Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 8/8 kr. 28-31
  • Nea Kaakaamotobi Kyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Kaakaamotobi Kyerɛ
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Kaakaamotobi Kyerɛ Wɔ Afrika
  • Dwuma a Wɔde Kaakaamotobi Di
  • Nea Kaakaamotobi Kyerɛ Ma Nea Ɔtɔ De Sie
  • Nea Kaakaamotobi Kyerɛ ma Kristofo
  • So Ɔbonsam Wɔ Hɔ Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Nnua Adwumfo A Wɔwɔ Kavango
    Nyan!—1991
  • Nneɛma A Atwa Yɛn Ho Ahyia Ho Ban A Yɛbɔ—Aba Bɛn na Asow?
    Nyan!—2003
  • Henanom na Wɔwɔ Ahonhom Atrae?
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 8/8 kr. 28-31

Nea Kaakaamotobi Kyerɛ

DUASENFO NO FA AKUMA KURA KƆ DUA BI HO WƆ AFRIKA MFINIMFINI FAM KWAE BI MU. ƆSOM HO ADE NA ƐDE NO KƆ HƆ, ADE A WƆAYƐ WƆ AFRIKA MPƐN PII WƆ MFE MPEMPEM NO MU.

DUASENFO no gye di sɛ honhom bi a ɔfata obu kɛse te dua no mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a duasenfo no bɛbɔ ne ho ban afi saa honhom no abufuw ho no, ɔkɔɔ ɔdebisafo bi hɔ ansa na ɔrekɔ kwae no mu. Ɛno akyi no, odwiraa ne ho bɔɔ afɔre maa honhom a ɔte dua no mu no.

Ɔde akuma no si dua no mu. Afei ɔde n’ano tua baabi a watwa no twe mu nsu na ama wanya adom afi dua no mu. Sɛ otwa dua no to hɔ a, ɔma no da fam nna dodow bi na ama honhom no anya bere a ɛsɛ de ahwehwɛ atrae foforo. Ogye di sɛ dua no ankasa wɔ tumi bi ɛmfa ho sɛ honhom no afi mu no. Tumi a dua no wɔ no ano yɛ den araa ma ehia sɛ wɔn a wɔde wɔn nsa ka no di amanne ahorow bi a wɔahyɛ ato hɔ so pɛpɛɛpɛ esiane wɔn ankasa ahobammɔ nti.

Odwumfo no de ne nsa sen dua no ahokokwaw mu yɛ no kaakaamotobi. Wogye di sɛ bere a ɔresen dua no, ebenya tumi kɛse. Odwumfo no ntumi nsen no sɛnea ɔpɛ biara; ɛsɛ sɛ ɔyɛ no sɛnea wɔyɛ ahoni wɔ abusua a ofi mu no mu. Sɛ wanyɛ no saa a, ne mpɔtam hɔfo betumi abɔ no ahohora, na kaakaamotobi no honhom a ɛwɔ tumi no bo betumi afuw no.

Sɛ owie kaakaamotobi no a, dunsinni no yɛ nyankomade bi de asumanne bi gu kaakaamotobi no so. Afei wobu kaakaamotobi no sɛ ɛwɔ tumi a ano yɛ den paa, na ɛbɛyɛ honhom a wohyira so ma no no trabea. Afei de na wobetumi de kaakaamotobi no ayɛ ɔsom mu amanne ahorow.

Nea Kaakaamotobi Kyerɛ Wɔ Afrika

Wɔde kaakaamotobi di dwuma wɔ ɔsom mu wɔ Afrika asasepɔn no so mmeae pii. Masks—Their Meaning and Function nhoma no ka sɛ: “Kaakaamotobi betumi adi dwuma abien: wobetumi de ayɛ asuman, sɛnea wɔde kaakaamotobi nketewa yɛ no; anaa wobetumi de ahyɛ, a atirimpɔw no ne sɛ wɔde frɛ nananom, ahonhom anaa abɔde afoforo a wɔwɔ tumi a ɛkyɛn so.”

Bere a ɔbenfo Geoffrey Parrinder de ho nsɛm pii reka ho no, ɔka wɔ ne nhoma a ɛne Religion in Africa mu sɛ: “[Afrika nnua kaakaamotobi] yɛ ɔsom mu nneɛma, sɛ́ ɛyɛ adwinne, amanne kwan so ade, anaa nea ɛnyɛ biribiara sɛso no. Sɛ wɔde yɛ amanne a, wɔde gyina hɔ ma awufo anaa wɔn ahonhom, anaa ‘sum ase akuw’ a wɔne awufo di nkitaho anaa wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde besiw bayie ano. Sɛ́ kaakaamotobi no anim nkyerɛ hwee anaa ɛyɛ hu, aman afi nea ɛyɛ ho mfonini no ho anaasɛ ɛnyɛ biribiara sɛso no, ɛda adi kɛse sɛ ɛkyerɛ sɛnea awufo ho yɛ hu na owu nyɛ biribiara awiei. Wɔyɛ ma nnipa a wɔyɛ wɔn ho te sɛ awufo de hyɛ, na mpɛn pii no, wɔhyɛ ntade yuu de kata wɔn ho ansa na wɔahyɛ kaakaamotobi no, na ɛnsɛ sɛ wɔka wɔn ho asɛm sɛ nnipa, na mmom sɛ ahonhom.”

Ayi ase amanne a wɔde kaakaamotobi yɛ ne bɔ a wɔde bɔ wɔn ho ban wɔ kaberɛkyerefo ho akyi no, wɔde di dwuma titiriw wɔ afoforo a wɔde wɔn ba kuw bi mu ho guasodeyɛ, afahyɛ ahorow, nsenni, awo ho amanne ahorow, ne “nkitaho a wɔne awufo di” mu. Ɛtɔ da bi mpo a Kristoman de kaakaamotobi di dwuma wɔ afahyɛ ne guasodeyɛ ahorow mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Sierra Leone no, “abonsamfo” a wɔhyehyɛ kaakaamotobi saw ba asɔredan adiwo bɛkyerɛ obu wɔ ayeforohyia ase. Wɔ akwan horow a wɔde kaakaamotobi di dwuma yi nyinaa mu no, ɛkyerɛ ade titiriw biako. Sɛnea nhoma African Masks ka no, ɛyɛ “ɔsoro tumi akorae, ɛmfa ho sɛ wɔde di dwuma kɔ akyiri, wɔmfa no aniberesɛm anaa wɔde gyigye wɔn ani no.”

Mmusuakuw bɛboro 1,000 a ɛwɔ Afrika no mu bɛyɛ 100 na wɔyɛ kaakaamotobi. Ɛsono sɛnea kuw biara yɛ ne kaakaamotobi, na nsonsonoe no gyina dwuma a wɔde di so. Nanso nsonsonoe yi nyinaa akyi no, nneɛma bi wɔ ho a nnipa a wɔwɔ Afrika mmeae pii te ase. Sɛ nhwɛso no, wɔtaa yɛ nananom ahonhom ho kaakaamotobi ma ɛyɛ anika, na wɔyɛ nea ennyina hɔ mma nnipa ahonhom no huhuuhu. Nea ɛwɔ momapɔw no gyina hɔ ma nyansa ne honhom fam nkɔso a emu dɔ. Nea n’aniwa yɛ pɔtwepɔtwee anaa wakunkum n’anim kyerɛ honhom a adi obi so. Nea wɔde fitaa asisi ho kyerɛ awufo ahonhom ne biribi a efi ‘wiase foforo’ bi mu. Kaakaamotobi ahorow a wɔayɛ no te sɛ mmoa a wɔwɔ mmɛn, titiriw Afrika akoɔ ne atorɔm, no fa mmusuyi amanne ahorow, ahonhom atutra, ne abayisɛm ho.

Dwuma a Wɔde Kaakaamotobi Di

Wɔ Afrika no, wɔmfa kaakaamotobi nsensɛn dan ho kɛkɛ; wɔde yɛ amanne na wɔde saw. Etumi kata nea ɔde hyɛ no anim anaa ne ti ho nyinaa. Onii no de atade yuu anaa ɛdowa anaasɛ kyɛnkyɛn kata ne nipadua no fã a aka no.

Wogye di sɛ nea ɔhyɛ no ne kaakaamotobi no honhom a ɛwɔ tumi no wɔ abusuabɔ tẽẽ. The New Encyclopædia Britannica kyerɛkyerɛ nea esi mu: “Sɛ obi hyɛ kaakaamotobi no a, ɛtɔ da bi a onya honhom mu nsakrae bi, na obenya honhom a kaakaamotobi no gyina hɔ ma no no su te sɛ nea akɔm asi ne so. Na, mpɛn pii no, nea ɔhyɛ no nam ahokokwaw so bɛyɛ nea ɔresuasua no no ‘fafafo’ . . . Nanso ɛbɛyɛ te sɛ nea onii a ɔhyɛ no taa de n’adwene nyinaa si nea ɔreyɛ ne ho mfonini no so. Ɔhwere n’ankasa su, na ɔbɛyɛ te sɛ afiri, a n’ankasa nni ne ho so tumi, na mmom wabɛfa nea kaakaamotobi no gyina hɔ ma no no su.”

