Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 8/8 kr. 3-4
  • Hena Na Ɔpɛ Sɛ Ɔyɛ Osikani Kɛse?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena Na Ɔpɛ Sɛ Ɔyɛ Osikani Kɛse?
  • Nyan!—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Loto—Dɛn Nti Na Nnipa Pii Ani Gye Ho Saa?
    Nyan!—1991
  • Loto—Hena Na Odi? Hena Na Ɔbɔ Ka?
    Nyan!—1991
  • Loto Ne Kyakyatow Ahorow—So Asɛm Biara Nni Ho?
    Nyan!—1983
  • Kyakyatow Nnye Koraa Ampa?
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 8/8 kr. 3-4

Hena Na Ɔpɛ Sɛ Ɔyɛ Osikani Kɛse?

ƐTE SƐ nea mmuae no ne sɛ: ɛkame ayɛ sɛ obiara pɛ. Na ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw sen biara a wonam so betumi ayɛ bi —sɛnea nnipa pii susuw no—ne sɛ wubedi loto anaasɛ bɔɔlbɔ mu kyakya.a

Wɔ nneɛma a aba so ho nkuranhyɛ—ne loto mu sika a wɔpɛ sɛ wonya nti—nniso horow fi Moscow kosi Madrid, fi Manila kosi Mexico City, wɔ Aban loto nnwuma a ɛma bo akɛse sɛ ebia dɔla ɔpepem ɔha.

Nnipa kakraa bi na wɔdan asikafo akɛse. Engiresini bi tow bɔɔlbɔ mu kyakya mfe 25 ansa na awiei koraa no ɔredi sika kɛse. Ɔde 50 cents dii bɛyɛ dɔla ɔpepem 1.5. Nea ɛsen saa mpo ne sika a ɔbea bi a ofi New York dii no, na ɔbɛyɛɛ wɔn a wɔadi sika a ɛso sen biara wɔ wiase nyinaa mu biako bere a odii Florida State loto dɔla ɔpepem 55 no.

Nanso ɛntaa nsi. Nea ɔyɛ nhwɛso a ɛsen biara ne Spainni krakyeni bi a n’ani afi a watwa loto dapɛn biara mfe 30 no. Ɛwom sɛ onnii kɛse da de, nanso ɔmpa abaw. Ɔka sɛ: “Bere biara, mehwɛ kwan sɛ medi.” Saa ara nso na ɔbarima bi a ɔwɔ Montreal a ɔde ne dapɛn mũ nyinaa akatua twaa Canada loto no kyerɛɛ adwene a nnipa pii wɔ, bere a ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛɛ no: “Kyakyatow a ɛte sɛɛ na ɛma ohiani nya anidaso sɛ n’asetra betumi ayɛ yiye.” Nanso wanni.

Wɔ sɛnea nnipa ani gye loto ho wɔ wiase nyinaa akyi no, kyakya foforo regye din pii: kyakyatow mfiri a wɔde di dwuma. Ɛwom sɛ adwotwafo a wɔn nsa biako no mma mpofirim ahonya de, nanso ɛma nea ɔtow no nya hokwan a obetumi de adi kyakya ntɛm ara—ebetumi ayɛ sika a ɛdɔɔso. Ensisi kyakyatow adan nkutoo mu bio. Nnwom, akanea a etwitwa nyinamnyinam, ne sika a wohwie no bere ne bere mu nnyigyei ma wohu sɛ ɛwɔ Europa cafee tɔnbea, asanombea, adidibea, ne ahɔhodan ahorow nso mu.

Frances yɛ ɔbea kunafo a ne mfe akɔ anim a ɔte New York City. Mprenu abien anaasɛ mprɛnsa wɔ dapɛn biara mu no, ɔtra bɔs mu nnɔnhwerew abien ne fã de kɔ Atlantic City, New Jersey. Sɛ odu hɔ a, ɔhyɛn kuropɔn no kyakyatow adan no biako mu kɔtow kyakya nnɔnhwerew asia anaa nea ɛboro saa ansa na wasan akɔ fie. Ɔka sɛ: “Sɛ ɛnyɛ Atlantic City a, anka minnim nea mɛyɛ. Eyi na yɛde gye yɛn ani, wahu, eyi na yeyɛ.”

Afoforo fam no, kyakyatow nyɛ anigyede ara kwa, ɛyɛ ade a wɔyɛ de home fi wɔn nnwuma ho, anaasɛ wɔsɔ hwɛ sɛ wobenya wɔn ho anaa. Wɔ wɔn fam no, ɛyɛ asetra fã—a ɛho hia—anaasɛ ahwehwɛde mpo.

Luciano a ofi Córdoba, Spain no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Metow kyakya efisɛ m’ani gye emu asiane no ho.” Ɔde ka ho sɛ, “ɛnyɛ sɛ miyi me ho ano, na mmom nokwasɛm no ne sɛ na mahaw, ɛno nti na mini ase tow bingo. Afei mehwehwɛɛ kyakya afoforo. Sɛ wunya tekiti hyɛ wo kotoku mu ma na woyɛ krado sɛ worebɛtow a ɛma, w’ani gye.” Wobisaa obi a ɔde kyakyatow ayɛ ne suban a n’adwuma sɛ adwumakuw bi panyin afi ne nsa no nso sɛ ebia ɔpɛ sɛ ogyae ne subammɔne no anaa. Obuae sɛ: “Minnyae? Mintumi nyɛ saa. Ɛyɛ m’asetra.”

Ɛwom sɛ wɔn a wɔtow kyakya no mu biara wɔ nea enti a ɔyɛ saa de, nanso wɔnyɛ kuw ketewaa bi. Amerikafo a wɔyɛ mpanyimfo 4 biara mu bɛyɛ 3 tow kyakya kakra anaa pii; wɔn dodow wɔ Spain, ɔman foforo a kyakyatow abu so wɔ hɔ no te saa ara. Na kyakyatow yɛ adwuma kɛse. Wiase no mu nnwumayɛkuw kakraa bi na wonya sika afe biara sen nea wonya fi aman 39 loto nnwuma mu.

Ɛda adi pefee sɛ kyakyatow wɔ nkɛntɛnso kɛse. Nanso so ɛyɛ nkɛntɛnso a empira, anaasɛ ɛwɔ asiane ahorow a ahintaw? Tete bɛ bi bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ɔpɛ ntɛm anya ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.” (Mmebusɛm 28:20) So eyi yɛ nokware wɔ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfa kyakyatow so nya wɔn ho no fam?

[Ase hɔ nsɛm]

a Nea ebefi bɔɔlbɔ mu aba a wɔde tow kyakya

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena