Efii Ase Wɔ Kathmandu
Sɛnea Bishnu ne Tara Chitrakar ka kyerɛe
“TARA, mepɛ sɛ woba bekyia ɔbarima bi a yesusuw sɛ ɔbɛyɛ okunu pa ama wo no!” Wɔ saa kwan no so na me papa kaa asɛm no kyerɛɛ me wɔ Kathmandu, Nepal ayaresabea bi mu. Ná madi mfe 28 na na meyɛ adwuma wɔ hɔ sɛ oduruyɛfo. Bere a yɛn mu biara awofo apene so no, yɛwaree wɔ adapɛn anan akyi!
Ná ɔbarima no din de Bishnu Chitrakar. Na wadi mfe 34 na na wasua kuadwuma mfiri ho nyansahu. Wɔ mfe no mu no, na mihu no nnakoro nnakoro wɔ Kathmandu mmorɔn so, nanso na m’ankasa minhyiaa no da. Ebia eyi bɛyɛ asɛm foforo wɔ Atɔe famfo asom, nanso aware a awofo hyehyɛ ayɛ amanne mfehaha pii wɔ Nepal a mifi no—na awaregu nnɔɔso. Ebia ɛsɛ sɛ mekyerɛkyerɛ mu kakra.
Sɛ Nepalni ɔbea ware a otu kɔtra ne kunu no awofo fie. Sɛ wɔn babarima no tu a, wosusuw sɛ eyi nye. Wɔhwɛ kwan sɛ ɔbɛtra fie na wakɔ so aboa abusua nhyehyɛe ahorow no. Enti, wɔhwehwɛ wɔn daakye asew no mu yiye hu sɛnea obetumi ne wɔn babarima no ne wɔn aka abom no. Saa kwan yi so no, wɔde mfe pii osuahu di dwuma de paw ɔyere ne okunu.
Ɔkwan biara so no, na mini, oduruyɛfo a ɔfata a wɔtetee no wɔ Moscow Nnuruyɛ Asuae a ɛwɔ Rusia no mu, na maware ɔbarima a ɔde me rebɛkɔ United States. Nanso mɛkyerɛkyerɛ mu akyiri yi. Nea edi kan no, ma Bishnu mfa ne fã a ɛwɔ asɛm no mu mmra.
Fi Mfiridwuma mu kɔ Adwene ho Nimdeɛ Mu
Bishnu: Wɔ 1960 mfe no mfiase mu hɔ bere a na mene United States Amanaman Ntam Nkɔso Kuw no yɛ adwuma wɔ me man Nepal mu no, na ɛmfa me ho koraa sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaasɛ nea ɛwɔ he na ɛyɛ nokware som no. Na me ho wɔ Hindu-Budda som a wɔde afrafra a nea ehia ara ne sɛ wobɛkɔ asɔredan ahorow mu daa no mu. Esiane Amerikafo a mene wɔn yɛ adwuma no nti, mepɛe sɛ mekɔ United States kɔtoa m’adesua so. Minyaa nea mepɛ no bere a m’adamfo bi a ɔyɛ kuadwuma mfiri ho nyansahufo a ofi Kansas no tuaa me ho ka sɛ memmra United States wɔ 1965 mu no.
Efi 1965 kosi 1969 mu no, misuaa kuadwuma mfiri ho nyansahu wɔ Hawaii Sukuupɔn mu ne afei wɔ Oregon Ɔman Sukuupɔn mu. Bere a mewɔ hɔ no, wɔpaw me sɛ menyɛ adesuafo ɔfotufo wɔ atrae bi mu. Eyi ma minyaa hokwan sɛ mɛyɛ nkurɔfo ne wɔn nsɛnnennen ho adwuma. Saa bere no na mihui sɛ m’ani gye nnipa ho kɛse mmom sen ɛkã ne kuadwuma mfiri. Enti bere a masua ade bɛyɛ mfe anum akyi no, migyaee mfiridwuma no na mesakra kɔyɛɛ adwene ho nimdeɛ. Bere bi akyi no, minyaa m’abodin krataa wɔ adwene ho nimdeɛ mu wɔ Wichita Ɔman Sukuupɔn no mu.
Wɔ 1971 mu no, mekɔɔ fie wɔ Nepal wɔ nsrahwɛ tiawa bi mu. Hwɛ sɛnea me ho dwiriw me bere a me maame ka kyerɛɛ me sɛ onim abeawa fɛfɛ bi a ofi abusua pa bi mu no. So m’ani begye ho sɛ mɛware no? Misusuwii sɛ, ‘Wiɛ, yiw, bere a mawie m’adesua wɔ United States wɔ bɛyɛ afe biako ntam no.’ Sɛnea ɛbae no, yɛwaree wɔ adapɛn anan mu. Yehyiaa ayeforo wɔ Nepalfo atetesɛm kwan so a edii nnanu. Esiane sɛ yɛn nyinaa fi Chitrakar abusuakuw no mu no nti, na yɛn abusuafo pii wɔ hɔ.
Afei so wususuw ho sɛ ɔkwan bɛn so na na yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebenya aware pa a egyina nea yɛn awofo apaw so na yennim yɛn ho yɛn ho yiye biara no? Mmuae no ne sɛ na yɛwɔ wɔn atemmu mu ahotoso—na bere akyerɛ sɛ wɔn de no teɛ. Enti sɛ anka yebedi Atɔe famfo kwan a ɛne fi a wɔbom fi ne nantew a edi aware anim no akyi no, yedii yɛn atetesɛm a ɛne sɛ yɛbɛma yɛn awofo de yɛn su, gyinapɛn ahorow ne abrabɔ atoto ho no akyi.
Wɔ yɛn aware no akyi no Tara kɔɔ so yɛɛ adwuma sɛ oduruyɛfo wɔ Nepal ayaresabea no mu. Nanso, na n’ani nnye wɔ honhom mu. Wɔtetee no sɛ Hinduni na na ɔwɔ ɔsom mu ahonim a ano yɛ hyew. Na ɔwɔ nsemmisa pii a ɛfa nyamesom ho. Nanso ɔno na obetumi aka ɛno ho asɛm akyerɛ yɛn.
Rusia Adesua
Tara: Nea edi kan no, ma menkyerɛkyerɛ sɛ ɛyɛe a mekɔɔ Rusia no mu. Wɔmaa me Rusia nniso no nhomasua hokwan a wɔde ma kwa sɛ menkosua nnuruyɛ wɔ Moscow. Ɛno na afei asɛnnennen a edi kan no bae. Na ɛsɛ sɛ misua Rusia kasa. Bere nyinaa no, na wɔde adesuafo kɔ Rusia afe biako ma wokosua kasa no. Nanso, esiane nneɛma sohwɛ bi a ankɔ ntɛm nti, miduu Moscow bere a na maka akyi asram asia. Ɛno ma ɛkaa asram asia pɛ a ɛsɛ sɛ mede sua Rusia kasa! Afei mekɔɔ nnuruyɛ sukuu no mu tee na mikonyaa mfe asia ntetee.
Wɔtaa bisa me nea misusuw wɔ Rusia ho. Nokwarem no, asetra mu biribiara yɛ ntotoho, na na nea metaa dan adwene kɔ so no ne Nepal a ɛyɛ ɔman a afei na ɛrenya nkɔso no. Enti, kurow a emu tew ne akwantu nhyehyɛe pa, titiriw wɔ Moscow no kaa me koma kɛse. Ɛdefa nnipa no ho no, mihui sɛ wɔwɔ ahiade atitiriw no te sɛ nnipa a wɔwɔ baabiara—aduan a ɛdɔɔso, ntade, ne adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahwɛ wɔn mma. Ná wɔahu amane pii wɔ Wiase Ko II no mu na na wohu hia a ɛho hia sɛ wonya asomdwoe no.
Sɛ́ nnuruyɛ mu osuani no, mihui sɛ na nnuruyɛfo no ne abenfo no ani gye wɔn adwuma no ho, ɛwom sɛ na wontua wɔn ka kɛse de. Nokwarem no, sɛ́ osuani a wɔhwɛ no kwa no, na migye sika a ɛdɔɔso koraa (ruble 90 ɔsram biara) sen me mfɛfo adesuafo a wɔyɛ Rusiafo no. Na nnuruyɛfo no mu pii ne dwumadibea so ahwɛfo a wɔwɔ ayaresabea hɔ no mu binom yɛ mmea.
Hindu ne Methodist Som
Bere a miwiee m’adesua wɔ Moscow no akyi no, mesan kɔɔ Nepal, na sɛnea wunim no, mewaree. Asram kakraa bi akyi no, mekɔkaa Bishnu ho wɔ United States. Mifii ase hweree m’asetra wɔ Nepal no mu fã bi. Sɛ Hinduni no, na asɔredan mu a mekɔ wɔ Kathmandu no aka me hɔ. Ɛwom sɛ na me som no ntwe adwene nkɔ ɔkyerɛkyerɛ so biara de, nanso na mehwere honhom mu nneɛma a wɔyɛ kyerɛ no. Na mihia “asɔredan.”
Na Methodist asɔre bi wɔ ɔkwan a ɛda Winfield, Kansas post office a na yeyi yɛn nkrataa wɔ hɔ da biara no akyi pɛɛ. Enti da koro bi Bishnu ne ɔsɔfo no bɔɔ nkɔmmɔ, na efi hɔ no yefii ase kɔɔ saa asɔre no.
Na ɔsɔfo no ne n’abadiakyiri nim sɛ meyɛ Hinduni ne sɛ na mewɔ m’ahoni wɔ fie; nanso, na wonni ɛno ho ɔsɔretia biara. Ɛsɛ sɛ meka sɛ mfe anan a midii wɔ hɔ no amma me koma antɔ me yam wɔ honhom mu. Na yennim Bible no ho hwee koraa.
Nsemmisa Haw M’adwene
Sɛ́ oduruyɛfo no, na mahu amanehunu pii. Sɛ nhwɛso no, ɛda bi wɔ Kathmandu no, mihui sɛ awosow kaa ɔbea bi esiane mogya a ɛne ne de nhyia a wɔde maa no nti. Na nhwehwɛmubea hɔ adwuma no nyɛ nea wɔtene wɔn ho yɛ no yiye bere nyinaa, na asiane a anibere wom sisii.
Nsemmisa pii haw m’adwene a na Hindusom anaa Methodistsom mu biara ntumi mma mmuae. Sɛ nhwɛso no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yewu? Dɛn nti na amanehunu pii wɔ wiase saa? Hena na ɔde adesamma amanehunu ba? Misusuwii sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na menya mmuae?’
Da koro bi Yehowa Adansefo baa yɛn nkyɛn. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ yɛkɔ Methodist asɔre. Nanso bere a Adansefo no bisae sɛ yɛbɛpɛ sɛ yɛte Bible no ase no, Bishnu ani gyee nsusuwii no ho, na mepenee so. Ankyɛ na wofi Bible mu buaa me nsemmisa no wɔ ɔkwan a ntease wom so. Afei de na Bible no ne nhoma a mepɛ sɛ mete ase kɛse sen foforo biara. Mibehui sɛ ɛrentumi mma sɛ ɔdɔ Nyankopɔn na ɔde amanehunu a ɛwɔ wiase no nyinaa bae. Mihui fii Bible no mu sɛ ɛyɛ Satan nkɛntɛnso ne nnipa ankasa asowui a aka abom na ɛde amanehunu ne owu ba.—Deuteronomium 32:4, 5; 1 Yohane 5:19; Adiyisɛm 12:9-12.
Mibehui nso sɛ sɛ na Hindu anyame din ho hia na wɔde ahu wɔn afi afoforo ho a, ɛnde na nokware Nyankopɔn, Yehowa, no din ho hia kɛse dɛn ara na ama wɔatew no afi atoro anyame a ɛwɔ wiase no nyinaa ho. (Dwom 83:18) M’ani gyee hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wobenya wiase foforo a asomdwoe ne biakoyɛ wom no ho. (Adiyisɛm 21:3, 4) Nanso bere a na me koma retɔ me yam wɔ honhom mu no, na ɛyɛ den ma Bishnu sɛ obegye mmuae ahorow no atom.
Akyinnyegye ne Afei Gyidi
Bishnu: Bere a Tara regye Bible mu nokware no atom no, na mesɔre tia adwene a ɛne sɛ nokware dua biako pɛ na ɛwɔ hɔ no. Enti mene Adansefo no suaa Bible no, nanso na ɛyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a mɛhwehwɛ mfomso nti. Nanso, Adansefo no de ntoboase maa me mmuae fi Bible no mu. Nkakrankakra no mibegye dii.
Bere bi akyi no, yetu kɔɔ Arlington, Virginia, na wɔ December 1979 mu no wɔbɔɔ yɛn asu sɛ Adansefo a wɔahyira wɔn ho so. Afei yesii gyinae sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn asetra kamfo Yehowa kɛse. Enti yesii yɛn bo sɛ wɔ bere biara mu no, yɛn mu biako pɛ na ɔde ne bere nyinaa bɛyɛ adwuma bere a ɔfoforo no sɛe bere pii wɔ nokware no a wɔka kyerɛ na wɔkyerɛkyerɛ no mu. Wɔ bere tenten bi mu no mede me bere nyinaa yɛɛ adwuma wɔ adwenemyare ayaresabea bi ma Vietnam aguanfo mu.
Fi Adwene ho Nimdefo mu Bɛyɛ Bɔs Kafo!
Wɔ November 1980 mu no yetu kɔɔ Winchester, Virginia, faako a Tara nyaa adwuma sɛ Ɔmanfo Akwahosan Dwumadibea no oduruyɛfo no. Afei na ɛsɛ sɛ mehwehwɛ adwuma. Wɔ bɛyɛ asram akron mu no, mannya m’adwuma no ho adwuma biara. Enti, na Tara reyɛ adwuma, nanso na mennyɛ adwuma. Nea na merehwehwɛ nyinaa yɛ adwuma a mede me bere fã bɛyɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu.
Na ɛno yɛ sɔhwɛ bere ma me. Na m’aba mu rebu na mifii ase susuwii sɛ ɛsɛ sɛ mede me bere nyinaa yɛ adwuma. Nanso sɔhwɛ no antra nea metumi asoa. Akyiri yi minyaa adwuma a mede me bere fã bɛyɛ wɔ beae a wɔsa wɔn a wɔnom nnubɔne yare, na mituu nnipa a wɔwɔ nnubɔne ne asabow ho nsɛnnennen fo. Na eye ma me—na mitumi paw m’ankasa nhyehyɛe. Afei tebea no sakrae. Wɔmaa me nea mempaw—bere nyinaa adwumayɛ anaasɛ merennye adwuma no koraa. Enti ɛbae bio sɛ na mennyɛ adwuma, na saa bere yi na wotua me sika a wɔde ma wɔn a wɔnnyɛ adwuma no. Na ɛno pira obu a mewɔ ma me ho no, nanso na nsakrae a ɛyɛ ahodwiriw da yɛn anim.
Nyan! nsɛmma nhoma (Borɔfo de) a ɛbae July 22, 1984 mu no tintim asɛm bi a na ɛfa adwuma a wonnya nyɛ ho na ɛde nyansahyɛ ahorow bi mae. Bere a yɛhwehwɛɛ nnwuma ahorow a wobetumi afi fie akɔyɛ a wɔahyehyɛ no mu no, Tara de ne nsa kyerɛɛ biako bi a m’ani gyee ho so—sukuu bɔs kafo! Sɛnea na nhyehyɛe no te no na eyi ne adwuma a ɛfata sen biara.
Ná fi adwene ho nimdefo mu kɔyɛ bɔs kafo no yɛ nsakrae kɛse. Nanso, na mepɛ afirika. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ memene obu a mewɔ ma me ho no de, nanso mede me ho kɔkyerɛɛ sukuu mpanyimfo no. Wɔde adwuma no maa me—na afei wɔmaa me akwan a ɛso fa yɛ den kɛse no mu biako ne mmofra atuatewfo a wɔsen biara. Ɛha na adwene ho nimdeɛ a mewɔ no ho baa mfaso ankasa.
Wɔ bɔs bi a ayɛ ma mu no, na mmofra kuw ketewaa bi a wɔreyɛ dede na wɔremmua wɔn ano wom. Migyinae na mekyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn sɛ wɔn ankasa ahobammɔ nti ɛnsɛ sɛ biribiara twetwe m’adwene bere a meka afiri no. Sɛ wɔyɛ dede a, megyina akosi sɛ wɔbɛyɛ dinn. Bere a migyinaa mprenu akyi no, dodow no ara hwɛ hui sɛ atuatewfo no amua wɔn ano.
Nanso, na me osuahu a ɛsom bo kɛse no wɔ ɔsom adwuma no mu. Na meka asɛm daa na na minya ntetee fi Lanseng Anderson a ɔyɛ ɔkwampaefo mmɔdenbɔfo ne ɔpanyin wɔ Winchester West Asafo no mu no nkyɛn. Afei wɔ 1985 mu no mene Tara nyaa osuahu ahorow a ɛsakraa yɛn asetra bio.
Nsato Foforo wɔ New York
Tara: Wɔ 1984 ne 1985 mu no, minyaa hokwan sɛ mɛyɛ adwuma wɔ mmere ahorow abiɛsa mu sɛ oduruyɛfo nsrahwɛfo wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa dwumadibea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York no mu. Ɛyɛ nnipakuw atrae a Adansefo bɛyɛ 2,700 a wofi wiase nyinaa na wɔte hɔ. Wodidi, wɔda, na wɔyɛ adwuma wɔ hɔ—wonnye akatua biara, sika kakraa bi pɛ na wɔde ma wɔn ma wɔde tua wɔn ho ka! Wɔn nyinaa yɛ asomfo a wɔatu wɔn ho ama reyɛ adwuma a wɔahyira wɔn ho so sɛ wɔbɛboa ma wɔaka Onyankopɔn Ahenni nniso “asɛmpa” no wɔ wiase nyinaa. (Marko 13:10) Wɔn mu pii yɛ adwuma wɔ tintimbea kɛse a wɔyɛ Bible ne Bible ho nhoma ahorow wɔ kasa pii mu no mu. Afoforo nso yɛ dwumadibea nnwuma, nneɛma sohwɛ, ne ofie nnwuma. Enti saa “kurow” ketewaa a ɛwɔ Brooklyn Heights yi hwehwɛ sɛ enya n’ankasa nnuruyɛfo.
Hokwan ahorow yi a mede yɛ adwuma wɔ Kristofo kuw a ɛte sɛɛ mu no maa m’ani gyei. Ɛyɛ abotɔyam kɛse sɛ woyɛ adwuma wɔ nnipa a wɔn ho tew wɔ nipadua ne adwene mu na wone wɔn kura gyidi koro mu no mu. Afei nea ɛyɛ ahodwiriw kɛse no bae. Ɔwɛn Aban Asafo no too nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmfa yɛn bere nyinaa mmɛyɛ adwuma wɔ wiase nyinaa dwumadibea ti hɔ. Enti mprempren meka nnuruyɛfo baanan, mmarima baanu ne mmea baanu, a wodi saa kuw yi ahiade ho dwuma no ho. Yɛn ayarefo no fi mmofra nkumaa (sɛ nhwɛso no yɛn nnuruyɛfo no mu biako wɔ mma baanan) so araa besi Adansefo a wɔanyinyin a wɔadi boro mfe 90—na wɔda so yɛ adwuma so! Na dɛn na Bishnu yɛ?
Yɛn Ani Gye Kakraa bi a Yenya no Ho
Bishnu: Mprempren mesom sɛ ofie sohwɛfo wɔ saa kuw yi mu na mehwɛ ofie dwumadi ahorow no bi so. Wɔ ha no, ɛnyɛ mene asabow ne nnubɔnenom na edi. Obiara de Bible nnyinasosɛm ahorow na ɛtra ase na wɔde di dwuma, na ɛyɛ anigye sɛ wuhu sɛ nnyinasosɛm a ɛtete sɛɛ no ne nea mpɛn pii no wɔfrɛ no adwene ho nyansahu a wɔde di dwuma ankasa nnɛ no.
Ampa, yenni ofie anaa akatua pa bi bio. Nanso yɛasua sɛ yɛbɛma yɛn ani agye kakraa bi a yenya no ho. Yɛanya nokware Nyankopɔn ne Amansan sodifo Awurade Yehowa no ho nimdeɛ. Na yetwaa ɔkwan no nyinaa fii Kathmandu, Nepal, na ebehui!
[Map/Pictures on page 19]
Kathmandu kurow ne bon, Nepal, faako a wɔwoo yɛn
[Asase mfoni]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
NEPAL
Kathmandu
CHINA
INDIA
[Kratafa 20 mfoni]
Yɛn aware wɔ Nepal no akyi bere tiaa bi
[Kratafa 21 mfoni]
Tara suaa nnuruyɛ wɔ Rusia
[Asɛm Fibea]
USSR Mission to the UN
[Kratafa 22 mfoni]
Tara (benkum) reboa aduannoa wɔ n’asebea mukaase