Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g88 11/8 kr. 16-17
  • Nneɛma Nketenkete​—So Wubu Sɛ Ɛho Hia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nneɛma Nketenkete​—So Wubu Sɛ Ɛho Hia
  • Nyan!—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma Nketenkete a Ɛho Hia
  • Anigye a Efi Nneɛma Nketenkete mu Ba
  • Nea Aniwa Nkutoo Ntumi Nhu
    Nyan!—2000
  • Nea Aniwa Ntumi Nhu Mu Nhwehwɛmu a Wɔyɛ—Dɛn na Ɛda Adi?
    Nyan!—2000
  • Wɔyɛe sɛ Ɛntra Hɔ Daa
    Nyan!—1995
Nyan!—1988
g88 11/8 kr. 16-17

Nneɛma Nketenkete​—So Wubu Sɛ Ɛho Hia

“NNEƐMA nketenkete kyerɛ pii.” Saa na dwom bi a wonim yiye mu nsɛm ka. Nea ɛne no hyia no, wiase ɔkyerɛkyerɛfo nyansafo a ɔsen biara no kae bere bi sɛ: “Nea odi ade ketewaa mu nokware no di pii mu nokware.”​—Luka 16:10.

Ampa, nneɛma nketenkete betumi ayɛ nea ɛho hia kɛse. Nokwarem no, nneɛma nketenkete pii na ɛka bom yɛ wiase no. Nanso, mpɛn pii no ebia yebebu yɛn ani agu so esiane sɛ esua nti.

Nneɛma Nketenkete a Ɛho Hia

Ade ketewaa bi a sɛ ennim a anka yɛn mu biara nte ase ne ɔdesani awo mmadwoa no. Russell Colman a ɔyɛ Australia mfiri ho ɔbenfo bi no frɛɛ ne nnyinaso no sɛ “ebetumi aba sɛ ɛne amansan a wonim no mu afiri a efi nyansa mu a ɛsen biara a ɛdan nneɛma nketenkete ma ɛbɛyɛ adesamma a wɔn ho nneɛma dɔɔso na wonim nyansa no.”

Nkwa mmoawa a wɔde ahwɛde afiri na ehu wɔn ɔpepepepepem 100 na ɛka bom yɛ yɛn nipadua no. DNA a ɛwɔ nkwa mmoawa nketenkete yi biara mu no kura akwankyerɛ ahorow a wɔde ahyem a sɛ wɔtew ano a ɛbɛyɛ nhoma ɔpepem pii ma!

Na atɔm ketekete a bere bi na wosusuw sɛ wɔrentumi nkyekyɛ mu no nso ɛ? Wɔakyerɛ saa nneɛma nhyehyɛe ade ketewaa yi mu sɛ ɛyɛ biribi ho ade ketewaa bi a ekura ne nnuru a wɔde hu no mu. Anyinam ahoɔden ade nketenkete pii atwa ne mfinimfini ankasa a wɔfrɛ no nnyinaso no ho ahyia ma enti anyɛ yiye koraa no atɔm no ankasa mu ɔha biara mu 99.9999999999999 na ɛyɛ ahun!

Sɛ yɛde yɛn ho toto amansan a yenim no ho a, yɛn adesamma susuae koraa. Sɛ nhwɛso no, sɛ yesusuw ho sɛ yɛn Asase okyinsoromma yi mu duru sua sen owia a ɛno nso yɛ nsoromma bi ara kɛkɛ wɔ nsoromma kuw ɔpepepem pii a wonnim ano wɔ amansan kakraka no mu no mpɛn 330,000 a, so ɛnkae yɛn sɛnea sɛ yɛde yɛn ho toto ho a yesua koraa no?

Ɛwom sɛ bere ankasa nni awiei de, nanso wobetumi akyekyɛ ɛno ankasa mpo mu nketenkete. Anibu fã bɛyɛ anibu, anibu dan simma, simma bɛyɛ nnɔnhwerew, ne nea ɛtete saa araa bɛyɛ mmeresanten, nea enni awiei. Wɔ agodi ahorow mu no, simma mu nkyekyem mpo betumi de nsonsonoe aba wɔ sɛ ebia wobedi nkogu anaa nkonim no mu.

Anigye a Efi Nneɛma Nketenkete mu Ba

Wɔ nnamfo mu no, nneɛma nketenkete ho hia kɛse efisɛ ɛhyɛ abusuabɔ a ɛtra hɔ daa mu den. Wɔ aware mu no, mpɛn pii no ɛyɛ nneɛma nketenkete no​—nsɛm a wosusuw ho, animhwɛ, anaa nneyɛe​—na ɛkyerɛ pii wɔ abusuabɔ no a wɔbɛma ayɛ nea ɔhyew wom na wosusuw afoforo ho no mu. Na, wɔ abirabɔ mu no, “nneɛma nketenkete” a ɛte sɛɛ a wonsusuw ho na woyi fi mu no betumi ayɛ kɛse mpo akosi sɛ ɛde nsɛnnennen akɛse a ɛsɛe aware bɛba.

Mpɛn pii no wɔda gyidi ne nokwaredi a ɛyɛ su ahorow a ɛho hia no adi wɔ akwan nketewaa so. Nanso, susuw akatua akɛse, abotɔyam, ne anigye a ahotoso a wɔda no adi wɔ akwan nketewaa saa so no betumi de aba no ho.

Yiw, nneɛma nketenkete yɛ nea ɛho taa hia. Nokwarem no, sɛ́ biribi sõ anaa esua no gyina ntotoho so na onii a ɔreyɛ ntotoho no na ohu no titiriw. Ne nyinaa akyi no, sɛ́ ɛyɛ afoforo ho anigye, yɛn nipasu mu su ahorow a wɔda no adi, anaa nneɛma nketenkete a ekura nkwa mu no, wɔ nnipa a wɔwɔ anisɔ fam no, ‘nneɛma nketenkete kyerɛ pii.’

[Kratafa 17 mfoni]

Nidi nketenkete a ɛho hia

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena