Mmofra Bisa Sɛ. . .
Bɔne Bɛn Na Ɛwɔ Mmarima Ne Mmea Ntam Agorudi Mu?
Abarimaa no frɛ fii akyiri hɔ sɛ, “Sarah! Sarah! bɛtra me nkyɛn!” Otĩ ne frɛ no mu simma anum biara—nanso ɔkwa. Wɔ Sarah fam no, abarimaa no mmɔdenbɔ sɛ ɔne no bedi agoru wɔ sukuu dan mu no yɛ ade a wɔde haw no daa.
Abofra Jennifer nnyinii sɛnea ɛsɛ sɛ ɔkɔ ntoaso sukuu, nanso ɔbɔ amanneɛ sɛ: “Mmarimaa ka nsɛm a minwie asete na wɔyɛ nneɛma a ɛnkyerɛ adamfofa ankasa.” Erika de ka ho sɛ, “Wɔn aniwa no! Wɔhwɛ wo na wɔsereserew na wunhu beae a wonya nne kɛse fi—ɛyɛ me serew. Na wɔbɛn wo ankasa.” Mmarimaa nso taa hyia mmea a wɔpɛ sɛ wɔne wɔn di agoru. John a onnii mfe aduonu no bɔ amanneɛ sɛ: “Mmeawa [a wɔwɔ sukuu] no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɛn wo na wɔde wɔn ho aka wo na wɔde wɔn nsa abobare wo. Wɔba asa no so na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn nsa bɛto wo kɔn mu.”
Nokwarem no, ɛte sɛ nea mmofra pii ani gye ho. Abeawa bi a wɔfrɛ no Connie a osiesie ne ho wɔ ɔkwan a ɛtwetwe adwene kɔ ne so no ka sɛ “ɛyɛ anigye.” Mmofra pii nso ani gye ho sɛ wɔbɛkyerɛ afoforo ho anigye. Abeawa bi kyerɛw wɔ’Teen nsɛmma nhoma no mu sɛ, “meyɛ abeawa a m’ani gye ho sɛ me ne mmarima no nyinaa bedi agoru—sɛ mepɛ wɔn anaasɛ mempɛ wɔn. Me ne mmarima ntam agorudi no ma minya ahotoso na mete nka sɛ me ho yɛ anigye.”
Ɛnde ɛsɛ sɛ Kristoni abofra bu mmarima ne mmea ntam agorudi dɛn? So ɛyɛ agoru ara kwa, ɔkwan a wɔnam so benya obi ho dɔ no fã bi a wontumi nkwati? Anaasɛ asiane ahorow ankasa bi wɔ ho a ɛsɛ sɛ wɔkwati?
Nea Mmarima ne Mmea Ntam Agorudi Kyerɛ
Wɔ Engiresi kasa mu no, mmarima ne mmea ntam agorudi ne adwene a ɔbarima de besi ɔbea bi so (anaa ɔbea de besi ɔbarima so) a ɛyɛ ne kwan so wɔ nantew a edi aware anim mfiase no nyɛ ade koro. Mmom no, ɛkyerɛ sɛ “sɛ wobɛkyerɛ obi ho dɔ [akɔnnɔ] bere a ɛnyɛ sɛ wohyɛ da pɛ no.” Fransefo frɛ ɔbea a ɔyɛ saa no sɛ coquette.
Nanso, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobetumi akyerɛ nea ɛkyerɛ ankasa sɛ obi pɛ mmarima ne mmea ntam agorudi. Mmarima ne mmea ntam agoru a obi pɛ no betumi ada adi wɔ sɛnea ɔhwɛ obi, sɛnea oso obi mu, sɛnea ɔyɛ ne nne de kasa, sɛnea ɔserew bɔkɔɔ—sɛnea obi siesie ne ho, ogyina hɔ anaasɛ ɔyɛ ne ho no mu mpo. Ɛwom sɛ ɛyɛ den sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ mmarima ne mmea ntam agorudi su no mu de, nanso sɛ wotu ani si obi so a, ɛyɛ mmerɛw sɛ obehu. Ɔkwan biara so no, sɛ obi nnyinii sɛnea obetumi aware a, coquette anaasɛ mmarima ne mmea ntam agorudi su no yɛ asiane kɛse koraa!
Ɛyɛ “Agoru” a Asiane Wom?
Ɛnyɛ sɛ obi a ɛsono ne bɔbeasu a wonya ne ho anigye no ankasa yɛ bɔne. Nokwarem no, wɔ ‘mmofra bere mu’ no, ɛyɛ adebɔ su sɛ saa nkate no mu bɛyɛ den; saa na Ɔbɔadeɛ no yɛɛ yɛn. (1 Korintofo 7:36) Ebia na wususuw sɛ w’ahoɔfɛ te dɛn; na ebia ɛbɛyɛ sɛ nea mmarima ne mmea ntam agorudi yɛ ɔkwan a asiane nnim a wonam so behu.’Teen nsɛmma nhoma no hyɛ mmeawa nkuran mpo sɛ wɔne mmarima nni agoru bere a ɛka sɛ “Mmarima Ne Mmea Ntam Agorudi Betumi Ayɛ Anigye!” no. Asɛm a edi akyi no de sɛnea wobedi mmarima ne mmea ntam agoru ho akwankyerɛ a ɛkɔ akyiri mae.
