhyehyɛe a nniso no ayɛ de betua saa ka yi no mu nna hɔ.

Samufo asɛm bi kae wɔ New York Post mu sɛ: “Afie a wonni ho asɛnnennen a ɛwɔ Amerika no yɛ nea ɛsen wɔn a wɔahaw ne wɔn a wonni mmoa a wɔbɛma wɔn adan no.” Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔkyekyem a, New York kurowpɔn no tua dɔla 1,800 ɔsram biara de hwɛ mmusua a wonni afie wɔ ɔhwɛ ahɔhodan bi mu, na saa nhyehyɛe yi ho ka no du dɔla ɔpepem 125 afe biara. Nea ɛka ho no, wɔsɛe dɔla ɔpepem 250 afe biara de hwɛ ɔmanfo trabere 28 so. Ne nyinaa akyi no, wɔn a wonni afie wɔ kurow no mu no dodow kɔ soro bere nyinaa. Dɛn ntia? Wɔn a wonni afie ho asɛntitiriw bi a epuei wɔ U.S. News & World Report mu no de baa awiei sɛ: “Obiara nnim ɔkwan pa a wɔbɛfa so aboa wɔn a wonni afie no. Adan pa, nnwuma pii ne nnuan a ɛyɛ den sɛ nsa bɛka no remmoa wɔn a wɔahaw wɔ adwenem anaasɛ nnubɔne anaa nsa afa wɔn no.”

Ɔyare ho Sɛnkyerɛnne a Wɔsa

Ɛda adi sɛ, nnɛyi adan ho nsɛnnennen no ano aduru a wobenya ne ɔkyena adan ho ahiade no a wobedi ho dwuma no yɛ adwuma kɛse ma nniso a wɔwɔ wiase nyinaa. Dɛn ntia? Efisɛ adan a wonnya ne afie a wonni ho nsɛnnennen no nyɛ nea ɛno nkutoo na ɛwɔ hɔ. Ɛfra nsɛnnennen afoforo a ɛsosoe te sɛ ɛno ara, te sɛ nnipa dodow mmoroso, ohia, adwuma a wonnya nyɛ, ne nneɛma bo a ɛyɛ den mu, Sɛ wɔantumi anni saa nsɛnnennen afoforo yi ho dwuma yiye a, ɛnyɛ nea wobenya anidaso pa bi wɔ adan de no ho. Nanso so ɔman bi wɔ asase so nnɛ a ade ne ho afi nsɛnnennen a yɛabobɔ din yi mu bi ho? Nokwarem no, so nniso bi wɔ hɔ a ɛredi saa nsɛnnennen yi ho dwumadi mu nkonim ampa? Dabi, ebi nni hɔ.

Esiane eyi nti, wobetumi de mmɔden a wɔbɔ sɛ wobedi wɔn a wonni afie nsɛnnennen no ho dwuma no atoto ɔdan a ɛrebubu agu mu mpaapae ne emu a ɛsosɔ a wotuatua no ho. Ebia adwene no bɛyɛ nea nidi wom de, nanso nea eti mu ba no yɛ ɔyare ho sɛnkyerɛnne no a wɔsa ara kwa. Nea wohia ne sɛ wobebubu ɔdan a aporɔw no agu na wɔasi foforo afi ne fapem no so kɔ.

Ɛda adi sɛ saa adwene yi nyɛ foforo. Wɔkyerɛkyerɛe mfeha 19 a atwam ni, na na ɛkɔ akyiri wɔ ne bere no so araa ma ɛyɛɛ den maa saa bere no so akannifo a na wɔpɛ atetesɛm no sɛ wobegye atom. Yesu kae sɛ: “Obi mfa ɔtam foforo sin ntaa atade dedaw mu; efisɛ ntaamu no yi fi atade no mu a ntetewee no yɛ kɛse.” (Mateo 9:16) Dɛn na na ɛwɔ n’adwenem?

Ano Aduru a Ɛtra hɔ Daa

Sɛ́ anka Yesu bɛsa ɔyare ho sɛnkyerɛnne no ara kwa no, odii asɛm no nnyinaso ho dwuma. Ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn Ahenni so sɛ nea ɛde ano aduru a ɛtra hɔ daa bɛma nea ɛnyɛ adan ho nsɛnnennen nko na mmom nnebɔne afoforo a ɛka adesamma nnɛ no nyinaa nso. Ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Saa ahenni a ebedi Onyankopɔn atirimpɔw ho dwuma wɔ asase so no rentuatua mprempren nneɛma nhyehyɛe no mu nneɛma a asɛesɛe na abubu no kɛkɛ. Ɛbɛhyɛ ananmu.

Dɛn na eyi nyinaa bɛkyerɛ ama wo? Tie nea wɔde honhom kaa tete Hebrini odiyifo Yesaia ma ɔkae no: “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛyɛ sɛ dua nna, na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.”​—Yesaia 65:21, 22.

So wohyɛɛ no nsow sɛ ɛnyɛ adan pii ara kɛkɛ a wobesisi na wosii so dua? Mmom no, egyina sɛnea ɛfata, ɛyɛ pɛpɛ, ne atɛntrenee so. So wo kɔn nnɔ sɛ wobɛtra nniso a ɛte sɛɛ ase? Ɛnyɛ sɛ wubetumi anya w’ankasa wo dan a ɛno sen nea nnipa pii betumi anya anidaso sɛ wɔn nsa bɛka nnɛ no nko, na mmom wobɛtra ase wɔ asomdwoe mu a wowɔ nnuan pii, mframa ne nsu pa, ne afipamfo a woye. Eyinom nyinaa, ne afoforo pii, ne nneɛma a Onyankopɔn Ahenni no trenee nniso no bɛyɛ.

Wɔ Yesu ahyɛde ho osetieyɛ mu no, Yehowa Adansefo ka “ahenni ho asɛmpa yi” kyerɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa nnɛ. (Mateo 24:14) Ɛdenam saa nsɛmma nhoma yi ne ne hokafo Ɔwɛn-Aban, ne denam nsrahwɛ ankasa so no, wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛtwe w’adwene asi hokwan a ɛyɛ nwonwa a ɛda yɛn anim pɛɛ yi so. Yɛhyɛ wo sɛ wubegye bere de ahwehwɛ sɛnea wubetumi aka wɔn a wɔbɛtra saa trenee nniso a ɛbɛsan de adesamma daa Paradise ofie aba asase nyinaa so bio no ho.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]

“Wobesisi adan atra mu.”​—Yesaia 65:21

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena