Kraknom A Wontumi Nnyae—Akokoaa A Ɔda Yafunum Amanehunu
BERE a krak kokaine baa so foforo wɔ wiase no mu wɔ 1980 mfe no mfiase mu no, wɔn a wɔnom no mu kakraa bi na wogye dii sɛ ebenya nkɛntɛnso bɔne. Anyɛ yiye koraa no, so na wɔmfa nhyɛ abua mu anaasɛ wɔmfa mfra sigaret mu tawa naasɛ marijuana mu nnom? Ná wɔka wɔ mmɔnten so sɛ krak yɛ aduru a asiane biara nni ne nom mu. Nokwarem no, ná ne bo nyɛ den te sɛ heroin anaasɛ kokaine afoforo. Na ahiafo betumi atɔ bi. Ná ɛkame ayɛ sɛ anigye a krak de bae no fata a nea ebefi mu aba biara mfa ho.
Nanso, krak mu asiane ho adanse pii a ɛdaa adi puei wɔ nnuruyɛfo nsɛmma nhoma mu bere a apemfo a wɔnom no fii ase woo nkokoaa a nnubɔne anya wɔn so nkɛntɛnso no. Nnuruyɛfo fii ase bɔɔ nkɛntɛnso ahorow a ɛyɛ hu a krak kokaine betumi anya wɔ nkokoaa a wɔnwoo wɔn so no ho kɔkɔ. Nkokoaa a wɔadi dɛm, a ebinom de yɛ nea wontumi nyɛ ho hwee no dodow fii ase yɛɛ pii afe biara. Oduruyɛfo bi kae sɛ: “Bere a krak kokaine baa so no, mmofra nketewa ayarefo dodow kɔɔ soro pii.”
Beae biara a wɔde krak di dwuma pii no, akontaabu ma nea ɔkae no da adi sɛ ɛyɛ nokware. Sɛnea nhwehwɛmu a National Association for Perinatal Addiction Research and Education yɛe wɔ ayaresabea ahorow 36 mu wɔ United States wɔ 1988 mu kyerɛ no, nkokoaa a wɔwo wɔn foforo wɔ U.S. afe biara no mu ɔha mu nkyem 11, anaasɛ bɛyɛ nkokoaa 375,000 na nnubɔne ka wɔn wɔ nyinsɛn mu. New York Times bɔ amanneɛ sɛ wɔ 1986 ne 1988 ntam hɔ no, “ɛkaa kakraa ná anka nkokoaa a wɔwoo wɔn foforo wɔ New York City a ná nnubɔne—titiriw kokaine—aka wɔn no dodow bu bɔɔ ho mpɛn anan, efi 1,325 kɔɔ 5,088.”
Nkɛntɛnso Ahorow a Ɛyɛ Hu No
Oduruyɛfo Richard Fulroth, ɔbenfo bi a ɔwɔ Stanford University no kae sɛ: “Ɛnanom a wɔnom krak kokaine no na wɔn yare mu yɛ den kɛse. Sɛ wɔrebɛwo a na wɔba, na twɛn hwɛ nea wubehu.” Nea ɛtaa ba ne sɛ nea ɛba kraknomfo no awotwaa mu no nnye koraa. Krak betumi ama akokoaa no mogya ntini mu asiw, na asiw mframa pa a ɛho hia ne ahoɔdennuru ahorow kwan bere tenten. Ɛmma akokoaa a ɔda yafunum, a ne ti ne amemene ka ho no ntumi nyini. Wɔn afãfã wu na ade taa tɔ wɔn so, na wɔntaa nnya asabo, awode, nsono ne hon ntini a ɛfata. Afei asiane a ɛne sɛ kotoku a akokoaa no da mu no ntumi mfam awotwaa no mu a ekum akokoaa no na ebetumi akum ɛnã no nso wɔ hɔ.
Sɛ wɔwo krak abofra a, nnuruyɛfo ne ayarehwɛfo tumi hu ɛdɛm a nnubɔne ama wadi no. Amanneɛbɔ biako ka abofra a ɔte saa ho asɛm sɛ ɔte sɛ “aboa ketewaa bi a ne ti te sɛ tangarii a ne nsa ne n’anan te sɛ ahama.” Discover nsɛmma nhoma bɔɔ amanneɛ sɛ, kokaine mmofra a wɔwo wɔn no ntaa nnya nsateaa kɔkɔbɛto ne ahenniakyiri.
Oduruyɛfo Dan R. Griffit, adwenem hwehwɛfo a ɔwɔ Northwestern Sukuupɔn mu no ka sɛ nkokoaa a kokaine aka wɔn no “hon nkwaadɔm yɛ mmerɛw pii na ɛnkyɛ na emu asisiw.” Wɔn nkate ano yɛ den, wɔn bo nkyɛ fuw na asɛm ketewaa biara ma wɔteɛteɛm pii. Oduruyɛfo no kae sɛ ‘mpofirim dede anaasɛ abofra no so a wɔbɛma ato baabi foforo, n’anim a wɔhwɛ kasa no mpo betumi ama wasu pii.’ Oduruyɛfo Griffith ka nkokoaa a wɔawo wɔn foforo a nnubɔne aka wɔn no ho asɛm sɛ ‘wɔde wɔn bere mu ɔha biara mu nkyem 90 da nnahɔɔ de guan nneyɛe a ɛrekɔ so. Sɛ wɔreyi wɔn ntade, wɔkasa kyerɛ wɔn, wɔwosow wɔn anaasɛ wɔbɔ wɔn mpo a, wonnyan.’
Oduruyɛfo no kae sɛ ehon nkwaadɔm mu yare yi betumi akɔ so asram pii, na ɛma adwene ne ɔhonam mu ɔhaw wɔ bere a ehia sɛ ɔdɔ ne biakoyɛ ba no mu. Oduruyɛfo no de kaa ho sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ abofra no pow ɛna no, na sɛ ɔreyɛ ne ho ade a ne bo fuw pii. Ɛna no twe ne ho fi abofra no ho na ne bo fuw no efisɛ ɔhwɛ no a ommua no.” Abofra no suban ne ɛna no abufuw yi taa ma wɔyɛ abofra no ayayade.
Nkokoaa a Wɔawo Wɔn Foforo a Woguan Gyaw Wɔn
Esiane sɛ nkokoaa a wɔte saa no tebea nnye koraa nti, wotumi di adapɛn anaa ɛtɔ mmere bi a asram pii wɔ ayaresabea. Nanso, ɛtaa ba sɛ ayaresabea a wɔkyɛ wɔ hɔ no mfi akokoaa no tebea pii mmom sɛ su a ɛna no nya wɔ ne ba no ho no. Mpɛn pii no ɛna no guan gyaw akokoaa no wɔ ayaresabea hɔ, na ɛma ɔyɛ kurow no dea. Oduruyɛfo bi a asɛm no haw no no kae sɛ: “Mintumi nte nea enti a ɛna no mmisa abofra no ho asɛm biara, na ɔmma bio koraa no ase.” Ebinom ntra hɔ kakra mpo koraa na wɔato abofra no din. Ayarehwɛfo na wɔyɛ saa ma wɔn. Ɔyarehwɛfo bi ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ krak kokaine a wɔnom no ho ade a ɛyɛ hu biako ne sɛ ɛsɛe nkate a ɛna wɔ no.” Wɔ ayaresabea biako no na ɛsɛ sɛ sɛ mmofra no bi wu a, wɔyɛ telegram ahorow kɔma awofo a wonni wɔn mma ho anigye no na ama wɔde wɔn nsa ahyɛ krataa a ɛbɛma nnuruyɛfo ahwehwɛ nkokoaa no nipadua mu no ase. So eyi yɛ wo nwonwa?
Esiane sɛ ayarehwɛfo adwuma yɛ pii nti, nkokoaa yi ntumi nya ɔdɔ ne ɔhwɛ a wohia yiye no. Wɔ nsɛm no bi mu no, esiane sɛ wonnya afie a wɔhwɛ mmofra wɔ hɔ nti, nnipa a wɔpɛ mmofra asɛm tu wɔn ho ma, nnɔnhwerew kakraa dapɛn biara, de tra mmofra a wɔaguan agyaw wɔn yi ho. Odwumayeni biako kae sɛ: “Wɔma wɔn aduan, wɔto dwom ma wɔn, wogyigye wɔn agoru na wɔsesa wɔn ntade ma wɔn. Wɔyɛ wɔn sɛnea wɔbɛyɛ wɔn ankasa mma. Eye ma mmofra no yiye. Ebinom atra ha bere tenten.”
Dɛn na ɛbɛyɛ mmofra a kokaine asɛe wɔn yi daakye? Wɔn ti a awu pii no bɛma akyerɛkyerɛfo abrɛ wɔ wɔn ho daakye. Mmofra ho nsɛm mu ɔbenfo biako kae sɛ: “Esiane sɛ mmofra yi adi dɛm wɔ nipadua ne onyin mu nti, wɔbɛyɛ ɔhaw ama wɔn ankasa ho ne ɔmanfo mfe 40 anaasɛ 50.” Nokwarem no, krak apira yɛn kɛse.