Gyidihunu Atrɛw Adu He Nnɛ?
ƐWƆ baabiara—adwuma mu, sukuu mu, kar mu, ne mmɔnten so. Sɛ wonwansi a, nnipa a wunnim wɔn da, a wɔretwam kɛkɛ no ka sɛ: “Onyankopɔn mma wo nkwa” anaa wɔka no tiawa sɛ “Nkwa.” Wɔka nsɛm a ɛte saa ara wɔ kasa pii mu. Wɔka wɔ Germanfo kasa mu sɛ “Gesundheit.” Arabfo ka sɛ “Yarhamak Allah,” na South Pacific Polynesiafo binom ka sɛ “Tihei mauri ora.”
Esiane sɛ wɔka sɛ ɛyɛ amanne kwan so adeyɛ bi ara kwa no nti, ebia wunsusuw nea enti a afoforo keka nsɛm a ɛtete saa no ho nkɔɔ akyiri. Nanso asɛm a ɛte saa no yɛ gyidihunu. Moira Smith, a ɔyɛ nhoma so hwɛfo wɔ Amammerɛ Ho Adesuabea a ɛwɔ Indiana Sukuupɔn a ɛwɔ Bloomington, Indiana, U.S.A., no ka wɔ asɛm no ho sɛ: “Efi adwene a ɛne sɛ worepam wo kra afi wo mu no.” Enti, sɛ wɔka sɛ “Onyankopɔn mma wo nkwa” a, na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nsan mfa wo kra nhyɛ wo mu.
Nokwarem no, ebia nnipa pii ne wo bɛyɛ adwene sɛ, nyansa biara nnim sɛ wɔbɛka sɛ ɔkra no fi wo mu bere a woanwansi no. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ, Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary no ka gyidihunu ho asɛm sɛ “gyidi anaa biribi a obi yɛ esiane nimdeɛ a onni, daakye ho suro a ɔwɔ, ntafowayi anaa akraye a ɔde ne ho to so anaasɛ nea enti a biribi si ho adwene a ɛnteɛ a okura.”
Ɛnyɛ nwonwa sɛ afeha a ɛto so 17 mu oduruyɛfo frɛɛ ne bere so gyidihunu sɛ “mfomso a mpapahwekwa a wonni nimdeɛ da no adi.” Enti, bere a adesamma nyaa nkɔanim wɔ nyansahu mu na wɔhyɛnee afeha 20 mu no, The Encyclopedia Britannica a wɔyɛɛ no 1910 mu no kaa no pen sɛ, bere bi bɛba a, “nnipa ani bebue na wɔayi gyidihunu biara afi asetra mu.”
Ɛwɔ Hɔ Nnɛ Te sɛ Kan no Ara
Anidaso a na afoforo kura bɛyɛ mfeha awotwe a atwam ni mu no amma mu, efisɛ ɛkame ayɛ sɛ gyidihunu wɔ hɔ nnɛ te sɛ kan no ara. Gyidihunu atra hɔ akyɛ. Wonyaa asɛmfua “gyidihunu” no fii Latin asɛm super, a ɛkyerɛ “atifi,” ne stare a ɛkyerɛ “sɛ biribi gyina” no mu. Enti, na wɔfrɛ akofo a wɔanya wɔn ti adidi mu no superstites esiane sɛ na wɔadi wɔn atamfo so nkonim, kyerɛ sɛ “wɔasɔre agyina” wɔn atifi no nti. Superstitions nhoma no ka faako a wonyaa asɛm no fii ho asɛm sɛ: “Gyidihunu a ɛda so ara wɔ hɔ no akɔ so atra hɔ ɛmfa ho mmɔden a afoforo bɔe wɔ mmere ahorow mu sɛ wobeyi afi hɔ no.” Susuw gyidihunu a ɛwɔ hɔ no ho nhwɛso kakraa bi ho hwɛ.
◻ Bere a Asia kuropɔn bi mu amrado wui mpofirim akyi no, ne fie hɔ dwumayɛni bi a ne bra asɛe hyɛɛ amrado foforo a na ɔrebedi ade no nkuran ma okohuu obi a waben wɔ ahonhomsɛm mu, na ɔkyerɛɛ no nneɛma a ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ ofie no mu ne ɛho nyinaa. Odwumayɛni no tee nka sɛ nsakrae a ɔbɛyɛ no beyi mmusu biara afi hɔ.
◻ United States adwuma bi a enya mfaso dɔla ɔpepem pii no titirani no wɔ ɔbo titiriw bi a ɛhyɛ ne ho bere nyinaa. Efi bere a n’aguade ho dawurubɔ mu ɔyɛkyerɛ a edi kan no tuu mpɔn no, sɛ ɔrekɔ baabiara a ɔde hyɛ ne ho.
◻ Asia adwuma mu mpanyimfo taa kohu adebisafo ansa na wɔapene nsusuwii biara a ɛfa wɔn adwuma ho so.
◻ Ɛwom sɛ mmirikatufo bi sɔn ne ho na ɔteɛteɛ n’apɔw mu denneennen de, nanso sɛ odi nkonim a ɔka sɛ efi atade pɔtee bi a ɔhyɛe. Enti ɔtaa hyɛ—a ɔnhoro—bere foforo biara a ɔde ne ho hyɛ akansi mu no.
◻ Sukuuni bi wɔ pɛn pɔtee bi a ɔde yɛ sɔhwɛ na ama watumi abɔ mmɔden kɛse wɔ sɔhwɛ mu. Ɛno akyi no, obu saa pɛn no sɛ ‘nea ɛboa no ma esi no yiye.’
◻ Sɛ ɔbea rehyia ayeforo a, ɔde ahwɛyiye pam n’atade no sɛnea ɛbɛyɛ a “ade dada, ade mono, nea wabɔ no mmɔkwaa ne biribi bruu bɛba mu.”
◻ Obi bue Bible mu na ɔkenkan kyerɛwsɛm biara a n’ani bɛbɔ so kan a, ogye di sɛ saa nsɛm no bɛma wanya akwankyerɛ a ohia saa bere no.
◻ Sɛ jumbo wimhyɛn rebetu a, nnipa pii a wɔtete mu no de wɔn nsa yɛ mmeamudua sɛnkyerɛnne no wɔ wɔn moma so. Sɛ wimhyɛn no tu a, afoforo nso few “Ɔhoteni” Christopher mfonini a wɔde kɔbere ayɛ no ano.
Nokwarem no, ɛnnɛ mpo gyidihunu atrɛw paa. Ampa, Staurt A. Vyse, a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Connecticut Kɔlege mu no kae wɔ ne nhoma Believing in Magic—The Psychology of Superstition mu sɛ: “Ɛwom sɛ yɛte wiase a anya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu mu de, nanso gyidihunu atrɛw nnɛ te sɛ kan no ara.”
Gyidihunu anya nnyinaso kɛse nnɛ ma mmɔden biara a wɔbɔ sɛ wobetu ase no ntumi nyɛ yiye. Dɛn nti na ɛte saa?