Ɔsadweam Wɔ Abusua no Mu
“Asadweam ka sadweamyɛ ho . . . Bere a ebia onipa biako pɛ na ɔyɛ ɔsadweam wɔ abusua no mu no, abusua mũ no nyinaa hu ne sadweamyɛ no ho amane.”—Dr. Vernon E. Johnson.
ALICE a wadi mfe anum no daa mpa so a ne nan yɛ no yaw yiye. Ná pira a ɔpiraa nnanu a atwam no hwehwɛ sɛ wɔkyekyere ne nan no nyinaa. Nanso wɔkyekyere miaa mu dodo na na sɛnea wɔamia mu no ama ne nan no rehon. Alice srɛɛ n’awofo sɛ wɔmfa no nkɔ oduruyɛfo hɔ, nanso na n’agya nsã a ɔnom boroo so no ama ɔrehu amane, na ne na adwenem yɛɛ no ntanta a onhu wɔn mu nea ohia ɔhwɛ sen biara.
Nna bi akyi no, Alice nan no wui. Bere a nsu tumm bi fii ase sosɔ fii ne nansoaa mu no, afei Alice awofo yɛɛ ntɛm de no kɔɔ ayaresabea. Bere a wɔsan ade a ɛkyekyere ne nan ho no, sɛnea na ne nan no ayɛ no maa ade tɔɔ ayarehwɛfo no biako so. Sɛnea na adan akisikuru no ma ebehiae sɛ wotwa Alice nan no.
Sadweamyɛ ne Afoforo ho a Wɔde To Wɔn So
Asɛm yi mu awerɛhosɛm no kɔ akyiri koraa sen nan a wɔhwere. Ná Alice agya yɛ ɔsadweam. Enti, wantumi amfa honam ne nkate mu mmoa a na ne babea no hia denneennen no amma no. Ɔfotufo Toby Rice Drews ka sɛ: “Sɛnea sadweamyɛ te no hwehwɛ sɛ ɔsadweam no ma n’abusua twa to—wɔba wɔ nsã ne nea ɛhwehwɛ nyinaa akyi.”
Na Alice maame nso ɛ? Ná ɔno nso de ne ho to biribi so, ɛnyɛ nsã, na mmom ne kunu ɔsadweam no. Mpɛn pii no, mmɔden a ɔyere a ɔnyɛ ɔsadweam no bɔ sɛ ɔbɛma ɔsadweam no agyae asãnom anaa anyɛ yiye koraa no, obegyina ne nneyɛe a onnim bere a ɔbɛyɛ no ano no gye n’adwene nyinaa.a Ɔsadweam no haw no gye n’adwene araa ma ɔda su koro no ara a ɛkyerɛ sɛ ɔde ne ho ato biribi so no adi—nanso ɛnyɛ nsã. Eyi nti, wɔtaa frɛ nnipa a wɔte sɛ Alice maame sɛ wɔn a wɔn nso de wɔn ho ato biribi so.
Biribi anaa obi di ɔsadweam ne nea ɔno nso de ne ho to no so no nyinaa so a wonnim. Gye a wonnye wɔn tebea no ntom no fura wɔn baanu nyinaa ani. Wɔn baanu nyinaa ntumi nni wɔn mma nkate fam ahiade ho dwuma. Wɔn baanu nyinaa asetra ayɛ nea abasamtu wom, efisɛ sɛnea ɔsadweam no ntumi nni n’asanom no so no, saara na nea ɔno nso de ne ho ato no so no ntumi nni ɔsadweam no so tumi, na wɔn baanu no mu biara ntumi nnya sɛnea sadweamyɛ bɛka wɔn mma no so tumi.
Nanso mmoa wɔ hɔ ma ɔsadweam ne n’abusua no. Wɔbɛka eyi ho asɛm wɔ nsɛm a edidi so no mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ɛwom sɛ yɛka ɔsadweam ho asɛm sɛ ɔbarima de, nanso nnyinasosɛm a ɛwɔ ha no fa ɔbea ɔsadweam nso ho.