“Na Masi Me Bo Sɛ Mewu Ama Ɔhempɔn No”
11. “Ɛsɛ sɛ ɔsraani bu nokwaredi sɛ n’asɛde.
2. Ɛsɛ sɛ ɔsraani de nneɛma a ehia sɛ wodi kan yɛ no yɛ n’asetra kwan.
3. Ɛsɛ sɛ ɔsraani nya obu kɛse ma asraadi mu akokoduru
4. Ɛsɛ sɛ ɔsraani nya obu kɛse ma ade trenee.
5. Ɛsɛ sɛ ɔsraani kwati akɛsesɛm.”
EYINOM yɛ ntam bi mu nsɛm anum a wɔhyehyɛɛ na akanyan nnipa afoforo a wogye wɔn sɛ Japan Ɔman Asraafo no. Asraafo mpanyimfo no de akuturuku begyina afoforofo no so na wɔma wɔn mu biara ka nsɛm anum yi. Wosii nokwadi ma ɔhempɔn ne ɔman no so dua yiye.
Wɔfaa me wɔ sraadi mu 1938, bere a Japanfo ne Chinafo reko wɔ 1937-45 mu no. Bere biara nea wɔde hyɛ yɛn adwenem ne sɛ ɔko no ye kronkron, na sɛnea “Onyame mframa” (kamikaze) praa Mongolfo a wotuaa Japan wɔ afeha a ɛto so 13 mu no mu no, Japan anyame anaasɛ kami bɛma yɛadi nkonim.
Wɔ sraadi ne “honhom fam” ntetee akyi no, yesiim kɔɔ akono wɔ 1939 mu. M’awofo maa me abɔso bi a wɔanwene de bɔɔ m’asen. Nnipa apem na wɔde hama kɔkɔɔ nwenee se nkonimdi ne akraye a menya wɔ sraadi mu ho mpaebɔ. Bere a na yɛrekɔ China na me ne me man redi nkra no, na anigye ne awerɛhow adi afra wɔ me mu. Misusuwii sɛ: ‘Ebia eyi ne bere a etwa to a mede behu me man.’ Bere koro no ara mu no, na masi me bo sɛ mewu ama ɔhempɔn no.
Awerɛhow Tebea Horow Wɔ China
Wɔ July 1939 mu no, wɔ ɔhyew pii a ɛne ade a ɛwɔ China ɔman no ankasa mu nyinaa akyi no, na yɛretu ɔsa a edi akyiri wɔ China mfinimfini mantam no mu. Na boaa a emu duru bɛyɛ kilogram 30 da m’akyi na mede nam, nanso na mebɔ m’abɔso no bere nyinaa. Ade sae no na manantew bɛyɛ kilomita 40, a mabrɛ yiye na me nan ho hyehye me. Me de sekan paapae mpomponya no na me de salicylic aduru yerɛyerɛ guu mu. Ɛte sɛ nea ne yaw no tow me kɔɔ wim! Nanso mekɔɔ so yɛe kosii sɛ mpomponya no dan yɛɛ kyekye a ɛnyɛ me yaw bio.
Ɔhyew no mu a menantewee no maa me ho yɛɛ wosee sɛ dompe. Mesaw nsu fi asuten bi mu de gu ade mu de aduru gu mu nom. Nsu biara a mɛnom no dan fifiri amonom, ɛfɔw m’atade dotoo na ɛma nkyene fitafitaa kyenkyen mu. Ɛnkyɛ na me ho keka me na me ho nyinaa yɛ me yaw. Da koro a mibuebuee m’atade bɔtom no, mihuu dwiw sɛ wɔnenam hɔ retow nkesua! Mikunkum wɔn mmiako mmiako, nanso na ɔkwan biara nni hɔ a mɛfa so adi atamfo a wɔyɛ den yi so. Na yɛn nyinaa adɔ dwiw. Enti bere a yeduu asuten bi ho no, yɛtotɔɔ mu guaree. Na dwiw no awe obiara ma ne ho abɔ atape. Yeguare wiei no, yɛdeyɛn ntade hyɛɛ nsuhyew mu de kunkum mmoa bɔne no.
Ɛno akyi no, woyii me kɔɔ kuw no dwumadibea ti wɔ Shanghai na mekɔyɛɛ ɔkatuafo adwuma. Na m’adwuma sɛ obi a otua ka no ne sɛ mebu dɔm no ho ka ano na mahwɛ sika adaka no so. Da koro mihui sɛ Chinafo apaafo abien bi de reguan. Mebɔɔ wɔn kɔkɔ, de me tuo no kyerɛɛ wɔn so towee. Wɔn nyinaa wuwui amonom hɔ ara. Akyiri yi asɛm a esii yi haw m’ahonim mfe pii wɔ asetram.
Wɔ Singapore Kwan So
Wɔ 1941 awiei mu hɔ no, bere a wɔama yɛn nea yehia nyinaa no, wɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛmforo hyɛn bi. Wɔanka beae a na yɛrekɔ no ho hwee ankyerɛ yɛn. Bere a yeduu Hong Kong no, wɔde baesekre, ntwitwiridii, ne atuo guu mu. Wɔmaa yɛn kyɛw a wɔhyɛ wɔ mframa bɔne mu ne ɔhyew bere mu ntade, na yesii po so bio. Ɛno akyi nna kakraa no, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: ‘Yɛrekɔ nyansahu ɔko kɛse bi. Hwɛ sɛ wobɛkyerɛw nkradi krataa amana w’abusuafo.’ Mekyerɛw nkradi krataa kɔmaa m’awofo de srɛɛ wɔn sɛ wɔmfa me bɔne mfiri me sɛ mantumi anyɛ hwee wɔ m’asɛyɛde sɛ mɛhwɛ wɔn no ho. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ mede me ho bɛbɔ afɔre ama ɔhempɔn no na mawu ama me man.
Wɔ December 8, 1941 anɔpa, da a Japan atopaetowfo tuaa Pearl Harbor no, yefii po so tuaa Songkhla Province, Thailand, mpoano bere a na anim ntetewee ɛ.a Na po no huru. Yɛde hama yɛɛ antweri wɔ hyɛn no ho. Na ɛsɛ sɛ yesiansian bɛyɛ ne tenten no nkyem abiɛsa mu abien na afei yehuruw si ahyɛmma a yɛde kɔ ɔko no mu, a na ehinhim te sɛ ahaban wɔ mframa no mu no. Na yɛyɛɛ saa bere a yɛn boaa a ɛyɛ duru hyehyɛ yɛn akyi! Yɛn atamfo no tow yɛn ɔtopae, nanso yɛn ntua no dii nkonim. Yɛn kwaem a yɛfa kɔɔ Singapore no fii ase.
Sɛ obi a otua ka no, na m’adwuma titiriw wɔ ɔsa bere mu ne sɛ mɛma dɔm no nsa aka nnuan. Ná ɛsɛ sɛ yɛn nsa ka eyi wɔ ɛhɔnom ara efisɛ na yentumi mfa yɛn ani nto nea ebefi Japan aba no so. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wotua ka no ne asraafo dɔm a wodi anim no nantew hwehwɛ aduan a yebedi de sie. Ɛwom sɛ saa bere no anhaw me sɛ meyɛ saa de, nanso na ɛte sɛ korɔn kɛse a wɔbɔ ara pɛ.
Owu Mmom Sen Sɛ Yɛde Yɛn Ho Bɛma Atamfo
Wɔ Alor Setar a ɛbɛn Thailand ne Malaya ntam hye so ɔsa bi a emu yɛɛ den mu no, yehuu adekoradan kɛse bi a aduan ayɛ no mã. Mekae sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ asɛmpa yi du Ɔkatuafo Adwumayɛbea a ɛwɔ yɛn akyi no hɔ.’ Mede afiri bi a yegye fii Britaniafo nsam sii mu kɔe a na me nkurɔfo no mu biako reka. Na yɛrekɔ asomdwoe mu kosii sɛ yebuu kɔɔfo bi kohuu Britania ntwitwiridii a ɛtoatoa so. Na yɛayera kwan na na yɛahyia India ne Britania asraafobɛyɛ 200! So na eyi bɛyɛ yɛn awiei? Sɛ yɛantumi amfa anuɔden amfa mu a, wɔbɛfa yɛn nnommum a ɛyɛ animguase. Sɛ Japanfo asraafo no, sɛ yɛbɛtra ase wɔ animguase mu sɛ nnommum no, na yɛasi yɛn bo sɛ yebewu. Mede me akodiawuo kyerɛɛ ofirikafo no asom, na ɔde ne sekan sii m’afurum. Mehyɛɛ no sɛ ɔnkɔ n’anim tee. Yɛfaa akorabo a wɔtotow pii bi mu. Ɛwom sɛ hwee anyɛ yɛn de nanso yɛyerae koraa. Yeduu baabi a lɔre kwan no ba awiei na yegyaw afiri no wɔ hɔ sii kwae no mu. Awɔ tuaa yɛn na atamfo taa yɛn, na yɛbɔɔ mmɔden nna pii sɛ yebedu yɛn dɔm no nkyɛn. Bere a yedui no, yehui sɛ na wɔakyerɛw amanneɛbɔ dedaw sɛ yɛawuwu wɔ ɔsa mu.
Wɔ Kuala Lumpur, Malaya no, yehuu Britaniafo a wɔafa wɔn nnommum pii. Na ɛsono wɔn koraa wɔ Japan asraafo a wosusuw sɛ nnommum a obi bɛyɛ wɔ ɔko mu no yɛ animguase no ho. Britaniafo no hwɛɛ yiyedi kwan kae sɛ nsakrae bɛba da bi. Yɛantie wɔn asɛm no na yɛkɔɔ yɛn anim ntɛmntɛm.
Singapore So Nkonimdi
Ankyɛ na yeduu Singapore supɔw no so. Na wɔde ɔtopae pii ahyehyɛ fam wɔ mpoano hɔ. Yɛn atuo a ɛkɔ akyiri a yɛtotow guu faako no boaa yɛn ma yenyaa baabi wɔ po no ano tweaa bi a yɛbɛsoɛ, na yesii fam.
Singapore yɛ supɔw a esua, nanso asraafo awɔkoe wɔ so nyinaa dodow yɛ 160,000. Bere a na yɛko kɔ yɛn anim no, na yetiatia yɛn yɔnkonom a wɔawuwu no amu so. Britaniafo no suroo yɛn anadwo ntua ahorow no. Japanfo Kesshitai (Wɔn a Wɔasi Wɔn Bo Sɛ Wobewu) akuw a wodi wɔn ho dɔm de kum afoforo a ebiara mufo dodow bɛyɛ nnipa dumien no tuae nnidiso nnidiso a wɔatwetwe wɔn asekan. Bere a na wɔhwehwɛ nnipa pii a wobetu wɔn ho ama no. 10 biara mu 10 de wɔn ho mae. Na yesusuw sɛ ɛyɛ nidi sɛ obi bewu ama ɔhempɔn no.
Bere a yen Malay Supɔw no so twaa Johor Po wɔ February 1942 mu no, yehui sɛ atamfo no ayi wɔn Changi akode no ano afi yɛn so susuw sɛ yebefi po no so aba. Nanso bere a wɔde kyerɛɛ yɛn so no, yehui sɛ wɔyɛ den ankasa.
Na atamfo no aprɛm atutu abon akɛse wɔ ɔkwan a ɛda yɛn anim no so ma enti akohyɛn no antumi ankɔfa hɔ. Wɔmaa nnommum dumien gyinaa obon biara ho. Atuotowfo de wɔn atuo kyerɛkyerɛɛ wɔn so totow wɔn. Wɔhyɛɛ nnommum dumien foforo ma wɔtasee wɔn amũ no guu abon no mu de dɔte kataa so. Sɛ otuo no tow bio a, wɔn na wodi hɔ a wɔde wɔn besiw abon no. Adeyɛ no kɔɔ so kosii sɛ yesiesiee ɔkwan no nyinaa. (Mprempren sɛ mekae atirimɔdenne a yɛyɛe no bi a, na eye me yaw, nanso na ɛyɛ ahude a na ɛwɔ saa ɔko huhuuhu no mu ankasa no fã bi.) Saa bere no sɛnea yɛbɛka no no, na “ɔhyehyew ano atwã” wɔ m’ahonim mu, na me tirim ayɛ den araa ma saa atirimɔden a mihui no nyɛ me mmɔbɔ.—1 Timoteo 4:2.
Wɔ February 15, 1942 mu no, Britania sraani panyin bi a okura frankaa fitaa ne ne nkurɔfo no mu kakraa bi nantew baa yɛn nkyɛn. Ɔyɔnko sraani bi kae sɛ: “oyi ne Ɔsahene Percival!” Meka kyerɛɛ me ho sɛ: ‘Yɛadi nkonim!’ Britania asraafodɔm a ɛwɔ Malaya nyinaa panyin no abrɛ ne ho ase. Mekae yiye sɛ na mewɔ hɔ bi na Britania asraafo panyin no de n’afoa maa Japanfo panyin no. Ahotoso a na mewɔ wɔ Japan tete anyame mu no mu yɛɛ den.
Wɔ Singapore so nkonimdi akyi no, wɔde me kɔɔ mmeae ahorow, a New Guinea ka ho. Afei, wɔ 1943 mu no, wɔfrɛɛ me sɛ mensan mmra Japan. M’ani gyei yiye sɛ na mɛsan ahu m’awofo. Nanso, na ɛsɛ sɛ hyɛn no twɛn na atamfo no po ase akohyɛn ahorow no kɔ ansa. Saa bere no na wɔredi yɛn so nkonim. Mekaee nea nnommum a wɔyɛ Britaniafo no ka kyerɛɛ yɛn wɔ Kuala Lumpur no. Yiw, na nsakrae reba.
Mihu Awerɛhow Tebea wɔ Hiroshima
Bere a awiei koraa no misii fam wɔ Japan no, memõaa me nsa bɔɔ mpae daa Budha anyame no ase. Misusuwii sɛ ‘ɛbɛyɛ sɛ tumi a ɛwɔ abɔso a wɔapempam mu apem no mu ne tete anyame no na ɛbɔɔ me ho ban.’ Bere a wɔregya yɛn kwan no, ɔpanyin a ɔwɔ asoɛe hɔ no hyɛɛ yɛn sɛ yɛnwo mma. Ɔkae sɛ: “Sɛ moannya abusua a, na monnyɛ ɔmamma pa.” Nea ɛbɛyɛ na madi ahyɛde yi so no, misii me bo sɛ mɛware. Me busuani bi hyehyɛɛ aware no maa me, na wɔ December 1943 no, mewaree Hatsuko.
Na meresom sɛ afiase hwɛfo wɔ Hiroshima kurotia bere a ɔtopae sɛee kurow no wɔ August 6, 1945 mu. Na ɛsɛ sɛ obi kɔboa wɔn a wɔwɔ mmubui no mu no. Me panyin no kae sɛ: “Sɛ mo mu bi befi wɔn pɛ mu de mmaninyɛ honhom akɔ a, mesrɛ mo mommoa mo ho ano.” Ɛwom sɛ na me yere yem yɛn abakan de, nanso m’asraafo ntetee adwene hyɛɛ me ma mekɔe. Wɔmaa yɛn abotiri a owia a apue mfonini wɔ mfinimfini a nkyerɛwee a ɛwɔ mu no ne Kesshitai no.
Na yɛn adwuma ne sɛ yebeyiyi nneduafo a wɔwɔ Hiroshima afiase hɔ no. Bere a yɛrekɔ beae hɔ no, yetwaa asuten ahorow a afunu gugu mu pii ho. Esiane sɛ na ɔtopae no ama nnipa no ho hyehye wɔn nti, wɔtotɔɔ nsu no mu. Bere a yeduu afiase hɔ no, yedii kan yɛɛ nneduafo no aduru amonom hɔ ara ansa na yɛde lɔre faa wɔn kɔɔ ayaresabea. Na minnim sɛ Katsuo Miura a ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo a okuraa n’afa biara a Kristofo nni mu wɔ Japan wɔ ɔko no mu, no wɔ saa afiase hɔ saa bere no esiane ne som nti.
Me Gyidi wɔ Anyame no mu Yerae
Ɛno akyi dapɛn biako no, na ɛsɛ sɛ mekɔ Asraafo Ɔkatuafo Adwumayɛbea wɔ Hiroshima. Bere a merekɔ kar a ɛde me bɛkɔ no ho no, sukuu bi a ɛwɔ hɔ de amanneɛbɔ titiriw bi mae denam ɛhɔnom akasam bi so. Na ɛne bere a edi kan a wɔate Ɔhempɔn Hirohito nne wɔ radio so. Migyinaa hɔ krebenn tiee ne nkaebɔ no. M’ani taataa nusu na ɛsensanee m’afono so. Metee nka sɛ nea wɔregye m’ahoɔden. Ɔkae sɛ ‘obegyina nea wontumi nnyina ano’ mu. Ɔde ahobrɛase repa kyɛw na wama ne nsa so wɔ Atamfo no anim! Ɔhempɔn onyame no ka asɛmfua a wɔmmfa mmfiri “mama me nsa so!”
“Onyame” mframa no ammɔ da, na wodii Japan, “Onyame” man no so nkonim. Ahotoso a na mewɔ wɔ ɔhempɔn no ne ɔman no mu no yerae. Nna pii twaa mu a na minni atirimpɔw ne anidaso biara. Esiane sɛ misusuwii sɛ nokware Nyankopɔn no nka anyame a minyaa wɔn mu gyidi no ho nti, mehwehwɛɛ nyamesom pii mu. Nanso, na ne nyinaa hyɛ pɛsɛmenkominya ho nkuran mmom, wɔpɛ gyidi ayaresa ne adifudepɛ mfaso. Nea ɛbae ne sɛ mebenyaa m’ankasa nyamesom mu gyidi bi. Misusuwii sɛ asetram botae titiriw ne sɛ obi bɛfa n’adwuma so akyerɛ yɔnko dɔ. Esiane, sɛ na metontɔn baesekre nti, mebɔɔmmɔden sɛ mɛtɔn baesekre papa de agye bo a ɛfata na mede ahoɔhare asiesie nea asɛe wɔ ayamye kwan so. Adwumayɛ gyee afã a anka anyame no wɔ wɔ me koma mu no.
Nokware Nyankopɔn No a Mihuu No
Wɔ 1959 mfiase, bere a na mereyɛ adwuma wɔ m’adetɔnbea no, awarefo bi baa hɔ bɛmaa me Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma. Na wɔyɛ Yehowa Adansefo, na wɔsan bae nna kakraa bi akyi bɛhyɛɛ me nkuran sɛ minsua Bible no. Esiane sɛ na bere nyinaa mehwehwɛ sɛ mihu Onyankopɔn ho ade pii nti, mepenee so ntɛm ara. Mefrɛɛ me yere sɛ ɔno nso mmɛka dapɛn biara adesua no ho.
Awiei koraa no mifii ase hui sɛ na migye biribi a hwee nnim mu di. Afei mitumi huu serew a na ɛyɛ sɛ mituu me ho nyinaa maa obi a ontumi nnye nkwa no. Dwom 146, nkyekyem 3 ne 4, popaa ɔhempɔn no mu ahotoso biara a na ɛda so ara wɔ me komam no fii hɔ. Ɛkenkan sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so. Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera” Afei de na mede nokwaredi koraa a na mede ma ɔhempɔn ne ɔman no bɛma Amansan Hene kɛse Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ nkwa Farebae no.
Nanso, na ade biako bi hyɛ me koma so yiye. Na ɛno ne mogya ho fɔ a midii wɔ China ɔko no—ne titiriw wɔ Singapore no. Ɛbɛyɛ dɛn na obi a odi mogya ho fɔ te sɛ me atumi asom Amansan Hene no? Midii asɛnnennen yi so wɔ 1960 mu, bere a wɔyɛɛ ɔmansin nhyiam bi wɔ Iwakuni, beae a na yɛte no. Yɛn na yɛmaa ɔsɛmpatrɛwfo Adrian Thompson ne ne yere Norrine dabere, bere a ɔbɛhwɛɛ nhyiam no so no. Me de hokwan no kaa me komam haw denam me Singapore osuahu ahorow a mekaa ho asɛm no so. Mibisaa no sɛ: ‘Midi mogya ho fɔ. So mefata sɛ minya Onyankopɔn anim dom?’ Nea ɔkae ara ne sɛ, ‘Woafa afeha a edi kan mu Roma ɔsraani panyin Kornelio kwan no so.’ Ne nsɛm no yii ɔhaw a etwa to a na mewɔ no fii hɔ, na wɔbɔɔ me ne me yere asu da a edi hɔ no.—Asomafo no Nnwuma 10:1-48.
Nokwaredi a Wɔde Som Ɔsorosoroni Nyankopɔn mu Anigye
Anigye bɛn ara na ɛwɔ Ɔteasefo a Ɔsen Biara wɔ amansan no mu, Yehowa a ɔsen anyame a masom wɔn nyinaa a wɔsom no ho mu sɛɛ yi! Na hwɛ hokwan a ɛyɛ sɛ matumi anya honhom mu akodi mu kyɛfa sɛ Yesu Kristo sraani! (2 Timoteo 2:3) Mifii ase daa me nokwaredi ma Onyankopɔn no adi wɔ m’abusua mu. Wɔ m’asubɔ akyi bere tiaa no, metee sɛ me papa ka kyerɛ me maame sɛ: ‘Tomiji nsom Budafo afɔremuka no, na ɔnyɛ nneɛma a wɔde kae awufo wɔ yɛn abusua asiei hɔ no bio.’ Japanfo bu kae a mma bɛkae wɔn awofo afe biara no sɛ ɛkyerɛ ɔdɔ. Me papa nsɛm no a metee no kanyan me ma mekaa nokware no ho asɛm kyerɛɛ no. Me ne no suaa Bible no na wɔbɔɔ ɔne me babea Eiko ne me babarima, Akinobu asu wɔ 1961 twabere mu. Masako a ɔyɛ me babea kumaa no dii wɔn nhwɛso akyi. Na me maame wɔ n’ankasa som nti mfiase no wampene sɛ obesua ade, nanso wɔ mfe pii akyi no, ɔno nso bɛkaa yɛn ho wɔ Yehowa som mu.
Wɔ 1975 mu no, mekaa me yere ho wɔ bere nyinaa ɔsom adwuma no mu sɛ daa ɔkwampaefo. Efi saa bere no, matumi asom sɛ Yesu Kristo sraani wɔ asafo no mu. Sɛ mete nka sɛ mabrɛ a, na makae nsi a na mewɔ wɔ ɔhempɔn no ne ɔman no som mu no, na mabisa me ho sɛ, ‘Sɛ mede ahofama a ɛte saa asom ɔhempɔn ne ɔman no a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ nea esua sen saa wɔ Amansan Hene kɛse no som mu?’ Na mesan nya ahoɔden de toa so. (Yesaia 40:29-31) Mensom onipa biara bio wɔ ntam anum no mu nsɛm no ɔhyɛ ase, na mmom mesom Ɔsorosoroni Nyankopɔn, Yehowa fi ahofama a efi komam a egyina nokware nimdeɛ so. Ɔfata sɛ yefi ɔkra nyinaa mu di no nokware.—Sɛnea Tomiji Hironaka ka kyerɛe.
[Ase hɔ nsɛm]
a Pearl Harbor ntua no sii wɔ December 7, 1941, Hawaiifo bere, a ɛyɛ December 8 wɔ Japan ne Thailand.
[Kratafa 14 mfonini]
Tomiji Hironaka wɔ ɔko bere no mu
[Kratafa 15 mfonini]
Ahobammɔ adwumayɛfo a wɔredum ogya wɔ Singapore ɔsa no mu
Bere a Ɔsahene Percival de ne ho rehyɛ Japanfo ase
[Asɛm Fibea]
The Bettmann Archive
[Picture on page16]
Heroshima wɔ bere a wɔtow atom ɔtopae no wo 1945 mu no akyi
[Asɛm Fibea]
USAF photo
[Kratafa 17 mfonini]
Me ne me yere ne nhoma a ɛsakraa yɛn asetra—Bible no