Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 5/8 kr. 19-23
  • Nnɔnhwerew Abiɛsa A Ɛsakraa M’asetra

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnɔnhwerew Abiɛsa A Ɛsakraa M’asetra
  • Nyan!—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokware no Ma Minyaa me Nkwa Bio
    Nyan!—1996
  • Basabasayɛ Asetra A Midii So Nkonim
    Nyan!—1992
  • Mebɔɔ Mmɔden sɛ Mekum Me Ho Ɛkaa Kakraa Ma Mikum Me Ba
    Nyan!—1983
  • ”Memaa No Adapɛn Asia, Ɔmaa Me Nokware No”
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 5/8 kr. 19-23

Nnɔnhwerew Abiɛsa A Ɛsakraa M’asetra

NÁ M’ADI mfe du na me nsa kaa Buronya tuo bi. Metotow bɔɔ ntumpan ne nkankyee. Nanso ntɛm ara mekɔɔ nea ɛsen saa so​—nnomaa, awɔ, biribiara a ɛkeka ne ho. Sɛ mikum anomaa biara a, na masan me tuo dua no ho. Ankyɛ na minyaa nsensanee 18 a ɛkyerɛ sɛ meyɛ ɔbɔmmɔfo pa.”

Afei biribi sii a ɛmaa eyinom nyinaa sakrae. Da koro bi na mewɔ m’afikyiri a metow nnomaa. Mihuu akasanoma bi sɛ osi yɛn onyaa dua no so, mesɔnee, na metɔɔ me bo ase twee otuo no ase. Mebɔɔ no pɛpɛɛpɛ! Nea ɛto so 19!

Anomaa no tɔɔ fam. Mekɔɔ baabi a ɛda no, mehwɛɛ no, na mihuu mogya a ɛwɔ ne ntakra mu no. Na ɛhwɛ me hãã, te sɛ nea ɛreka sɛ: ‘Hena na ɔmaa wo hokwan sɛ kum me?’ Bere a ɛrewu no ne ti kɔɔ fam brɛoo. Ɛyɛɛ me mmɔbɔ pii. Mifii ase sui. Mituu mmirika kɔɔ me maame nkyɛn kɔ kaa nea asi ne nea migye di sɛ anomaa a ɔrewu no ka kyerɛɛ me no. Mankum anomaa biara bio na mansan me tuo no ho bio. Ɛde besi nnɛ nyinaa mekae ntakra a mogya yɛɛ mu no. Mmofraase osuahu nkɛntɛnso yi ma mihuu sɛnea nkwa som bo no, sɛ ebia ɛyɛ akasanoma de anaasɛ onipa de.

Minyaa su afoforo nso wɔ me mu ntɛm​—nokwaredi, obu ma me mpanyimfo ne abrabɔ pa. Wɔwoo me wɔ Memphis, Tennessee, nanso wɔtetee wɔ beae bi a ɛbɛn Chicago, Illinois, a wɔfrɛ hɔ Robbins. Minyinii sɛ asɔrekɔni, nanso su a minyae sɛ asɔrekɔni abofra no yerae bere a mfe no rekɔ so no. Manhu su ahorow no wɔ asafo no mu anaa asɔfo anaa asɔfo nkumaa no mu; na mmom nyaatwom. Afei nso, wɔ wiase no mu nyinaa no, wɔpow su ahorow yi sɛ ɛho nhia na wobu ani gu so. Nanso sɛnea nkwa som bo ho asuade a akasanoma ketewaa no wu kyerɛɛ me no ampopa da.

Eduu bere a mekɔ ntoaso sukuu no, na magyae asɔrekɔ​—na m’awofo ani nnye ho. M’ahonim wui, nanso mekae sɛ bere a mifii ase kaa kasafĩ​—sɛnea obiara yɛ no​—m’ahonim haw me. Bere a me fekubɔ ahorow sɛee no, menom nnubɔne na mebɔɔ ɔbrabɔne. Bible no kae sɛ saa na ɛbɛba, na me maa nkɔmhyɛ yi baa mu: “Mommma wɔnnnaadaa mo. Fekubɔ bɔne seɛ su a mfaso wɔ so.”​—1 Korintofo 15:33, New World Translation.

