Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 4/8 kr. 12
  • Akwahosan ne Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akwahosan ne Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia
  • Nyan!—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma A Atwa Yɛn Ho Ahyia no Tumi A Ɛwɔ Wɔ W’ahoɔden So
    Nyan!—1999
  • Mpɔntu Aba Akwahosan Nhyehyɛe Mu Nanso Ɛnyɛ Obiara na Ne Nsa Ka
    Nyan!—1999
  • Nnipa a Ohia Afa Wɔn Nnommum
    Nyan!—1998
  • Anidaso Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Ma Mmofra?
    Nyan!—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 4/8 kr. 12

Akwahosan ne Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia

Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Nigeria hɔ

Afe biara nnipa ɔpepem 49 na wowuwu wɔ wiase nyinaa. Saa owu yi mu ɔha biara mu 75 yɛ ɔpatuwu, a nea ɛde ba ne efĩ ne asetra bɔne, sɛnea Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) amanneɛbɔ bi kyerɛ no. Susuw nhwɛso ahorow bi ho hwɛ:

◼ Kokoram kunkum nnipa ɔpepem anum afe biara. WHO bɔ amanneɛ sɛ emu dodow no ara “fi sigaretnom a anya nkɔanim kɛse wɔ mfe 30 a atwam ni no mu tẽẽ.”

◼ Nyarewa a ɛde ayamtu ba, a ekunkum mmofra bɛboro ɔpepem abiɛsa afe biara no yɛ nea aduan a asɛe ne nsu fĩ, ne afei ahotew a enni hɔ na ɛtaa de ba.

◼ Nsamanwaw, a afe biara ekunkum nnipa ɔpepem abiɛsa no renya nkɔanim wɔ mmeae a ohia wɔ na nnipa kyere so, titiriw mmeae a ɛhɔ ntew.

◼ Ɔhome mu nyarewa, a mpafe na edi mu akoten, kunkum mmofra a wonnii mfe anum ɔpepem abiɛsa ne fã afe biara. Wɔn mu bebree yɛ kurow akɛse mufo a wɔhome mframa bɔne pii.

Ahude yi nyinaa akyi no, afe biara nnipa bɛyɛ ɔpepepem abien ne fã—ɛreyɛ ayɛ wiase mu nnipa dodow no fã—nya nyarewa a nsu a ɛho ayɛ na anaa efĩ wom, ne ahotew a enni hɔ na ɛde ba. Afei nso, WHO kyerɛ sɛ nneɛma a ɛhaw adwene nnansa yi te sɛ nsu yerɛyerɛ a ɛtɔ, mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so a ɛresɛe, ne wim a ayɛ hyew, ka ho bi na nnipa pii akwahosan so retew. Sɛ yɛka ne nyinaa bom a, WHO amanneɛbɔ no kyerɛe sɛ nnipa bɛboro ɔpepepem abien te mmeae a wɔn nkwa anaa wɔn akwahosan da asiane mu.

WHO kwankyerɛfo panyin, Ɔbenfo Hiroshi Nakajima, bɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ yɛanyɛ ho biribi nnɛ a, ɔhaw a aba Asase ne ɛsotefo so no mu bɛyɛ den araa ma wontumi nnyina ano, ma nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no ayɛ nea nkwa ntumi ntra mu bio.”

Bible hyɛ bɔ sɛ bere bi bɛba a “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!” (Yesaia 33:24) Ɛnyɛ nnipa mmɔdenbɔ na ɛbɛyɛ eyi, na mmom ɛnam Onyankopɔn Ahenni a ebeyi nyarewa ne nea ɛde ba afi hɔ no so.—Adiyisɛm 21:3, 4.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 12]

Godo-Foto

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena