Nneɛma A Atwa Yɛn Ho Ahyia no Tumi A Ɛwɔ Wɔ W’ahoɔden So
ƆBENFO Walter Reed a ɔka Fekuw a Esua Asase So Nneɛma ho ade ho no kae wɔ UN Radio dwumadibea hɔ sɛ, nkɛntɛnso a nnipa anya wɔ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia so wɔ asase so no akodu baabi a “ɛresɛe no kɛse.” Ɔbenfo Reed ka sɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔresɛe no yi nso ama obiara a ɔte asase yi so akwahosan ho nso aba asɛm. Our Planet nsɛmma nhoma a Amanaman Nkabom no tintimii mu asɛm a ɛkyerɛkyerɛ World Resources 1998-99 mu no ka nneɛma a ɛde nnipa akwahosan to asiane mu no bi ho asɛm. Emu bi ni:
□ Wɔka sɛ efie ne mmɔnten so mframa a enye na ɛde aharawa mu nyarewa ba na ekunkum mmofra bɛyɛ sɛ ɔpepem anan afe biara.
□ Nsu ne ahotew ho nhyehyɛe pa a enni hɔ no na ɛde ayamtu a afe biara ekunkum mmofra ɔpepem abiɛsa no ba. Sɛ nhwɛso no, kɔlera a na wogye di sɛ wɔatu ase wɔ Latin America no baa hɔ bio na ekunkum nnipa 11,000 wɔ 1997 mu nkutoo.
Wɔbɔ amanneɛ sɛ da biara mmofra bɛboro 30,000 a wowuwu wɔ aman a ahia wɔn kɛse mu no fi nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no. Wo de susuw ho hwɛ—mmofra 30,000 na wowuwu da biara afe biara, nnipa dodow a jumbo wimhyɛn kɛse no bɛyɛ 75 betumi afa wɔn!
Nanso, ɛnyɛ aman a ahia wɔn no nkutoo na nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no ma wɔn akwahosan ho ba asɛm. Our Planet nsɛmma nhoma no ka sɛ “nnipa bɛboro ɔpepem 100 na wɔwɔ Europa ne North America a wonnya mframa pa nhome” na ɛno ama wɔn a wɔyare ntehyeewa no dodow kɔ soro kɛse. Bere koro no ara mu no, amanaman ntam aguadi ne akwantu a anya nkɔanim kɛse no ama nsanyare foforo bɛyɛ sɛ 30 aba aman a anya nkɔanim no mu. Afei nso, nsɛmma nhoma no kae sɛ nyarewa a na anka wɔatumi asiw ano no “aba bio na agye nsam.”
Awerɛhosɛm ne sɛ, yebetumi asiw nyarewa a ɛte saa a nneɛma a atwa yɛn ho ahyia de ba no pii ano denam mfiridwuma mu nyansahu a yɛmmɔ ho ka pii no so. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔma nnipa nyinaa nya nsu pa ne nneɛma a ɛboa ma ahotew ba a, ebetumi ama obiara anya akwahosan pa. Sika ahe na ɛsɛ sɛ wɔsɛe no na wɔatumi adi eyi ho dwuma? UN Radio bɔ amanneɛ sɛ sɛnea Amanaman Nkabom no Human Development Report 1998 kyerɛ no, ebegye US dɔla ɔpepepem 11 na wɔatumi ama obiara anya nsu pa ne nneɛma a ɛboa ma ahotew ba—ennu ka a wɔbɔ wɔ Europa wɔ ice cream ho afe biara no!
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]
Photo: Casas, Godo-Foto