Wɔ wɔn a wɔpene so ma wɔbɛhwɛ—na ɛkame ayɛ sɛ bere nyinaa wɔyɛ mmarima nkutoo—fam no, kaakaamotobi no nnyina hɔ mma honhom abɔde bi kɛkɛ. Wogye di sɛ honhom abɔde bi a ɔte ase bɛhyɛ kaakaamotobi no mu. Enti, kaakaamotobi no ankasa yɛ kronkron, na sɛ obi bu ahyɛde ahorow no so a, mpɔtam hɔfo twe n’aso, na ɛtɔ da bi a wokum no. Nea ɔhyɛ no ahobammɔ nti, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ade wɔ ɔkwan a wogye tom so, te sɛ duasenfo ne odwumfo no.

Nea Kaakaamotobi Kyerɛ Ma Nea Ɔtɔ De Sie

Mfe 100 a atwam ni mu titiriw na wɔde anibere atɔ Afrika kaakaamotobi asie wɔ wiase nyinaa. Ɛsono nea kaakaamotobi kyerɛ ma wɔn a wɔkɔtɔ de sie, na ɛsono nea ɛkyerɛ ma wɔn a wodi amammerɛ som akyi wɔ Afrika no koraa.

Sɛ anka wɔn a wɔkɔtɔ kaakaamotobi de sie no bebu no sɛ ɛyɛ nyamesom mu ade kronkron no, wobu no sɛ ɛyɛ Afrika amammerɛ ho adwinne. Sɛ anka wobegyina dwuma a wɔde kaakaamotobi di wɔ asetra mu so aka ho asɛm no, wogyina sɛnea ɛyɛ korokorowa, ɛyɛ anika, ne sɛnea ɛkanyan nkate no so na ɛka ho asɛm. Wɔn a wɔkɔtɔ de sie no bisa sɛ: Dua no ankasa, sɛnea emu nneɛma te, sɛnea ne su te no hia odwumfo no kodu he? Ɛyɛ dɛn na odwumfo no tumi de ahokokwaw di dwuma bɔ ne tirim yɛ biribi nyansam, na bere koro no ara ɔyɛ ade no sɛnea amammerɛ hwehwɛ sɛ ɔyɛ no no?

Nokwarem no, nea ɔtɔ de sie no mmu n’ani ngu sɛnea nyamesom ka adwuma no so. Mpɛn pii no, esiane sɛ nneɛma a ɛkanyan odwumfo no gu ahorow nti, nsonsonoe kɛse da kaakaamotobi a wɔde di ɔsom ho dwuma ne nea wɔde yɛ nneɛma nsɛso a ahɔho tɔ de gyigye wɔn ani no ntam. Masks of Black Africa nhoma no ka sɛ: “Odwumfo no . . . nya nkuranhyɛ fi gyidi a emu yɛ den a ɔwɔ, ahofama a ɔwɔ ma n’adwuma a ɛne sɛ ɔbɛma honhom abɔde bi a ɔwɔ ade nyinaa so tumi nipadua no mu, na ɔnam saa kwan yi so adi n’asetra mu asɛyɛde titiriw ho dwuma. Sɛ saa nyamesom gyidi yi . . . yera ara pɛ a, ɛmfa ho sɛ na ɛda adi sɛ n’adwuma no yɛ biribi kɛse wɔ dwuma a wɔde dii mu no, ɛbɛyɛ nea ɛnyɛ anika ne adwinni fõ.”

Wɔn a wɔtɔ kaakaamotobi ma wɔde sie wɔ tete nneɛma akorae no taa ma wɔn ani kũ dwuma a wɔde kaakaamotobi adi wɔ ɔman a efi mu no ho sen wɔn a wɔhwehwɛ adwinne no. Nanso, wɔntaa nnya nsɛm pɔtee saa esiane ɔkwan a wɔafa so anya kaakaamotobi dodow no ara wɔ mfe a atwam mu no nti. Wonyaa bi sɛ nkae ade, na wɔfaa binom sɛ asade wɔ akodi ahorow mu, na afoforo nso wɔtɔɔ no pii kɔtɔnee. Ne saa nti, mpɛn pii no, wonhu nea na kaakaamotobi biara kyerɛ ne dwuma a wɔde dii mfiase.

Nea Kaakaamotobi Kyerɛ ma Kristofo

Enti, ɛsono nea kaakaamotobi kyerɛ ma wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ amammerɛ som mu, na ɛsono nea ɛkyerɛ ma wɔn a wɔtɔ de sie sɛ adwinne ne amammerɛ mu nneɛma no. Ɛkyerɛ biribi soronko ma Kristofo.

