Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 7/8 kr. 16-18
  • Ahemman A Wɔakyekye Wɔ Anhwea, Fam Ngo, Ne Nyamesom So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahemman A Wɔakyekye Wɔ Anhwea, Fam Ngo, Ne Nyamesom So
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Saudi Arabia​—Dedaw no ne Foforo
  • Mecca, Kaaba no, ne Koran no
  • Ɛnnɛ Bere Mu Asetra wɔ Saudi Arabia
  • Sika Biara wɔ Afãnũ
  • Islām—Ahobrɛase a Wɔde Kɔ Onyankopɔn Nkyɛn
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Dɛn na Wobɛka Akyerɛ Kramoni?
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Onyankopɔn Akyi Kwan A Adesamma Rehwehwɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Nyan!—1991
g91 7/8 kr. 16-18

Ahemman A Wɔakyekye Wɔ Anhwea, Fam Ngo, Ne Nyamesom So

ƆMAN bɛn na ne kɛse te sɛ Europa Atɔe fam, na emu nnipa dodow yɛ ɔpepem 12 pɛ, na ɛkame ayɛ sɛ ne nyinaa yɛ anhweatam? Ahemman bɛn na wɔkyekyee wɔ 1932 mu, na wohuu fam ngo pii wɔ hɔ wɔ 1938 mu, na ɛbɛyɛɛ ɔman a ɛto so abiɛsa wɔ wiase nyinaa a ɛtɔn fam ngo? Ahemman bɛn na ɛde Koran no ayɛ ne amanyɔ mmara na lslãm nkurow ne asɔre adan abien a wobu no kɛse wɔ?

Nsemmisa yi nyinaa ho mmuae yɛ Saudi Arabia ahemman, a Ɔhene Fahd Bin Abdul Aziz di so no. Ne kɛse yɛ kilomita 2,240,000, na ɛno na ɛso wɔ Arabian asasetam no so, a Po Kɔkɔɔ no da n’atɔe fam, Arabian Po da ne kesee fam, na Arabian Mpoano no da n’apuei fam.

Ɛyɛɛ dɛn na m’ani begyee Arab man yi ho? Mihuu ɔfrɛ bi wɔ atesɛm krataa mu sɛ wɔmmra ɔyɛkyerɛ bi a Saudi Arabia aban no na ɔma wɔyɛe wɔ New York City no ase. M’ani gyei sɛ mehu amammerɛ ne asetra soronko yi. Na esiane sɛ ebia mintumi nkɔ Saudi Arabia da nti, dɛn nti na memma Saudi Arabia mma me nkyɛn?

Saudi Arabia​—Dedaw no ne Foforo

Misii dwumadi no ase pɛ na mihui sɛ wɔahyehyɛ biribiara na nnipa ani agye Arabia man yi ho. Na Saudifo a wɔte U.S. a wɔkɔ sukuupɔn wɔ baabiara sɛ akwankyerɛfo a wɔn ho akokwaw. Na obiara hyɛ thobe, atade fitaa tenten a ɛte sɛ nguguso a edu nan ase. Na obiara bɔ ghutra anaasɛ abotiri a ɛyɛ fitaa ne kɔkɔɔ, a hama tuntum abien bobɔ mu. Na wɔn nyinaa ka Engiresi kasa yiye, na wɔde obu kɛse buaa asɛm biara a me anaasɛ obi foforo biara bisae.

Bere a mifi asa kɛse a ɛhɔ akanea no yɛ wisiwisi a Saudi adehye abusua no mfonini bobɔ hɔ so, ne afei Saudi Arabia mfonini ahorow a woyii akyi no, mekɔɔ beae a wohu tete Arab ne Bedouin asetra. Na Bedouin ntamadan tuntum wɔ hɔ ne wɔn atutra asetra no ho nneɛma nyinaa. Nanso, esiane nnɛ bere yi mu mfiridwuma nkɔanim nti Bedouin asetra kwan, ne ayamye a wɔyɛ ahɔho ho mpanyinsɛm no reyera.

Beae a edi hɔ no yɛ nea ɛma obi kae nyamesom a edi Saudi Arabia asetra so no​—lslãm.a

Mecca, Kaaba no, ne Koran no

Aban brochure bi ka sɛ wobu lslãm nhoma kronkron, Koran, no “sɛ amanyɔ mmara nhoma ma [Saudi Arabia] a ɛde abrabɔ ho nnyinasosɛm ho akwankyerɛ ma.” Kratawa bi ka sɛ: “Ahemman no gyina Islam nkyerɛkyerɛ so na ɛhyehyɛ asetra, amammui ne sikasɛm mu nsɛm.” Bere a na Koran a wɔde nsa akyerɛw no pii wɔ hɔ a wɔde kyerɛ no, nea ɔfã yi fa ho titiriw ne Mecca (Arabik, Makkah) kurow a wotu kwan kɔ hɔ a n’asɔredan kɛse ne Kaaba no wɔ mfinimfini no. Wɔde mfonini akɛse na ɛkyerɛɛ eyinom nyinaa.

Wɔkyerɛ Kaaba no a ɛyɛ ɔbodan kɛse bi a ɛyɛ ahinanan a wɔde ntama tuntum duruduru bi akata ho no ase wɔ Islãm nhoma bi mu sɛ “beae a wɔsom a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ne Ishmael ma wosii bɛboro mfe mpem anan a atwam ni.”b Enti Islãm (a odiyifo Muhammad hyehyɛe wɔ afeha a ɛto so ason Y. B.) no ka sɛ ɛne Abraham, agya panyin a ɔtraa ase ansa na Yudasom ne Kristosom bae no wɔ biribi yɛ. Enti ɛyɛ nyamesom ahyehyɛde atitiriw abiɛsa a egye di sɛ Onyankopɔn biako pɛ na ɔwɔ hɔ no mu biako.

Nokwarem no, Kaaba no si petee mu wɔ aguabɔbea kɛse a ɛyɛ Mecca nkramofo asɔredan no fã bi no mfinimfini. Wɔ afe biara kwan a wotu kɔ hɔ (hajj) no mu no, Nkramofo bɛboro ɔpepem biako hyia wɔ hɔ bɔ mpae na wotwa Kaaba no ho hyia mpɛn ason. Ɔkramoni biara a ɔwɔ apɔwmuden bu no sɛ ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ otu saa kwan yi bi anyɛ yiye koraa no pɛnkoro wɔ n’asetra mu. Nkramofo asɔredan kɛse a ɛwɔ Medina (Arabic, Madinah) , beae a wosiee Muhammad, no nsusuwso nso ka ɔyɛkyerɛ no ho.

Nea na ɛyɛ anigye pii ne Kaaba no ano apon duruduru a wɔayɛ no fɛfɛ a wɔde kyerɛe no. Nkramofo na wɔkɔhwɛ eyinom esiane sɛ wɔn nkutoo na wɔma wɔkɔ Mecca asɔredan no mu nti. Ɛyɛɛ den sɛ yebegye adi sɛ ɛyɛ dedaw no kosi sɛ nea ɔde yɛn kyinkyin no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛne apon a wɔde dii dwuma fi 1942 kosi 1982, bere a wɔyɛɛ afoforo sii ananmu no. Wɔde sika pa ne dwetɛ na ayɛ na wɔde Koran mu nsɛm a wɔakyerɛw no Arabic mu a ɛwɔ ade a wɔde sika pa ayɛ so asiesie no. Kiswah, anaasɛ mmɔhɔɔ tuntum duruduru bi a wɔde kata Kaaba no ho, a Koran mu nsɛm pii a wɔde sika pa akyerɛw adi mu adwinni sã ɔfasu bi a ɛbɛn hɔ ho.

Ɛnnɛ Bere Mu Asetra wɔ Saudi Arabia

Wɔ nsrahwɛ no mu no, na borɔn a adwumfo a wɔrenwene kɛtɛ na afoforo nso boro nnade de ayeyɛ fie nneɛma wɔ so ka ɔyɛkyerɛ no ho. Na adwumfo afoforo nso de mmoa nhoma reyɛ Arabfo mpaboa. Afoforo nso de nnua yɛ nnommaa nkyerɛnkyɛ. Afoforo nso de afiri bi nwene nkuku ne ade.

Awiei koraa no, miduu beae a nnɛ mmere mu nneɛma a Saudi Arabia ayɛ wɔ no. Ɛda adi sɛ fam ngo a wɔahu no ama Saudi sikasɛm ne ɔman no mu asetra gyinapɛn asakra. ARAMCO (Arabian American Oil Company) huu beae a fam ngo pii wɔ wɔ 1938 mu. Na ngo tuntum yi bi wɔ ntoa a wɔde kyerɛ mu sisi hɔ. Adwumakuw no brochure bi ka sɛ: “Mprempren Aramco wɔ adwumayɛfo bɛboro 43,000, mmura bɛyɛ 550 a wotu fam ngo fi mu, ɔdorobɛn a ne tenten yɛ kilomita 20,500 a wɔde ngo fa mu ne bɛboro mmeae 60 a wɔyɛ gas-oil wɔ hɔ.”

Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ esiane saa sikasɛm mu tebea pa yi nti, brochure ahorow tumi bɔ amanneɛ sɛ Saudi Arabia wɔ sukuu ne adesuabea ahorow 15,000 a bɛboro adesuafo ɔpepem 2.5 wom. Wontua nhomasua mu ntetee ho ka biara kodu sukuupɔn nyinaa. Na sukuupɔn ason na ɛwɔ hɔ.

Nokwarem no, ɛnyɛ fam ngo nkutoo ho adwuma na wɔyɛ wɔ Saudi Arabia. Wɔatwitwa nsukã akɛse na kuadwuma rekɔ so araa ma ɔman no tumi tɔn mpataa, nkokɔ, awi, nkeresia, nnuadewa, nufusu ne mfunnuan afoforo wɔ amannɔne.

Sika Biara wɔ Afãnũ

Miwiee me nnɔnhwerew abiɛsa a mede kɔsraa “Saudi Arabia” no a na m’ani agye nneɛma a ɔman ketewaa no ayɛ no ho pii. Misusuw sɛnea sɛ ɔman biara wɔ fam ngo anaasɛ nneɛma afoforo a ɛho hia wɔ wiase nyinaa saa a anka tebea no bɛyɛ soronko no ho.

Ɛwom sɛ misuaa nneɛma pii fii nsrahwɛ no mu de, nanso manhu nneɛma bi a ɛfa nyamesom ho a wɔaka ho asɛm. Mansua Kaaba, ɔbo tuntum a Nkramofo a wɔkɔ Mecca som no ho hwee. Philip K. Hitti ka wɔ ne History of the Arabs no mu sɛ ansa na Islãm som reba no, “na wɔsom ɔbo no sɛ ɔbosom.” Atetesɛm kyerɛ sɛ bere a Ishmael reyɛ Kaaba no foforo no na ɔbɔfo Gabriel de ɔbo tuntum no brɛɛ no.

Nea na enni ɔyɛkyerɛ no mu nso ne sɛ, manhu Islãm afã titiriw abien, Sunni ne Shia no ho asɛm biara. Mpaapaemu yi bae wɔ Muhammad adedifo no bere so tɔnn, na efi wɔn a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne honhom mu nokware adedifo ho nkyerɛkyerɛmu a ɛsonsonoe ho akasakasa​—so ɛsɛ sɛ ɛyɛ Muhammad abusua mufo sɛnea Shiite Nkramofo ka no anaasɛ so ɛsɛ sɛ wɔtow aba paw wɔn te sɛ nea Sunnifo a wɔn na wɔdɔɔso pii no ka no? Saudifo no yɛ Wahhabifo a wɔyɛ katee sen biara a wɔakɔ Hanbali sukuu, a ɛyɛ katee wɔ Sunni Nkramofo sukuu anan no mu no.

Nea na enni ɔyɛkyerɛ no mu titiriw ne Arabiafo mmea. Misusuw sɛ eyi fi katee a Saudifo yɛ wɔ Islãm mmara a ɛfa mmea afã wɔ baguam nneyɛe ho nkyerɛkyerɛmu no nti.

Bere a mifii ɔyɛkyerɛ no ase hɔ no, mekaee asɛm a ese sika biara wɔ afãnu no. Wɔ abɔnten so no, na Arabfo akasatiafo wɔ hɔ a wɔkyekyɛ nkratawa a ɛka sɛ atirimɔdenne ne atɛnkyea wɔ Saudi Arabia, na ɛkasa tia demokrase a enni ɔman no mu no (wonni amanyɔ mmara anaasɛ mmarahyɛ bagua) . Ɛma mihui sɛ wɔ nnipa bi fam no, ɛnyɛ anhwea, fam ngo ne nyamesom ne asɛm no nyinaa. Nanso anyɛ yiye koraa no, na manya Saudi Arabia asetra ne nkɛntɛnso a Islãm wɔ wɔ ɛhɔfo so no ho ntease a emu da hɔ.​—Wɔkyerɛw mae.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ wopɛ Islãm ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ nhoma Mankind’s Search for God, a Watch Tower Bible and Tract Society of New York, Inc. no tintimii, 1990, no fi l2, “Islam​—Ahobrɛase Kwan a Wɔnam So Kɔ Onyankopɔn Hɔ.”

b Asɛm biara nni Bible mu a ɛka sɛ asɛm yi sii anaasɛ Abraham kɔɔ tete Mecca.​—Genesis 12:8-13:18.

[Asase mfoni/Mfoni wɔ kratafa 16]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

SAUDI ARABIA

Mecca

IRAN

IRAQ

SUDAN

Red Sea

Arabian Sea

[Kratafa 17 mfoni]

(Efi benkum) Kaaba apon no, Arab odwumfo a wɔrenwene Arab nkyerɛwee

[Asɛm Fibea]

David Patterson

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena