So Ɛsɛ Sɛ Wusiw Nwansi Kwan?
ƐTƆ DA bi a yɛn nyinaa bɔ mmɔden biara sɛ yebesiw nwansi bi kwan. Ebia ná ɛyɛ yɛn ayeforohyia, bere a yegyina hɔ a yɛrebɛka ntam no. Anaasɛ ebia ɛbɛyɛ nhyiam bi anaasɛ tebea foforo a ɛyɛ aniberesɛm, te sɛ ayi bi mpo ase.
Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a nwansi a ɛba ɔkwan pa so no yɛ ahomeka pii, na akyiri no wɔte abotɔyam ne ahotɔ nka. Nanso asɛnnennen no ne sɛnea wobedi nwansi a wɔnhwɛ kwan no ho dwuma.
Nwansi nyinaa nyɛ pɛ. Nnipa bi de yɛ nea wobetumi afrɛ no anigye nwansi, ano yɛ den yiye na ɛkɔ akyiri. Afoforo de ano yɛ mmerɛw. Afei nea ɛyɛ ntoatoaso wɔ hɔ: nwansi abiɛsa, anan, anum, a ɛtoatoa so. Ankorankoro bi wɔ hɔ a sɛ wɔnnae a, wotumi nwansi wɔ anibu anaa simma kakraa biara ntam nnɔnhwerew, nna, adapɛn anaa asram dodow bi mpo.
Dɛn na ɛma yɛwansi? So ɔkwan a eye bi wɔ hɔ a wɔfa so siw nwansi kwan? So asiane wɔ nwansi a wosiw kwan bere a afi ase no mu? Na so wobetumi afa akwan bi so akwati nwansi?
Nea Ɛde Nwansi Ba
Ɛkame ayɛ sɛ obiara nwansi bere ne bere mu—mpanyimfo ne mmofra, wɔn a wɔanyin ne nkokoaa nyinaa. Mmoa mpo tumi nwansi. Ɛtaa ba sɛ biribi na ɛde ba (te sɛ tutuw anaasɛ nhwiren mu tutuw) a ɛdɔ hwene mu. Nanso yɛn nkate ahorow nso betumi ama yɛawansi. Awia hann mpo tumi ma yɛn mu binom nwansi. Nea enti a eyi te saa ne sɛ aniwa no ne hwene mu ntini ahorow no bɛn ho yiye.
Ntini ahorow a ɛwɔ nkate kɛse no de ehua nka a ate no kɔ adwene no mu. Afei ɛma hwene mu ba nsu a ɛbɛboa ma ayi hua a wɔmpɛ no. Adwene no nso kanyan ahrawa no ma ɛtwe mframa pii, afei ɛkanyan hama a kasa fa mu no ma esiw mframa no kwan na ampue. Ɛma mfe ne yafunu no yeyere na ɛnam saayɛ so mia mframa no so hyɛ ahrawa no mu. Awiei koraa no ɛma hama a kasa fa mu no ma kwan, na mframa a wɔamia so ahyɛ ahrawa no mu no pue ahoɔden so na ɛtaa yi tutuw no a nsu ka ho no. Eyinom nyinaa kɔ so a wunim ho hwee na ɛyɛ ntɛmntɛm sen bere a wɔde bɛkenkan ho asɛm yi awie.
Ɛtaa ba sɛ nwansi a ɛba ntoatoaso no yɛ ɔpakum ho sɛnkyerɛnne. Tutuw a efi afifide mu na ɛde ba, na ɛwom sɛ edin sare mu atiridii a wotumi frɛ no no kyerɛ sɛ sare a wɔadɔw no foforo na ɛde ba de nanso ɛnyɛ bere nyinaa na eyi te saa. Wɔn a ɛka wɔn no betumi ayɛ wɔn a tutuw ahorow pii mpɛ wɔn ho, anaasɛ ebetumi ayɛ biako pɛ. Enti ɛnyɛ den sɛ wɔbɛte nea enti a wɔn a ɔpakum taa bɔ wɔn no mpɛ ɔpɛ mmere a mframa a ano yɛ den bɔ nna pii no ase. Sɛ tutuw no kɔ hwene no mu pii na nwansi no fi ase ara pɛ a, tutuw a anka entumi nhaw onii no mpo ma ɔwansi.
Ɛsɛ sɛ Wosusuw Afoforo Ho
Sɛ ɔpakum bɔ obi na ne hwenem siw a, nwansi betumi ama ne ho asan no. Sɛ ɔhem wɔ ɔkwan yi so a, ɛma otumi home kakra. Nanso sɛ wɔantwitwiw hwennɔre no so a ɛka afoforo a wɔbɛn hɔ no dɛn?
Nnuruyɛfo nya ntee sɛnea ɔpakum tumi san afoforo no ase nwiei ɛ. Nanso wɔka sɛ ɔpakum betumi abɔ obi denam hwennɔre mu mmoawa a wɔafra mframa mu a ɔbɛhome no so. Eyi betumi aba saa titiriw wɔ ɔdan a emu yɛ hiahiaa a ɔhyew wom anaasɛ keteke anaa bɔs a mframa nni mu pii no mu. Wogye di sɛ nwansi tumi de nyarewa afoforo te sɛ influensa, ntoburo, akɔmmew, emu yare, samanwaw ne nkɔnkɔn san afoforo.
Nwansi ho nhwehwɛmu da no adi sɛ nsu a mmoawa wom fi hwene ne anom na ne mmirika ano den boro akwansin 100 dɔnhwerew biara na sɛ epue a etumi trɛw bɛyɛ anammɔn 12. Nsu no bi tra mframa mu ma nkurɔfo home.
So Wobetumi Asiw Nwansi Kwan?
Wɔasɔ akwan horow a ɛsono sɛnea emu biara tumi boa ahwɛ. Ebinom ka sɛ wɔnam wɔn anofafa soro de no so wɔ hwene no ase pɛɛ a wɔde wɔn nsateaa mia hɔ dennennen no so siw “nwansi” kwan. Wɔka sɛ ɛhɔ a womia no siw ntini ahorow a ɛma wɔnwansi no mu bi kwan. Akwan no mu biako ne sɛ wote sɛ nwansi adɔ wo a, nwansi gu dukuu mu.
Ɛtɔ da bi a ade a wɔtwe kɔ tirim te sɛ ebia nsuhyew so huhuro mpo tumi brɛ nwansi a ɛba pii anaasɛ ɛyɛ ɔyare no ase. Eyi nti na sɛ wɔn a ɔpakum abɔ wɔn no mu binom guare nsuhyew anaasɛ woguare wɔ ɔdan a huhuro pii wom mu a wɔn ho tɔ wɔn kakra no.
Wɔahyɛ akwan horow pii ho nyansa wɔ mfe no mu, emu bi wɔ hɔ a eye, afoforo yɛ nea ntease nni mu. Wɔasɔ nku a aduru a ɛmma wɔnte ɛyaw nka wom a wɔde yɛ hwene mu ahwɛ na atumi aboa kakra. Afoforo nso ne nnuru a enya adwene so nkɛntɛnso, paane a wɔbɔ, nnuru a wɔsono, nnufuaw, dudo, adwenem a wɔhwehwɛ, aduru a ano yɛ hyew a wɔsono ne alatagyeene anaasɛ horseradish (nnuadewa nketenkete kɔkɔɔ bi) a wohuam tie. Nyansahyɛ a ntease nnim no fi ntama mu hama a wɔde to hwene no so kosi obi ti a ɔde si fam na ɔkenkan nkyerɛwde ahorow no san n’akyi, anaasɛ prakonam a ɔde sra n’anim so.
Hyɛ kɔkɔbɔ yi nsow: Ɛnyɛ bere nyinaa na eye sɛ wosiw nwansi kwan. Nwansi a emu yɛ den a wosiw kwan pintinn no tumi ma ahwempɔn na ebetumi ama yare mmoawa no akɔ ntini no mu na ama wɔanya ɔyare. Etumi bu hwenem dompe, na etumi ma asom dompe mu huan.
“Nkwa!”
Wɔ nsase horow pii so no, ɛyɛ amanne sɛ sɛ obi nwansi a ɛsɛ sɛ nea ɔbɛn hɔ no ka sɛ “nkwa.” Amanne yi fii ase wɔ he?
Nhoma How Did It Begin? a R. Brash kyerɛwee no ka sɛ, ná tetefo bi gye di sɛ sɛ obi nwansi a ná ɔrebewu. Brash de ka ho sɛ: “Ná osuro yi gyina adwene a ɛnteɛ nanso ná nnipa pii gye di so. Ná wobu onipa kra sɛ ɛno ne nkwa no ankasa. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ awufo nhome no ma wonyaa adwene a ɛnteɛ a ɛne sɛ ne kra no yɛ ahome. . . . Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ efi tete na nnipa de ntease ne ɔpɛ a emu yɛ den gye nwansi so sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn bɛboa nea ɔnwansi no na wabɔ ne nkwa ho ban. Wɔ mfinimfini mmere no mu no, ɛyɛɛ te sɛ nea werɛ afi amanne yi tete mfitiase no esiane sɛ Paapa Gregory Ɔkɛseɛ no de asɛm a wɔka sɛ Onyankopɔn nhyira wo a wɔka kyerɛ obi a ɔnwansi no bae nti.”
Yɛsrɛ Wo Kae Wo Dukuu
Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ wɔde nwansi di nsɛmmɔne. Yiw, nsɛmmɔnedifo ahu ɔkwan a wɔnam so de nwansi di dwuma wɔ akwammɔne so. Bɛyɛ sɛ mfe ɔha ni no, na wɔfrɛ awifo bi a ná wɔwɔ Engyresi Aburokyiri sɛ nwansifo. Wɔtow asra gu ɔhɔho ani so. Afei, bere a ogu so renwansi a n’ani nna hɔ no, awifo no wia ne ho nneɛma.
Yɛn mu pii wɔ hɔ a asra a wɔde begu yɛn ani so no remma yɛnwansi da. Nanso sɛ ɛyɛ mpofirim nwansi anaasɛ nea ɛtra hɔ kyɛ no, bere nyinaa onyansafo de dukuu anaa biribi bɛkata ne hwene ne n’ano. Ɛnyɛ sɛ eyi yɛ su pa nko na mmom ɛyɛ adeyɛ a nyansa wom nso. Ɛbɔ afoforo a wɔn ani nna wɔn ho so no ho ban fi ɔyare mmoawa a wɔhem gu mframa mu a wɔbɛhome no ho. Ɔyɔnkodɔ nso hwehwɛ sɛ yɛbɔ afoforo ho ban fi nyarewa ho denam nea yebetumi biara a yɛbɛyɛ de abrɛ ɔyare mmoawa a nnipa afoforo benya bi no ase no so.
Ebia ɛrenyɛ nea nyansa wom anaasɛ ɛnyɛ yiye sɛ yebesiw nwansi kwan. Nanso hwɛ sɛnea afoforo ani begye wɔn ho a wubesusuw—dukuu a wode bedi dwuma no ho—na wode asiw saa nwansi no kwan!