Biribi A Ɛsen Adifude Ade
ƐKAME ayɛ sɛ kyakyatowfo nyinaa dan ahiafo sen sɛnea wɔte ansa na wɔrefi ase atow kyakya no. Ɛtaa ba sɛ wɔn mu kakraa bi a wodi sika akɛse no hu sɛ ɛnyɛ wɔn di a wɔadi no na ɛde anigye ba.
Ɔhokwafo bi a wadi mfe 36 a ɔwɔ Japan dii loto dɔla 45,000. Ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔde ne sika no bɛtɔ fie, nanso nkurɔfo ani beree na wɔkekaa ne ho nsɛmmɔne araa ma osii gyinae sɛ ɔmpɛ bio. Ɔhyew ne tekiti a ɔde adi kyakya no kyerɛɛ n’adwuma mufo ma ɛyɛɛ wɔn nwonwa.
Polisifo a wɔwɔ Florida kyeree ɔbea bi a wɔ loto dɔla ɔpepem 5 a wadi nyinaa akyi no, ɔpɛe sɛ okum n’asebea no. Ne babarima no kae sɛ ne basabasayɛ no fi aguadi a ennye ne sikasɛe ntraso a asɛe n’ahonya no.
Nkogudifo Bi a Ɔbɛyɛɛ Nkonimdifo
Na Domingo yɛ obi a ontumi nnyae kyakyatow a ne mma yɛ baanum. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ midi a, na ennye koraa. Misusuwii sɛ na me wɔ tumi bi, na na mintumi ntwɛn ansa na makɔtow bio de akyerɛ sɛ ɛnyɛ sɛ ɛbɛtɔɔ mu ara kwa.
“Sɛ minya saa akɔnnɔ yi a, ɛyɛ te sɛ nea manom aduru abow. Na mayɛ krado sɛ meguan agyaw me yere ne me mma na matumi akɔ so atow kyakya. Ɛwom sɛ na metaa ka ntam kyerɛ me yere sɛ mentow kyakya bio da de, nanso na minim wɔ me komam sɛ mfaso biara nni saa bɔhyɛ ahorow no mu. Mekae sɛ da koro bi memaa me yere awerɛhyem sɛ magyae kyakyatow koraa, bere a wɔ saa bere koro no ara mu no, na mehwehwɛ ɔkwan a mɛfa so anya sika akɔtow kyakya.
“Mehweree me sika nyinaa, me yere sika, ne m’adwuma, na mebɔɔ ka kɛse. Na metow kyakya da biara da kosii sɛ biribi sii a ɛhyɛɛ me ma misusuw nsɛm ho yiye. Mifii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible. M’ani gyee nea na meresua no ho, nanso mannyae kyakyatow amonom hɔ ara. Ɛyɛ me dɛ sɛ na Ɔdansefo a ɔne me sua ade no wɔ boasetɔ pii saa.
“Nanso Bible no mu asɛm no fii ase nyaa me so nkɛntɛnso. Ɛboaa me ma mifii me dae hunu wiase no mu ma mihuu me ho sɛnea Onyankopɔn hu me no. Me ho dwiriw me. M’ani wui pii, te sɛ wɔn a ɔsomafo Paulo kyerɛw nhoma kɔmaa wɔn wɔ afeha a edi kan mu no: ‘Na aba bɛn na saa bere no munya fii nneɛma a afei de, mo ani wu ho no mu? Saa nneɛma no awiei ne owu.’—Romafo 6:21.
“Onyankopɔn din, ne su, ne titiriw no ne mmɔborohunu a mihui no kaa me ma minyaa ɔpɛ sɛ mɛsakra m’akwan, na masusuw afoforo ho mmom sen m’ankasa ho. Awiei no medee me ho wɔ kyakyatow su no ho koraa, na wɔbɔɔ me ne me yere asu.
“Yesu kae sɛ nokware no bɛma yɛade yɛn ho. (Yohane 8:32) Ná ɛno yɛ nokware ampa wɔ mefam. Nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no na ɛma minyaa biribi a ɛsom bo wɔ asetram, ɛmaa mesan nyaa obu maa me ho, na ɛde akomatɔyam kɛse brɛɛ me. Mitumi boaa me kan nnamfo a anka me ne wɔn tow kyakya no mu biako mpo ma ɔsakraa n’asetra sɛnea meyɛe no. Bere a wɔbɔɔ ɔne ne yere asu no, ɛma minyaa anigye kɛse sen sɛnea kyakya biara a madi pɛn ayɛ.
“Wɔ mfe 20 a atwam mu no, mentow kyakya biara bio ɛ, mentow kakraa bi koraa mpo. Mintumi nka sɛ na ɛyɛ mmerew, nanso na ɛnyɛ den pii nso. Na nea Onyankopɔn de ama me no sen nea mehwehwɛe sɛ mɛfa kyakyatow so anya no.”a
Kyerɛwsɛm no adwene wɔ ho ne ade titiriw a ehia wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no. Na ɛnyɛ sɛ wɔn a wotie Onyankopɔn afotu no kwati awerɛhow a kyakyatow de ba no nko na mmom wohu nso sɛ ɔma wonya biribi a ɛsen kyakya a wobedi biara.
Ahonya a Ɛsom Bo Kyɛn So
Paulo rekyerɛw Timoteo wɔ afeha a edi kan no mu no, ɔkae sɛ: “Kasa kyerɛ wɔn sɛ wɔmmfa wɔn ani nnto ade te sɛ sika a enni hɔ daa so, na mmom Onyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so. Ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ papa . . . , wɔnyɛ krado sɛ wɔbɛkyɛ ade na wɔama afoforo nea wɔwɔ no bi, na wɔanya akorade a ɛbɛyɛ nhyɛase pa ama daakye, na wɔaso nokware nkwa no mu.”—1 Timoteo 6:17-19, The New English Bible.
Akorade biako a ɛsɛ sɛ wonya ne din pa wɔ Onyankopɔn anim. Eyi bɛma wɔanya “nokware nkwa”—daa nkwa, nkonimbo a ɛso sen biara. Yesu ka kyerɛɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”—Yohane 17:3.
Nea ɛnte sɛ sika fam nkonimbo ahorow no, obiara a ɔyɛ Onyankopɔn apɛde no nsa betumi aka nkonimbo a ɔde ma no bi. Afei nso, Onyankopɔn apɛde a obi bɛyɛ no bɛma wanya anigye biara a ɔhwehwɛ, na ɛma onipa no nya obu ma ne ho ne asetra a atirimpɔw wom. Bere koro no ara mu no, esiane kyakyatow mu akatua a ɛyɛ yaw no nti, kae afotu a ɛwɔ tete Engiresi bɛ bi mu yi: “Ɔkwan pa a wɔfa so tow osikyi ne sɛ wɔbɛtow agu.”
[Ase hɔ nsɛm]
a Yehowa Adansefo aboa wɔn a wontumi nnyae kyakyatow pii ma wɔatumi atwe wɔn ho afi ho. Mmoa akuw ahorow te sɛ Gamblers Anonymous nso aboa afoforo.
[Kratafa 10 mfonini]
Daa nkwa wɔ paradise asase so no yɛ akatua a ɛso koraa sen biara a wubetumi adi wɔ kyakyatow mu