So Ɛfata Asiane No?
NEWSWEEK a ɛbae August 10, 1987 mu no kaa asɛntitiriw bi a ɛfa “AIDS Hwɛbea Horow—Afe Biako wɔ Owuyare no Mu” ho. Na nnipa bɛboro 300 a AIDS akunkum wɔn wɔ United States no mfonini wɔ nkratafa 12 mu. Na wɔyɛ nnipa bɛboro 30,000 a AIDS akunkum wɔn wɔ United States besi saa bere yi no mu fã ketewaa bi. Na, anyɛ yiye koraa no, wɔn a na wɔn mfonini wom no mu 17 na wonyaa wɔn AIDS no fii mogya a wɔde ma anaasɛ mogya ho nneɛma mu sɛnea afoforo ɔpepem pii anya bi no.
Nea ɛde AIDS bae wɔ saa nsɛm yi mu no nhwɛso bi ne: “Wɔmaa mogya a ɔyare no mmoawa wom bɛn no bere a wɔreyɛ no oprehyɛn,” “Onya fii 1983 mogya a wɔde maa no mu,” “Onya fii mogya a wɔde maa no mu, ɔde san ne kunu ne ne babarima,” “Mogya a wɔde maa no maa no AIDS,” “Onyaa AIDS fii mogya a wɔde maa no wɔ 1981 mu oprehyɛn a wɔyɛɛ no mu,” “Ɔyɛ obi a na mogya tu no. AIDS kum ne ba kumaa na ne yere anya ARC [Ɔyare dennen a AIDS ho wom],” “Onyaa AIDS fii mogya a wɔde maa no mu, na ogyinaa mfe abiɛsa yawdi, mmubui ne anifurae mu.”
Wɔ asɛm biako mu no, abofra bi a wadi asram 13 “wui, te sɛ ne na, esiane mogya a asɛe a wɔde mae nti.” Wɔmaa abeawa bi a wadi mfe abien “mogya wɔ n’awo akyi bere tiaa bi” na AIDS kum no.
Esiane asiane ahorow a ɛda adi sɛ ɛwɔ hɔ yi nti, dɛn nti na atumfo binom da so ara de mogya hyɛ Yehowa Adansefo a wɔanyinyin ne wɔn mma so? Wɔ nsɛm pii mu no, ayaresa afoforo wɔ hɔ a wobetumi de adi dwuma, na Yehowa Adansefo ani gye ho yiye sɛ wɔbɛyɛ mmoa wɔ ayaresa kwan biara a emmu Onyankopɔn ahyɛde a ɛfa mogya a wɔde bedi dwuma wɔ ɔkwammɔne so no ho no mu.—Leviticus 17:11, 12; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.
[Kratafa 31 mfoni]
AIDS akunkum mmofra a wonya fii mogya a wɔde maa wɔn mu