Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 8/8 kr. 5-7
  • Afirikafo Hyia Awufo No Mmusuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afirikafo Hyia Awufo No Mmusuafo
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn a Wɔn Ho Aka Mu No
  • Obi a Ɔmaa Asiane Bi Bae
  • Boayikuw De Dwumadi no Ba Awiei
  • Mfomso Bɛn Na Ɛwɔ Ho Sɛ Mɛnom Nsa De Aka Kar?
    Nyan!—1986
  • ‘Merenom Biako De Atwa Kwan No’
    Nyan!—1986
  • Asanom Ne Afirika—Dɛn Na Wobetumi Ayɛ Wɔ Ho?
    Nyan!—1986
  • Ɔsadweamfo A Wɔne No Tra
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 8/8 kr. 5-7

Afirikafo Hyia Awufo No Mmusuafo

BEAE no: Upper New York State Genesee County DWI Wɔn a Wɔn Ho Ka Mu Baguafo. Adeyɛ no: Nnipa baasia a wɔabom di awerɛhow na wokurakura wɔn adɔfo mfonini a wɔde ɛyaw rekasa akyerɛ afirikafo a asabow ma wonyaa akwanhyia no.

Nea edidi so yi yɛ emu nsɛntitiriw a Nyan! de bɔ amanneɛ.

Wɔn a Wɔn Ho Aka Mu No

Agya bi: “Oyi yɛ yɛn ba Eric. Na anka ɔyɛ abofra pa, ne ho yɛ anigye, ɔpɛ serew. Mprempren meyɛ agya a odi awerɛhow a wahwere ne ba a wadi mfe 17. Mpofirim, yɛn adaeso, yɛn daakye anidaso baa awiei, yɛhweree yɛn dɔfo​—ofirikafo a na wabow akum no.

“Me ne me yere kɔ amusiei hɔ. Ɛno ne ade a aka a yebetumi ayɛ. Yɛkenkan Eric nsɛm a wɔakyerɛw asi ne da no so no: ‘M’ani begyina mo pii, na m’ani da so sɛ yɛn ntam kwan renware; na sɛ yɛn ntam kwan yɛ tenten a, mesu efisɛ mampɛ da sɛ yebedi ntetewmu.’ Na yɛn nso, yɛmpɛ sɛ yɛne no di ntetewmu.”

Okunafo kumaa bi: “M’abusua ni. Ɔbarima bi a wadi mfe 22 fii ayeforohyia ase a na n’ankasa ka sɛ ɔmmow ɛ. Ɔde n’afiri tuu mmirika wɔ ɔkwan a onnim so na sum wɔ so so, oduu beae bi a wɔakyerɛw kɔkɔbɔ asi hɔ na obuu n’ani guu so, afei ɔtoaa so twaa mu wɔ beae bi a anka ɛsɛ sɛ ogyina na ɔde benuu yɛn mu. Nea edi hɔ a mekae ne sɛ m’ani so tetew no na mete ɛyaw bi wɔ me koko so. Bere a mebɔɔ mmɔden buee m’ani no, mihui me kunu sɛ ɔda stia no so. Metee sɛ me ba no resu. Mekae sɛ mibisae sɛ, ‘Na ɛbaa no dɛn?’

“Obiara ammua. Na me kunu, Bill a na wadi mfe 31; me ba panyin a na wadi mfe 6; ne me mma ntafo a wɔadi mfe 4 no awuwu. Na m’anidaso biako pɛ a aka ne me babea ketewaa a wadi asram akron a wogyee no too ayaresabea a na wapira ne ti no.

“Bere a na mewɔ ayaresabea hɔ wɔ saa awerɛhow da a ɛyɛ Wukuda anɔpa a osu atɔ no, wosiee me kunu ne me mma mmarima baasa no. Na meresusuw afunnaka anan, amũ anan a wɔatetew, nnipa baanan a merenhu wɔn, nte wɔn nka, anaa merenso wɔn mu bio da no ho. Na ɔkwan bɛn so na metumi atra ase?

“Ɛhyɛɛ me ne me babea ketewaa no ma yefii asetra foforo ase. Metɔn me fie, efisɛ na mintumi ɛyaw a ɛma mekae no. Mintumi nnyina nokwasɛm a ɛne sɛ me kunu ne mmabarima baasa a wɔn ho yɛ fɛ gu amusiei no ano. Na ɔhwɛ, dadwen ne ɔdɔ no nyinaa antumi ammɔ wɔn ho ban. Ɛyaw, abasamtu ne huammɔdi a mete nka no nni kabea. Wɔantra ase ankyɛ koraa.

“Onipa a wakunkum m’abusua no mufo no nyɛ ɔsɛmmɔnedifo tirimɔdenfo anaa ɔsadweam anaa obi a ɔtaa yɛ saa ade no​—obi a wafi adi anwummere rekogye n’ani ara kwa. Merehu amane efisɛ obi pawee sɛ ɔbɛbow nsa de aka afiri. Mma eyi bi nto wo anaa obi a wodɔ no da.”

Ɛnã bi: “Wɔfrɛ me babea no sɛ Rhonda Lynn. Na anka obewie kɔlege wɔ June 21. June 10 no, na ɔreyɛ n’afirika ho adesua a etwa to. Saa da no nnipa baanu bi a wɔregye wɔn ani na wɔanom nsa pii sii gyinae bɔne sɛ wɔbɛka afiri. Mpofirim ara no, wɔma ɛyɛɛ da a etwa to maa Rhonda ne nea ɔkyerɛ no afirika no ne n’adesuakuw mufo baanu.

“Saa awia no wɔfrɛɛ me wɔ telefon so sɛ Rhonda anya akwanhyia. Adwene a minyae ara ne sɛ ɛsɛ sɛ mekɔhwɛ no. Bere a miduu ayaresabea hɔ no, wɔkae sɛ ɛnsɛ sɛ mekɔhwɛ Rhonda. Nanso na ɛsɛ sɛ mihu no. Mema woyii ntama no. Na n’anim ahonhon na na atwitwa pii. Mehwɛɛ n’aniwa fɛfɛ no hãã na misusoo ne nsam, nanso mantumi amma ne nipadua a abubu no annya ahoɔden. Nea mitumi yɛe nyinaa ne sɛ megoru ne tinhwi fɛfɛ no mu. Wankeka ne ho. Ná wawu.

“Minyaa adwuma a ɛnyɛ anigye a ɛne sɛ mɛka akyerɛ ne papa ne ne nua mmarimanom sɛ wawu. Mprempren yɛn tebea asakra esiane adehwere a ɛyɛ hu no nti. Sɛ yenyae a anka na yɛatumi aso ne mu ayɛ no atuu bio. Asetra renyɛ sɛnea anka ɛte bio da. Ɛho nkae nko ara na yɛwɔ.”

Obi a Ɔmaa Asiane Bi Bae

Abrante bi: “Ɛsono m’asɛm wɔ nea moadi kan ate dedaw no ho. Mede no fii ase asram 23 a atwam ni. Mekae yiye te sɛ nea nnɛra nkutoo na esii. Na m’adamfowa ka akansi bi ho saa anadwo no, enti mepɛe sɛ menom nsa kakra na mekɔhwɛ no wɔ agodi no mu. Mede nnɔnhwerew abien ne fã a edi hɔ no nom beer nkuruwa anum anaa asia. Mihui sɛ me na mede no bɛkɔ fie nti ɛsɛ sɛ metwɛn dɔnhwerew biako.

“Bere a merekɔ fie a matwa kwan bɛyɛ simma 30 no, mihuu ambulanse bi wɔ ɔkwan no so, na ɔbarima bi gyina ɔkwan no mfinimfini a na ɔkyerɛ mfiri no kwan. Manhu saa ɔbarima no ntɛm. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛfa nkyɛn na magyina. Bere a m’ahwehwɛ no bobɔe no, me kae sɛ: ‘Ɛnyɛ ɔtwe anaa ɔkraman!’ Nanso na minim sɛ ɛnte saa. Mifii kar no mu kɔhwɛɛ no, meteɛteɛɛm bisae sɛ, ‘Wapira? Wapira?’ Wammua. Mekae sɛ mikogyinaa ne ho hwɛɛ n’anim. Na ɛyɛ hu dodo.

“Polisifo ba bebisabisaa me nsɛm. Afei wɔkae sɛ: ‘Wo ho dwo pii, nanso wo nantew nyɛ fɛ na wo kasa mu ntew. Gyama wabow?’ Wɔde mekɔɔ polisifo atrae kɔhwɛɛ me mogya. Na ɛyɛ 0.08 [mogya mu nsa dodow a etia mmara wɔ United States mmeae pii]. Na ɛyɛ me nwonwa sɛ eyi aba me so. Misusuwii sɛ biribi a ɛte sɛɛ rento me da. Nanso, mprempren de wɔabɔ me sobo sɛ ɔsɛmmɔnedifo a wayɛ anibiannaso na wadi awu, DWAI [Driving While Ability Impaired].

