Anidaso Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Ma Mmofra?
AKA akyi dodo ama mmofra ɔpepem pii a wɔwɔ nea wɔfrɛ no Wiase Aman a Ɛto so Abiɛsa no mu no. Akwan a wɔaka ho asɛm wɔ ha no betumi agye ɔpepem pii nkwa—sɛ anka wobetumi adu wɔn awofo nkyɛn na wɔatumi ama wɔde adi dwuma a. Esiane sɛ eyi yɛ ade a ɛrentumi nyɛ yiye nti, mmofra ɔpepem pii bɛkɔ so awuwu ara kwa—brɛoo, dinn, ɔkwan biara so.
Dwumadi akɛseakɛse ahorow a wɔka ho nsɛm pii no mu nni anidaso biara. Sɛ nhwɛso no, Amanaman Nkabom no yii mfe du bi sii hɔ sɛ Amanaman Ntam Nsu pa ne Ahotew Mfe (1981-1990) a na botae no ne sɛ “ennu 1990 mu no na obiara anya nsu pa ne ahotew nhyehyɛe.” Dɛn na efii mu bae?
World Health nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ 1980 ne 1983 ntam hɔ no, nnipa afoforo ɔpepem 32 na wɔmaa wɔn nsu, na ɔpepem 12 foforo nyaa ahotew nhyehyɛe a akɔ anim.” Nanso, nnipa a wonya nsu pa nom na wonya ahotew nhyehyɛe no dodow kɔɔ soro kakraa bi. Nnipa dodow a ɛkɔ anim ntɛmntɛm no popaa adepa biara a wotumi yɛe no fii hɔ. Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔafrɛ “ennu 1990 mu no na obiara anya nsu pa ne ahotew nhyehyɛe” botae no sɛ “dwuma a ɛyɛ den sɛ wobetumi adi” no.
Nanso, ɛtɔ mmere bi a ɛnyɛ sika anaa nnipa a wɔbɛyɛ adwuma no na esiw ogye ho mmɔdenbɔ no kwan na mmom, adifudepɛ, ade a wɔnhwɛ nkɔ akyiri, ne ntɔkwaw nketenkete. Nsase a afei na wɔrenya nkɔso no sika a wɔsɛe wɔ akode ne sraadi ho no boro nea wɔsɛe no wɔ akwahosan ho no so mpɛn anan. Wɔ kakraa a wɔsɛe wɔ akwahosan ho no mu no, wɔde dodow no ara di ayaresa a ɛkɔ anim kɛse ho dwuma—na nnipa kakraa bi na wonya mu mfaso.
Susuw Oral Rehydration Therapy a ne bo nyɛ den no ho. Wonim yiye sɛ eyi betumi agye ɔpepem pii nkwa. Nanso, sɛnea UN Chronicle kyerɛ no, “nnuruyɛfo dodow no ara ma wɔkɔtɔ ayamtu nnuru dɔla ɔpepem 400 afe biara ɛwom sɛ wonim sɛ pii wɔ hɔ a ɛho nhia, etumi pira anaasɛ n’abien nyinaa.”
Anaasɛ susuw nsonsono yare a mprempren ɛka nnipa ɔpepem 200 a mmofra no wɔdɔɔso no ho. June Goodfield kyerɛw wɔ Quest for the Killers mu sɛ: “Nyansahu nim nea ɛde nsonsono yare ba, wɔasɔ ano aduru ahwɛ, na wɔanya akwan a etu mpɔn a ebetumi atew saa nsan yi so wɔ mfe a ɛbɛba no mu.” Ɛnde, dɛn nti na ɔyare no da so wɔ hɔ? Goodfield kyerɛw sɛ: “Mprempren asɛnnennen no yɛ amammuisɛm.”
Yiw, mmofra wu, a ɛnyɛ sɛ onipa nni nimdeɛ anaasɛ nneɛma a wɔde bɛma wɔatra ase, na mmom efisɛ obu amammuisɛm ne nea n’ankasa benya no sɛ ɛsom bo sen ɔdesani nkwa. Yeremia 10:23 nsɛm no ayɛ nokware: “Onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” Anidaso biako pɛ a ɛwɔ hɔ ma mmofra a wɔwɔ wiase—ne nokwarem no adesamma abusua no nyinaa—ne sɛ Onyankopɔn begye Asase okyinsoromma no adi so. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ ɛno ne nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ: “Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni [anaasɛ nniso] bi a wɔrensɛe no da . . . so, na ebebubu ahenni horow no [nniso horow a ɛrentra hɔ nkyɛ no] nyinaa ama asa, na ɛno de ebegyina daa.”—Daniel 2:44.
Wɔ Onyankopɔn ɔsoro Ahenni no ase no, nyarewa ne owu renhunahuna wiase mmofra bio da. Enti Yehowa Adansefo de ahopere twɛn saa ɔsoro a wobefi abedi asase so nsɛm ho dwuma yi. Wɔbɔ mpae sɛnea Yesu kyerɛɛ wɔn no: “W’ahenni mmra.” (Mateo 6:9, 10) Nea ɛreto mmofra a wɔwɔ Wiase Aman a Ɛto so Abiɛsa mu no ma wɔn a wosuro Onyankopɔn no de ɔhyew bɔ saa mpae yi kɛse mpo.”a
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wopɛ nsɛm pii a hwɛ Let Your Kingdom Come nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no mu anaasɛ kyerɛw nsɛmma nhoma yi akyerɛwfo no. Wɔn ani begye sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe ama Yehowa Adansefo mu biako abɛsra wo.