Nnua Adwumfo A Wɔwɔ Kavango
Efi Namibia Nyan! kyerɛwfo hɔ
DƐN na asi? Mede akomatu sɔre tra ase. Biribi anyan me. Mede ehu hwɛɛ Afrika sum no mu. Nsoromma a ɛhyerɛn fa nsɔe dua no mmaa mu no nkutoo na mihu.
Afei mihui—tie! Kommyɛ no!
Nkyene no agyae. Anadwo no nyinaa no, na nkyenebɔ a egyigye tom-tom-te-tum-tum no ne dede afoforo adi afra wɔ Afrika wura no mu, nanso mprempren de agyae. Mfiase no na ɛyɛ hu. Afei mifi ase te anadwo nnyigyei no bio. Na nketekre ne ntontom ne adesaa mmoa ahorow su ayɛ sɛ nnwom, anadwo no. Afei de na manyan koraa. Na me da hɔ resusuw nkyene nwonwaso yi ne sɛnea yɛhwɛɛ ɔkwan a wɔfa so sen no no ho.
Na me ne me yere ada wɔ yɛn lɔre mu wɔ Asubɔnten Okavango ho. Na yɛakɔsra Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ Rundu, aguadi akuraa bi a ɛwɔ Kavango Mantam wɔ Namibia kusuu fam apuei wɔ Angola hye so no. Yɛnam wura no mu rekɔ no, yɛn ani gyee adwumayɛbea ahorow a ɛwɔ petee mu no ho, ɛhɔ na na nnua adwumfo no ani bere twitwa nnua sisen, twerɛw ho, twitwiw ho bere a wɔbɔ hwiremma.
Nneɛma a wosen no bi ne nkatanim ahorow a wɔhyɛ de saw ne afei “agyiraehyɛde ahorow” a wɔde sisi nkuraa a ayarefo wɔ hɔ nkurotia. Wɔde nkatanim yi bɔ ahɔho kɔkɔ na wɔde pam ahonhommɔne. Ɛwom sɛ nnipa pii ani gye nkatanim no ho de, nanso Kristofo a wɔwɔ Kavango no mfa bi nkɔ wɔn afi mu esiane ahonhommɔne a wɔde abata ho no nti. Enti afei eye sɛ yehu sɛ ɛnyɛ nkatanim yi titiriw na wosen na mmom nneɛma ahorow nyinaa a wotumi de siesie dan mu.
Dua a wɔde di dwuma ne tikdua. Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ dua fɛfɛ yi resa wɔ Kavango. Yɛn anidaso ne sɛ wɔde adwene besi dua a wɔbɛtɛw foforo no so pii, efisɛ ɛde mfe 50 na enyin. Dua no mu yɛ fɛ, ɛwɔ nsensanee fitaa ne tuntum a ɛda adi yiye wɔ nneɛma a wɔasen no ho. Wɔhwehwɛ dua a ɛfata no na wobu twitwa twe kɔ adwumayɛbea ɔsese no ase na wogyina nea wɔde bɛyɛ no so twitwam nkuruwankuruwa anaa wɔpaapae.
Wuram Sɔɔmil Anaa?
Bere a merehwɛ adwumfo no wɔ ɔsese no biako ase no, mihuu mmerɛte a wɔapaapae no fɛfɛ yi bi sɛ etwitweri hɔ. Na me pɛ sɛ mihu nea wɔde paee efisɛ na sɔɔmil anaa anyinam ahoɔden nni kwaem hɔ. Mibisaa Joakim a na ɔresen akyene no.
Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ “Tatekulu [Ɔpanyin] hwɛ, ɛnyɛ den koraa. Wode dua no bɛto amoa no ano. Jonas si amoa no mu, na me nso migyina soro wɔ dua no so. Jonas twe ɔsradaa no kɔ fam wɔ amoa no mu a, na me nso matwe aba soro. Yɛn nyinaa kɔ so twetwe saa. Ɛnkyɛ na yɛapae dua no awie na yɛanya mmerɛte no.”
Mekae sɛ: “Nanso ɛno gye mo bere tenten, na mobɛbrɛ nso.”
“Dabi, Tatekulu, ɛnte saa ankasa Sɛ owia no pue a, na yɛyɛ adwuma. Owiakɔtɔ a, na yɛahome. Ɔkyena owia no bepue bio. Da a edi hɔ no nso ne nea edi ɛno akyi no. Nna bebree wɔ hɔ, yɛwɔ mmere pii. Yɛwɔ mmere a yɛde yɛ adwuma ne nea yɛde home.”
Okavango Taksi
Taksi wɔ Afrika kwae no mu? Yiw, nanso eyi nyɛ kar a ɛwɔ New York City anaasɛ Yangon nteaseɛnam no bi. Asubɔnten Okavango hɔfo no di adwini foforo bi nso. Okavango taksi no ne mawato, anaa mekoro no sɛnea wɔfrɛ no wɔ nsu no anafo no. Eyi yɛ ahyɛmma a wɔde nnua asen.
Asubɔnten Okavango yɛ Kavango ne Angola ntam kusuu fam ɔhye na ɛma akwantu yɛ mmerɛw—nea wɔde kɔ nsu no atifi, anafo, anaa n’agya. Mawato, anaasɛ nsu so taksi yi tumi fa nsu so kwan no so kɔ atifi wɔ Owambo, n’anafo wɔ Botswana, anaa n’agya wɔ Angola, a ahye ahorow a nnipa ayeyɛ mfa ho.
Nanso, ade abien bi wɔ nsu yi mu a ɛsɛ sɛ wɔn a wɔte wato (nsu so taksi biako) mu no yɛ ahwɛyiye wɔ ho. Ɛwom sɛ nnipa wɔ atrae yi ho pii de, nanso adɛnkyɛm ne asusono da so ara wɔ hɔ—na wɔn ho yɛ hu! Mmere bi a wato bi butuw wɔ beae a ɛbɛn Rundu no, emufo no mu biako ho anyɛ hare annu asuogya ntɛm. Enti ɔdɛnkyɛm kyeree no!
“Nsuwura,” susono de, ne mmenewam a ofi akyiri aka biako pɛ a ɛyɛ kɔkɔbɔ no mpo ma obi a ɔka hyɛmma no de ahopere tra ne nsu so taksi no mu de ahopere hare kosi sɛ obehu sɛ obetumi atwa nsu no a hwee renyɛ no. Onim sɛ susono abogye a ɛyɛ hu no betumi adwɛre wato no ntɛm.
Nanso ɛnyɛ nsu no so nkutoo na taksi no yɛ adwuma. Sɛ wato, anaasɛ mokoro, no yɛ dedaw, na emu tutu ntokuru a, woyi fi nsu no so de yɛ teaseɛnam. Yɛahu ahyɛmma adedaw pii a wɔahyehyɛ nneɛma anaa nnua a efi aguadidan bi a ɛbɛn hɔ mu a nantwi anaa afurum twe no bɔkɔɔ wɔ Kavango anhwea futurufuturu no so.
Okavango taksi a wɔma afurum biako twe yi tumi de nneɛma kɔ mmeae a nnɛyi lɔre betim wɔ anhwea mu nyinaa. Ɛyɛ tete adeyɛ? Ebia. Ɛyɛ ɔbrɛ? Ebetumi aba saa. Ɛyɛ nyaa? Yiw, sɛnea nnipa pii bu nyaayɛ no! Nanso wommu bere ho akontaa wɔ Afrika. Ɛte sɛ nea Joakim, dua dwumfo no kae no: ‘Ɔkyena owia no bepue bio. Nna bebree wɔ hɔ.’
Enti eyinom ne Kavango nnua adwumfo no. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yɛne wɔn bɛkyɛ asomdwoe a ɛnam Onyankopɔn Ahenni so ba ho nkrasɛm no! (Mateo 24:14) Gyidi hunu abu so wɔ mmusua no pii mu nanso Bible mu nokware no ase atim.
Mfe abiɛsa a atwam ni no, na Adansefo a wɔabɔ asu 23 na wɔwɔ Rundu Asafo no mu. Na wohyia wɔ Ahenni Asa ketewaa bi a wɔde nnua ayɛ na wɔde nkyɛnsee abɔ so mu. Christo a ɔyɛ Yehowa Adansefo ɔhwɛfo kwantufo no ka sɛ: “Sɛ wɔhyehyɛ wɔn ho yiye a ebetumi afa nnipa 40, nanso nnipa 56 na wobetiee baguam ɔkasa no. Ɛha yi yɛ beae a ɛyɛ hyew wɔ Afrika, na ahohuru tumi ba. Bere a merema ɔkasa no na fifiri ama me soro atade no afɔw. Na mintumi nhyɛ atade nguguso wɔ Ahenni Asa ketewaa no so.”
Wɔ tebea horow a ɛnyɛ anigye yi nyinaa mu no, na anigyefo a wɔkɔ adesua no reyɛ pii. Enti ɛho behiae kɛse sɛ wosisi asa akɛse. Ɔdansefo bi a ɔwɔ ha fi ayamye mu maa yɛn asase de maa atirimpɔw yi.
Adansefo a wofi Namibia mmeae afoforo ne South Africa tiee ɔfrɛ no na wɔn ankasa tuaa wɔn akwantu ho ka baa beae a ɛwɔ akyiri kyiri yi bɛboaa asa yi si. Kurow no mufo nso ani begyee ɔdansi adwuma no ho. Sɛ nhwɛso no, Ambiri ne Willem yɛ mmofra, ɛwom sɛ wɔn ankasa nyɛ Adansefo de, nanso wofi ayamye mu boae. Ankyɛ wɔn nyinaa fii ase suaa Bible no na wɔkɔɔ adesua. Mprempren wɔn nso wɔyɛ Adansefo a wɔabɔ wɔn asu.
Na onigyeni foforo a ɔboaa ɔdansi adwuma no yɛ Oguanfo bi a ofi Angola a wɔfrɛ no Pedro. Pedro a ɔyɛ Katolekni amapa no ne Adansefo a wɔwɔ n’adwuma mu no bɔɔ nyamesom ho nkɔmmɔ. Nanso ɛno akyi no obisaa ne ho sɛ: ‘Dɛn nti na Yehowa Adansefo nim Bible yiye saa?’ Enti ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ biribi. Ɔne Adansefo no bɛhyehyɛ Bible adesua. Na afei, sɛ onya nimdeɛ a ɛdɔɔso kakraa a, obegyae adesua no na ɔde Bible no akyerɛ sɛ nea Adansefo no ka no nnim. So ne tirimbɔ no yɛɛ yiye? Pedro ka sɛ: “Adesua a ɛto so abiɛsa akyi no, mekɔɔ fie kɔka kyerɛɛ me maame sɛ: ‘Mama, efi nnɛ kɔ, menyɛ Katolek Asɔre no muni bio.’” Ɛwom sɛ Pedro abusuafo taa no de, nanso ɔyɛɛ nsakrae ntɛmntɛm na ankyɛ na ofii Katolek Asɔre no mu. Wɔbɔɔ no asu wɔ December 1989 mu wɔ Yehowa Adansefo “Onyamesom pa Ahofama” Nhyiam ase wɔ Windhoek, Namibia.
Anigyefo afoforo nso boaa Ahenni Asa no si. Christo a ɔyɛ ɔhwɛfo kwantufo no ka sɛ: “Mekae biribi a esii bere a yɛn ani abere regu fapem no. Na yɛbɛyɛ sɛ nnipa 40 na yɛyɛ adwuma no. Mihuu obi a na ɛte sɛ nea ne nkutoo atew ne ho. Enti me daa me ho adi na mibisaa no sɛ: ‘Hena na ɔne wo sua Bible no?’ Aberantewa Mateus buae sɛ: ‘Kasa kyerɛ saa nkurɔfo no efisɛ wɔmpɛ sɛ wɔne me sua Bible no. Maka akyerɛ wɔn mpɛn pii sɛ wɔmmoa me, nanso wɔnnyɛɛ ho hwee.’ Nea enti a na eyi te saa ne sɛ na Adansefo a wɔwɔ hɔ no reyɛ Bible adesua pii araa ma na wɔde Mateus twɛn bere foforo. Nanso mitumi yɛɛ Bible adesua no ho nhyehyɛe ma nnɛ Mateus yɛ Ɔdansefo a wabɔ asu.”
Wɔ July 1989 mu no, Rundu Asafo no buee wɔn Ahenni Asa foforo no ano. Efi bere a wofii ase de asa no dii dwuma no, wɔabɔ nnipa du foforo asu ma Adansefo a wɔabɔ wɔn asu dodow no ayɛ nnipa 33. Aka kakraa na nnipa afoforo pii nso afata ama asubɔ, na wɔ ɔhwɛfo kwantufo nsrahwɛ a etwaam no mu no, nnipa 118 betiee baguam ɔkasa no.
Yɛwɔ awerɛhyem sɛ w’ani agye Kavango akwantu no ho—ne n’asubɔnten, kwae fɛfɛ, nnua adwumfo a wɔn ho akokwaw ne nnua taksi—beae a nkurɔfo retie Yehowa Ahenni no ho nkrasɛm no na wofi wɔn komam yɛ ho biribi no.
[Pictures on page 26, 27]
Efi benkum kɔ nifa:
▪ Adawurubɔfo wɔ Ahenni Asa dedaw no anim
▪ Ahenni Asa foforo no wɔ Rundu
▪ Ɔdɛnkyɛm ne susono wɔ Asubɔnten Okavango mu
▪ Nkatanim no adwini a wɔasen ahorow pii