Kraknom A Wontumi Nnyae—So Ano Aduru Wɔ Hɔ?
AKYINNYE biara nni ho sɛ kraknom adu akyiri yiye, na asɛnnennen no renya nkɔanim. Radio ne television bɔ asɛnnennen no ho dawuru. Atesɛm nkrataa ne nsɛmma nhoma de yɛ wɔn nsɛmti. Ayaresabea ne mmeae a wɔhwɛ apirafo hu basabasayɛ a ɛde ba no. Mmofra a ne nom a wontumi nnyae ama wɔadi dɛm ayɛ mmeae a mmaatan da wɔ ayaresabea ma. Wɔde nkokoaa a wɔaguan agyaw wɔn wɔ ayaresabea no mmom “gu” adan a wɔde nneɛma sie mu no mu.
Wɔhwɛ mmofra a wonnya nnii mfe dumiɛnsa wɔ mmeae a wɔboa wɔn a nnubɔnenom aka wɔn hɔ ma wɔagyae nom no. Ɔman yiyedi adwumayɛbea ahorow bisa nneɛma a ɛbɛma wɔadi asɛnnennen no ho dwuma. Ebinom ka sɛ wontumi nnyae nom, na afoforo mpɛ sɛ wogyae. Wɔn a wodi akyiri yi fam no awerɛhow, abasamtu, basabasayɛ ne ebia owu na wobehyia. Anidaso wɔ hɔ ma wɔn a wodi kan no.
August 24, 1989 New York Times bɔɔ amanneɛ sɛ: “Afe pɛ ni, ná wobu krak sɛ aduru foforo a wonnim no yiye, nanso ɛwɔ su atitiriw bi a ɛne sɛ ne nom ka obi hɔ a ɛkame ayɛ sɛ wonni ano aduru.” Nanso, mprempren de, nhwehwɛmufo ahu sɛ wɔ tebea a eye mu no, wobetumi ama “wɔagyae kraknom.” Oduruyɛfo Herbert Kleber a ɔyɛ William J. Bennet, U.S. nnuru adwumayɛbea panyin abadiakyiri no ka sɛ: “Wobetumi ama wɔagyae kraknom.” Ɔkae sɛ, ano aduru ne sɛ wɔbɛma wɔn a wontumi nnyae ne nom no atrae wɔ mmusua ne akuw a anka ebia wonnya mu ntra mu.” Osii so dua sɛ: “Ɛyɛ adekyerɛ mmom sen ayaresa.”
Nhwehwɛmufo ahu sɛ krak kokaine nkɛntɛnso ano aduru a etu mpɔn sen biara yɛ ahorow abiɛsa—sɛ wɔbɛtwe afi wɔn mogya mu, afotu ne ntetee pii a wɔde bɛma, ne nea ehia sen biara no ɔhwɛ pa a wobenya wɔ beae pa. Ɛnyɛ sɛ wɔbɛtwe afi mogya mu, anaasɛ wɔbɛma onipa no agyae adubɔne no nom ne asɛnnennen titiriw no. Ɛtaa ba sɛ, esiane tebea horow nti, onipa no ankasa betumi ayɛ eyi. Sika a onnya na ɔde atɔ adubɔne no na mpɛn pii ɛboa titiriw ma otumi gyae nom. Sɛ wɔbɛma watra beae a nnubɔne nni hɔ sɛ asotwe no betumi ayɛ mmoa foforo, anaasɛ ayaresabea a wɔbɛma watra no bɛma wagyae. Nanso, asɛnnennen no ankasa ne nea wɔbɛyɛ a sɛ onipa no nsa ka adubɔne no bi mpo a, ɔrennom bio.
Ɛwom sɛ wɔn a wɔnom adubɔne no binom atumi atwe wɔn ho afi krak nkɛntɛnso a ɛte sɛ mpokyerɛ no ho bere a wɔama wɔn ayaresa titiriw no de, nanso nnuruyɛfo a wɔaben ka sɛ nnipa no pii ntumi nnyae da wɔ adapɛn kakraa a edi kan no mu. Sɛ nhwɛso no, Ɔbemfo Charles P. O’Brien, adwenem hwehwɛfo a ɔwɔ Pennsylvania Sukuupɔn mu no kae sɛ wɔn a adubɔne aka wɔn hɔ a wɔde wɔn baa ne nkyɛn no baasa biara mu baanu guanee wɔ ɔsram a edi kan no mu. Nhyehyɛe afoforo nso anyɛ yiye papa.
Tebea Bɔne
Oduruyɛfo bi a wagye din a ɔwɔ ayaresabea biako bi kae sɛ: “Ebia ɛsɛ sɛ yeyi wɔn fi beae a wɔte no. Ɛsɛ sɛ woyi adubɔne no anomfo no fi wɔn a wɔnom no mu. Saa beae no yɛ awufo dan.” Nhwehwɛmufo yi ahu sɛ eyi ne ade titiriw nti a wɔn a ne nom kaa wɔn hɔ a wɔma wotumi gyae nom no mu pii san kɔnom adubɔne a ɛde wɔn yɛɛ nkoa no bio no. Ɛte sɛ nea asɛm no mu da hɔ. So ɛnyɛ tebea horow yi titiriw na ɛde wɔn kɔɔ ayaresabea? So na krak nni borɔn biara so, beae a atipɛnfo nkɛntɛnso, a mpɛn pii no efi obi ankasa abusuafo ne nnamfo hɔ na ɛma wɔtwee wɔn wusiw a edi kan fii krak abua mu no? Hena na afei ɔwɔ hɔ a ɔbɛhyɛ wɔn ayaresa nhyehyɛe no mu tra ho nkuran na ama wɔade wɔn ho afi adubɔne no kõ a emu yɛ den no ho de abɔ wɔn nkwa ankasa ho ban?
Nhyehyɛe ahorow a ɛyɛɛ yiye no sii so dua sɛ beae bɔne titiriw na ɛma onipa no kɔ so nom adubɔne no. New York Times bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔkyerɛɛ ɔyarefo no akwan horow a ɔbɛfa so atwe ne ho afi adubɔne no ho, a nea ɛka ho ne sɛ ɔbɛkwati tebea horow a ɛma onya ho akɔnnɔ no.” Krataa no kae sɛ, “borɔn a anka onipa no tɔ krak wɔ hɔ a ohu, ne toa a hwee nnim a ɛda kwankyɛn, ɛsẽ hwɛfo adwumayɛbea anaasɛ nnuru a ne hua te sɛ krak” no nyinaa yɛ nneɛma a etumi kanyan adubɔne no ho akɔnnɔ. Nhyehyɛe a etu mpɔn no sii sɛnea ehia sɛ onipa no “twa ɔne ne nnamfo ne abusuafo a wɔde nnubɔne di dwuma no abusuabɔ biara mu” no so dua. Wotuu wɔn fo sɛ wɔmfa nnamfo afoforo a wɔyɛ nnipa a wɔmmfa nnubɔne nni dwuma mmom. Afotu a nyansa wom ampa.
Wubetumi Aka Sɛ Dabi!
Nhoma Self-Destructive Behavior in Children and Adolescents ka sɛ: “Abofra na mpɛn pii no n’adamfo a ɔne no bɔ pii kyerɛ no anaasɛ ‘ɔtwe n’adwene si’ nnubɔne ahorow so . . .
Ebia adwene a [ɔwɔ] ara ne sɛ ɔne no nyinaa bɛyɛ biribi a ɛyɛ anigye.” Nanso, atipɛnfo nkɛntɛnso mfa mmofra nkutoo ho, sɛnea mpanyimfo a wɔnom adubɔne no betumi adi ho adanse no; saa ara nso na Kyerɛwnsɛm mu afotu a nyansa wom yi mmfa mmofra nkutoo ho, na mmom ɛfa nnipa a ɛsono mfe ahorow a wɔadi nyinaa ho, sɛnea Bible kyerɛwfo no ka no: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.”—Mmebusɛm 13:20.
Sɛ asɛnnennen a ɛkame ayɛ sɛ wuntumi nya ano aduru haw wo a, mmfa nnubɔne so nguan mfi ho. Eyi de bi bɛka wo nsɛnnennen no ho mmom. Wo ne w’awofo mu biako anaasɛ ɔpanyin foforo a obetumi aboa wo na ɔpɛ wo yiyedi nsusuw ho. Kae Bible mu afotu no nso: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nnyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so.”—Filipifo 4:6, 7.
[Kratafa 9 adaka]
Ice, Ɛkyɛn Krak
News week nsɛmma nhoma ka adubɔne a efi Asia yi ho asɛm sɛ: “Japanfo frɛ no shabu, wɔ Koreafo fam no ɛyɛ hiroppon. Wɔ Amerikafo a wɔnom a afei na wɔahu sɛnea ɛbow kɛse na ɛyɛ hu no fam no, ɛyɛ ice.” Ɛyɛ nnuru a enya adwene so nkɛntɛnso no mu bi a wɔde nnuru bi a ne nya nyɛ den yɛ wɔ laboratory. Krak bow simma kakraa bi pɛ; ice bow fi dɔnhwerew biako kosi nnɔnhwerew 24. Ɛtaa ma wɔn a wɔde di dwuma no yɛ basabasa. Sɛ wɔnom no bere tenten a etumi sɛe adwene no na ɛma wonya ahrawa ne asaabo mu yare. Newsweek ka sɛ “ice nkɛntɛnso wɔ nkokoaa so no yɛ hu.” Nhwehwɛmufo bi ka sɛ: “Sɛ wususuwii sɛ kraknom a obi de yɛ ne suban no nnye a, ɛnde sɛ wode toto adubɔne yi ho a, ná ɛno sua koraa.” Ɛyɛ den sɛ wobegyae ne nom sen kokaine, na nneɛma a ɛma egyinagyina obi ani so no betumi atra hɔ te sɛ nea ɛte fi mfiase no araa bere a wɔagyae nom no akyi mfe abien.