“Na aka ɔsram biako na me nsa aka me ɔkyerɛkyerɛfo ho adansedi krataa. Hwɛ sɛnea nnipa bu akyerɛkyerɛfo. Wɔhwɛ kwan sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn ho ba asɛm wɔ abrabɔ fam. Na ɛno na mabrɛ ho, nanso na mihu sɛ mɛhwere ne nyinaa.

“Wɔmaa me anohyeto afe biako, wogyee m’afirikafo tumi krataa asram 19, wɔbɔɔ me ka dɔla 250, medaa afiase dapɛn awiei bi, mede nnɔnhwerew 600 yɛɛ ɔmandwuma, na wɔde adapɛn akron kyerɛɛ me sɛnea megyae asabow. Nea ɛsen saa no, mekae sɛ ɛtɔ da bi a, menyan anadwo no na me ho popo, na ɔbarima no anim mfonini gyinagyina m’ani so. Na na ɛsɛ sɛ mesan kohyia me nnamfo ne abusuafo. Na ɛte sɛ nea ɛyɛ den sɛ mɛkɔ so atra ase. Na minhu sɛ ɛfata sɛ metra ase. Na ɛsɛ sɛ mesan kɔkyerɛ ade na me kohyia saa mmofra no nyinaa. Na mintumi nhu wɔn mu dodow a wonim nea mayɛ no. Na mete asodi ne ahonu nka wɔ saa ɔbarima no abusuafo anim.

“Anadwo a akwanhyia no sii no, na ɛsɛ sɛ meyɛ biribi a ɛyɛ den sen biara wɔ m’asetra mu​—mefrɛɛ me maame ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mama, makum onipa wɔ akwanhyia mu. Bɛfa me kɔ fie.’ Bere a oduu hɔ no, yesusoo yɛn ho yɛn ho mu na yesui. Merempɛ sɛ me tamfo a ɔsen biara mpo bɛkɔ tebea a mekɔɔ mu no mu. Nnipa a wɔde asabow ka afiri​—ɛno yɛ asɛnnennen a mepɛ sɛ meboa ma wodi ho dwuma. Sɛ wosɔre fi nhyiam yi ase kɔ a, kae yɛn. Mma wo werɛ mfi yɛn da.”

Boayikuw De Dwumadi no Ba Awiei

Patricia Johnston, a ɔyɛ wɔn a wɔn ho aka mu boayikuw yi panyin no kaa n’ankasa papa a ɔsabofo no akwanhyia a nnipa wui wom ho osuahu a ɛyɛ awerɛhow de asɛm no baa awiei. Ɔkae sɛ: “Sɛ metumi de awerɛhow a nsa a ano yɛ den de ba no ahyɛ toa mu ayɛ no ‘nsa a wɔnom de si kwan so’ a, anka ɛrenhia sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe a ɛte sɛ eyi bio da!”

Awiei koraa no, nea ɔhwɛɛ dwumadi no so no bisae sɛ obi wɔ asemmisa bi anaa. Obiara ammisa hwee. Nanso na nnipa pii werɛ ahow na wɔkae sɛ: “Morente sɛ mede asabow reka afiri bio da.”

Ebegye bere na wɔde ahu nkɛntɛnso a boayikuw ahorow yi anya wɔ wɔn a wɔma asiane no ba no mu dodow a wɔsan de asabow ka afiri bio no so. Nanso nea ɛma asɛm no yɛ hu kɛse ne nnipa pii, ɔpepem pii, a wɔde asabow ka afiri a wonhu wɔn nkyere wɔn no.

Nnansa yi U.S. Bureau of Justice Statistics no Atemmu ho Adwumayɛbea no amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ wɔkyeree nnipa bɛyɛ ɔpepem abien wɔ DUI (Driving Under the Influence) ho. Nanso akontaabu kyerɛ sɛ, sɛ wɔkyere onipa biako biara wɔ DWI (Driving While Intoxicated) ho a, bɛyɛ 2,000, a wɔyɛ nnipa dodow a wɔrebekunkum nkurɔfo, fa wɔn ho di wɔ mmeae a wɔnwɛn hɔ.

Dɛn na ama tebea a ɛde adeyɛ a edi awu na enye yi aba? Dɛn nti na wɔkɔ so ko tia asabow a wɔde ka afiri nanso wonni so nkonim? Ma yɛnhwɛ mmuae ahorow no bi.

[Kratafa 7 mfoni]

Ofirikafo a wohyia Awufo no Abusuafo ho ɔyɛkyerɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena