Nyamesom Daakye Esiane Nea Ayɛ Dedaw Nti
Ɔfã A Ɛto So 13: 476 Y.B. Reba—Ade “Kronkron” A Efi Sum Mu
“Wohu bɔne a wɔyɛ wɔ sum mu no wɔ Ɔsoro te sɛ ogya.” Chinafo bɛ
WƆ APRIL 1988 mu no, Asɔre a ɛwɔ Rusia no ani gyei bere a Ɔmampanyin Mikhail Gorbachev kaa no baguam sɛ wobesiesie mfomso ahorow a ɔman no adi wɔ ɛne asɔre no ne emufo ntam abusuabɔ mu no.
Na ɛte sɛ nea wɔrebesiesie mpaapaemu foforo bi, bere a Roman Katolek paapa John Paul II de nkyia kɔmaa “asɔre no fa a atew ne ho mfirihyia apem no sɛ ɔpɛ a efi koma mu sɛ wobenya nkabom a ɛyɛ pɛ a Kristo hwehwɛ a ɛyɛ Asɔre no su no a ɔda no adi.” Nanso ɔkwan bɛn so na mpaapaemu no baa ‘asɔre abien’ no ntam?
Wɔhweree Nkabom bi a Na Enni Hɔ
Wɔ afeha a ɛto so anan no mfiase mu hɔ no, bere a Konstantino Ɔkɛseɛ bɛyɛɛ Roman Ahemman no ɔhempɔn akyi no, oyii n’ahenkurow no fii Rome kɔɔ Helafo kurow Byzantium a na ɛwɔ Bosporus mpoano. Wɔsesaa din no yɛɛ no Constantinople, ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ sɛ Istanbul, Turkey. Wɔde ahenkurow no kɔɔ hɔ na ɛde nkabom aba ahemman a na mpaapaemu reba mu no mu. Nokwarem no, New Encyclopædia Britannica ka sɛ, bɛyɛ sɛ afeha a ɛto so abien no fã a edi akyiri no mu no, “na wohu ahemman a emu akyɛ abien mfonini dedaw, ɛwom mpo sɛ na ɛnna adi yiye.”
Na Kristosom atrɛw wɔ ahemman no apuei fãm ntɛmntɛm asen n’atɔe fãm. Enti Konstantino hui sɛ na amansan (katolek) nyamesom no betumi de nkabom aba. Nanso sɛnea na ahemman no mu akyɛ abien no, saa ara na na ne nyamesom nso te. Na apuei fam asɔre no kura tete nkyerɛkyerɛ no mu sen nea na ɛwɔ Rome no, na ɛsɔre tiaa nyamekyerɛ foforo a Rome de ma no. Collins Atlas of World History ka sɛ: “Na amansɛm ne asɔfodi mu ntawntawdi pii bɛkɔ so wɔ asɔre abien no ntam akosi afeha a ɛto so dumien no mu tɔnn.”
Nyamekyerɛ mu ntawntawdi ahorow no mu biako fa Nicene Gyidikasɛm a ɛbɛdanee Baasakoro nkyerɛkyerɛ a ennyina Bible so no ho. Gyidikasɛm a efii ase wɔ asɔre no aguabɔ abiɛsa a edi kan ase (Nicene wɔ 325 Y.B. mu, Constantinople wɔ 381 Y.B. mu, Efeso wɔ 431 Y.B. mu) no kae sɛ “Honhom Kronkron . . . no a ofi Agya no nkyɛn.” Nanso wɔ guabɔ bi ase wɔ afeha a ɛto so asia mu no, asɔre a ɛwɔ atɔe no sakraa ɔkasasin no ma ɛkenkan sɛ “no a ofi agya no ne ɔba no nkyɛn.” Na ɔsɛmpɔw yi a ɛfa filioque (Latin kasa a ɛkyerɛ “ne ɔba no”) no ne, na ɛda so yɛ ntawntawdi wɔ “Kristofo” asɔre a emu akyɛ abien yi ntam.
Mpaapaemu no daa adi yiye bere a atɔe fam ahemman no baa awiei na Esum Mmere no m ase wɔ 476 Y.B. mu no. Wɔ Kristosom ho no, na Esum Mmere no yɛ nyansa ne hwee a wonnim ho sum bere ampa. Na Kristoman sum no adi Kristosom asɛmpa no hann no so saa bere no.
Nyamesom mu sum ntumi mma biakoyɛ mma. Herbert Waddams a anka ɔyɛ Canterbury Sɔfo panyin no ka sɛ: “Na Kristofo afã horow no hwehwɛ biakoyɛ a wɔn nsa anka da.” Ɔka sɛ, “na ɛnyɛ sɛ biakoyɛ a edi mũ a akyiri yi ɛsɛee bi wɔ hɔ” na ɔde ka ho sɛ “adwene a ɛne sɛ na anka Kristoman yɛ Asɔre kɛse a ɛbom biako no nyɛ nokware.”
Wɔawo “Akokoaa” Bi
“Akokoaa” a wɔwoo no 800 Y.B. Bronya Da no nyinii na wɔfrɛɛ no kronkron. Na ɛyɛ atɔe fãm ahemman no a wɔasan akyekye a wɔwoo no wɔ bere a Paapa Leo III atwe ne afi Apuei fam asɔre no ho na ɔde Charlemagne a ɔyɛ Frankfo hene yɛɛ ɔhempɔn no akyi. Wɔ bere tiaa mu akwanside bi akyi no, atɔe fãm ahemman no gyinae bio wɔ 962 Y.B. mu, na akyiri yi wɔde ahohoahoa din Roman Ahemman Kronkron no too no.
Nokwarem no, na edin Roman Ahemman no yɛ edin a ɛnteɛ. N’asasesin no mu fã kɛse ara a ɛne nnɛ bere yi mu Germany, Austria, atɔe fam Czechoslovakia, Switzerland, apuei fãm Franse ne Scotland no nka Italy ho. German nsase ne German ahemfo na na wɔwɔ hɔ enti akyiri yi wɔtoo ne din ankasa sɛ German Man no Roman Ahemman Kronkron.
Ahemman no de nyamesom ne amansɛm frafrae. Collier’s Encyclopedia kyerɛkyerɛ mu sɛ adwene a na ɛwɔ akyi ne “sɛ nniso biako pɛ bedi wiase nyinaa so, na ɛne amansan nyinaa Asɔre no abom ayɛ adwuma bere a emu biara wɔ ne tumi a efi Nyankopɔn no.” Nanso esiane sɛ na nsonsonoe a ɛda ntam no anna adi bere nyinaa nti, ɛnde ntawntawdi bae. Titiriw no wɔ afeha a ɛto so 11 ne 13 mfinimfini ntam hɔ no, Asɔre ne Ɔman no peree Europa so tumidi ho. Ebinom te nka sɛ nyamesom ho a ɛde hyehyɛ amansɛm mu no nyɛ pɛsɛmenkominya na ɛteɛ nanso ɔkyerɛwfo Waddams gye tom sɛ “akyinnye biara nni mu sɛ na paapanom ani a na egye tumidi ho no ne ɔsɛmpɔw no mu ade titiriw.”
Wɔ n’afeha a edi akyiri no mu no, ahemman no sɛee bɛyɛɛ nea aman a emu biara yɛ nea ɛpɛ na ɛwom wɔ ɔhempɔn biako a na onni tumi a ɛyɛ den ase. Franseni ɔkyerɛwfo Voltaire a ɔkyerɛwee sɛ na “ɛnyɛ kronkron anaasɛ Roman anaasɛ ahemman bio” no nsɛm no bɛfataa no yiye wɔ n’abakɔsɛm bere yi mu. Akyiri yi wɔ 1806 mu bere a na anyin yiye na biribiara nni hɔ a wɔde bɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔhotefo no “akokoaa kronkron” no wui. Wɔ 1871 mu no, wɔkyekyee bio wɔ Reich (German asɛmfua ma “ahemman”) a ɛto so Abien no bere so nanso wɔ ɛno akyi nea annu mfe 50 no, ɛhwee ase wɔ 1918 mu. Na wɔ 1933 mu no, Adolf Hitler Reich a ɛto so Abiɛsa no tuu aprenten faa Europa nyinaa a nea ɛbae ara ne sɛ awiei no edii nkogu wɔ 1945 mu wɔ Berlin amanfo so.
German Nkɛntɛnso wɔ Atɔe Fãm
Germanfo nhoma Meyers Illustrierte Weltgeschichte (Meyer Wiase Abakɔsɛm a Wɔayɛ no Mfonini) no frɛ “adum abiɛsa a na Europa Mfinimfini Mmere no gyina so no sɛ . . . asɔfo ho nkae ade agyapade no wɔ beae a wɔyɛ wɔ Rome wɔ ne nna a edi akyiri no mu, Kristosom ne nea edi akyiri no atetesɛm a Germanfo nya fii wɔn nenanom nkyɛn.” German ɔkyerɛwfo Emil Nack resi nokware a eyi yɛ no so dua no, ɔka sɛ: “Wɔtoaa so dii tete Germanfo afahyɛ ahorow no te sɛ Kristofo nnapɔnna esiane nea na Paapa George Ɔkɛseɛ no aka nti, asɔre no danee abosonsomfo afahyɛ pii yɛɛ no Kristofo de.”
Na nyamesom afahyɛ ahorow a wodii yi nkyerɛ sɛ nyamesom ho adwene a emu dɔ wɔ Germanfo no mu. Andreas Heusler, Germanfo nyamesom ho nsɛm kyerɛwfo panyin bi a wawu ka sɛ na ɛyɛ nyamesom bi a “ɛmmara ade titiriw biara na ɛnhwehwɛ biribiara a ɛyɛ den, a nea wɔde ka ho ne ayɛsɛm mu nneyɛe ahorow. Na wobu obi a ɔbɔ n’afɔre ahorow, otua n’asɔrefi tow, ommu asɔrefi no animtiaa na onni anyame no ho fɛw no sɛ ɔyɛ onipa kronkron.” Ɔde ba awiei sɛ: “Na ɛnyɛ nyamesom ho mmɔdenbɔ. . . . Germanni asetra kwan nnyina ne nyamesom so.”
Ɛwom sɛ na tete Germanfo no wɔ gyidi wɔ anyame no mu de, nanso wɔtee nka sɛ tumi bi a ɛkorɔn ankasa bi wɔ hɔ, nea ɛbɔɔ anyame no. Ɔkyerɛwfo Nack kyerɛkyerɛ mu sɛ na eyi ne “nkrabea tumi” a ɔka sɛ na “afɔrebɔ anaasɛ mpaebɔ ntumi nsakra no” no. Nanso, na wommu nkrabea sɛ “ɛnyɛ ne nneɛma kɛkɛ” esiane sɛ na abɔde mmara na ɛde yɛ adwuma nti. Enti na wobu sɛ onipa “de ne ho, na ɔnyɛ akoa.”
Na Germanfo nyamesom fi abɔde mu. Wɔbɔɔ afɔre ahorow wɔ baguam, nnua ase ne wuram. Germanfo ayɛsɛm biako ka odupɔn bi a wɔfrɛ no Yggdrasill a anyame no hyiam wɔ ase da biara da no ho asɛm. Encyclopedia of Religion ka ho asɛm sɛ: “[Enyin kɔ] wim, na n’abãã no trɛw fa wiase nyinaa. . . . Wɔyɛ dua no sɛnkyerɛnne . . . ho mfonini wɔ atetesɛm afoforo mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ tete Babilon no na wɔka sɛ odupɔn Kiskanu nyinii wɔ kronkronbea bi. . . . Wɔ tete India no na wɔde dua bi a wɔasi ne ti ase na ɛyɛ amansan no ho sɛnkyerɛnne . . . [Nanso] adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yudafo ne Kristofo som mu adwene wɔ Yggdrasill adwene no mu.”
Esiane eyi nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔ aman a Germanfo nyamesom anya wɔn so nkɛntɛnso denneennen mu no, mpɛn pii no nnipa no kyerɛ sɛ biribiara gyina nkrabea so, wɔn ani nnye nyamesom ho pii na wɔtaa ka sɛ: ‘Abɔde no ne me nyame!’ Afei nso ɛma yɛte nea enti a Germanfo nyamesom mu abosonsomfo amanne ahorow a wɔde baa Kristoman mu no yɛ nea ɛfa abɔde ho no ase. Bronyadi mu amanne ahorow te sɛ akanea ne nyankonnuru a wɔde di dwuma, Yule gyentia a wɔsɔ anaasɛ Bronya dua a wosi no yɛ eyi ho nhwɛso ketewaa bi.
Yɛnhwɛ Apuei Fãm Kakra
Asomdwoe nni Apuei fãm asɔre no a bere nyinaa ɛne Atɔe fãm asɔre no wɔ ntawntawdi no nso mu, sɛnea nyamesom mu mfonini a wɔkasa tia ho akasakasa yɛ ho nhwɛso no. Nyamesom mu mfonini ahorow a ɛsono no wɔ ahoni ahorow abiɛsa, te sɛ nea ɛwɔ Atɔe fãm asɔre no mu no, yɛ nyamesom mu ahoni anaasɛ mfonini ahorow a wɔayɛ agu biribi a ɛyɛ tratraa so, a nea wɔama so nso ka ho. Ɛtaa yɛ Kristo, Maria anaasɛ “ɔhotefo bi” ho mfonini. Ɛbɛyɛɛ nea egyee din pii wɔ Apuei fam araa ma sɛnea John S. Strong a na ɔwɔ Bates College kaa ho asɛm no “wobuu no sɛ ɛyɛ wɔn a egyina hɔ ma wɔn no ankasa, [na] . . . enti wosusuwii sɛ tumi kronkron a wɔde yɛ anwonwade ahorow wom.” Nanso, wɔ afeha a ɛto so awotwe no mfiase no, Byzantine Ɔhempɔn Leo III barae sɛ wɔmmfa nni dwuma bio. 843 Y.B. mu ansa na ntawtawdi no baa awiei, efi saa bere no wɔpenee so sɛ wɔmfa nyamesom mu mfonini ahorow nni dwuma wɔ Apuei asɔre no mu.
Mpaapaemu a ɛwɔ Apuei fãm no ho nhwɛso foforo fi Misraim. Bere a Katolekfo a wɔwɔ Misraim mu binom de Coptic kasa di dwuma no, afoforo de Hela na edi dwuma, kasa ahorow abien mufo yi adwene nhyia wɔ sɛnea na Kristo su te no ho. Ɛwom sɛ Byzantine mpanyimfo nnye tom de, nanso eyi na ɛde asɔre a emu akyɛ abien no bae. Bere nyinaa no, emu biara bɔ mmɔden sɛ ɛbɛma n’asɔfo mpanyimfo no mu biako anya Alexandria agya panyin dibea no.
Ɛnnɛ, Apuei fãm asɔre no da so ara yɛ nea emu akyɛ abien. Sɛ nhwɛso no, Apuei fam asɔre binom a wɔfrɛ no Uniates no hyɛ Roma Paapa no ase. Apuei fam Otodoks no ne nea wɔfrɛ no Apuei fãm asɔre nketewa no nhyɛ n’ase.
Te Sɛ Ogya Akɛtɛ
Anglican asɔre muni Waddams ka sɛ bere tenten ansa na Roman a na ɛnyɛ ahemman na ɛho ntew no baa awiei no, “na wɔde ɔtan a Kristofo wɔ ma Kristofo afoforo a na atra hɔ akyɛ no ahyɛ Kristofo a na wɔwɔ Apuei fãm no komam tɔnn.” Nokwarem no, bɔne a ɛne “Kristoni” a ɔtan “Kristoni” no, sɛ wɔyɛɛ no sum ase mpo a, ɛso ankata wɔ ɔsoro, mmom no na ɛda adi te sɛ ogya akɛtɛ.
Afei bio, Kristoman bɔne a ɛne ne fi a emu akyekyɛ no so ankata wɔ asase so. Sɛ nhwɛso no, ɔsɔfo Waddams ka sɛ Arabni bi a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so ason Y.B. mu a na “esiane n’akwantu ahorow ne nnipa a wɔbɛn no no nti onim Kristosom ho nsɛm pii no” ani annye “ntawntawdi a ohui sɛ na ɛwɔ Kristofo mu no ho.” Na saa ɔbarima yi hwehwɛɛ ɔkwan a eye sen Kristoman a biakoyɛ nni mu no. So ohui anaa? Ɛnnɛ wɔ 1990 mu no, nnipa a wɔwɔ wiase mu nkyem 17 rebɔ ne kwan yi ho dawuru. Wɔbɛma nea na saa ɔbarima no yɛ ne sɛnea ɔtee nka wɔ “Ahobrɛase a wɔbɛyɛ ama Onyankopɔn Apɛdeyɛ” no ho mmuae wɔ asɛm foforo a ɛbɛba mu.
[Asase mfoni a ɛwɔ kratafa 24]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
Bere a Roman Ahemman no hwee ase (476 Y.B. mu) no, asɔfo mpanyin asia kyekyɛɛ Kristoman mu—Rome, Constantinople, Antioch, Alexandria, Jerusalem ne Salamis (Cyprus)
Rome
Constantinople
Antioch
Salamis
Jerusalem
Alexandria
[Kratafa 23 mfoni]
Yesu ne Maria ho mfonini onyamesom mu mfonini
[Asɛm Fibea]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.