Nanso nokwasɛm a ɛyɛ ara kwa sɛ wɔka sɛ mmarima ne mmea ntam agorudi yɛ anigye no nkyerɛ sɛ mfaso wɔ so anaasɛ eye. Susuw ɔtreneeni Hiob asɛm yi ho hwɛ. Bere bi ɔkae sɛ: “Apam na me ne m’aniwa apam, na adɛn na memfa m’ani menkari ababaa?” (Hiob 31:1, 9-11) Nea ɛkyerɛ ne sɛ Hiob ne ne ho yɛɛ apam sɛ ɔbɛhyɛ n’aniwa so na wamfa mmeapɛ aniwa anhwɛ ɔbea sigyani biara da. Dɛn ntia? Efisɛ na Hiob yɛ ɔwarefo. Na ɔne mmea agorudi no bɛyɛ nea ɛnteɛ, nokware a na onni ne yere. Anyɛ yiye koraa no, ɛbɛkanyan akɔnnɔ ne akwanhwɛ bɔne. Enti Hiob kwatii ɔne mmea agorudi.
Nokwarem no, wonwaree ɛ. Nanso sɛ wususuw ho a so wowɔ ntease pa nti a ɛsɛ sɛ wode w’adwene si obi a ɛsono ne bɔbeasu so sen sɛnea Hiob yɛe no? Mpo koraa, sɛ wunyinnii sɛnea ɛsɛ sɛ woware a, nyansa bɛn na ɛwɔ mu? Sɛ onnii no nso kyerɛ ho anigye a dɛn na wobɛyɛ? So wubetumi akura adamfofa no mu akodu ne botae—aware ho?a Sɛ ɛnte saa a, ɛnde mmarima ne mmea ntam agorudi de nea ɛsen abasamtu ba.
Ahomaso
Nanso mpɛn pii no, ɔpɛ ho asɛm nni nea ɔne obi a ɛsono ne bɔbeasu di agoru no adwenem pii. Ebia obebu obi a ɛsono ne bɔbeasu a ɔbɛyɛ ma wapɛ n’asɛm no sɛ agoru. Sɛ nhwɛso no, na Kristoni abeawa bi a wɔfrɛ no Maria nim Bible ahyɛde a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ ɔne obi a onnye nni twe ɔpɛ mu kɔndua koro no yiye. (2 Korintofo 6:14) Nanso odii mfomso susuwii sɛ bɔne biara nni mmarimaa a ɔne wɔn kɔ sukuu a ɔne wɔn bedi agoru no ho. Ɔkyerɛkyerɛ mu ntɛm ara sɛ: “Sɛ wɔn ani begye me ho pɛ, migyae. Edu baabi a wɔhwehwɛ sɛ wɔne wo fi adi, na ɛhɔ na ɛsɛ sɛ wugyae.” Nanso so ɛhɔ na wogyae?
Ɔkyerɛwfo Kathy Mccoy ka wɔ Seventeen nsɛmma nhoma no mu asɛm bi mu sɛ: “Wɔn a wɔde ɔbarima ne ɔbea nna di agoru no taa yɛ nnipa a wommu wɔn ho a wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya wɔn ankasa ho nkate pa denam wɔn ho anigye a afoforo bɛkyerɛ no so.” Sɛ obi benya nkate bi afi hwɛ a wobɛhwɛ no anaasɛ wubeso no mu mu no betumi ahoahoa wo—nanso ɛyɛ bere tiaa. Nea ɛka ho bio no, bere a Bible kyerɛwfo Paulo, reka nokware dɔ, ayamhyehye ne Kristofo biakoyɛ ho asɛm no, ɔbɔɔ Kristofo kɔkɔ sɛ wɔnnyɛ ‘biribiara atutupɛ,’ anaasɛ sɛnea nkyerɛase biako ka no “obi ankasa akɔnnɔ hunu” so.—Filipifo 2:1-3; The New English Bible.
Akwan a etu mpɔn na ɛtra hɔ daa wɔ hɔ a wubetumi afa so akyerɛ obu ama wo ho sen afoforo nkate a wode bedi agoru no. Dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wobɛma “emu nipa” anaasɛ onipa a woyɛ wɔ wo mu no atu mpɔn?—2 Korintofo 4:16.
“Ɔtow Nyansramma”
Seventeen nsɛmma nhoma no mu asɛm bi kyerɛɛ asiane foforo sɛ: “Mmarima ne mmea ntam agorudi ho asɛnnennen ne sɛ, ɛwɔ nea ɛkyerɛ ma nnipa horow, na ɛtɔ da bi a wɔnte nea ɛkyerɛ no ase—na epira nkate ahorow.”