Bible da no adi pefee sɛ tumi soronko biara nni kaakaamotobi anaasɛ dua a wɔde yɛe no mu. Odiyifo Yesaia kyerɛ sɛnea nyansa nnim sɛ obi betwa dua bi de bi anoa n’aduan de bi aka ne ho hyew, na afei ɔde nkae no ayɛ onyame bi a ɔde ne ho to so sɛ ɛbɛboa no. (Yesaia 44:9-20) Nnyinasosɛm koro no ara fa nyamesom kaakaamotobi ahorow ho.

Nanso, Kristofo gye tom sɛ yɛwɔ “ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom.” (Efesofo 6:12) Wɔwɔ Satan tumidi ase, na wɔnam atoro som so daadaa nkurɔfo.—Adiyisɛm 12:9.

Kristofo gye tom nso sɛ adaemone no nam honam fam nneɛma so ne nnipa di nkitaho. Enti, Onyankopɔn asomfo mfa biribiara a ɛne ahonhonsɛmdi wɔ abusuabɔ nto wɔn ho, sɛ́ ɛyɛ asuman, sɛbɛ, ntafoayi kaa, anaa kaakaamotobi. Wɔ eyi mu no, wosuasua tete Kristofo a na wɔwɔ Efeso no nhwɛso. Bible ka wɔn ho asɛm sɛ: “Wɔn a wɔyɛ asumanne no mu bebree de wɔn nhoma bae bɛhyewee wɔ nnipa nyinaa anim; na wobuu ne bo ano hui sɛ esi nnwetɛbona ɔpeduonum.”—Asomafo no Nnwuma 19:19.

Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa no mfa kaakaamotobi anaa biribiara a ɛne atoro som wɔ abusuabɔ nto wɔn ho. Ɛho nhwɛso ne asɛm a Pius, Kristoni a ɔyɛ ɔpanyin wɔ Nigeria, kae yi: “Kaakaamotobi ahorow da wɔn a wɔde di dwuma no nyamesom nsusuwii adi. Kaakaamotobi ahorow wowɔ din na wɔhwɛ onyame a wɔde gyina hɔ ma no ho de ɔsom ne osuro ma. Meremfa kaakaamotobi mmɔ me fie da efisɛ eyi rensɔ Yehowa ani, na afei nso ahɔho bɛfa no sɛ mepene nyamesom gyidi a egyina hɔ ma no so.”

Nokware Kristofo nim sɛ mmara a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israel pefee ne sɛ: “Nyɛ ohoni bi anaa ade a ɛwɔ wim wɔ ɔsoro anaa nea ɛwɔ asase so wɔ fam anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase nsɛso biara mfa; nkotow wɔn, na nsom wɔn. Na me, [Yehowa] wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo.”—Exodus 20:4, 5.

[Kratafa 30 adaka]

Kaakaamotobi Ahorow Wɔ Aman Pii Mu

Dɛn na asɛmfua “kaakaamotobi” no kyerɛ ma wo? Wɔ aman bi mu no, asɛmfua no yɛ kasabebu a ɛkyerɛ biribi a wɔkata so. Sɛ w’ani gye agumadi ho a, ebia wubesusuw sɛ kaakaamotobi yɛ biribi a obi hyɛ de bɔ n’anim ban na wampira wɔ agodie te sɛ baseball ne fencing mu. Ebia nea ɛba w’adwene mu ne kaakaamotobi a obi hyɛ de bɔ ne ho ban wɔ mframa bɔne ho, nea wɔde hyɛ yɛ oprehyɛn, anaa nea wɔde gye nkurɔfo ani.

Nanso, ɛnnɛ nnipa pii fam no, kaakaamotobi kyerɛ ɔsom. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Kaakaamotobi ahorow a egyina hɔ ma ahonhom a wɔn ho tew anaa wɔyɛ kronkron a wɔde nhyira ne mmusu ba—titiriw wɔ Buddhafo nkokorafi ahorow a ɛwɔ Nepal, Tibet, ne Japan ne afei nkurɔfo a wɔn ani mmuei no dodow no ara—yɛ ahoni kronkron no foforo bi. Mpɛn pii no, wɔde ɔsom ma sɛnea wɔsom ahoni no ara pɛ.”

Nyamesom kaakaamotobi ahorow wɔ aman nyinaa mu, na efii ase teteete. Ɛda adi sɛ edii dwuma titiriw wɔ yɛn nananom som ne wɔn asetra mu. Masks—Their Meaning and Function nhoma ka sɛ: “Mfiase no na kaakaamotobi biara wɔ nea egyina hɔ ma, na anwonwa kwan so no, na kaakaamotobi no ankasa anaa onii a ɔhyɛ no, gyina hɔ ma tumi anaa honhom bi.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena