Anidaso Bɛn Na Ɛwɔ Hɔ Sɛ Sikasɛm Bɛsan Ayɛ Yiye?
Wɔbɔ amanneɛ sɛ bere a Louis XVI a ofi Franse redi hene no, da koro bi ne hemmaa Marie Antoinette, bisaa ɔsoafo a ɔhwɛ adehye abusua no sikasɛm so no sɛ: “Owura Ɔsoafo, dɛn na wobɛyɛ wɔ ɛka no ho? obuae sɛ: “Mintumi nnyɛ ho hwee, Awuraa. Ɛyɛ aniberesɛm pii.”
ƐWOM sɛ mmere no asesa de nanso ɛte sɛ nea wɔda so ara de saa nyansapɛ pɔtee yi di dwuma. Amanyɛfo ne sikasɛm ho abenfo nyinaa di amanaman ntam ɛka kɛse no, aman a wɔwɔ sika ne wɔn a wɔyɛ ahiafo ntam a sikasɛm mu biakoyɛ nni no ne ohia buruburoo a ɛwɔ aman pii so no ho yaw. Nanso ɛkame ayɛ sɛ wɔnyɛ eyi ho hwee—nsɛnnennen no yɛ aniberesɛm dodo. So ntease wom wɔ sikasɛm mu?
Asɛmfua “sikasɛm” no fi Hela asɛmfua oikonomos, a asekyerɛ ne ofiehwɛfo no mu. Nea wiase sikasɛm fa ho titiriw ne sua a wosua sɛnea wɔbɛhwɛ wiase no “fie” nneɛma so yiye. Ɔkwan bɛn so na wɔhwɛ so?
Sɛ nhwɛso no, ma yɛmfa wiase no sɛ mpɔtam bi, ne ɔman biara sɛ afipamfo. Mpɔtam hɔ adefo a wɔsen biara no mu biako sɛe sika pii na ɛkame ayɛ sɛ ɔde obiara ka, nanso esiane sɛ ɔyɛ nea ogye wɔn hɔ bosea sen biara nti wɔn a wɔma no bosea no mpɛ sɛ wɔdan no ka. Mmusua a wonni sika pii no mu bi de ɛka araa ma ɛsɛ sɛ wogye bosea na wɔatumi atua mfɛntom akɛse a ɛdeda wɔn bosea ahorow a wɔagyigye no so no. Nanso ná abusua a ahia wɔn sen biara no agya de sika pii ayɛ apontow kɛse ama ne ho ne ne nnamfo a ɛnkyɛe, ɛwom po sɛ ɔkɔm rekum ne mma no mu pii de.
Mmusua a wɔyɛ adefo no didi mee yiye na wɔtow aduan no bi gu. Wɔsɛe sika pii wɔ wɔn afieboa ahorow ho sen nea ahiafo mmusua no nya de hwɛ wɔn mma. Wɔ bere ne bere mu no wohyiam susuw nsɛnnennen a ɛwɔ wɔn mpɔtam hɔ no ho, nanso ɛte sɛ nea wɔnnyɛ ho hwee. Asɛnnennen resɔre wɔ mmusua a wɔyɛ adefo ne wɔn a wɔyɛ ahiafo no ntam. Ɛda adi sɛ, biribi pɔtee bi nkɔ yiye wɔ ɔkwan a wɔfa so di mpɔtam hɔ nsɛm ho dwuma no ho.
Obi a Ɔbɛtoto Wiase Nyinaa Sikasɛm no Yiye
Wontumi ntetew ntotoe pa ne abrabɔ pa ntam. Sɛnea yɛahu no, pɛsɛmenkominya ne adifudepɛ a ɛwɔ aman, nnwuma ne ankorankoro mu no na ɛde asetra a ayɛ den no ba, titiriw no wɔ aman a wɔyɛ ahiafo no mu. Sikasɛm mu nsisi no yɛ nhyehyɛe bɔne ho nhwɛso biako pɛ.
Nokwarem no, ano aduru a ɛyɛ mmerɛw biara nni hɔ. Nsɛnnennen no so dodo sen sɛnea ɔman biako betumi adi ho dwuma, nso amanaman ntam ahyehyɛde biara nni hɔ a ɛwɔ tumi a ɛho hia a ɔde besiw ano. Afei, wɔkasa tia wiase atumfo no sɛ wonni amammui mu ɔpɛ a wɔde bedi ho dwuma.
Nanso, abakɔsɛm ka sodifo biako bi a na ahiafo tebea haw no titiriw ho asɛm. Ɔhyehyɛɛ mmara ahorow pɔtee bi a ɛbɛbɔ wɔn ho ban na ama wɔanya nea wohia.
Saa sodifo yi na oyii Israelfo fii Misraim bɛyɛ mfirihyia 3,500 a atwam ni no na ɔnam anwonwa kwan so maa wɔn mana dii wɔ wɔn mfirihyia 40 sare so akwantu no mu no. Saa ɔhene a aniwa ntumi nhu no yi hwɛ maa obiara nyaa nea ohia.—Exodus 16:18; fa toto 2 Korintofo 8:15 ho.
Akyiri yi bere a Israelfo no duu bɔhyɛ asase no so no, Onyankopɔn mmara a ɔde mae bɔɔ ahiafo no ho ban. Wɔmaa wɔn a asetra mu yɛɛ den maa wɔn no nyaa bosea a wontua ho mfɛntom. Na ahiafo no betumi adi mpɛpɛw wɔ mfuw, nnuaba ne bobe turo mu. Na na ɛsɛ sɛ akuafo no gyaw biribi ma wɔn a wodi mpɛpɛw no. Afei nso, Onyankopɔn hyɛɛ Israelfo adefo no sɛ’womfi ayamye mu mmue wɔn nsam mma asase no so abrɛfo no.’—Deuteronomium 15:7-11.
Onyankopɔn dii Israel fi so wɔ ɔkwan a na ebetumi ama ɔman mu no nyinaa adi yiye so, bere dodow a wodii ne mmara so no. Na wɔhwehwɛ sɛ n’ananmusifo, te sɛ Ɔhene Salomo, di Onyankopɔn nhwɛso akyi. Odwontofo no kyerɛw faa Salomo ho sɛ: “Obedi ɔman mu amanehunufo asɛm ama wɔn, na wagye ahiafo mma nkwa . . . Na obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so,. . . wɔn mogya bo bɛyɛ den n’anim.—Dwom 72:4, 12-14.
Nanso, akyiri yi Onyankopɔn ka too hɔ wɔ n’Asɛm mu sɛ asetra a emu yɛ den pii bɛba. Bere a Bible no reka sikasɛm a emu bɛyɛ den pii a akyiri yi ɛbɛka adesamma ho asɛm no, ɛka too hɔ sɛ: “Wɔde da koro akatua bɛtɔ abodoo sebɔw biako.” (Adiyisɛm 6:6, Weymouth, Fifth Edition) Ɛnnɛ, ɛkame ayɛ sɛ saa na tebea no ayɛ ama wiase no mu ahiafo no pii. Da mũ nyinaa akatua nsõ adidi biako ho ka.
Sikasɛm a Ɛbɛyɛ Yiye Ankasa bi Abɛn
Willy Brandt a onyaa Nobel akyɛde no sii tebea a ɛyɛ awerɛhow yi ano aduru biako pɛ so dua. Ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wohu sɛ aman a wɔwɔ sika ne wɔn a wɔyɛ ahiafo . . . nyinaa ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔkɔ so tra ase no aka wɔn abom, ne sɛ wɔnam ade a wɔhwɛ kɔ akyiri ne wiase nyinaa a ɛbɛyɛ biako no nkutoo so na wobenya ano aduru.”
Ɛno ne nea Onyankopɔn ankasa wɔ wɔ n’adwenem, ade a wɔhwɛ kɔ akyiri ne wiase nyinaa a ɛbɛyɛ biako. Nea ɛnte sɛ nnipa sodifo no, Onyankopɔn wɔ ɔpɛ no na onim ɔkwan a ɔbɛfa so ama wiase nyinaa sikasɛm ayɛ yiye.
Wɔ saa nkɔmhyɛ koro a ɛfa sikasɛm a emu bɛyɛ den ho no mu no, ɔka sodifo a wapaw no ho asɛm sɛ sodifo a obetumi asiesie tebea no. Wɔka ne ho asɛm sɛ ɔte ɔpɔnkɔ “fitaa” so ne afei nso sɛ obi a obefi adi ‘akodi nkonim.’ Eyi nyɛ obiara sɛ Yesu Kristo, a ɛrenkyɛ ‘obedi nkonim’ na watrɛw Onyankopɔn ahenni no mu sɛ nniso biako pɛ wɔ adesamma nyinaa so no. Saa ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo nsam yi ne Onyankopɔn kwan a ɔbɛfa so asiesie asetra a emu yɛ den no ne nneɛma afoforo.—Adiyisɛm 6:2; fa toto Daniel 2:44 ho.
Wɔ Ahenni yi a wɔka ho asɛm wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu sɛ “ɔsoro foforo” no ase no, Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ: “Wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma ɔpatuwu.” “Hwɛ, me nkoa bedidi . . .; me nkoa bɛnom . . .; me nkoa ani begye.”—Yesaia 65:13, 14, 17, 23.
Nnipa ɔpepem pii a nnɛ wɔbrɛ kwa no betumi anya awerɛkyekye afi saa nsɛm yi mu. Wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, nneɛma a ɛho hia daa wɔ asetram no remmɔ wɔn mma, esiane sikasɛm a ɛyɛ den nti. Asetra pa mu anigye a wobenya no besi asetra a emu yɛ den ho dadwen ananmu.
Sɛ wote nka sɛ saa bɔhyɛ ahorow no yɛ adaeso ara kwa a, dɛn nti na wo ne Yehowa Adansefo mmɔ nkɔmmɔ bere foforo a wɔbɛba wo nkyɛn no. Wɔn ani begye sɛ wɔbɛkyerɛ wo nea enti a yebetumi anya ɔkwan a Onyankopɔn nam so besiesie asetra a emu yɛ den no mu ahotoso afi Kyerɛwnsɛm no mu.
[Kratafa 10 mfoni]
Wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, ɔkɔm renne obiara anaasɛ ɔnyɛ ohiani