Yiw, esiane sɛ mmofra nnim sɛnea mmarima ne mmea ntam agorudi pira afoforo nkate nti, wɔmfa no aniberesɛm. Ɛte sɛ nea mmebusɛm a efi nyansam no ka no: “Sɛ ɔbɔdamfo a ɔtow nnyansramma, agyan ne owu te no, sɛ onipa a ogyigye ne yɔnko, na ɔka sɛ: agorɔ na meredi, te ne no.” (Mmebusɛm 26:18, 19) Tumi a yɛwɔ sɛ yebepira afoforo nkate no tumi di awu. Te sɛ tumi foforo biara no, ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma wɔ ahwɛyiye mu, ɔkwan pa so.
Mmarima ne mmea ntam agorudi yɛ nnaadaa, ɛnkyerɛ ɔdɔ na ɛtaa yɛ atirimɔden. Ebetumi asɛe abusuabɔ a anka ɛbɛyɛ nea ɛyɛ anigye. Ɛmma afoforo nkyerɛ obu mma wo. Nea ennye koraa no, ebetumi ama wode wo ho ahyɛ mmeapɛ anaa mmarimapɛ a ɛnyɛ ne bere mu de anaasɛ mpo ɔbarima ne ɔbea nna mu abrabɔ bɔne mu! Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “So onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom, na ne ntade renhyew?—Mmebusɛm 6:27.
‘Mepɛ Sɛ Nnipa Pɛ M’asɛm’
Nokwarem no, ɛyɛ adebɔ su sɛ wobɛhwehwɛ sɛ nnipa pɛ w’asɛm. Na ebia wo fam no, ɛte sɛ nea wɔn a wodi mmarima ne mmea ntam agorudi no na wɔwɔ anigye, ne sɛ wɔn a wɔpɛ agoru no wɔ nnamfo pii. Nanso so obi a odi mmarima ne mmea ntam agoru no wɔ adamfofa a ɛtra hɔ daa? Ɛntaa mma saa. Nokwarem no, ebinom ani betumi agye obi a ɔkyerɛ wɔn nkutoo ho anigye no ho. Nanso sɛ nea n’ani gye wɔn ho no adwene kɔ obi foforo so a, ɔbɛyɛ nea wɔmpɛ n’asɛm koraa.
Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ, wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛ wɔ mmeawa a wonnii mfe aduonu mu no mu no, ɔha biara mu 80 kae sɛ “mmea agorudi su” a ɛwɔ abarimaa mu no so “nni mfaso koraa.” Tete bɛ bi ka sɛ: “Otirimɔdenfo haw n’ankasa honam.”—Mmebusɛm 11:17.
Abusuabɔ a Ɛho Tew
Nokwarem no, ɛnyɛ bere nyinaa na wubetumi ayɛ nea ɛteɛ wɔ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu a wo ne wɔn bedi no mu. Abeawa bi a onnii mfe aduonu a wɔfrɛ no Kelly ka sɛ na ɛyɛ den ma no sɛ obehu nsonsonoe a ɛda “sɛ wubeyi adamfofa su adi ne sɛ wɔne mmarima bedi agoru no ntam.” Ɔde kaa ho sɛ: “Mepɛ nnamfo yiye.”
Sɛ wobɛpɛ agoru no nyɛ mfomso. Na ɛho nhia sɛ woyɛ obi a ɔnka ne ho nkɔ afoforo ho. Nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran na nyansa wom a wobɛbɔ no betumi aboa wo ma wanya nnamfo. Afei bio, ntease wɔ nkɔmmɔ a woyi anim bɔ no mu sen animhwɛ anaasɛ fɛre a wɔde sereserew kyerɛ obi a ɔte akyiri no. Nanso sɛ w’atipɛnfo ne wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu nkutoo na wofa wɔn nnamfo a, so ebinom rennya wo ho adwemmɔne?
Asɛntitiriw no ne sɛ “mommma obiara nnhwehwɛ ne nko ade, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi”—a wɔn mfe anaasɛ bɔbeasu mfa ho. (Filipifo 2:4) Twe wo ho fi kasa, ntade, ahosiesie anaasɛ nneyɛe a wobetumi abu no sɛ nea wɔde twetwe nkurɔfo adwene no ho. (Fa toto 1 Timoteo 2:9 ho.) Sɛ wo su ne sɛ wutumi kyerɛ nnipa ho nokware anigye a, ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛka sɛ w’adamfofa su no yɛ mmeapɛ anaa mmarimapɛ. Ɛdenam wo nsɛm ne nneyɛe so no, wubetumi aka sɛ: ‘Menyɛ obi a n’ani gye mmarima ne mmea ntam agorudi no ho.’
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ ti 29 (“So Metumi Ayɛ Nhyehyɛe Ne Obi Afi Adi?”) wɔ Questions Young People Ask—Answers Thar Work, a Watchtower Bible and Tract Society of New York Inc. atintim no mu.
[Kratafa 21 mfoni]
Kyerɛ nnipa nyinaa ho anigye—a wɔn mfe anaasɛ bɔbeasu mfa ho