Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 9/8 kr. 30
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
  • Nyan!—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bɔne Bɛn Na Ɛwɔ Mmarima Ne Mmea Ntam Agorudi Mu?
    Nyan!—1991
  • Mfomso Bɛn na Ɛwom sɛ Mmarima ne Mmea De Wɔn Ho Bɛhyehyɛ Wɔn Ho?
    Nyan!—1998
Nyan!—1992
g92 9/8 kr. 30

Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Mmarima ne mmea ntam agorudi Meda mo ase wɔ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Mɛyɛ Dɛn Akwati Mmarima ne Mmea Ntam Agorudi mu Yaw?” (December 8, 1991) no ho. Metee ɔyaw ne ɔpow a efi mmarima ne mmea ntam agorudi mu ba no nka nnansa yi ara bere a aberante a me ne no ayɛ aware nhyehyɛe no twaa yɛn abusuabɔ no mu mpofirim a na enni nnyinaso biara no. Akyiri yi metee sɛ ɔyɛ obi a wonim no sɛ ɔpɛ mmea agorudi na wapira afoforo ansa na ɔreyɛ me saa. Mahu afei sɛ meka ho bi na saa tebea a ɛyɛ yaw no bae, efisɛ minyaa nkate a emu yɛ den maa no ntɛm dodo. Minyae a, anka saa nkyerɛkyerɛmu yi bae asram bi a atwam ni.

G. T., United States

Aberante bi ka kyerɛɛ me sɛ ɔpɛ me adamfo ara kwa, na mepenee so. Nanso ɔkɔɔ so baa me nkyɛn too nsa frɛɛ me sɛ yɛnyɛ nhyehyɛe mfi adi. Bere a akyiri yi obisaa me sɛ mɛpɛ sɛ mɛware no anaa no, m’ani gyei yiye! Nanso afe biako akyi no, ose na ɔmpɛ sɛ ɔware ankasa. Ose anka ɛnsɛ sɛ minya asɛm no ho nkate a emu yɛ den saa, efisɛ ɔka kyerɛɛ me fi mfiase no sɛ onsiesiee ne ho mmaa aware ɛ. Sɛnea ɛbɛyɛ a obenya “anoyi” nti, ose ɔda so ara pɛ sɛ ɔware me​—nanso gye nhyehyɛe foforo no mu. Meda so ara te yaw nka, nanso asɛm no reboa me ma madi tebea no ho dwuma.

S. Y., United States

Mmusua Nyɛ Biako Meyɛ agyanom a wɔn mma ho asɛm nhiaa wɔn da no mu biako. Mansusuw ɔhaw a ebetumi afi eyi mu aba daakye no ho. Mo asɛm a ese “Mmusua​—Monyɛ Biako Ansa na Aka Akyi Dodo” (September 22, 1991) a mekenkanee no haw me yiye! Mehyɛ bɔ sɛ mɛsakra na mayɛ nea metumi biara ayi ɔdɔ adi akyerɛ me mma.

J. B. M., Gabon

Nsɛm no kaa sɛnea sɛ mmofra su a, ɛsɛ sɛ wɔkɔhwɛ wɔn ho asɛm. So eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔhwɛ wɔn bere biara a wobesu? Sɛ saa a, so ɛremma akokoaa no nnya hokwan nni n’awofo so​—na awiei koraa no asɛe no?

S. H., United States

Yɛanhyɛ mmara biara a wontumi nsakra no na mmom yɛde nkuranhyɛ mae ara kɛkɛ sɛ ɛnanom ntie wɔn mma nkokoaa. Na ɛwom sɛ ntease wom sɛ awofo besusuw sɛ ebia ‘wɔresɛe’ wɔn nkokoaa a wɔanyin kakraa ne wɔn a wɔawea de, nanso aduruyɛfo pii gye di sɛ ɛyɛ den sɛ wɔbɛsɛe nkokoaa a wonnyinyinii denam hwɛ a wɔbɛkɔ akɔhwɛ wɔn bere a wosu so.​—Hwɛ asɛm “Johnny, Please Be Quiet!” wɔ September 8, 1982, “Awake!”​—SM (Samufo) .

Nyansahu mu Nnaadaa M’ani gyee asɛm “Shenanigans in the Halls of Science” (November 22, 1991) no ho titiriw. Meka ahyehyɛde ahorow a wɔbobɔɔ din wɔ asɛm no mu no biako ho, na ɛyɛ me ahodwiriw sɛ mete sɛ nsɛm a ɛte sɛɛ tumi da adi wɔ nyansahufo akuw a wogye wɔn di no mu. Sɛ akansi ne odikanfo a wɔpɛ sɛ wɔyɛ ho nhyɛso boro nokwaredi so a, nsɛm a ɛtete saa sisi. M’ani gyee Ɔbenfo O’Toole akokoduru ne nokwaredi​—a ɛmaa n’adwuma bɔɔ no no ho! Ɛte sɛ nea na su a wokura ne sɛ, ‘Hena ne Ɔbenfo O’Toole na wateɛ mfomso a Ɔbenfo Imanishi-Kari adi? Ɛsɛ sɛ nyansahufo tumi gye nsusuwii afoforo tom, nanso ɛtɔ mmere bi a, ɛnte saa koraa.

O. O., United States

Nguan ho nhwi Mepɛ sɛ meda mo ase wɔ asɛm “The Wonder of Wool” (September 22, 1991) no ho. Meresua adepam mprempren na yɛasua nguan ho nhwi ho asɛm. Mede asɛm yi mu nsɛm na ɛbɛyɛ me sukuu mu dwumadi no. Na misuro kakra sɛ mɛyɛ saa efisɛ me mfɛfo sukuufo no di me ho fɛw wɔ Yehowa Adansefo mu biako a meyɛ no ho. Yɛn sukuu mu panyin no maa ɔkasa bi de bɔɔ asuafo no kɔkɔ wɔ Yehowa Adansefo ho mpo! Nanso me kyerɛkyerɛfo no de anigye kenkanee asɛm no na ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ onya Nyan! no bi a ɛbɛyɛ n’ankasa de.

P. A., Czechoslovakia

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena