Mogya A Wɔde Ma Ne Atipɛnfo Nhyɛso
Ɛnnɛ nnipa pii, a nnuruyɛfo ka ho pow sɛ wobegye mogya. Dɛn ntia? Emfi nyamesom mu gyidi, te sɛ Yehowa Adansefo na mmom esiane nnuruyɛ mu ntease ahorow nti. Dɛn nti na wɔyɛ saa? Esiane emu asiane ahorow (te sɛ mmerɛbo mu yare, AIDS, tumi a nipadua no de siw nyarewa ano a ɛsɛe) a wonya fi obi foforo mogya mu no nti. Nanso, mpɛn pii no sɛ wɔka sɛ wɔbɛma obi mogya a, nnamfo ne nnuruyɛfo hyɛ ɔyarefo no sɛ onnye. Nanso nhyɛso foforo wɔ hɔ—atipɛnfo nhyɛso a nnuruyɛfo a wɔhwɛ no nso hyia no.
The Journal of the American Medical Association bɔɔ amanneɛ wɔ ne July 25, 1990, de no mu sɛ: “Ɛda adi sɛ te sɛ nnuru ahorow no, wɔmaa wɔntaa mfa mogya nni dwuma yiye. . . Yɛne ayaresabea abiɛsa mu oprehyɛnyɛfo, nnompe mu nyarewa ho nnuruyɛfo, ne wɔn a wɔhwɛ ma ɔyarefo tra nkwa mu wɔ oprehyɛn mu 122 kasae de hwehwɛɛ nea ɛyɛ ayaresa ne nea ɛnyɛ ayaresa mu nneɛma a ɛma wɔde mogya ma, ne nea enti a wɔmfa mma no. Yehui sɛ nnuruyɛfo pii nni mogya a wɔde ma mu asiane ne ɛho sɛnkyerɛnne ahorow no ho nimdeɛ.”
Dɛn na “nea ɛnyɛ ayaresa mu nneɛma” no kyerɛ? Amanneɛbɔ no bua asɛm no fã bi sɛ: “Nnuruyɛfo gyinaesi ahorow no gyina wɔn ayɔnkofo ne nnipa a wɔne wɔn hyia wɔ wɔn adwuma ne asetram nkitahodi mu no so. Atipɛnfo nhyɛso no nya nkɛntɛnso kɛse bere a nnuruyɛfo pii bom yɛ adwuma no . . . Wɔ tebea yi mu no, ɛtɔ da bi a obi nneyɛe betumi afi nea ɔpanyin anaa otipɛnfo a ɔwɔ nkɛntɛnso kɛse hwɛ kwan, ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ nea kuw no bu no sɛ eye, anaasɛ ɔpɛ a obi wɔ sɛ ɔbɛkwati ɔkasatia.”
Asɛm no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ “nanso wɔn mu 10% pɛ na wɔkae sɛ wɔde mogya ma bere a ɛho nhia de sɔɔ adamfo bi ani pɛnkoro ɔsram biara anaa nea ɛboro saa . . . Wɔn mu 61% kae sɛ wɔde mogya mae bere a wonim sɛ ɛho nhia ɛfisɛ oduruyɛfo a ɔyɛ panyin sen wɔn ka sɛ wɔnyɛ saa, anyɛ yiye koraa no pɛnkoro ɔsram biara.” Wɔ adwuma mu atipɛnfo nhyɛso yi akyi no, dɛn bio na ebetumi ama oduruyɛfo bi ahyɛ sɛ wɔmfa mogya mma?
“Nnuruyɛfo binom betumi de ayaresa ahorow bi ama esiane sɛ wɔpɛ mmom sɛ wɔbɛyɛ biribi na mfomso aba ho sen sɛ wɔrenyɛ na ɛde mfomso aba no nti.” Oduruyɛfo ɔbenfo bi “de nyansahyɛ mae sɛ wobetumi akwati ahyɛde a ɛne Primum non nocere (‘Nni mfomso nea edi kan’) no de ahyɛde a ɛne sɛ ‘Di kan yɛ biribi’ no asi ananmu. Su a ɛte saa a wɔwɔ wɔ adeyɛ ho no betumi akyerɛkyerɛ mogya a ɛho nhia a wɔde ma no mu.”
So ayarefo nim mogya a wɔde ma mu asiane ahorow? “Nnuruyɛfo no kae sɛ ayarefo a wɔkae sɛ wɔbɛma wɔn mogya no fã kaa asiane ahorow a ebetumi afi mu aba no ho asɛm.”
Nokwarem no, eyi kyerɛ sɛ wɔ mogya a wɔde ma mu no, oduruyɛfo ne ɔyarefo a wɔwɔ nimdeɛ no betumi akwati asiane ahorow a ɛho nhia. Kristoni a ɔwɔ nimdeɛ no wɔ ahobammɔ a ɛsen saa mpo—Yehowa ahyɛde ahorow a etia mogya a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so no.—Genesis 9:3, 4; Leviticus 17:13-16; Asomafo no Nnwuma 15:19, 20, 28. 29.