Sɛnea Afifide Apɛpɛefo De Wɔn Nsu Sie
ƐNYƐ afifide ahorow a ɛwɔ Arizona Saguaro National Monument no nyinaa na ɛyɛ pɛpɛe wɔ wɔn nsu ho. Wɔ Rincon Mmepɔw tenten no ho kwae a akraate wom pii no mu no, nsu no nam mu kɛkɛ, ɛfa ntini no mu na epue ahaban no mu. Nanso ɛno yɛ turo no beae a atew ne ho. Ase hɔ nsase a ɛyɛ anhweatam a ɛhɔ yɛ hyew no na akwantufo ani gye ho. Ɛhɔ na afifide a ɛde nsu sie no wɔ, ɛhɔ na mfe dodow bi ansa na osu atɔ pɛnkoro a ennu sɛntimita 30.
Ɛbɛyɛ sɛ akraate ahorow 50 na ɛwɔ turo yi mu, nanso biako a ɛde nsu pii sie no ne nkaedum a ɛwɔ din koro a ɛne saguaro kɛse Carnegiea gigantea. Saguaro (wɔka no sɛ “sawaro”) fi ase ketekete nanso enyin yɛ kɛse. Nanso, egye bere ansa na ayɛ saa. Aba no ankasa nsõ nsen osiwiei a ɛwɔ asɛm yi awiei no. Wɔ n’afe a edi kan awiei no, na nea atifi no tenten bɛyɛ sɛntimita 0.6 pɛ. Ne tenten du bɛyɛ mita 0.3 wɔ mfe 15 akyi, mita 2 wɔ mfe 50 akyi, ne bãã a edi kan no ba bere a adi mfe 75. Saa bere yi no, efi ase gu nhwiren na ɛsow aba. Sɛ saguaro nyin a, biako tumi sow aba ɔpedudu pii afe biara, bɛyɛ sɛ ɔpepem 40 bere a ɛte ase no mu nyinaa, nanso ebia emu biako pɛ na ebetumi anyin. Etumi di mfe 200, a ne dua no kɛse bɛyɛ mita 0.8, a ne tenten bɛyɛ mita 15 a emu duru bɛyɛ nkaribo tɔn du—ne nkyem anum mu anan yɛ nsu. Na ɛyɛ pɛpɛe yiye wɔ ne nsu no ho!
Na ɛtwe nsu wɔ adifudepɛ a emu yɛ den so nso! Ne ntini yɛ hwanyann a ɛtrɛtrɛw mita 30 twa ho nyinaa hyia. Sɛ osu tɔ tew a, etumi twe nsu bɛyɛ Lita 750, nea ɛdɔɔso a ebetumi aso saguaro no afe. Agyensu a ɛwɔ akwaa 12 anaasɛ nea ɛboro saa wɔ dua no ne n’abaa no mfinimfini a ɛma no ahoɔden. Futrufu a ɛte sɛ sanku wom a ɛma emu bue anaasɛ ɛdwom bere a nsu kɔ mu anaa ɛtwe wom no. Ɛho a ɛyɛ ahabammono na ɛte sɛ daagyere no na ɛyɛ photosynthesis na ɛkora nsu so. Ne nsɔe mma mmoa ntumi nwia emu nsu no.
Nanso ɔkwan a ɛyɛ nwonwa a akraate fa so kora nsu so ne sɛnea etumi de nsu kakraa bi yɛ aduan no. Photosynthesis—sɛnea afifide yɛ wɔn nnuan—no hia nsu fi ntini no mu, carbon dioxide fi mframa mu, ne owia hann. Edu awiabere a, afifide pii tu huhuro fa ntokuru bi a ɛwɔ wɔn nhaban mu no mu, egyaw emu nsu fã kɛse, na bere koro no ara mu no ɛtwe carbon dioxide ne owia hann a ehia na ɛde ayɛ photosynthesis no.
Nanso, akraate ntumi nsɛe nsu pii saa awia wɔ beae a ɛwɔ yi a ɔhyew wɔ a osu ntɔ yi. Enti, esisiw ntokuru a ɛwɔ ne dua no ho nyinaa na anhwere nsu biara wɔ huhuro a ebetu mu. Nanso, eyi mma ennya carbon dioxide a ehia ma photosynthesis a etumi kɔ so bere a awia hann a ɛma ahoɔden a ehia no wɔ hɔ nkutoo no. Ɔkwan bɛn so na edi asɛnnennen yi ho dwuma? Ɛdenam abɔde a nkwa wom dwumadi nhyehyɛe soronko bi so.
Asɛnnennen No Ano Aduru
Anhweatam so anadwo yɛ nwunu, ɛyɛ awɔw mpo. Akraate buebue ɛho ntokuru no saa bere no. Ɛtwe carbon dioxide nanso nsu ketewaa koraa na ɛhwere wɔ huhuro a etu wɔ anadwo mframa no mu no. Nanso photosynthesis nkɔ so saa bere yi. Ɛde carbon dioxide no sie denam ɔkwan a eye sen biara a ɛyɛ soronko koraa a wɔfrɛ no PEP nhyehyɛe bi so. Akyiri yi, eyi carbon dioxide no na ɛde kɔ beae a ɛyɛ photosynthesis awia no.
Photosynthesis ankasa yɛ adeyɛ hwanyann bi a ɛbɛyɛ sɛ nsakrae ahorow 70 a wɔka sɛ ɛyɛ “anwonwade ankasa.” Ɔkwan titiriw a akraate fi ase yɛ no anadwo na ansɛe nsu pii no ma sɛnea ɛyɛ nwonwa no yɛ kɛse, ɛwom sɛ adaananandifo ka sɛ ɛbae ara kwa de, nanso esiane sɛ afifide ahorow a ɛsonsonoe pii yɛ bi nti, nea ɛmaa ɛbae ara kwa yi yɛ anwonwade yi, ɛnyɛ pɛnkoro na mmom mpɛn pii. Adanse no ne nyansa ma ɛda adi sɛ Ɔbɔadeɛ nyansafo bi na ɔyɛe.
Akoa Ma Pii
Saguaro de mmoa ma. Efi April awiei kosi June mu no, nhwiren kɛse fitafitaa betuatua dua no ne n’abaa no ano. Nhwiren biara pae anadwo na ewu ɛda a edi hɔ no. Nanso saguaro biara yɛ ade a ɛyɛ fɛ yi anadwo biara bɛyɛ adapɛn anan, na egu nhwiren bɛyɛ ɔha. Ɔyɛkyerɛ fɛfɛ a ɛte sɛɛ yi ama anya nidi sɛ ɛne Arizona ɔman no nhwiren. Nnomaa, mpan, nnowa, ne ɛbɔ nom nhwiren no mu nsu dɛdɛ no na wɔma ɛsow aba.
Aba no bere wɔ June ne July mu, na batafo, mpataku, sakraman, apurow, ntɛtea, ne nnomaa pii di n’aduaba ne aba no. Abobɔnnua tutu dua no ne abaa no ho ntokuru pii sen sɛnea wohia, nanso dua no de ahobammɔ twa nhoma bi a ekum akuru no siw nsu a ɛbɛhwere no ano, na akyiri yi nnomaa afoforo pii a patu ne nkoroma ka ho tra ntokuru yi mu. Wosi ho kane yiye.
Mfe bi a atwam no, na Indiafo de ntokuru a ɛte sɛ toa yi yɛ nsuhina. Wɔde akwaa a ɛyɛ nnua a ekura saguaro a nsu ahyɛ mu mã a emu yɛ duru pii no si dan na wɔde gye ban. Nnua akɛse a ɛho yɛ ahabammono yi sow aba bi a nsu wom a ɛte sɛ borɔdoma aba pii, na Papago Indiafo a wɔwɔ hɔ no de nnua atenten tetew fi nnua no ne abãã no ho. Wɔde yɛ jam, syrup, ne nsã a ɛbow. Na Indiafo no ne wɔn nkokɔ di n’aba no. Na saguaro aba no ho hia Papagofo no araa ma bere a wofi ase tew no na efi wɔn afe foforo ase.
Anhweatam so afifide ahorow wɔ akwan horow a wɔfa so di nsu ho asɛnnennen no ho dwuma. Mesquite dua nya nsu a ehia nyinaa. Ɛde ne ntini kɛse no wura fam bɛyɛ mita 10 kosi 30 de kɔtwe nsu. Nanso ne dua a afifi ketewaa no yɛ dɛn gyina ɔpɛ bere tenten yi ano kosi sɛ ne ntini no bɛto nsu? Ɛno yɛ anhweatam so ahintasɛm ahorow a yɛntee ase no mu biako pɛ. Cereus a ɛpae nhwiren anadwo no yi ntini bia ɛte sɛ toa a edi dwuma te sɛ beae a wɔde nsu sie wɔ asase ase. Creosote wura de ne ntini kɔ akyiri kɔtwe nsu, ɛtɔ mmere bi a eyi awuduru bi a ekum nnua nketewa biara a efifi bɛn no no.
Afifide fɛfɛ a ɛba afe biara wɔ fefɛw bere mu a ɛde ne nhwiren fɛfɛ kata asase no ani no nni ɔkwan titiriw a wɔfa so gyina ɔpɛ ano yi bi. Enti wɔyɛ no dɛn? Wɔkwati ɔpɛ no koraa! Nnuru bi wɔ n’aba no mu a ɛmma emfifi. Osu kɛse tɔ a, na nnuru no ahohoro, na aba no afifi na afifide no agu nhwiren na asow aba a ɛbɛyɛ afifide daakye. Anyɛ yiye koraa no egye nsu a ɛtɔ sɛntimita 1.3 ansa na nnuru no ahohoro; osu a ɛpete kakraa bi nnɔɔso. Sɛnea yɛbɛka no no, aba yi tumi susuw nsu dodow a atɔ, na sɛ antɔ pii ma asase no amfɔw yiye a ɛbɛso wɔn de akosi sɛ wɔbɛsow awie a, wɔbɛda hɔ saa ara. Womfi adeyɛ a wontumi nwie yɛ ase.
Saguaro wɔ afipamfo a wɔn ho yɛ anigye, ɛnte saa?
[Kratafa 23 mfonini]
Saguaro nhwiren ne n’aba
[Kratafa 24 mfonini]
Ɛyɛ mmeae a nkoroma sisi wɔ wo
[Asɛm Fibea]
Frank Zullo