Ɛnyɛ Akwan Pa A Wɔfa So Sakra
BERE a nneyɛe bi aka wo hɔ no, ɔkwan bɛn so na wubetumi ayɛ nsakrae? Hena nkyɛn na wobɛdan akɔ, na dɛn na sɛ yɛyɛ a, ɛde nsakrae a ɛtra hɔ daa bɛba?
Ma yensusuw akwan a ɛkɔ akyiri a wɔfa so nnɛ no binom ho.
Amammui Mu Nhyɛso
Nnɛyi nnipa ɔpepem pii te nniso horow a ɛbɔ mmɔden sɛ ebenya adwene ne abrabɔ nyinaa so tumi. Saa nniso horow no de wɔn tumi di dwuma de hyɛ nkurɔfo ma wɔyɛ nsakrae. Ebinom yɛ no anifere so, afoforo yɛ no ɔhyɛ so. Ebinom fa akwan bi so sakra nkurɔfo adwene, a mpɛn pii no nea ɛka ho ne ahunahuna, afiasenna ne ayayadeyɛ ɛsiane sɛ wɔwɔ atesɛm amanneɛbɔ ne nhomasua ho nhyehyɛe ahorow no so tumi nti, wɔhwehwɛ sɛ wɔde wɔn a wɔredi so no apɛde si adwenhorow a ɛwɔ hɔ dedaw no nyinaa anan mu. Wodi ɔsɔretia nyinaa ho dwuma ɔhyɛ so. Wɔyɛ obiara a ɔmpene mma wɔnkyerɛkyerɛ no no ayayade a ɛyɛ hu ma n’abam bu.
Psychosurgery ne Anyinam Ahoɔden a Wɔde Kanyan
Wɔahu sɛ amemene no fã ahorow kanyan su ne nneyɛe pɔtee bi. Psychosurgery yɛ amemene no mu nneɛma bi a wɔhyɛ da yi anaa wɔsɛe no. Sɛ woyi a, w’amemene mu saa beae no rentumi nyɛ adwuma bio da, na nneyɛe biara a ɛwɔ so nkɛntɛnso no bɛyera.
Wɔka sɛ wɔayɛ saa oprehyɛn no mpempem pii, titiriw nnipa a wɔwɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho suban a ɛmfata na asiane wom no. Wɔde nneɛma a wɔde kyere anyinam ahoɔden nketenkete ahyehyɛ ebinom amemene mu tɔnn, na sɛ wɔde anyinam ahoɔden ka wɔn a, ɛkanyan anaasɛ esiw amemene no dwumadi kwan wɔ saa beae no. Wɔka sɛ eyi brɛ nneyɛe a adwene no beae yi kanyan no no ho nkate ase.
Nnuru
Nnuru a wɔde di dwuma de sa adwenem yare no abu so na ɛho hia mpɛn pii. Nnuru a wɔde dwudwo nnipa, nnuru a wɔde ma nnipa da, nnuru a wɔde kanyan nnipa ne nnuru a wɔde brɛ nnubɔne dwumadi ano ase wɔ adwene no mu wɔ hɔ. Nanso nnuru wɔ hɔ a wɔde adi dwuma sɛ asotwe wɔ nneduadan mu ne wɔ mmeae horow a wɔma nteɛso. Nnuru a ɛte saa mu abien ne apomorphine ne Anectine.
Wɔde apomorphine ma nneduafo a wobu wɔn nneyɛe sɛ ɛmfata. Ɛma abofono a emu yɛ den na wɔfefe. Wɔka kyerɛ ɔdeduani no sɛ sɛ ɔyɛ basabasa bio a, wɔbɛma no apomorphine pii. Wɔfrɛ eyi nso sɛ aduruyɛ a ɛma obi kwati biribi. Anectine ma ɔdeduani ahome nsi so yiye na ne ho hiahia no. Osusuw sɛ obewu. Sɛ ɔyɛ basabasa bio a, wɔma no Anectine pii.
So eyinom ne akwan a wobɛfa so asakra wo nneyɛe?
Akwan a ɛwɔ atifi hɔ no nyinaa tia obi pɛ mu a ofi yɛ ade. Afei nso ɛkyerɛ nkɛntɛnso a nnipa a wɔwɔ afoforo so tumi de di dwuma nanso ɛnyɛ bere nyinaa na obi yiyedi ho asɛm wɔ wɔn adwenem. So amammui tumi no hwehwɛ n’ankasa mfaso anaasɛ ankorankoro no de? Wɔ psychosurgery mu no, hena na okura sekan a wɔde yɛ oprehyɛn no? Sɛ wɔde anyinam ahoɔden a wɔde kanyan onipa no di dwuma a, hena na ɔsɔ? Aduruyɛ a ɛma obi kwati biribi no di bere tenten ahe? So wobetumi de ho ato oduruyɛfo no so?
Ma yɛnsusuw ɔkwan a eye kɛse no ho.