Bible No Adwene
Nea Enti A Nguamansɛm Yɛ Asiane
NGUAMANSƐM ho mfonini nni mmeae a wɔtɔn ɔbrasɛe ho nneɛma ne nna ho sini mu nkutoo bio. Adu baguam. Wɔ aman pii mu no, ɔman ba biara hu wɔ nsɛmma nhoma, atesɛm nkrataa, nhoma, TV, sini ne video so dwumadi ahorow mu. So ade a ahyeta saa betumi ayɛ asiane bi ankasa?
Nanso, dɛn ne nguamansɛm? Wɔkyerɛ nguamansɛm mu sɛ “ɔbarima ne ɔbea ntam nna a wɔda no adi (te sɛ nea ɛwɔ mfonini ahorow anaa nhoma mu) a wɔde kanyan nna ho akɔnnɔ.” Saa nkyerɛkyerɛmu no mu da hɔ. Nanso akyinnye sɔre wɔ nea ɛkanyan nna ho akɔnnɔ ne nea ɛnyɛ saa ho. Nokwarem no, wɔ ɔkwan bi so no, ɛwɔ nea obiara bu no nguamansɛm. Wɔ ɔkwan foforo so no, nea ɛkanyan ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ wɔ obi mu no renyɛ saa wɔ onipa foforo mu. Nanso, nnansa yi nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ nnipa 5,000 mu wɔ Germany ma ɛdaa adi sɛ, ɛkame ayɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea ntam nna ho nneɛma wɔ obiara so nkɛntɛnso, mmarima ne mmea nyinaa.
So Akɔnnɔ a Wokanyan Yɛ Mfomso?
Akɔnnɔ a ɛteɛ a wɔbɛkanyan—a sɛnea wɔyɛ no biara mfa ho—no yɛ nea nyansa nnim bere a ɔkwampa a wɔde dwudwo ano nni hɔ. Sɛ nhwɛso no, sɛ aduan a wopɛ nni hɔ, na wotaa hwɛ ne mfonini wɔ nsɛmma nhoma anaasɛ nhoma ahorow mu a, ɔkwan biara so no wommee. Ɔkwan foforo so no, sɛ—ebia ɔyare bi nti—wunni hokwan sɛ wudi, na sɛ wokɔ so dwen ho bere nyinaa a, ebetumi de mfomso ahorow a asiane wom aba. Saa ara nso na obi a ɔpɛ sɛ ogyae sigaretnom no, sɛ afoforo renom bi a ɔrensɛe bere mfa akɔnnɔ nhwɛ wɔn.
Wɔ nna ho akɔnnɔ ho no, Bible kyerɛ sɛ, sɛ wodwudwo ano ɔkwampa so wɔ aware a ɔdɔ wom mu a, ɛde anigye ba. (1 Korintofo 7:2-5; Hebrifo 13:4) Enti hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ osigyani bɛkanyan akɔnnɔ ahorow a ontumi nnwudwo ano! Abasamtu nkutoo na eyi de ba, anaasɛ mpo nea ɛsen saa no, ɛma wɔde boasipem anaa aguamammɔ dwudwo ano de to Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow.—1 Tesalonikafo 4:3-7.
So eyi kyerɛ sɛ woyɛ ɔwarefo a nguamansɛm nyɛ asiane anaa? Dabida, saa Kyerɛwsɛm mu abrabɔ ho mmara no fa awarefo nso ho. Afei nso, nguamansɛm kanyan pɛsɛmenkominya akɔnnɔ ahorow, na ɛhyɛ obi ankasa akɔnnɔ a obedwudwo ano ho nkuran, nanso ɔdɔ ma obi di ne hokafo ahiade ahorow ho dwuma. Nguamansɛm ma wonya nna ho pɛsɛmenkominya su a wonsusuw afoforo ho, a wɔ aware mu mpo no, ɛyɛ animguase na ɛnkyerɛ ɔdɔ.—1 Korintofo 13:5.
Sɛ anka nguamansɛm bɛma aware mu ɔdɔ mu ayɛ den mmom no, ɛbrɛ no ase, me no. Nna mu nkitahodi a wɔda no adi wɔ nguamansɛm mu no yɛ nnaadaa a ennye koraa efisɛ ɛka aware mu nna ho atosɛm a epira. Afei nso, asetra ankasa mu abusuabɔ ahorow no kɔ akyiri sen nna; egyina ayamye, anigye, nkitahodi ne afoforo ho a wosusuw so. Nea ɛne eyi bɔ abira no, nguamansɛm betumi asɛe awarefo ntam mpo.
Nguamansɛm brɛ nnipa ase ma wɔyɛ sɛ mmoa a nkate nkutoo na wɔde yɛ ade. Ɛnhyɛ ahosodi a ɛyɛ Onyankopɔn honhom aba no ho nkuran. (Galatifo 5:22, 23) Ebetumi ama ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛyɛ aguamammɔ mu afide ahorow. Eyinom yɛ nea enti a Kristofo kwati nguamansɛm no mu kakraa bi pɛ.
Enti, Bible mu afotu a nyansa wom ne sɛ: “Wo ne wo mmerantebere mu yere ani nnye . . . Me ba, adɛn na wotɔ ɔbea nanani ho ntintan na wuso ɔbea hɔho kokom [ankasa anaasɛ wonam nguamansɛm kwan so]?”—Mmebusɛm 5:15-20.
Nanso, ɔkwan bɛn so na obi betumi akwati anaa obeyi ne ho afi nguamansɛm mpokyerɛ mu?
Sɛnea Wubebubu Ne Mpokyerɛ
Nea ɛbɛyɛ na obi ako atia nguamansɛm nkɛntɛnso no, Bible tu fo sɛ: “Enti munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso.” (Kolosefo 3:5) Ɛha no, asɛmfua “munkum” no da no adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ ɔhonam akwaa biara a wɔde di nneɛma a ɛte saa ho dwuma no ma ewu—ɛnyɛ sɛ wɔbɛhyɛ so ara kwa.
Nanso, eyi yɛ sɛnkyerɛnne kwan so ɛnyɛ paa ara. Ɛnsɛ sɛ Kristofo twitwa wɔn honam akwaa ahorow. Sɛ “yekum” nna ho adwene a ɛmfata no koraa a, yɛrenyaa yɛn ho mu mma nguamansɛm ho afiri no, na yɛmfa yɛn akwaa ahorow te sɛ yɛn aniwa nni dwuma ɔkwammɔne so. (Fa toto Mateo 5:29, 30 ho.) Enti Bible no tu fo sɛ, yennwen “nea ɛteɛ, nea ɛho tew” ho na yɛmfa nsi akɔnnɔ bɔne ananmu.—Filipifo 4:8.
Dɛn bio na ebetumi aboa? Ɛsɛ sɛ yɛma Bible mu nsɛm tra yɛn adwenem—ebia ɛsɛ sɛ yɛkaekae mpo—te sɛ nea edidi so yi:
“Ma m’ani ntwa adehunu hwɛ ho.”—Dwom 119:37.
“Nea ɛwɔ wiase nyinaa—honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ . . . emfi Agya no, na mmom efi wiase.”—1 Yohane 2:16.
“Na wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ n’ankasa akɔnnɔ a egyigye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ; ansa na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no wie nyin a, ɛwo owu.”—Yakobo 1:14, 15.
Wobetumi aka biribiara a efi adeyɛ a ebetumi akowie owu mu no ho asɛm sɛ ɛyɛ asiane, na nguamansɛm fata saa nkyerɛkyerɛmu no! Kae: “Nea ogu gu ne honam so no ti honam mu betwa porɔwee, na nea ogu gu honhom so no fi honhom mu betwa daa nkwa.” Mma nguamansɛm nsiw daa nkwa a wubenya ho kwan!—Galatifo 6:8.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]
Sɛ anka nguamansɛm bɛma aware mu ɔdɔ mu ayɛ den mmom no, ɛbrɛ no ase, ɛsɛe no