Kraknom A Wontumi Nnyae—Basabasayɛ Pii A Ɛde Ba
KRAK yɛ kokaine bi a ɛbow yiye na ne nom gyae yɛ den a sɛ ɔhyew gyina mu bere a wɔrekyew anaasɛ wɔrenom a sɛnea egyigye nti na wɔato din saa. Sɛnea nnuru nya adwene ne nneyɛe so tumi ho ɔdenimfo bi frɛ no “aduru a wontumi nnyae nom sen biara a onipa nim nnɛ. Ɛkame ayɛ sɛ ne nom a wontumi nnyae no ba amonom.” Polisini panyin bi frɛ no “adubɔne a ɛsen biara.Obiara nni hɔ a ɔnom krak kokaine bere ne bere mu de gye n’ani ara kwa.
Esiane sɛ krak kokaine yɛ ade a wɔnom nkutoo na wɔmfa mfa ntini mu anaasɛ wɔnsom nti, wɔn a wɔnom a anka kan wosuro sɛ wobenya AIDS afi panee a ɔyare no mmoawa wom mu no ahu sɛ krak “ye” wɔ akwan horow abiɛsa so—ɛnyɛ “asiane” kɛse, ano yɛ den yiye, na ne wusiw no bow ntɛmntɛm. “Ɛkɔ tirim tee.” Obi a anka ɔnom bi ka sɛ: “Ɛbow ntɛmntɛm. Ɛte sɛ nea w’apampam retu.” Ne bow no tra hɔ fi simma 5 kosi 12 pɛ de, nanso ɛkame ayɛ sɛ bere nyinaa ɛma wɔn a wɔnom no yɛ basaa wɔ ne nom akyi, ɛma wɔn bo fuw ntɛmntɛm, wɔhaw, wɔn ho wosow, anaasɛ biribiara yɛ wɔn ahi bere nyinaa, na ɛma wɔn kɔn dɔ krak no pii. Oduruyɛfo Arnold Washton, ɔpanyin a ɔwɔ Regent Nnubɔne Ayaresabea wɔ New York no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Asiane titiriw a ɛwɔ krak mu ne sɛ, wɔ nna kosi adapɛn kakraa ntam no ebetumi anya w’adwene—ne w’asetra so nkɛntɛnso.”
Kraknom a wontumi nnyae no retrɛw te sɛ nsanyare wɔ wiase afã horow pii. Titiriw wɔ United States no, ɛkame ayɛ sɛ nnipa horow nyinaa nom bi—asikafo, ahiafo, wɔn a wodi yiye, wɔn a wɔwɔ adwuma pa, sen Canada, England ne wɔ Europa aman horow so. Esiane sɛ ɛwɔ hɔ pii na ne nya nyɛ den na ɛma wonya anigye nti, bere biara ɛho hia. Wɔhwehwɛ nnipa afoforo a wɔbɛyɛ ho adwuma ne wɔn a wɔbɛnom no wɔ mmɔnten so, sukuu ne adwuma mu. Mmea tumi nom na wɔ mmeae bi no, wɔdɔɔso sen mmarima a wɔnom no. Mmofra nketewa—wɔn a wonnii mfe dumiɛnsa—a wɔhwehwɛ nneɛma a ɛma wonya anigye ntɛmntɛm a wontumi mpow nnubɔne no na wɔn a wɔyɛ ho adwuma no nsa ka wɔn ntɛm—ɛtaa yɛ wɔn ankasa nuanom anaasɛ abusua mufo afoforo anaasɛ nnamfo a wɔsen biara.
Ne Nom De Nsɛmmɔnedi Ba
August 1, 1989 Wall Street Journal bɔɔ amanneɛ sɛ: “Krak betumi ama nea ɔnom no adi nsɛmmɔne asen adubɔne biara. “Atesɛm krataa no kae sɛ: “Wɔ Boston [U.S.A.] fã bi no, nnansa yi ara ɛna kumaa bi a ɔnom krak yiye de ne ba dwiraa ɔfasu dennen ma abofra no kɔn mu bui na owui.” Wɔka sɛ ɛna no fi “abusua a emufo di wɔn ho nni” mu.
Esiane subammɔne a wɔn a wɔnom krak tumi nya nti, nnipa su ho adenimfo ne nhwehwɛmufo a wɔyɛ mmofra ayaresafo gye di sɛ aduru no rema mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade anya nkɔanim pii. Sɛ ɛna a wabow krak hwɛ ne ba a ɔkyerɛ ne ho na osu a, ne bo tumi fuw. Nhwehwɛmuni bi kae sɛ: “Sɛ woabow kokaine na wo bo afuw anaasɛ woahaw a, enye sɛ wobɛma abofra abɛn wo. Dɛn na wobɛyɛ saa abofra no? Nokwarem no, wobɛyɛ nea ɛnsɛ sɛ woyɛ no.”
Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, nea ɛtaa fi mu ba yɛ awudi. Yɛtaa kenkan anaasɛ yɛte sɛ mmofra a wɔnom krak kunkum wɔn awofo anaasɛ wɔn nananom a wɔte wɔn nkyɛn esiane sɛ wɔamma wɔn sika ankɔtɔ krak anaasɛ esiane sɛ wɔahu sɛ wɔnom krak nti. New York polisifo ka sɛ mmofra a ɛkame ayɛ sɛ krak ama wɔabɔ dam no di nsɛmmɔne pii.
Nanso, kurow mu mmɔnten so na wodi nsɛmmɔne no mu akɛse ne nea ɛyɛ hu. Esiane sɛ sika a wonya fi kraktɔn mu no dɔɔso efisɛ wɔn a wɔnom no yɛ pii bere nyinaa nti, wɔn a wɔtɔn no te nka sɛ, sɛ wokum obi wɔ ho koraa a ɛnyɛ hwee. Wɔfa ɛnnɛyi akode ahorow—atuo a ɛtow ntɛmntɛm, asraafo atuo, atuo a ɛtow brɛoo, ntade a aboba ntumi mfa mu—na wokyinkyin wɔn nsasesin mu hwehwɛ mmofra a wɔne wɔn di gua na wɔde wɔn ayɛ sɛnnahɔ ama wɔn a wowia wɔn adetɔfo anaasɛ wɔn a wommu akontaa yiye no.
Atɔnfo no asiesie wɔn ho na wɔayɛ krado sɛ wɔde mogyahwiegu bedi wɔn adwuma no mu akameakame ahorow no ho dwuma. Ɔyarehwɛfo panyin bi kae sɛ: “Sɛ wɔtow obi nan tuo anaasɛ wɔde sekan wɔ ne nsa mu a, na ɛyɛ kɔkɔ a wɔbɔ abofra a wawia aduru no tɔnfo a ɔne no yɛ adwuma no sika anaa n’aduru no bi. Sɛ wɔtow abofra bi tirim anaasɛ ne kokom tuo a, na wɔpɛ sɛ wokum no.”
Nnipa su ho ɔdenimfo a ɔwɔ New York no kae sɛ: “Afei awudi no ayɛ hu pii. Sɛ wobekum obi ara kwa no nnɔɔso. Wɔsɛe nipadua no. Aboba abien pɛ bekum no, enti tow no mpɛn asia. Tetew no, anaasɛ yɛ no biribi foforo.” Polisini panyin bi a ɔwɔ osuahu kae sɛ: “Mmofra ɔpepem pii wɔ hɔ a nea wonim yɛ ara ne akodi. Wonnsuro polisifo anaa afiasenna anaasɛ owu,” na afoforo a wonnim asɛm no ho hwee a wogyina wɔn baabi kwa a aboba bɛka wɔn wɔ atuo totow mu no nkwa ho nhia wɔn. Time nsɛmma nhoma bɔ amanneɛ sɛ nnipa 378 a wokunkum wɔn wɔ Los Angeles wɔ afe biako mu no fã yɛ wɔn a wonnim asɛm no ho hwee.
Sika Kɔnmuade, Aboɔden Car
Esiane nsɛmmɔnedi a krak a wontumi nnyae nom no de ba nti, mmofra a wɔtɔn krak ntumi nhu sɛ wɔbɛkɔ so atra nkwa mu. Nokwarem no, wonnyin na wowu. Wɔde “medi dɛw ansa na m’awu” ayɛ wɔn botae. Ɛno ara na wɔn mu pii reyɛ. Detroit nnubɔne adwuma mu panyin biako kae sɛ: “Da biara da sɛ wokɔ sukuu mu a, wubehu Mercedes ne Jeep ne Cadillacs ne Volvo afoforo. Car ahorow yi yɛ mmofra no de, ɛnyɛ wɔn awofo dea.” Mmofra a wonnyinii sɛnea wobetumi aka car no bɔ afoforo paa ma wɔka ma wɔn. Afoforo wia wɔn ho ka a wonni afirikafo tumi krataa. Wotumi yi sika ankasa de tua wɔn car no ho ka. Sɛ wonya akwanhyia a, wogyaw car no hɔ guan kɔ.
Ɔkyerɛkyerɛfo biako kae sɛ: “Mmofra no hyɛ ntade a ne bo bɛyɛ $2,000 da biara da.” Ɔkae sɛ “Mmofra no mu pii hyɛ mmoa nhoma ntade ne sika kɔnmuade akɛse.” May 9, 1988 Time nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Sika kɔkɔɔ yɛ ade a nkuropɔn mu mmofra ani gye ho yiye. Sika kɔnmuade akɛse a ne bo bɛyɛ $20,000 ne botae titiriw no.” Aguadifo no tua wɔn adwumayɛfo a wonnyinii no ka yiye. Sɛ nhwɛso no, mmofra a wɔadi mfe akron ne du a wɔde polisifo ho kɔkɔbɔ ma aguadifo no nya $100 da biara da. Nea edi hɔ ne ɔsoafo, obi a ɔde aduru no fi beae a wɔyɛ kɔma nea ɔtɔn no, adwuma a ebetumi ama wanya $300 da biara da. Ɔwɛnfo ne ɔsoafo no nyinaa bɔ mmɔden sɛ wobedu wɔn botae no ho—wɔbɛyɛ wɔn a wɔtɔn bi. So wugye di sɛ obi a onnii mfe aduonu, a ebia ɔnkɔɔ sukuu ahe biara no betumi anya $3,000 da biara da? Nokwarem no, sika no sõ nanso ɛnkyɛ.
Ɛtaa ba sɛ krak a mmofra tɔn no te sɛ nkrante anofanu. Wɔ ɔfã biako no, wɔtɔn nnubɔne a ebetumi akum wɔn a wɔnom no na ɛsan de nsɛmmɔnedi a ɛtaa ma wɔn ankasa ho ka mu ba. Wɔ fã foforo no, ɛtaa ba sɛ awofo hyɛ wɔn mma nkuran sɛ wɔntɔn krak. Mpɛn pii no krak tɔnfo kumaa yi na ɔbɔ abusua no akɔnhamma, ɔde ne mfaso no mu fa kɛse hwɛ abusua a wodi hia no. Sɛ awofo no anni tebea no ho dwuma a, na wɔboa bɔne.
Nea enye koraa ne sɛ ɔdɔ a ɛnã nya ma krak no boro nea ɔwɔ ma ne mma, a nea ɔnyem no no ka ho. Hwɛ nea ɛde ba nea wɔnwoo no no so wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Kratafa 5 adaka/mfoni]
“Krak Yɛ Agodi Foforo bi Koraa”
Esiane sɛ wɔyɛɛ krak na ama mmofra ne ahiafo ani agye ho nti, ɛte sɛ nea mfiase no na ne bo nyɛ den. Ná wɔde hyɛ rɔba ntoa nketewa mu tɔn no bɛyɛ dɔla anum kosi du. Nanso, ne bow a ano yɛ den nanso ɛnkyɛ no hwehwɛ sɛ wɔkɔ so nom bere nyinaa. Florida nnubɔne ho amanneɛbɔ adwuma bi mu panyin kae sɛ: “Krak yɛ agodi foforo bi koraa. Ɛyɛ aduru a ɛho akɔnnɔ nya nnipa so tumi kɛse sen kokaine ankasa. Esiane sɛ nnipa hwehwɛ na ano yɛ den nti ɛma wɔn a wɔnom—mpo wɔn a wɔnom nea edi kan—no nnwen hwee ho bio sɛ foforo a wobenya anom.”