Mihuu Sɛnea Ɔko Mmfa Hwee Mma No
Sɛnea Russel Dixon a na anka ɔyɛ U.S. Asraafo Nnuru Soafo no ka kyerɛe
NÁ ɛyɛ 1944 mu wɔ Philippine supɔw Leyte so. Na yɛwɔ kwae a emu yɛ hyew no mu rekyin ahwehwɛ atamfo no—Japan asraafo a wɔahintaw wɔ nnua ne mfuwii no mu no. Na meyɛ nnuru soafo a madi mfe 19 na mpɛn pii meka kyidomfo no ho a mayɛ krado sɛ mede ntama a wɔde kyekyere kuru so ne mmoa bɛma wɔ ɔko biara mu. Ɔkwan bi so wɔ saa da yi no, na me na midi anim, ɔkwankyerɛfo. Na obiara ani da hɔ kɛse a na yɛretwɛn mfiri a yɛn ani nna so ne mpofirim ntua. Afei mpofirim ara no, biribi a wontumi nnye nni sii.
Japanni asraafo panyin bi huru begyinaa m’anim basafa kakraa bi a na ɔrehim ntama fitaa na ɔreteɛm sɛ, “Nto me tuo! Nto me tuo! Mifi Chicago! Mifi Chicago!” Na yɛn nsateaa ho pere no sɛ ebemia so. Ɔsraani a ogyina m’akyi no tow ne tuo mpɛn dodow bi—na ɔfomee. Yɛn a yɛaka no antow yɛn de no bere a ɔpanyin no kɔɔ so teɛteɛɛm sɛ, “Mifi Chicago!” no.
Ɔde ahopere yii mfonini ahorow fii ne kotoku mu na ɔde Amerika Engiresi kasa a emu da hɔ kyerɛkyerɛɛ n’asɛm no mu. Me ho dwiriw me. Yɛwɔ kwae mfinimfini ha, na Japanni asraafo panyin yi de ne yere ne ne mma a wɔwɔ Chicago mfonini rekyerɛ yɛn. Na ɛyɛ nokware—ɔyɛ Amerika Japanni!
“Wɔremmfa Wɔn ho Mma”
Ɛbɛdaa adi sɛ ofii Chicago kɔsraa n’awofo wɔ Japan bere tiaa bi ansa na wɔrepae ɔko no. Wɔtwee no kɔkaa Japanfo asraafo ho, afei ɔreko atia United States. Yebisaa no sɛ,
“Wɔn a wɔka wo ho dɔɔso?” Ɔde ne nsa kyerɛɛ biako bi a ɔhyɛ mfuwii no mu wɔ n’akyi no so. Yɛhyɛɛ no sɛ ɔnka ne ho mfi hɔ! Japanni ɔsraani aberantewaa bi a ɔbɛyɛ sɛ me huru fii. “Na wɔn a wɔaka no wɔ he?” “Wɔwɔ akyiri hɔ.” Asraafo panyin no de ne nsa kyerɛɛ kwae no mu wɔ n’akyi.
Yɛne asraafo panyin no fii ase yiyii. Yɛn saagen no kae sɛ: “Sɛ wunya wo mmarima a wɔaka no ma wɔde wɔn ho ma a, yɛbɛfa wo odeduani. Anyɛ saa a, yebekum wo!” Ɔpanyin no mmuae a ɔmae no sii nea na yenim dedaw no so dua: “Wɔremmfa wɔn ho mma. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma wɔayɛ saa a, wobekum yɛn.”
Yɛhyɛɛ no ma ɔsomaa ɔsraani kumaa no kɔɔ ne nkurɔfo no nkyɛn. Wɔ simma biako anaa nea ɛte saa ntam no, yɛtee sɛ wɔatow otuo. Yɛhwɛɛ Japanni ɔpanyin no anim, na ɔkae sɛ: “Wɔakum no.” Wɔ me mu tɔnn no, metee yaw nka maa ɔsraani kumaa no. Na ɛyɛ nkate a manya mpɛn pii a na menya pii bio no, nkate a ɛkyerɛ sɛ ɔko mfa hwee mma koraa no.
Bere a yɛn nkurɔfo no mu baanu de ɔpanyin no san kɔɔ yɛn atrae hɔ no, yɛn a yɛaka no toaa so faa ɔkwan no so kɔɔ anim. Sɛ nnuru soafo no, midii kuw no akyi sɛnea ɛbɛyɛ a metumi akyekyere yɛn nkurɔfo no mu biara a ebia aboba bɛka no no kuru so. Yɛkɔɔ basafa kakraa bi no, yehuu atamfo no nkae no. Wɔ ɔko tiaa bi mu no, yekunkum wɔn nyinaa.
Nanso na yɛatumi ayɛ biribi a ɛreyɛ ayɛ soronko—yɛakyere Amerika Japanni asraafo panyin—kakraa bi pɛ a wɔkyere wɔn animono no mu biako. Nanso na kunkum pii no ama me koma abotow.
Mpɛn pii no mibisaa me ho sɛ, dɛn na na me, Oklahoma nkuraase oduruyɛfo bi ba, reyɛ wɔ saa supɔw so kwae no mu? Nokwasɛm no ne sɛ, sɛ midii me papa nnyinasosɛm ahorow akyi a, anka merenkɔ hɔ koraa. Ebia anka mɛkɔ akɔda afiase. Ebia wubebisa sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na anka ɛbɛba saa?’
Bere a na Biribiara yɛ Asomdwoe
Wɔwoo me wɔ 1925 mu, mmabanin baanum mu nea ɔto so anan, wɔtetee me wɔ afuw so asomdwoe tebea mu wɔ United States kesee fam hɔ baabi, wɔ kurow ketewaa bi a wɔfrɛ no Mooreland, Oklahoma no mu. Na yɛn awofo yɛ Bible Asuafo a wɔpɛ asomdwoe a efi 1931 mu no wonim wɔn sɛ Yehowa Adansefo no bi. Wɔde yɛn mmerantewaa no kɔɔ Bible nhyiam horow no daa, na mekae sɛ da bi mekaa me papa ho ma yɛde kasa afiri kɔɔ afie afie kodii yɛn afipamfo adanse. Afei nso yenyaa nea na wɔfrɛ no nkaebɔ aprententu wɔ nkurow a atwa hɔ ahyia mu no a na wɔde bɔ baguam Bible ɔkasa ho dawuru no mu kyɛfa. Nanso na m’ani gye nneɛma afoforo ho wɔ asetra mu.
Na mepɛ agumadi, titiriw no bɔɔl a wɔde nsa bɔ ne nea wɔde abaa bɔ no. Ɛnyɛ sɛ na minim bɔ pii, na mmom sɛ aberantewaa biara no, na m’ani gye ho. Nea efii mu bae ne sɛ bere a midii mfe bɛyɛ 16 no, te sɛ me nuabarimanom no, metwee me ho fii Adansefo no nhyiam ne fekubɔ no mu. Wɔ saa bere no mu no, na yenni honhom mu nneɛma ho anisɔ. Ɛbɛyɛ sɛ eyi maa m’awofo werɛ howee.
Ɔko mu Nokwasɛm Ahorow No
Wɔ 1943 mu bere a na madi mfe 18 no, wɔtwee me ma mekɔɔ U.S. asraafo mu na mebɛyɛɛ GI (U.S. Asraafo dɔm no muni) . Esiane sɛ na magyae mene Adansefo no fekubɔ nti, na minni gyidi a emu yɛ den biara wɔ Kristofo afã biara a wonni no ho, na enti mekwatii ɔsɛmpɔw a ebetumi ama makɔda afiase no. Akyiri yi, wɔde me kɔɔ Fort Bliss, El Paso, Texas, kɔtetee me sɛ asraafo nnuru soafo. Ɛde besi nnɛ no, minni nea enti a wɔpaw me maa saa ntetee no ho adwene biara. Ebia na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ me papa yɛ oduruyɛfo no wɔ biribi yɛ wom.
Wɔ nnuruyɛ mu ntetee no akyi no, wɔde me kɔɔ New Caledonia a ɛyɛ supɔw bi wɔ South Pacific no so de yɛn kɔhyɛɛ U.S. asraafo bi ananmu. Na me ɔko dwumadi a edi kan no wɔ New York asraafo kuw bi a wɔfrɛ no 77th Infantry Division no mu wɔ Guam. Na Japanfo no akɔtra saa supɔw yi a ɛda baabi a ebetumi aboa akodi a ɛwɔ Australia ne Japan mfinimfini no so. Yɛne 3rd Marine Division no koduu hɔ July 21, 1944 mu. Ntɛm ara na yefii akodi ase. Minyaa me osuahu a edi kan wɔ akodi ankasa mu no ntɛm.
Nea mehyɛɛ no nsow titiriw wɔ Guam ho ne nsu a ɛtɔ, atɛkyɛ a edu kotodwe, ne basabasayɛ. Ɛno na afei me osuahu a edi kan wɔ aprɛm a wogyaee mu guu yɛn so mu no bae. Na tuo a wɔatow nnyegyei “whoomf” no di kan ba, na afei akorabo no hwerema a ɛyɛ hu no di akyi wɔ mframa no mu. Metwɛnee sɛ mehu sɛnea akorabo no bɛtɔ baabi a ɛbɛn yɛn afa no. Ɛsɛ sɛ meka nokware—te sɛ GI afoforo no, na misuro mpɛn pii. Mebɔɔ Onyankopɔn mpae na mekekaa nsɛm wɔ ɔkwan a nyansa nnim so a ɛbɛma manya kwan afi saa basabasayɛ yi mu. Sɛ ɔboa me ma mifi mu a, mɛsom no! Yiw, na menyɛ hwee sɛ sakraman tuw mu gyidini bi ara kwa!
Misuroo anadwo no mu sen biara. Na ɛsɛ sɛ wutwa ɔkã a emu dɔ bɛyɛ efi nsateakwaa 18 kosi anammɔn abien, sɛ abo nni asase no mu pii a. Na adwene no ne sɛ ɛsɛ sɛ woda mu (anidaso bɛn ni!) a atamfo no anaasɛ wo mfɛfo no nhu wo. Na eyi ho hia esiane sɛ na anadwo mmara ne sɛ: ‘Sɛ ɛkeka ne ho a, kum no. Bisa nsɛm akyiri yi.’ Enti mehwɛ hui sɛ mɛda fam a wonhu me sɛ na ɛhwehwɛ sɛ meda nsu a atɔ ne atɛkyɛ mu sɛnea na ɛtaa ba no mpo a.
Na dɛn ne yɛn nkate titiriw wɔ saa akodi huhu yi mu? Metumi aka akyerɛ wo sɛ wɔ nsɛm no pii mu no, na ɛnyɛ “Onyankopɔn ne ɔman.” Te sɛ mmarimaa afoforo pii no, mihuu sɛnea atuo, mfiri a ɛtoto gya, aprɛm akorabo, ahokum ntua, sekamma, ne atuo ano sekan twitwaa nkwa so no. Ankyɛ na mihuu sɛnea ne nyinaa mfa hwee mma no. Metee nka sɛ wasum me afiri wɔ tebea a anidaso biara nnim a ɔkwan biara nni hɔ a mɛfa so afi mu mu. Na me botae titiriw, te sɛ afoforo pii no, ne sɛ menya nkwa.
Wɔ ɛno mu no, na yɛn kwan a yɛnam so no yɛ soronko wɔ Japanfo no de ho. Na wɔasɛe wɔn adwene koraa na wosusuwii sɛ ɛyɛ nidi sɛ wobewu de ahyɛ ɔhempɔn no ne Japan anuonyam. Ɛno nti na na wotumi de kamikaze (ahokum) wimhyɛn kotua po so ahyɛn ne akohyɛn ahorow no. Wɔ asase so no, na ahokum asraafo no tumi weawea ba yɛn kã no mu a wɔakyekyere kotoku bi deda wɔn akyi na wɔtow atopae de tetew yɛne wɔn nyinaa pasaa. Hwɛ sɛnea sodifo kakraa bi a wɔn ani abue a wɔde atoro nyamesom nsusuwii redi dwuma no adaadaa wɔn!
Nanso na Guam yɛ mfiase kɛkɛ. Wɔ Manus supɔw a ɛwɔ Papua New Guinea kusuu fam no so ahomegye bere bi akyi no, wɔsan de yɛn kɔɔ yɛn akonno a edi hɔ, Leyte a ɛwɔ Philippines no.
“So Mewu?”
Na ɛyɛ akodi, apirafo ne awufo no ara. Na atɛkyɛ mu a meweawea na mebɔ mmɔden sɛ mɛkyekye apirafo akuru so no ama minni adagyew. Mpɛn pii no, na meda ɔhokafo bi nkyɛn wɔ atɛkyɛ no mu, mede nnuru keka n’akuru mu na mekyekyere ansa na matwe no ase akɔto baabi a ɛhɔ ye. Mpɛn pii no na ɛsɛ sɛ mepae n’atade nsa ho anaasɛ ne nan ho na mede aduru a ɛbɛboa akum yaw no ano bɔ no paane ntɛm. Ebinom bisa sɛ, “Oduruyɛfo, so mapira kɛse? So mewu? Nnyaw me ha!” Ɛtɔ mmere bi a na wɔn a ɛsɛ sɛ mehwɛ wɔn no dɔɔso araa ma nea metumi ayɛ ara ne sɛ mɛbɔ mmɔden adwudwo wɔn bo na maka akyerɛ wɔn sɛ yɛbɛsan aba abɛfa wɔn. Nokwasɛm no ne sɛ wɔ nsɛm no pii mu no, yɛsan bae bere a na aka akyi dodo. Na wɔawuwu. Sɛnea ɔko mfa hwee mma nen.
Ná yɛn ɔko dwumadi a edi hɔ no wɔ Ii-shima supɔw ketewaa a ɛwɔ Okinawa mpoano a saa bere no na Japanfo akɔtra hɔ no so. Na adamfo biako bi wɔ hɔ a mene no akɔ ako pii. Na ɔhwɛ yiye bere nyinaa na na onnyaw biribiara basabasa anaasɛ ɔnyɛ ade nkwasea so wɔ akonno hɔ. Te sɛ yɛn a yɛaka no, na ɔpɛ sɛ onya nkwa. Da koro bi, wɔ yɛn dwumadi a edi akyiri wɔ Ii-shima mu no, na yɛn mu pii de yɛn yafunu abutubutuw fam rebɔ mmɔden sɛ yɛbɛbɔ yɛn ho ban afi atamfo no atuo ano. Na ɔwɔ m’anim anammɔn kakraa bi bere a mpofirim no yɛn ankasa mfiri atuo no kyim kɔɔ nifa so dodo, ɛtotowee na ekunkum ɔno ne GI afoforo baasa ɛhɔ ara no.
Wɔ bere foforo mu no yɛn ankasa wimhyɛn a ɛbɛn fam totoo yɛn atuo na yɛn nkurɔfo no mu pii wuwui. Onipa mfomso ne nneɛma a ɛmfa hwee mma no pii.
Wɔ saa supɔw yi ara so na Ernie Pyle a ɔyɛ ɔko bere mu sɛnkyerɛwfo a wagye din no hyiaa ne wu wɔ April 1945 mu denam otuotowfo aboba so no. Bere bi, ɔkyerɛw nkate bi a na mene no yɛ adwene wɔ ho: “Mintumi nhu sɛnea obi a ofi ɔko mu anya nkwa no betumi ayɛ otirimɔdenfo wɔ biribiara ho bio da.” Nea enye no, osuahu kyerɛ biribi foforo. Onipa atirimɔden kɔ so ara.
Wɔde Ɔprɛm Kyerɛ Me So
Ná faako a yɛkɔe bio no wɔ suka a etwa yɛne Okinawa ntam no agya. Na Japanfo no akɔ adɛm na na wahintahintaw abodan mu na bio na ɛyɛ den sɛ wobepue.
Da koro bi na mete ɔbotan kɛse bi so wɔ asianee bi so a na merehwɛ ɔko a ɛrekɔ so wɔ bon bi mu wɔ m’anim pɛɛ no. Mpofirim no, metee Japanfo ɔprɛm nnigyei soronko no. Wɔ simma kakraa bi mu no, akorabo bɛtɔɔ m’anim basafa kakraa bi. Ɛkaa me sɛ ɛyɛ nwonwa sɛ ebi bɛbɛn me saa bere a ɔko no rekɔ so no. Ade a edi hɔ a mihui ne sɛ wɔtoo foforo ma ɛbɛtɔɔ m’akyi pɛɛ! Mpofirim no ɛyɛɛ me sɛ ɛbɛyɛ sɛ atamfo no reyɛ ato me. Misii fam ntɛm ara kɔhyɛɛ ɔbotan no akyi. Akorabo a ɛto so abiɛsa no bɔɔ faako a na mete no tee! Na ɛyɛ pii a ɛbɛn me kɛse a mihyiae no mu biako.
Okinawa ho ɔko no kɔɔ so bɛyɛ asram abiɛsa. Abakɔsɛm nhoma bi bɔ amanneɛ sɛ: “Na Okinawa ne dwumadi a ne bo yɛ den sen biara wɔ Pacific Mfinimfini hɔ. Nnipa bɛyɛ ɔpepem fã na wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔko no mu na Amerikafo 49,000 na wopirapirae na wɔn mu 12,500 wuwui. Wokunkum Japanfo bɛboro 110,000 wɔ supɔw no so.” Anyɛ yiye koraa no, wokunkum asraafo 122,000 ne wɔn a wɔnyɛ asraafo ɔpepem pii, wɔ supɔw bi a ɛkame ayɛ sɛ wonnim a ne kɛse nyinaa yɛ bɛyɛ akwansin 870 no ho!
Saa ɔsatu no akyi no, wɔsan de yɛn kɔɔ Philippines ma yɛkogyee yɛn ahome na yesiesiee yɛn ho maa Japan ntua no. Saa bere no, mihuu biribi a ɛmaa m’ani gyei. Wɔde ebinom bɛhyɛɛ ebi ananmu wɔ yɛn afã hɔ na na obiara nka wɔn ho sɛ me nua kumaa Roger. Nanso, wanhu ɔko ankasa da. Wɔ August 6, 1945 mu no, wɔtoo atomik ɔtopae a edi kan no guu Japan kurow Hiroshima so. Nnansa akyi no, wɔtoo ɔtopae a ɛto so abien no guu Nagasaki so. Ɛno de ɔko no baa awiei.
Owu a Ɛma Midwenee
Wɔde mene me nua no kɔkaa asraafo a wɔakɔtra Sapporo, Japan no ho. Ɛno akyi bere tiaa bi no, woyii me fii sraadi mu, nanso me nua no kɔɔ so traa Japan afe biako bio. Mede m’ani kyerɛɛ fie na abusuafo maa me akwaaba.
Mesan beduu Oklahoma no, mehyɛɛ ase fii faako a megyawee no bio na mesan kɔɔ kɔlege faako a mesan kɔyɛɛ nnuruyɛ adesua a edi kan mfe anan ne ɛno akyi adesua afe biako no. Wɔ saa bere yi mu no, mihyiaa abeawa fɛfɛ bi a na ɔyɛ osuani a ofi Oklahoma a wɔfrɛ no Nancy Wood. Wɔ asram 18 mu no yɛwaree. Wayɛ me hokafo nokwafo wɔ bɛboro mfe 40 a atwam no mu.
Na minnya nkyerɛɛ m’awofo ɔsom, Yehowa Adansefo de no ho anigye biara bio. Na nneɛma a m’ankasa ani gye ho no agye m’adwene. Afei, wɔ 1950 mu no, awerɛhosɛm sii.
Komayare kum me papa a saa bere no na wadi mfe 66 na ɔda so ara yɛ nkuraase oduruyɛfo a ɔyɛ hyew no. Wɔ Maame fam no na ɛyɛ asɛnkɛse. Ne wu no maa yɛn nyinaa ho dwiriw yɛn. Na yɛn mmabanin baanum no ahwere agya ne adamfo pa bi. Nokwarem no, yɛn nyinaa kɔɔ afunsie ɔkasa a Yehowa Adansefo mu biako a ofi kurow bi a ɛbɛn hɔ mu no mae no ase. Saa ɔkasa no kaa yɛn nyinaa wɔ ɔkwan a ɛtra hɔ daa so.
Ɔkasafo no fi Bible mu kyerɛe sɛ Papa bɛsan aba wɔ owusɔre mu bere a wɔasan de asase no aba asomdwoe paradise tebea mu no. Eyi nyinaa kanyan me nkae wɔ nea na minim mfe bi a atwam no ho. Bere tiaa bi mu no, na Adansefo no ne me ne Nancy resua Bible no. Dodow a misuaa ade no, dodow no ara na mihuu sɛnea wiase no ayɛ basaa ne sɛnea ɔko mfa hwee mma no—wɔde saa nkwa no nyinaa abɔ afɔre de rema amammui sodifo pɛsɛmenkominya nsusuwii a ɔman biara mu asɔfo pene so no anya nkɔanim.
Bere a Nnipa Bɛtra Ase wɔ Asomdwoe Trabea Ahorow mu
Mibehui nso sɛ nsɛm a asisi fi 1914 mu no yɛ Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa awiei bere ho no mmamu a emu da hɔ fann. Na biribiara a ɔkae no rebam wɔ awo ntoatoaso biako asetra bere mu. Enti, ɛrenkyɛ na Onyankopɔn Harmagedon ɔko no, trenee ko a ɛbɛpopa nsɛmmɔnedifo nyinaa afi asase so no aba na abedi asase a wɔasan de asi hɔ wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso no asomdwoe nniso ase no anim.—Adiyisɛm 11:18; 21:1-4.
Wɔbɔɔ me ne Nancy asu wɔ 1950 mu. Sɛ anka yɛbɛtoa yɛn kɔlege nhomasua no so no, yɛyɛɛ yɛn nneɛma ho nhyehyɛe de yɛn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu wɔ 1956 mu. Wɔ mfe no mu no, na yɛtaa ka asɛm wɔ United States mmeae pii wɔ akwantu ɔsom adwuma no mu a mesomee sɛ ɔmansin ne ɔmantam sohwɛfo no mu. Wɔ nea ɛboro mfe awotwe mu no, mekyerɛkyerɛe wɔ Ahenni Som Sukuu ma asafo mu mpanyimfo ne Akwampaefo Sukuu ma bere nyinaa asomfo no nso mu. Wɔ mfe akron a edi akyiri yi mu no, yɛasom wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa dwumadibea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no mu.
[Kratafa 27 mfoni]
Mene me yere gyina Yehowa Adansefo wiase nyinaa dwumadibea ti faako a yɛyɛ adwuma no anim
[Kratafa 27 mfoni fibea]
U.S. Army photo