Bible No Adwene
Mfomso Bɛn na Ɛwom sɛ Mmarima ne Mmea De Wɔn Ho Bɛhyehyɛ Wɔn Ho?
“Dɛn Nti Na Yesusuw Sɛ Ɛmfata Anaa Ɛyɛ Nnaadaa Anaa Enye Sɛ Mmarima Ne Mmea De Wɔn Ho Bɛhyehyɛ Wɔn Ho? Mfomso Biara Nni Ho! Ɛyɛ Agodie! Na Ɛyɛ Nhyehyɛe A Afanu No Nyinaa Nya Mu Mfaso Efisɛ Worema Onipa Foforo No Ani Agye.”—susan Rabin, Mmarima ne Mmea a Wɔde Wɔn Ho Hyehyɛ Wɔn Ho Sukuu a Ɛwɔ New York City no kwankyerɛfo.
NNIPA pii bu mmarima ne mmea a wɔde wɔn ho hyehyɛ wɔn ho sɛ ade a ɛyɛ ne kwan so na asɛm biara nni ho, na mpo ɛho hia na wɔanya nnipa ntam abusuabɔ pa. Wɔ Atɔe fam aman mu no, nhoma, nsɛmma nhoma mu nsɛm, ne adesua atitiriw pii aba nnansa yi a ɛkyerɛ sɛnea obi de ne nipadua besi nsɛm so dua, obegyina hɔ anaa ɔbɛtra ase, ne sɛnea wɔhwɛ ade ho nsɛm, na ne nyinaa yɛ akwan a “mmarima ne mmea fa so de wɔn ho hyehyɛ wɔn ho.”
Dɛn na mmarima ne mmea ho a wɔde hyehyɛ wɔn ho no kyerɛ? Ɛho nkyerɛase ne nkyerɛkyerɛmu pii na ɛwɔ hɔ. Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ ase sɛ nneyɛe a wɔde “kanyan nna ho akɔnnɔ wɔ nnaadaa kwan so.” Nsɛm asekyerɛ nhoma foforo kyerɛ ase sɛ nneyɛe a wɔde “kanyan nna ho akɔnnɔ kɛkɛ.” Enti ɛte sɛ nea wogye tom sɛ ɛkyerɛ sɛ obi bɛkyerɛ obi a ɛsono ne bɔbeasu ho anigye nanso onni adwene biara sɛ ɔbɛware onii no. So ɛsɛ sɛ yebu no sɛ sɛ mmarima ne mmea de wɔn ho hyehyɛ wɔn ho a, empira wɔn? Dɛn ne Bible no adwene wɔ mmarima ne mmea a wɔde wɔn ho hyehyɛ wɔn ho no ho?a
Yebetumi ahu Onyankopɔn adwene wɔ mmarima ne mmea ho a wɔde hyehyɛ wɔn ho no ho. Ɔkwan bɛn so? Denam Bible mu nnyinasosɛm ahorow a ɛfa asɛm no ho a yɛbɛhwehwɛ mu so. Yɛnam saayɛ so tete yɛn ‘nkatede ma etumi yiyi papa ne bɔne mu.’ (Hebrifo 5:14) Nea edi kan no, ma yensusuw ho sɛ ebia mmarima ne mmea a wɔde wɔn ho hyehyɛ wɔn ho yɛ abrabɔ a ɛfata ma awarefo anaa.
Sɛ Obi Yɛ Ɔwarefo A
Ɛyɛ awosu sɛ sɛ awarefo nkutoo wɔ dan mu a, wɔbɛkyerɛ wɔn ho anigye wɔ nna fam. (Fa toto Genesis 26:8 ho.) Nanso anigye a ɛte saa a wɔkyerɛ wɔ obi a ɔnyɛ aware mu hokafo ho no tia Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow. Yehowa atirimpɔw ne sɛ awarefo benya abusuabɔ pa a ahotoso wom. (Genesis 2:24; Efesofo 5:21-33) Obu aware sɛ ade kronkron, nkabom a ɛtra hɔ daa. Malaki 2:16 ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ: ‘Ɔtan awaregu.’b
So ɔwarefo a ɔde ne ho hyehyɛ ɔbarima anaa ɔbea foforo no ne Onyankopɔn adwene a ɛfa aware ho no hyia? Anyɛ yiye koraa no, awarefo a wɔde wɔn ho hyehyɛ mmarima anaa mmea foforo no mmu kronkron a Onyankopɔn aware nhyehyɛe yɛ no. Afei nso, Efesofo 5:33 hyɛ okunu Kristoni sɛ ‘ɔnnɔ ne yere sɛ ne ho,’ na ɔyere ‘mfɛre ne kunu.’ So mmarima ne mmea a wɔde wɔn ho hyehyɛ wɔn ho a ɛkanyan ninkuntwe no kyerɛ ɔdɔ anaa obu a obi da no adi ma ne hokafo?
Nea ɛyɛ anibere kɛse mpo ne nokwasɛm a ɛne sɛ mmarima ne mmea ho a wɔde hyehyɛ wɔn ho betumi akowie awaresɛe mu, bɔne a Yehowa kasa tia koraa, na ɔka ho asɛm sɛ nkontompo. (Exodus 20:14; Leviticus 20:10; Malaki 2:14, 15; Marko 10:17-19) Nokwarem no, Yehowa bu awaresɛe sɛ bɔne a anibere wom araa ma ɔma kwan sɛ nea n’aware mu hokafo anni no nokware no betumi agyae aware. (Mateo 5:32) Ɛnde, so yebetumi asusuw sɛ Yehowa bɛpene anigyede a ɛyɛ hu te sɛ mmarima ne mmea ho a wɔde hyehyɛ wɔn ho so? Onyankopɔn rempene so sɛ nea ɔwofo a ɔwɔ dɔ rempene so sɛ ne ba ketewaa de sekan a ano yɛ nam bedi agoru no.
Ɛdefa awaresɛe ho no Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “So onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom, na ne ntade renhyew? So obi bɛfa nsramma so, na ne nan renhyew? Saa na nea ɔkɔ ne yɔnko yere nkyɛn te, obiara a ɔka no renni bem.” (Mmebusɛm 6:27-29) Nanso, sɛ awaresɛe amfi mu amma mpo a, ɔwarefo a ɔde ne ho hyehyɛ ɔbarima anaa ɔbea foforo no frɛ ɔhaw foforo ma ne ho—ɔde ne ho hyɛ nea wɔato din “nna ho akɔnnɔ ho a wonya ma obi” mu.
Nna Ho Akɔnnɔ a Wonya Ma Obi
Nnipa binom anya abusuabɔ wɔ wɔn aware akyi a wotumi nya nna ho akɔnnɔ wom, ɛwom sɛ wonnya nna ho nkitahodi biara de. Nanso, Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.” (Mateo 5:28) Dɛn nti na Yesu kasa tiaa komam akɔnnɔ a ɛte saa no?
Ade biako ne sɛ ‘koma mu na ayerefasɛm fi.’ (Mateo 15:19) Nanso, abusuabɔ a ɛte saa no yɛ nea epira, sɛ ɛnkoduu baabi a awaresɛe betumi afi mu aba mpo a. Ɔkwan bɛn so? Nhoma bi a ɛfa asɛm yi ho kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Dwumadi anaa abusuabɔ biara a egye bere ne ahoɔden a ɛsɛ sɛ wo ne wo hokafo de di dwuma pii no nkyerɛ nokwaredi.” Yiw, nna ho akɔnnɔ a obi nya ma onipa foforo gye bere ne ɔdɔ a obenya ama ne hokafo no. Esiane Yesu ahyɛde a ɛne sɛ nea yɛpɛ sɛ afoforo yɛ ma yɛn no, yɛnyɛ saa ara mma wɔn nti, ɛyɛ papa sɛ ɔwarefo a ɔde ne ho hyehyɛ obi foforo a ɛsono ne bɔbeasu no bisa ne ho sɛ, ‘Sɛ me hokafo ne obi foforo yɛ ade saa kwan yi so a, mɛte nka dɛn?’—Mmebusɛm 5:15-23; Mateo 7:12.
Sɛ obi anya nkate fam akɔnnɔ a ɛmfata te sɛ eyi a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? Ɔwarefo a onya nkate fam akɔnnɔ a ɛmfata no te sɛ karkafo a ɔreda wɔ sitia anim. Ɛsɛ sɛ ohu ne tebea no, na ɔyɛ ho biribi ntɛm na n’aware ne ɔne Nyankopɔn ntam abusuabɔ ansɛe. Yesu kyerɛkyerɛɛ hia a ehia sɛ wɔyɛ ade ntɛm no mu bere a ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ wotu biribi a ɛsom bo te sɛ aniwa anaa wotwa nsa kyene, bere a ɛbɛma obi gyinabea asɛe wɔ Onyankopɔn anim no.—Mateo 5:29, 30.
Enti ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛtew mpɛn dodow a wuhu onipa foforo no so. Nokwarem no, kwati sɛ wo ne onipa no bɛtew mo ho, na sɛ mowɔ adwumam a, tew nkɔmmɔ a mobɔ no so. Ɛho behia mpo sɛ wo ne onipa no twa nkitahodi biara mu. Ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ wudi wo ho so yiye wɔ w’ani, wo nsusuwii, wo nkate, ne wo nneyɛe ho. (Genesis 39:7-12; Dwom 19:14; Mmebusɛm 4:23; 1 Tesalonikafo 4:4-6) Hiob, a na ɔyɛ ɔwarefo no, yɛɛ nhwɛso fɛfɛ bere a ɔkaa eyi no: “Apam na me ne m’aniwa apam, na adɛn na memfa m’ani menkari ababaa?”—Hiob 31:1.
Ɛda adi pefee sɛ, ɛyɛ nea asiane wom na ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia sɛ ɔwarefo bi de ne ho bɛhyehyɛ obi a ɛsono ne bɔbeasu. Nanso, dɛn ne Bible no adwene wɔ mmarima ne mmea ahokwafo a wɔde wɔn ho hyehyɛ wɔn ho no ho? So ɛsɛ sɛ yebu no sɛ ade a ɛfata, asɛm biara nni ho, anaa ɛho hia ma wɔne wɔn ho anya abusuabɔ? So asiane bi betumi afi mu aba?
Ahokwafo Nso Ɛ?
Mfomso biara nni ho sɛ ɔbarima ne ɔbea a wɔyɛ ahokwafo benya mmarima ne mmea ntam dɔ ama wɔn ho, sɛ ɛba sɛ wɔreyɛ aware nhyehyɛe na sɛ wɔkwati abrabɔ a ɛho ntew biara a. (Galatifo 5:19-21) Ebia anigye a ɛte saa bɛda adi wɔ nantew a edi aware anim no mfiase bere a ebia wonnya nhui sɛ wɔbɛware ankasa mpo no. Eyi nhyɛ da nyɛ biribi a ɛmfata, sɛ adwempa na ɛwɔ akyiri a. Nneyɛe a ɛte saa no nkyerɛ ankasa sɛ wɔde wɔn ho rehyehyɛ wɔn ho.
Na sɛ ɔbarima ne ɔbea hokwafo nya wɔn ho dɔ de gye wɔn ani kɛkɛ nso ɛ? Ɛbɛyɛ te sɛ nea asɛm biara nni ho esiane sɛ wɔnwaree nti. Nanso, susuw sɛnea ebetumi apira wɔ nkate fam no ho hwɛ. Sɛ nea obi de ne ho hyehyɛ no no bu onii no nneyɛe aniberesɛm sen sɛnea na onii no susuw a, ebetumi akowie yawdi ne awerɛhodi kɛse mu. Hwɛ sɛnea nsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 13:12 no yɛ nokware: “[Akwanhwɛ, NW] a ɛkyɛ mu ba ma koma yare, na anigyinade a ɛba mu yɛ nkwa dua.” Sɛ mpo nnipa baanu te wɔn ho ase sɛ wɔn mu biara nni ne yɔnko ho anigye a emu yɛ den a—so wɔn mu biara betumi ahu nea ɔfoforo no dwen anaa ɔte nka ankasa? Bible bua sɛ: “Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ, hena na obenya mu ahuye?”—Yeremia 17:9; fa toto Filipifo 2:4 ho.
Susuw aguamammɔ a ebetumi afi mu aba, ne yare anaa nyinsɛn a wɔnhwɛ kwan a ebetumi de aba no nso ho. Kyerɛwnsɛm no bara aguamammɔ, na wɔn a wɔboa pa de wɔn ho hyɛ mu no hwere Onyankopɔn anim dom. Ɔsomafo Paulo bɔɔ Kristofo kɔkɔ nyansam sɛ sɛ wobetumi aguan sɔhwɛ a, ‘wonkum’ wɔn ‘akwaa a ɛne aguamammɔ,’ na wɔnkwati “akɔnnɔ nhyɛso” a ɛkowie aguamammɔ mu no. (Kolosefo 3:5; 1 Tesalonikafo 4:3-5) Otu yɛn fo wɔ Efesofo 5:3 sɛ ‘yɛmmmɔ’ aguamammɔ “din po,” kyerɛ sɛ, wɔ ɔkwan a ɛbɛkanyan akɔnnɔ bɔne so. Mmarima ne mmea ho a wɔde hyehyɛ wɔn ho no ne saa afotu yi nhyia. Onyankopɔn bara nna ho nkɔmmɔbɔ a ɛmfata mpo.
Bible nnyinasosɛm da no adi sɛ mmarima ne mmea ho a wɔde hyehyɛ wɔn ho no betumi apira mfɛfo nnipa, na ɛnkyerɛ obu mma Yehowa, aware Hyehyɛfo no. Akyinnye biara nni ho sɛ, Bible no adwene wɔ mmarima ne mmea ho a wɔde hyehyɛ wɔn ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so no yɛ nea ɔdɔ ne ntease wom efisɛ ɛbɔ nkurɔfo ho ban fi ɔhaw ho. Enti mmarima ne mmea a wɔdɔ Nyankopɔn remfa wɔn ho nhyehyɛ wɔn ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so, na wɔda ahotew ne obu adi wɔ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu no ho.—1 Timoteo 2:9, 10; 5:1, 2.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ɛnsɛ sɛ yedi mfomso susuw sɛ adamfo anaa fekupa a nna ho adwene biara nnim ne mmarima ne mmea a wɔde wɔn ho hyehyɛ wɔn ho yɛ ade biako.
b Hwɛ asɛm “Awaregyae Bɛn na Onyankopɔn Kyi?,” a ɛwɔ April 8, 1994, Nyan! mu no.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 20]
© The Curtis Publishing Company