Afradi A Edi Awu
“ASƐNNENNEN a ɛyɛ hu,” saa na U.S. Ɔmampanyin Bush frɛɛ no. The Star a wɔkyerɛw wɔ South Africa no kae sɛ ɛyɛ “ahude.” U.S. News & World Report bɔɔ amanneɛ sɛ ɛyɛ “nsanyare.” Obi a nea ɛkɔ so no haw no kae sɛ ɛyɛ “amanehunu a aba adesamma so.”
So wɔreka AIDS yare aboawa a ne ho yɛ hu no ho asɛm? Dabi, mmom no ɛyɛ ɔyaredɔm foforo bia wɔ aman pii mu, mprempren ekunkum nnipa pii sen AIDS. Ɛyɛ dɛn? Nea efi afradi a edi awu mu ba: asabow a wɔde kã afiri.
Wiase nyinaa no, nnipa bɛyɛ 300,000 na wowuwu wɔ afiri akwanhyia mu afe biara. Ɔpepem pii a wopirapira no mu mpempem pii di dɛm wɔn nkwa nna nyinaa. Wɔsɛe sika dɔla ɔpepem pii wɔ ho afe biara. Akwanhyia ahorow a asabow de ba ho ka yɛ eyi mu fã kɛse.
Wɔ mfe du a ewiee 1990 no, AIDS kunkum nnipa bɛyɛ 100,000 wɔ United States. Nanso wɔ saa mfe du no ara mu no, afiri akwanhyia ahorow a asabow ma ɛbae no kunkum nnipa bɛyɛ 250,000. Mpɛn pii no, wɔn a wobu ɔbarima ne ɔbea nna ho ɔbra bɔne ne wɔn a wɔde nnubɔne wɔ wɔn ho paane na wonya AIDS. Nanso ɛnyɛ sɛ ofirikafo a wabow no betumi akum ne ho nko na mmom obi a ogyina ne baabi nso.
Asabow a wɔde ka afiri no taa kunkum nkurɔfo mpofirim na ɛsɛe mmusua. Ɛma awofo hwere wɔn mma, mma hwere awofo, awarefo hwere wɔn ahokafo.
Mmɔden a Wɔbɔ Sɛ Wobesiw Ano
Wɔrebɔ mmɔden pii sɛ wobesiw ɔsɛe asorɔkye yi ano. Wɔ United States no, ahyehyɛde ahorow nam nhyehyɛe horow so te sɛ RID (Remove Intoxicated Drivers) ne MADD (Mothers Against Drunk Drivers) so atwe amanfo adwene asi so. Wɔayɛ Stop-DWI (Driving While Intoxicated) ho nhyehyɛe ahorow. Ahyehyɛde ahorow a ɛtete saa wɔ aman afoforo so. Eyi boa wɔn a wɔn ho ka mu no ma wohu hokwan ahorow a wɔwɔ, na ɛma wotumi yɛ mmara kwan so nsakrae ahorow.
Ahyehyɛde ahorow a ɛhwɛ ma nkurɔfo di mmara so nam mmeae a wɔma mfiri gyinagyina hwɛ sɛ afirikafo aniso da hɔ so kyere wɔn a wɔabobow no. Wɔahyehyɛ mmara ahorow a ebetumi ama wɔde wɔn a wɔtɔn nsa akɔ asennibea. Nsɛm a wɔakyerɛkyerɛw asisi kwan nkyɛn mpo twe afirikafo adwene si mmara a ɛwɔ hɔ no so.
Wɔn a Wowuwu no Kɔ So Yɛ Pii
Wɔ mmɔdenbɔ yi nyinaa akyi no, wɔn a wowuwu wɔ asabow a wɔde ka afiri mu wɔ wiase nyinaa no dodow kɔ so nya nkɔanim. Wɔ Brazil no, onipa biako wu simma 21 biara—bɛyɛ nnipa 25,000 afe biara—wɔ akwanhyia a asabow deba mu. Ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔfo a wowuwu wɔ afiri akwanhyia mu ɔha biara mu nkyem 50. Wɔ England ne Germany no, wɔka sɛ wɔn a wowuwu wɔ afiri akwanhyia ahorow mu bɛyɛ nkyem anum fi asabow. Mexico City El Universal bɔ amanneɛ sɛ wɔ Mexico no, sɛnea amanneɛbɔ ahorow kyerɛ no, nnipa 50,000 a wowuwu wɔ afiri akwanhyia mu no mu ɔha biara mu nkyem 80 fi ‘ɔdesani mfomso a nea ɛde ba titiriw ne asabow a wɔde ka afiri.’
Akontaabu kyerɛ sɛ wɔ South Africa no, nnipa a wowuwu wɔ afiri akwanhyia mu no mu ɔha biara mu nkyem 25 fi nsa. Wɔ United States no, afe biako mu no, afiri akwanhyia a asabow ma wonya no ma nnipa bɛyɛ 650,000 pirapira, a eyi mu bɛyɛ 40,000 yɛ nea wopira kɛse; bɛboro nnipa 23,000 wuwu—ɛbɛyɛ sɛ wɔn a wowuwu wɔ afiri akwanhyia mu no fã.
Wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛtew afirikafo a wɔbow no dodow so mu no, wɔhyehyɛɛ DWI Wɔn a Wɔn Ho Ka Mu Bagua wɔ Washington State, U.S.A. Abɛyɛ asenni nhyehyɛe a wɔnam so di wɔn a wɔde asabow ka afiri asɛm no fã. Wɔde nhyehyɛe no di dwuma wɔ ɔman no mmeae pii afei. Ɛho atirimpɔw ne sɛ wɔbɛma wɔn a wɔma asiane no ba no ankasa ahu amanehunu ahorow a wɔn asabow a nyansa nnim de ba no. Asennibea ahorow no ma wɔn a wɔn ho ka mu no ne wɔn mmusua ka nea wɔahwere no kyerɛ wɔn a wɔma asiane no ba no. Wɔmaa Nyan! kyerɛwfo kotiee asenni yi mu biako.
[Kratafa 4 mfoni fibea]
Dominic D. Massita, Sr./Accident Legal Photo Service of New York