Fa Akwankyerɛ A Wohia Ma
WO MMA bɛyɛ dɛn atumi asua sɛnea wɔbɛbɔ wɔn ho ban afi wiase no ɔbrasɛe a ɛrenya nkɔanim no ho? Ɛnyɛ TV a mmofra kuw bi se ɛne ade titiriw a ɛto so anan a ɛma wonya ɔbea ne ɔbarima nna ho nsɛm no so. Ɛnyɛ sukuu mu, beae a nea akyerɛkyerɛfo kyerɛ no da nneɛma a ɛsom bo ne gyinapɛn ahorow a ɛresakra wɔ wiase a ne bra asɛe yi mu adi no. Na ɛda adi pefee sɛ emfi nsɛm a wo mma ayɔnkofo sukuufo ka kyerɛ wɔn no mu.
Sɛ abrabɔ ne abusua asetra ho ɔkyerɛkyerɛ bɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ efi ase wɔ he. Sɛnea ntoaso sukuu ɔkyerɛkyerɛfo bia asɛm no haw no kae no: “Ɛsɛ sɛ obi nya akokoduru a ɔde bɛka sɛ: ‘Hwɛ, mmofra, sɛ motwɛn a, ɛrempira mo!’”
So woakyerɛkyerɛ wo mma eyi? Esiane ɔbea ne ɔbarima nna ho nneɛma a atwa yɛn ho ahyia nti, so ɛtɔ mmere bi a wubisa sɛ ebia wunim ɔkwan a wobɛfa so akyerɛ wɔn no mpo anaa?
Nkɛntɛnso a Nhwɛso Wo
Sɛnea w’awofo nam wɔn abrabɔ kwan so nyaa w’asetra so nkɛntɛnso no, saa ara na wo nhwɛso nya wo mma asetra so nkɛntɛnso kɛse. Ɛda nneɛma pii a ɛfa sɛnea wodɔ wɔn ne nnipa ko a wopɛ sɛ wɔyɛ no adi.
Sɛ bere a wowaree no na wone obiara nnae da a, wubetumi ama wo mma ahu anigye a ɛma wunyae no. Nana barima bi kae da a bɛyɛ mfe 60 a atwam no, ne papa kaa anigye a onyae bere a ɔwaree a na onim sɛ ɔmfaa ne ho nhyɛɛ ɔbrasɛe a wobetumi de agu n’aware ho fĩ biara mu ho asɛm kyerɛɛ no no. Saa nkɔmmɔbɔ no nyaa sɛnea saa nana barima yi traa ase no so nkɛntɛnso kɛse na ogye di sɛ ɔno ankasa nhwɛso anya ne mma asetra so nkɛntɛnso kɛse.
Nanso, sɛ wo mma nim sɛ na wo kan abrabɔ nyɛ nhwɛso pa a, ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ wobɛma wɔahu nea enti a woyɛɛ nsakrae. Ɛnyɛ sɛ woanyin ara kɛkɛ nti, na mmom woanya gyinapɛn ahorow bi a ɛkorɔn sen kan de no a ɛsɛ sɛ wode tra ase ntia.
Tie a Wotie Wɔn Yiye
Awofo a wɔatumi atete wɔn mma yiye taa ka sɛnea wogyee bere pii de tiee wɔn mma no ho asɛm. Wonim nea ɛrekɔ so wɔ wɔn mma no asetra mu. Karen bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ adwuma wɔ mukaase awia bere mu. Saa kwan yi so no, sɛ ne mma mmea no ba fie a, na wotumi ka nea esii wɔ sukuu saa da no ho asɛm kyerɛ no.
Ná Erline twɛn kosi anadwo a ne mma mmea bɛba fie no na wɔaka nea wɔayɛ nyinaa akyerɛ no. Ɔkae sɛ: “Sɛ ɛsɛ sɛ meteɛ biribi a, na metumi adi ho dwuma akyiri. Nanso sɛ mantie a, anka merente ho asɛm da.” Ɔmaa saa nkɔmmɔbɔ yi kɔɔ so wɔ ne mma mmea no sukuukɔ mfe no ne wɔn nantew a edi aware anim bere mu nyinaa. Saa bere a wugye ne wo mma bɔ no betumi ama moakwati ɛyawdi pii a ebetumi aba daakye no.
Nanso sɛ wo mma no mpɛ kasa pii nso ɛ? Sɛ wɔnte saa a, wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘So ɛyɛ wɔn awosu sɛ wɔmpɛ kasa ara kwa, anaasɛ wosuro sɛ wɔbɛda nsɛm adi akyerɛ me esiane sɛnea meyɛe bere bi a atwam no nti anaa? So metumi ama wɔasan anya me mu ahotoso denam mmɔden kɛse a mɛbɔ mprempren de akyerɛ wɔn ho anigye a mewɔ no so? So metumi ama ayɛ mmerɛw pii ama wɔn sɛ wɔbɛda nsɛm nketenkete adi mprempren na ebia akyiri yi wɔada nea anibere wom kɛse no adi?’
Kɔkɔbɔ Ahorow a Ɛho Hia
Ehia sɛ wode nea ebetumi afi ɔbrasɛe mu aba no ho kɔkɔbɔ ma wo mma no. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ wohu sɛ, ɛmfa ho nea wɔte biara no, ɔkwan a wɔfa so siw nyinsɛn ano biara nni hɔ a edi mũ. Sɛ wɔde nnuru ne nneɛma a wɔde siw nyinsɛn ano di dwuma koraa mpo a, nyinsɛn a wɔmpɛ ne nyarewa a wonya fi ɔbea ne ɔbarima nna mu taa ba. Sɛnea Planned Parenthood ahyehyɛde no kyerɛ no, ade a wɔde siw nyinsɛn ano a wɔfrɛ no kɔndɔm no ntumi nyɛ saa mpɛn ɔha biara mu nkyem 12, na sɛnea entumi nsiw AIDS ɔyare mmoawa a obi benya ano no yɛ kɛse sen saa mpo.
Ɛte sɛ nea mmofra pii gye di sɛ ɔhaw rentumi nto wɔn. Nanso nnipa a wonnim sɛ wɔwɔ ɔyare no na wonnim sɛ wɔde rema afoforo no betumi de nyarewa a wonya fi nna mu, a AIDS ka ho no asan afoforo. Nyarewa a ɛtete sɛɛ a ɛrehaw mmofra nnɛ no mu pii betumi de oboninyɛ, awo mu dɛmdi akisikuru, ne owu mpo aba.
Sɛ nhwɛso no, wogye di sɛ Amerikafo ɔpepem 40 na mprempren wɔwɔ saa nyarewa yi mu biako pɛ, a ɛne ananse a ɛka awode, a wonnim aduru biara a wɔde sa no. Ɛnanom a wɔwɔ saa yare yi bi betumi de asan wɔn mma. Mmofra a wɔnyɛɛ hwee yi adwene ho betumi akã, wɔn hon mu nkwaadɔm betumi asɛe korakora, anaasɛ ɔyare mmoawa a ɛbɛka wɔn mu akwaa no betumi akum wɔn. Anigye a wɔhwɛ kwan sɛ wobenya bere tiaa bi mu ho akatua a ɛyɛ hu bɛn ara ni!
Ebia ɔbea ne ɔbarima nna a ɛmfata a wɔnam so nyaa saa yare no anyɛ anigye mpo. Nhwehwɛmufo bi a obisabisaa mmofra pii nsɛm kae sɛ “wɔ mmea fam no, ɔbea ne ɔbarima nna a mmofra a wonnii mfe aduonu de wɔn ho hyɛɛ mu no mu abiɛsa biara mu abien anyɛ anigye.” Ɛsɛ sɛ awofo si so dua kyerɛ wɔn mma sɛ ɔbea ne ɔbarima nna—a ɛne anwonwa kwan a Onyankopɔn hyehyɛe sɛ wɔmfa so nhyɛ yɛn asase fɛfɛ yi ma no—nyɛ biribi a ɛsɛ sɛ wowia wɔn ho yɛ ansa na wɔaware.
Akwankyerɛ a Wohia Titiriw
Ehia sɛ wo mma hu sɛ ɔkwan biako pɛ a wotumi de ho to so a wobetumi afa so akwati ɔhaw ahorow a efi ɔbea ne ɔbarima nna a edi aware anim mu ba ne sɛ wobedi nnyinasosɛm a Onyankopɔn de sii hɔ a bere ada no adi sɛ ɛyɛ nokware no so. Nnyinasosɛm bɛn? Ɛnsɛ sɛ wɔne obi da kosi sɛ wɔbɛware, na afei wɔadi nokware wɔn nkwa nna nyinaa ama wɔn dɔfo biako pɛ no a, sɛ biribiara kɔɔ yiye a, ɔno nso ne obi foforo biara nnae pɛn no.
Nanso, ɛnyɛ ɔhaw ahorow a ɔbrasɛe de ba no titiriw nti na ɛsɛ sɛ yeguan fi ho, na mmom esiane sɛ yɛn Bɔfo no ka sɛ ɛyɛ bɔne nti. Bible no hyɛ yɛn sɛ: “Munyi mo ho mfi aguamammɔ mu.” “Munguan aguamammɔ!” Dɛn ntia? Efisɛ wɔn a wɔkɔ so yɛ saa nneɛma yi “rennya Onyankopɔn ahenni no.”—1 Tesalonikafo 4:3; 1 Korintofo 6:9, 10, 18.
Onyankopɔn nnyinasosɛm akyidi de asetra a anigye ne abotɔyam pii wom ba. Ɛbɔ yɛn ho ban fi nyarewa a wonya fi nna mu, nyinsɛn ahorow a wɔmpɛ, mmusua a ɔwofo biako pɛ na ɔwom mu ɔhaw ahorow, ne yaw a efi pow a wɔn a wɔde yɛn dii wɔn pɛsɛmenkominya atirimpɔw ahorow ho dwuma pow yɛn mu ba no ho.
Onyankopɔn tete diyifo no nsɛm a ɔkyerɛwee no akɔ so ayɛ nokware wɔ nea ɛboro mfe 2,500 mu: “Me [Yehowa] wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so. Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”—Yesaia 48:17, 18.
Nanso ɔkwan bɛn so na saa abrabɔ ho nnyinasosɛm yi betumi ayɛ adwuma wɔ nnɛyi adeyɛ a ɛne nhyehyɛe a ɔbea ne ɔbarima yɛ de pue no mu? Wɔka saa asemmisa yi ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu.