Gerenuk—Adowa A Ɔte Sɛ Giraffe
Efi Kenya Nyan! kyerɛwfo hɔ
AFEI ara na yɛahyɛn Samburu Ɔman Turo a ɛwɔ Kenya kusuu fam no mu. Yɛn ani kyinkyin fi ɔfã biako kɔ foforo, na ehu wuram mmoa ahorow pii kosi sɛ ɛtɔ biribi a ɛyɛ fɛ na ɛte sɛ giraffe ba a ɛde kɔm anibere rewe nhahan wɔ dua bi so no so. Nanso bere a yɛhwɛ no yiye no yehu sɛ eyi nyɛ giraffe.
Yebisa yɛn kwankyerɛfo a ɔreserew no sɛ: “Dɛn nen?”
Ose: “Ɛyɛ gerenuk.” Ɔkyerɛ yɛn sɛ gerenuk fi Somali kasa mu na ɛkyerɛ “giraffe kɔn.” Wɔfrɛ aboa no swala twiga wɔ Swahili mu a ɛkyerɛ “giraffe adowa.” Ɔyɛ abɔde a ne kɛse te sɛ ɔtwe na ɔwɔ mmɛn fɛfɛ abien a ani hwɛ n’akyi.
Yɛhwɛ bere a gerenuk a ɔredidi no gyina n’anan a ɛwɔ akyi no so na ɔde anan a ɛwɔ anim no gu dua no baa so no. Bere a ɔtwe ne kɔn tenten no mu na ɛma otumi didi wɔ baabi a efi fam kɔ hɔ yɛ anammɔn asia kosi awotwe no, ɛyɛ ampa sɛ ɔsɛ giraffe. Anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛɛ yi sɛ wohwɛ saa abɔde a ne ti te sɛ koma, n’ani ka asɛm, na ɔwɔ aso akɛse yi haa no! Nanso, anini no nkutoo na wɔwɔ mmɛn.
Nnuan mu Nyiyimfo a Ɔwɔ Kɔn Tenten
Saa adowa a ne ho yɛ fɛ yi taa tra beae a ɛreyɛ ayɛ anhweatam so. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɔnom nsu pii. Nanso, nokwasɛm a ɛyɛ nwonwa ne sɛ gerenuk ntaa nnom nsu. Wonya nsu a wohia no nyinaa fi nhahan, mfifii, ne mmabaa a wɔwe no mu. Na esiane sɛ gerenuk wɔ ɔpɛ sɛ obedidi afi nwura ne nnua ahorow bɛyɛ 80 so—a nea n’ahaban mpow a mmoa afoforo kakraa bi na wodi ka ho—so nti, otumi tra asase bonin a ɛsen biara koraa no so.
Wɔ n’ankasa kwan so no, ɛte sɛ nea gerenuk yɛ odidifo a ɔkyerɛ ne ho esiane sɛ ɔpaw afifide no fã ahorow a eye sen biara, afã ahorow a aduannuru pii wɔ no nti. Nanso nea ɛyɛ anigye no, gerenuk no di mfifii ne mmabaa a giraffe ne dik-dik a ɔyɛ ɔtwe abusua no mu akumaa bi a ne kɛse te sɛ adanko kɛse bi di no. Nanso, aduan ho akansi biara nni wɔn ntam. Dɛn ntia? Esiane sorokɔ a ɛsonsonoe a wodidi no nti: giraffe wɔ anammɔn 15 ne 18 mu hɔ, gerenuk wɔ bɛyɛ anammɔn 6, na dik-dik ketewaa no nso bɛyɛ anammɔn 2.
“Ntra Mma Ha”
Nea ɛnte sɛ adesamma a wɔtaa ko wɔ asasesin ho no, gerenuk nya asomdwoe wɔ wɔn ntam denam obiara agyapade a wɔkyerɛ obu ma no so. Obiara de nsu bi a efi n’ani no biara ase ba to n’ahye. Ɔpaw asase a ne kɛse bɛyɛ ɔkwansin fã na ɛdenam saa nsu yi so no ɔde biribi a ɛte sɛ amaa suso baa ne mmabaa ahorow so. Saa ade yi yi hua, na wɔ saa kwan yi so no gerenuk ofipamfo biara hu gerenuk no asasesin no.
Na ahohyemfo te sɛ ɔsebɔ anaa gyata a onni obu biara ma “Ntra Mma Ha” sɛnkyerɛnne no nso ɛ? Ɛsɛ sɛ gerenuk no de ahintasɛm ahorow a ɛbɛma wanya nkwa no di dwuma. Sɛ nhwɛso no, otumi gyina dinn hwɛ ade haa na ɔka n’aso akɛse no gu ne kɔn ho ma ɛyɛ nwonwa. Esiane ne ho nnodoe fɛfɛ no nti, otumi fra nneɛma a atwa ne ho ahyia no mu fɛfɛ. Ɔnnkeka ne ho wɔ saa kwan yi so kosi sɛ ahɔho a wɔmpɛ wɔn no befi hɔ akɔ.
Nanso sɛ wohu no a, gerenuk no de mmirkatu bedi dwuma de akwati mmoa a wɔkyere afoforo no. Ne trabere no mu yiye a onim, ne sɛnea otumi de ne ho sie wɔ nsɔe ne mfifii mu ne akyi no ma ɛyɛ den kɛse sɛ mmoa a wɔkyere afoforo no pii bedi n’akyi. Bere a yɛhwɛ saa aboa fɛfɛ ahoɔharefo yi no, ɛyɛ mmerɛw sɛ yebehu nea enti a Bible no tu onipa fo sɛ ɔmfa adowa ahoɔhare nyi ne ho mfi apam bi a nyansa nnim mu no.—Mmebusɛm 6:5.
Ɛna Ɔhwɛ
Wɔ awo mu no gerenuk nni nkwa a obenya ho nimdeɛ. Enti, gerenuk ba no nã de no fa asetra mu nna a edi kan no mu. Sɛ bere du sɛ gerenuk bɛwo a, ɔhwehwɛ baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Wɔwo wɔn mma no pii anɔpa na ɛboa wɔn ma wonya ahoɔden ansa na anadwo a ɔhaw wom no aba. Nea ɛyɛ nwonwa no, wɔ simma du pɛ akyi no, gerenuk ba no sɔre gyina anan nketenkete a ɛrewosow no so! Ebedu anwummere no na ne ho ayɛ hyew araa yiye a otumi de ne nkwasea goru gyigye Ɛna ani mpo.
Wɔ saa mfiase bere yi mu no, ɛyɛ mmerɛw sɛ aboa bi bɛkyere gerenuk ba no. Enti ɛna no twitwiw ne ba no ho yiye sɛnea ɛbɛyɛ a pampan biara a ebeyi no ama no befi ne ho. Na sɛnea ofi awo mu tumi dan ne ho no ma ɔde ne ho sie ahobammɔ mu bere a ɛna no kɔhwehwɛ nnuan no. Nanso, nnakoro nnakoro bi no, adowa ba no sakra faako a ɔda no. Esiane sɛ ɛna no ntumi mfa ne ho nto pampan so na ɔde ahu no nti, ɔka gerenuk kasa—osu bi a ebetumi adu akyiri ɛwom sɛ ano yɛ mmerɛw sɛ ɔdesani bɛte de. Ne ba no begye saa osu yi so denam sɔre a ɔbɛsɔre agyina anaasɛ ɔfrɛ no a obua so de akyerɛ faako a ɔwɔ. Adapɛn abien akyi no, gerenuk ba no nhia sɛ wɔde no sie bio na mmom obetumi aka n’abusua no ho ma wɔahwehwɛ mmabaa ne nhaban awe.
Wɔafrɛ gerenuk sɛ “Afrika Apuei Fam abɔde a wɔn ho yɛ nwonwa kɛse no mu biako.” Na yegye tom sɛ, wɔ sɛnea ne ho te nkutoo no mu no. ne ho yɛ nwonwa. Nanso yɛn adamfo giraffe adowa no adeyɛ yɛ fɛ, ɔyɛ mmɔdenbɔfo, na ne ho yɛ fɛ wɔ n’ankasa kwan so nso—yɛn Bɔfo Kɛse no nyansa ho adanse foforo.
[Kratafa 15 mfoni fibea]
Photo by Dino Sassi/Copyright—Kenya Stationers Limited