Eyi mu mpo no, papa ne bɔne ho adwene nyaa me so nkɛntɛnso ahorow bi. Sɛ nhwɛso no, wɔ me ntoaso sukuu afe a ɛto so abiɛsa no, minyaa nnamfo baanu a na me ne wɔn bɔ, yɛka basketball kuw no ho, me ne wɔn yɛ biribiara​—kosi anwummere bi a yehyiaa ababaa bi. Me nnamfo baanu no kae sɛ wɔbɛto no mmonnaa. Ɔsrɛe sɛ wɔnnyɛ no saa, nanso bere a wɔantie na wɔhyɛɛ no no, ɔde ehu teɛteɛm sɛ wonkum no mmom. Wɔ sɛnea ɔne wɔn peree nyinaa akyi no, wɔtoo no mmonnaa. Afei wɔpɛe sɛ me ka wɔn ho wɔ adebɔne yi yɛ mu. Esiane sɛ m’ani annye ho nti, me powee sɛ menya aniwude a wɔyɛɛ no no yi mu kyɛfa. Wɔn bo fuw me yiye na wɔmaa me dimmɔne ahorow. Yɛn adamfofa no baa awiei saa anadwo no.

Mfe bi akyi no mebɛtee ase sɛ nea mihui no yɛ nea Bible no kae sɛ ɛbɛba no ho nhwɛso foforo: “Na ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ afei mo ne wɔn ntu mmirika nkɔ saa sakasaka dontori no mu, na wɔka ho nsɛmmɔne.”​—1 Petro 4:4.

Me ntoaso sukuu afe a etwa to, 1965, mu na Vietnam Ko no mu yɛɛ den, na na sɛ miwie sukuu a, minnim nea ɛsɛ sɛ meyɛ. Na mempɛ sɛ wɔde me kɔ ɔko no na wɔahyɛ me ma madi awu. Na meda so wɔ awudi ho suro a emu yɛ den​—sɛ ɛyɛ nkasanoma anaa nnipa. Na mewɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw a mɛfa so afi mu: agodi ho adansedi krataa a ɛbɛma mabɔ basketball ama sukuupɔn bi. Nanso meyɛɛ wimhyɛn mu ɔsraani a ɛyɛ sraadi fã a menkɔko wɔ wuram na madi awu.

Wɔma meyɛɛ adwuma wɔ MAC (Military Airlift Command) sɛ wimhyɛn siesiefo wɔ me mfe anan a mede bɛsom no mu. Bere a wɔama me ɛho ntetee a edi kan no, wɔde me kɔɔ CCK Airbase, Taiwan. Na ɛyɛ January 1968. Me nnamfo a na wɔka asraafodɔm no ho no mu pii adwuma a wɔde maa wɔn no ma wɔde wɔn kɔɔ Vietnam, Thailand, Japan ne Philippines. Wonyaa biribiara a wɔpɛ​—a nea ɛka ho ne nnubɔne te sɛ heroin ne kokaine. Na mafi ase nom nnubɔne wɔ ntoaso sukuu; mprempren de na mafi ase retɔn bi. Asram awotwe akyi no, wɔde yɛn asraafodɔm mũ no nyinaa kɔɔ Okinawa, Japan, a na ɛhyɛ U.S. ase saa bere no. Yɛn nnubɔne adwuma no yɛɛ yiye.

Me kuw no mu panyin no ankasa kae sɛ ɔde me kɔ Vietnam na makɔhwɛ hɔ. Esiane sika ne anigye nti, mepenee so. Mihui sɛ Vietnam yɛ ɔman a emu yɛ fɛ a ɛwɔ wura frɔmfrɔm ne mpoano a ɛwɔ anhwea fitafitaa pii. Vietnamfo wɔ ayamye ne ahɔhoyɛ su ankasa. Sɛ wobɔ wɔn pon mu a, wogye wo kɔ fie na wɔma wo aduan di. Na metaa ka sɛ: ‘Dɛn nti na wɔredi ako yi? Dɛn nti na wɔrekunkum nnipa yi sɛ mmoa?’ Nanso wɔ Saigon no mihuu nsɛmmɔnedi pii, atirimɔdenne pii, ɔporɔw ne basabasayɛ a abu so! Na wɔmfa nkwa nnyɛ hwee. M’adwenem fii ase yɛɛ me naa wɔ tumi a adesamma betumi ne wɔn ho atra wɔ biakoyɛ, asomdwoe ne anigye mu, ne ɔpɛ a wobenya sɛ wɔbɛyɛ saa no ho.

Bere a wogyaa me kwan fii asraafo adwuma no mu July awiei wɔ 1970 mu no, mesan kɔɔ me kurom wɔ Robbins, Illinois. Minyaa adwuma na mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhyɛ ɔbra ase, nanso na nneɛma asakra. Nnipa ne mmeae ahorow asakra. Yiw, na me nso masakra. Na fie nnyɛ fie bio. Na m’adwene wɔ Akyirikyiri Apuei Fam Nsase so. Na ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛsan akɔ hɔ no mu yɛ den. Mifii sraadi mu asram awotwe no, mesan kɔɔ Okinawa, Japan.

Bere a mesan kɔɔ hɔ no anadwo a edi kan no, mekɔɔ mmeae a na metaa kɔ hɔ no mu biako, asanombea kɛse bi a wɔfrɛ hɔ Tina’s Bar and Lounge. Me ho dwiriw me yiye sɛ mihuu me kan nnubɔne adwuma no mu nnamfo no mu biako sɛ ɔte asanombea hɔ. Yɛn ani gyei sɛ yehuu yɛn ho yɛn ho na ntɛm ara yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ yebewia nnubɔne afi Thailand. Yɛyɛɛ yɛn ho sɛ asraafo na yɛatumi akɔ Thailand efisɛ na yɛwɔ atoro ID cards, ahomegye ho nkrataa, asraafo ntade ne nneɛma afoforo nti. Enti yetumi fii wimhyɛn gyinabea hɔ kɔɔ Bangkok.

Yefi hɔ ne yɛn kwankyerɛfo a na yɛne no adi kan ayɛ nhyehyɛe no dii nkitaho, na ɔde ɔkorow faa yɛn faa nsu ne kwae mu atare so de yɛn kɔɔ supɔw bi a atew ne ho so. Yehuu Thailand nnubɔnetɔnfo no mu atitiriw mu biako. Ne yam ye na ɔwɔ ahɔhoyɛ su araa ma yɛansusuw sɛ ɔbɛka yɛn dwumadi no ho asɛm akyerɛ polisifo da. Nanso ɔyɛɛ saa. Ɔyɛe na ama wɔabu ani agu ne sum ase aguadi dwumadi ahorow no bi so.

Na polisifo no retwɛn yɛn wɔ bɔs gyinabea bi wɔ Bangkok​—na na mikura bag a nnubɔne nkaribo 65 wɔ mu! Bere a merehyɛn bɔs gyinabea no pon mu no, metee dade poma ho nwini wɔ me kɔn akyi. Thai polisini panyin bi a na ɔde otuo a etumi tow mpɛn 38 akyerɛ me ti kaa no brɛoo sɛ, “Me srɛ wo, mmɔ mmɔden sɛ wone me bɛpere so.” Wɔkyeree yɛn de yɛn kɔɔ polisifo adwumayɛbea ti.

Na ɛsɛ sɛ yekohyia ɔyɔnko bi a okura heroin mpaboa nnaka abiɛsa wɔ Okinawa. Yɛfaa yɛn nnesoa na yenyaa adwene sɛ yɛbɛhwɛ nnubɔnetɔn no so wɔ Okinawa. Ɔyɔnko no de heroin no duu hɔ, na bere a epuei wɔ beae a woyi nnesoa no, na polisifo ne wɔn nkraman a wonim heroin hua no wɔ hɔ. Ɔhweree heroin no, mehweree bag a marijuana ne speed wɔ mu no, yɛn adwuma no gui ansa na yefi ase mpo. Wɔde yɛn koguu Klong Prem afiase. Ɛhɔ tebea horow nnye. Aduan ho yɛ nnã. Yɛn aduan yɛ kobi mmɔmɔne ketewaa bi ne ɛmo mpɛn abien da biara. Wɔ asram abien a yedii wɔ hɔ no, mehweree me mu duru nkaribo ɔha.

Bere a yɛwɔ afiase no, abrante tenten nuonyamfo bi bɛsraa yɛn, ɔkae sɛ ofi U.S. aban nanmusifo adwumayɛbea. Ɔkae sɛ ɔbɛboa yɛn nanso ɔpɛ sɛ otie yɛn asɛm no mu yiye. Yɛannye no anni. Odii akɔneaba kakra, na akyiri no ɔdaa ne ho adi sɛ ɔne Southeast Asia mpɔtam hɔ nyinaa nnubɔne ho nsɛm mu hwehwɛfo panyin, na na ɔrebɔ mmɔden ahu sɛ ɛyɛ ampa sɛ yɛrewia nnubɔne afi ɔman no mu. Ade kyee no, ɔne me bɛkasae wɔ kokoam.

Nhwehwɛmufo no ka kyerɛɛ me sɛ: “Ka nokware no kyerɛ me. Anyɛ saa a wobɛporɔw wɔ afiase ha.” Enti mepenee so. Mekaa nokware no. Afei obisae sɛ: “So wobɛpɛ sɛ woyɛ me dwumayeni titiriw?” Me ho dwiriw me pii, nanso awiei koraa no, mepenee sɛ me ne no bɛyɛ adwuma kɛse yi.

Awiei koraa no, woyii me fii afiase na me san kɔɔ Okinawa kofii m’asetra foforo no ase sɛ nnubɔnetɔn a wɔkotia ho odwumayeni titiriw. Na m’adwuma ne sɛ mɛhyehyɛ nnubɔne adwuma a atirimpɔw ne sɛ mɛkyere wɔn a wɔtɔn no. Meyɛɛ adwuma yi afe ne fã na migyaee.

Ankyɛ na me ne me yɔnko no yɛɛ ahɔho dan a wɔfrɛ no Papa Joe’s no wuranom. Na yɛwɔ mmeawa a wɔyɛ adwuma ma yɛn sɛ wɔn a wogye ahɔho, a nea wɔyɛ ne sɛ wɔbɛyɛ ma mmerante no atɔ nsa pii. Da koro anadwo ɔbarima bi a na waba asanombea hɔ bisaa me sɛ: “So wone Jimmy-san?”

“Yiw, mene no.”

“Wobɔ mmɔden yiye wɔ ha, ɛnte saa?”

“Eye ara. Dɛn nti na wubisa saa?”

“M’afotu a mede ma wo ne sɛ, ntɔn bio. Sɛ wotɔn a, yɛbɛkyere wo akum wo.”

Mihui sɛ ɔkyere nnubɔnetɔnfo na na wɔhwehwɛ me. Minim mu yiye na na wɔbɔ me kɔkɔ sɛ mma mentɔn bio. Na ɛho nhia. Na menkɔtɔn bio. Na magyae ɔbrabɔne asetra a na mebɔ no.

Afei nso, saa bere yi no na mepɛ sɛ mete asetra ase denam Apuei Fam nyamesom a merehwehwɛ mu no so. Ankyɛ na mihui sɛ ɛyɛ ahintasɛm a ntease nnim te sɛ Kristoman Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ara. Na ɛno nso nka hwee.

Afei, da koro bi a me nkutoo wɔ fie no, metee sɛ obi bɔ pon no mu. Na ɛyɛ Japanni aberewa bi a n’anim sereserew. Nea ɛma mitiee no titiriw no ne n’aniwa. Ɛte sɛ nea ɛrehyerɛn. Na ɛte sɛ nea mitumi hu fi n’ani so sɛ ɔteɛ na ne komam da hɔ, na wamma sɛ ɔrebɛhaw me kwa. Na mewɔ nkate a emu yɛ den sɛ ɛsɛ sɛ mitie no. Na mente ase, nanso mantumi ammu m’ani angu so nso. Enti mefrɛɛ no baa mu.

Me ne no traa ase wɔ mukaase pon no ho ansa na metee nea ɔreka no ankasa. Na makɔ asɔre mpɛn pii wɔ me mmofraase, nanso na mentee biribi a efi Bible no mu tẽẽ a ɛte sɛ eyi da. Ɔkyerɛɛ nea enti a nsɛmmɔnedi pii wɔ hɔ, ne sɛ Satan ne wiase yi nyame, na sɛ eyinom nyinaa yɛ nna a edi akyiri no ho sɛnkyerɛnne. Ɛrenkyɛ Onyankopɔn de nsɛmmɔnedi nyinaa bɛba awiei, na ɔde wiase foforo a ɛho tew na ɛyɛ trenee aba. Na metaa bisa sɛ dɛn nti na yɛwɔ ha, ne sɛ asetra ne asase fɛfɛ yi wɔ atirimpɔw bi anaa. Na mmuae horow no wɔ Bible mu​—na ɛwɔ mu dedaw bere nyinaa.​—Dwom 92:7; Ɔsɛnkafo 1:4; Yesaia 45:18; Daniel 2:44; 2 Korintofo 4:4; 2 Timoteo 3:1-5, 13; 2 Petro 3:13.

Bere a ɔrekasa no, ná nneɛma yi ho ntease reda adi. Te sɛ nea sɛ nsu gu aba a ada hɔ mfe pii so a efifi no, saa ara na Onyankopɔn ho asɛm a ɛde ne ho asie m’adwenem no fifii mpofirim bere a nokware nsu a efi Bible mu guu so no.​—Efesofo 5:26; Adiyisɛm 7:17.

Ase a wɔbɛtra daa, ɛnyɛ ɔsorosoro hɔnom, na mmom ɛha yi ara wɔ paradise asase so. Asase so nyinaa Eden turo. Owusɔre a ɛde ɔpepem pii bɛba nkwa mu bio, na wɔanya kwan atra ase daa wɔ asase so Eden Turo yi mu. Ɛyaw nni hɔ, nusu nni hɔ, amanehunu nni hɔ, nsɛmmɔnedi nni hɔ, ɔyare nni hɔ, owu nni hɔ​—kyerɛw nsɛm pii a ɛka nhyira yi a ɛbɛba wɔ Yehowa Ahenni a ɛhyɛ Kristo ase mu no, yɛɛ nea Onyankopɔn asiesie ama adesamma asoɔmmerɛfo no ho mfonini ahorow wɔ m’adwenem.​—Dwom 37:10, 11, 29; Mmebusɛm 2:21, 22; Yohane 5:28, 29; 17:3; Adiyisɛm 21:1, 4, 5.

So ɛyɛ dɛ dodo sɛ ebetumi ayɛ nokware? Wiɛ, ɔde Bible no sii nea ɔkae biara so. Ɔrekasa no, Bible no mu daa hɔ maa me nea edi kan, metee ase, nkwa baa mu maa me. Mehyɛɛ ade abien nsow: Nea edi kan no, eyi yɛ nokware kronkron a efi Onyankopɔn Asɛm mu a Kristoman nyamesom mu atoro gyidikasɛm ne nkyerɛkyerɛ mfra mu; na, nea ɛto so abien ne sɛ, ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae wɔ m’asetra mu na ɛne Onyankopɔn mmara gyinapɛn ahorow ahyia.​—Dwom 119:105; Romafo 12:1, 2; 1 Korintofo 6:9-11; Kolosefo 3:9, 10.

Yɛbɔɔ nkɔmmɔ nnɔnhwerew abiɛsa, nnɔnhwerew abiɛsa a ɛsakraa m’asetra. Ansa na Haruko Isegawa​—ne din ne no​—rekɔ no, ɔkyerɛɛ me beae a metumi ne Yehowa Adansefo akɔ adesua. Ofii ase nso baa me nkyɛn dapɛn biara ne me besuaa Bible. Dapɛn a edi hɔ no, mekɔɔ me Yehowa Adansefo adesua a edi kan. Nea na misua no nyaa m’adwene ne me suban so nkɛntɛnso kɛse. Ɛkame ayɛ sɛ meyɛɛ nsakrae ntɛmntɛm mpofirim. Wɔ me kan nnamfo no bi fam no, na eyi dɔɔso na ɛyɛ ntɛmntɛm dodo, na ɛmaa yɛn ntam tetewee. Mehweree me kan nnamfo no bi, nanso minyaa afoforo pii, sɛnea na Yesu ahyɛ bɔ no. (Mateo 19:29) Onuawa Isegawa nsrahwɛ a edi kan no akyi asram du no, wɔbɔɔ me asu wɔ August 30, 1974 sɛ Yehowa Adansefo mu biako

Ɔsram a edi hɔ no mu no, mesan kɔɔ United States na mifii ase de me ho bɔɔ Robbins Asafo no wɔ me kurom. Afe a edi hɔ no mekɔsraa Yehowa Adansefo wiase nyinaa asafo ti a ɛwɔ Brooklyn, New York, a wɔfrɛ hɔ Betel a ase ne “Onyankopɔn Fi” no. Mprempren adwumayɛfo mpem abiɛsa a wɔatu wɔn ho ama na wɔwɔ hɔ, nnipa apem foforo nso yɛ adwuma wɔ Watchtower Farms a ɛwɔ New York atifi fam a wotintim Bible nhoma ahorow a wɔkyekyɛ wɔ wiase nyinaa. Ɛhɔ nsrahwɛ no ma minyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ mɛsom wɔ hɔ, na Yehowa ma minyaa saa hokwan fɛfɛ no September 1979.

Mekɔɔ hɔ akyi asram kakraa no, wɔmaa onua bi bɛyɛɛ adwuma wɔ beae a na meyɛ adwuma no. Na biribi wɔ ne ho a ɛma ɛyɛ te sɛ nea minim no nanso na minhu dekode. Bere a yehuu yɛn ho yiye no, yehui sɛ yɛn nyinaa traa Okinawa bere koro mu, traa ofi koro, mu na na yɛn nyinaa tɔn nnubɔne. Yɛn ani gyei. Mprempren ɔne ne yere nyinaa som sɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa mu asomfo titiriw wɔ Micronesia Supɔw ahorow no so.

Wɔ 1981 mu no, Yehowa dom me ɔyere dɔfo Bonnie, na yɛanya nhyira pii bere a yɛn nyinaa resom wɔ Betel no. Mete nka te sɛ Ɔhene Dawid odwontofo no a ɔkae wɔ Dwom a ɛto so 23, Dw 23 nkyekyem 6 no sɛ: “Yiye ne adɔe nko na ebedi m’akyi me nkwa nna nyinaa, na mɛtra [Yehowa] fi daa.”

Da koro bi mekenkanee Mateo 10:29, 31. Ɛma mekaee me mmofraase: “So wɔntɔn nkasanoma abien nnye ɔban? Nanso wɔn mu biako mpo nkwati mo agya nhwe fam.” So na Yehowa nim akasanoma a mikum no no. M’ani gyei bere a metoaa so kenkanee no: “Enti munnsuro! Mosen nkasanoma bebree.”​—Sɛnea James Dyson ka kyerɛe.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]

‘Dɛn nti na wɔrekunkum nnipa yi sɛ mmoa?’

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]

Metee dade poma ho nwini wɔ me kɔn akyi

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]

Na polisifo ne wɔn nkraman a wonim heroin hua no wɔ hɔ

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]

Na mewɔ nkate a emu yɛ den sɛ ɛsɛ sɛ mitie no

[Kratafa 23 mfoni]

Me ne me yere, Bonnie

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena