Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 11/8 kr. 25-28
  • Midii Me Bɔhyɛ So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Midii Me Bɔhyɛ So
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mpofirim Nhyiam
  • Tebea Horow Sakra
  • Mehyɛ Bɔ
  • Wɔboa Me ma Midi Me Bɔhyɛ So
  • Yɛn Mma a Yɛkyerɛkyerɛɛ Wɔn
  • Yɛn Ankasa Nhyira Ahorow
  • Sɛnea Wubetumi Abɛyɛ Onyankopɔn Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Yehowa Hyiraa Me Bo A Misii No So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Yehowa Mu Ahotoso a Minyae No Wowaw Me
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Animia de Nkɔso Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 11/8 kr. 25-28

Midii Me Bɔhyɛ So

WƆWOO me Carnival Kwasida, 1930, bere a aponto bi rekɔ so wɔ Rio de Janeiro wɔ Brazil no. Ná Riofo nnipa atitiriw ahyia​—nnuruyɛfo, asahene, ne aguadifo adefo. Wɔn nyinaa de gyidi hunu totow sika mpɛtea ne adɛnkyɛmmo guu nsu a edi kan a wɔde guaree me mu, a na wogye di sɛ eyi bɛboa abarimaa yi ma wanya sika ne din. Bɛyɛ afe ne fã akyi no, minyaa nkonimbo bi sɛ akokoaa a ne ho yɛ fɛ sen biara wɔ Rio wɔ akansi bi a nsɛmma nhoma bi gyinaa akyi mu.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, me maame yaree dennennen. Bere a nnuruyɛfo gye dii sɛ obewu no, me papa guan gyaw ɔne mmofra no. Me papa de me kotuaa ne ka bi, enti me ne adefo abusua bi kɔtrae wɔ Guaruja wɔ Santo Amaro supɔw a ɛwɔ São Paulo mantam mu no so. Minyinii wɔ hɔ a mankae me kan abusua no. Nanso, wɔ sukuu akwamma bi a midii wɔ Rio de Janeiro​—ɛne baabi a na mete wɔ Guarujá ntam kwan bɛyɛ kilomita 450​—no, biribi sii a ɛsakraa m’asetra.

Mpofirim Nhyiam

Ná me ne mmarimaa atipɛnfo goru wɔ Rio fã bi a wɔfrɛ hɔ sɛ Jardim da Glòria. Esiane sɛ na wɔn a wɔafa me sɛ wɔn ba no ma me sika pii nti, ná metaa tɔ ice cream ma kuw no mufo nyinaa, ma enti na wɔpɛ m’asɛm yiye. Alberto a na ɔyɛ mmarimaa no mu biako bisaa me sɛ mifi he. Bere a meka kyerɛɛ no no ɔkae sɛ: “Mewɔ nuabarima bi a ɔte São Paulo mantam mu, nanso minnim no da. Ne din de Cézar. Me papa de no maa abusua bi wɔ hɔ, na mprempren me maame nni anidaso biara sɛ ɔbehu no bio enti osu daa.

Ɔka kaa ho sɛ: “Sɛ da bi wuhyia abarimaa biara a wadi bɛyɛ mfe du wɔ São Paulo a wɔfrɛ no Cézar a, ka kyerɛ no sɛ wuhyiaa ne nuabarima, na ne maame pɛ sɛ ohu no.”

Mehyɛɛ bɔ sɛ: “Me werɛ remfi . . . Anyɛ yiye koraa, ɔne me kura din biako.”

Tebea Horow Sakra

Alberto kaa nkɔmmɔ a yɛbɔe no ho asɛm kyerɛɛ ne maame, na ɔpɛe sɛ ohu me. Bere a me ne Alberto hyiaa bio wɔ Jardim da Glória Kwasida a edi hɔ no, ɔkae sɛ: “Me maame pɛ sɛ ohu wo. Gyama ɔpɛ sɛ ɔma wo nkra ma wode ma me nuabarima no a ɔwɔ São Paulo no.

Alberto faa me ntɛm ara kɔɔ ne maame a na ɔte agodibea agua bi so no hɔ. Ɔhwɛɛ me yiye fi me soro besi fam. Afei ɔbam me na ofii ase sui. Obisae sɛ: “Henanom ne w’awofo?”

Mibuae sɛ: “Garibaldi Benzi ne Nair, na me din de Cézar Benzi.”

Ɔkae sɛ ɔbɛpɛ sɛ ohu me maame, na bere a mekaa nea asi no kyerɛɛ no no, anka ade reyɛ atɔ no so. Akyiri yi ɛnanom baanu no hyiae na wɔkaa me ho asɛm bere tenten. Ɛno akyi no Alberto ka kyerɛɛ me sɛ: “Me maame ne wo maame ankasa, na woyɛ me nuabarima!”

Ná me maame ho atɔ no, na na ɔno ankasa rehwɛ me nuabarima panyin no ne me nuabea. Bere a mihuu pefee sɛ mahu m’abusuafo ankasa no, mekae sɛ wɔmma me ne wɔn nkɔtra, na ɛyɛɛ ɔbea a na ɔde me ayɛ ɔba no yaw. Nanso, na mewɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ me ne m’ankasa me nuabarima ne nuabea bɛtra. Midii yaw maa me maame a na wahu amane na onnim sɛ ebia m’awu anaa mete ase no. Enti mansakra me gyinaesi no ɛwom sɛ na ɛkyerɛ sɛ mefi ofie a wodi yiye wom wɔ Guarujá mu akɔtra ofie bi a ɛwɔ Rio de Janeiro ahiafo atrae mu de. Nsakrae bɛn ara ni! Afei esiane sɛ m’akatua na m’abusua de hwɛɛ wɔn ho nti, ná ɛsɛ sɛ mede sukuu akyi bere yɛ adwumaden.

Mehyɛ Bɔ

Bere a minyinii no, misuaa sɛnea wɔyɛ agude, ne akyiri yi sɛnea wodi ho adwinni. Ná kuw a me ne wɔn yɛ adwuma kra nneɛma fi amannɔne​—na mmara mma emu dodow no ara ho kwan​—na sika wom. Esiane sika a mammrɛ na minyae no nti, mekɔɔ apontow ahorow, dii mmea akyi, buu ahohwibra. Afei, mewaree Dalva a na ɔyɛ me mpena fi bere a na yɛkɔ sukuu no, bere a na madi mfe 22 pɛ no. Ná memfata no koraa. Ná ɔyɛ ɔyere ne ɛna pa​—na ɔyɛ nhomanimfo, obu ade, na wapɔw.

Da koro anadwo bere a yɛaware mfe ason akyi no, bere a na mifi apontow bi a ɛmfata ase rekɔ fie no, mifii ase susuw nneɛma ho anibere so. Minyaa adwene sɛ mintumi nkyerɛ yɛn mma baasa a wɔrenyin no abrabɔ pa bere a merebɔ ɔbra a ɛte saa no. Enti misii gyinae sɛ mɛsakra. Miduu fie no, minyan Dalva kaa me gyinaesi no kyerɛɛ no.

“So wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ wunyan me ɔdasum nnɔnabien yi na woaka saa nsɛnhunu no akyerɛ me anaa?” Na ɔwɔ ntease pa pii nti a onnye me nni. Nanso mehyɛɛ bɔ sɛ: “Afei de m’ani abere ankasa. Nea edi kan no, mɛma m’aguadidan no abɛn yɛn fie ma yɛanya bere pii ayɛ ade abom sɛ abusua.” Bere a na Dalva nnye nni no, yɛdae.

Ade kyee no, mihuu abansoro bi a ɛtoa so abien na meyɛɛ nhyehyɛe sɛ mede soro hɔ bɛyɛ yɛn fie na ase hɔ ayɛ m’aguadidan. Afei mekɔɔ me kan ayɔnkofo no nkyɛn kɔkraa wɔn. Ná masi me bo sɛ medi me bɔhyɛ so. Bere a edi kan mu no, me ne Dalva fii ase ne mmofra no nyaa asetra mu anigye boom.

Wɔboa Me ma Midi Me Bɔhyɛ So

Bɛyɛ asram abiɛsa akyi no, Fabiano Lisowski bɛsraa me. Ná onim me akyɛ yiye. Enti bere a mekae sɛ mepɛ sɛ mede me yere kyia no no, obisae sɛ: “Wo mmara kwan so de?”

Bere a Dalva bae no, mede no kyerɛɛ no sɛ “asɔre bi a ɛde Bible di dwuma sɔfo.” Ɔserewee na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako. Na minni nyamesom ho anigye biara, nanso na Dalva ani gye Bible no ho. Ɔne Dalva fii ase kasae, nanso meyɛɛ dinn, efisɛ mante nea na wɔreka no mu biara ase.

Fabiano too nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmra nhyiam bi Kwasida a edi hɔ no. Mehyɛɛ bɔ sɛ mɛba ma ɛyɛɛ no nwonwa. Dalva ani gyei. Ná onim sɛ meyɛ obi a odi ne bɔhyɛ so ma enti sɛ maka sɛ mɛkɔ nhyiam no na ogye di sɛ mɛkɔ. Nneɛma abien a na masua afi aguadi a mmara mma ho kwan no mu: Wudi wo bɔhyɛ so na woyɛ nhyehyɛe sɛ wobɛkɔ baabi a, wudu hɔ bere ano.

Ná mede otuo hyɛ me ho bere nyinaa, nanso migyaw otuo no wɔ fie bere a mekɔɔ nhyiam no. Na nkurɔfo no wɔ ahɔhoyɛ su na na wɔnyɛ basabasa, enti mehyɛɛ bɔ sɛ mɛsan akɔ Kwasida a edi hɔ no. Efi saa bere no, yɛkɔɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so daa, na mamfa me tuo no anhyɛ me ho bio da.

Fabiano yɛɛ nhyehyɛe ma ɔne ne yere ne n’asebea bɛsraa yɛn Wukuda biara. Esiane sɛ na onim sɛ minnye Onyankopɔn nni nti, Dalva titiriw na ɔne no kasae. Mifii ase ne no bɔɔ nneɛma afoforo ho nkɔmmɔ esiane sɛ na mete nka sɛ wɔayi me afi mu nti, na ɔde obu fii ase nyaa bere maa me. Mihui sɛ na okura nhoma bi, “Ma Onyankopɔn Nyɛ Ɔnokwafo,” nanso na ɔmpɛ sɛ ɔde ma me. Awiei koraa, mibisaa no sɛ: “Wɔde nhoma yi yɛ dɛn?”

Ɛyɛɛ no nwonwa, na obuae sɛ: “Wɔde sua ade.”

Mibuae sɛ: “Sɛ wɔde sua ade a, ma yɛnhwɛ nea ɛka.”

Ɛyɛɛ obiara nwonwa na na wonhu nea ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan. Nanso, yefii adesua no ase na mitiee yiye. Dalva ani gyei na mmofra no mpo ani gyee Fabiano nkyerɛkyerɛmu no ho.

Wɔ adesua no mu no, Fabiano yere hui sɛ menom tawa toatoa so, na ɔkae sɛ: “Ɛte sɛ nea wonom tawa kɛse.”

Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Manom tawa fi me sukuu nna mu. Na bere a misua sɛnea wodi agude ho adwinni no, na menom tawa.

Ɔkaa no anifere so sɛ: “Nnipa pii bɔ mmɔden sɛ wobegyae tawanom nanso wontumi.”

Mibuae ntɛm ara sɛ: “Metumi agyae bere biara a mepɛ.”

Obuae sɛ: “Saa na wususuw.”

Meka kyerɛɛ no sɛ: “Nea ɛbɛyɛ na woahu no, meregyae nnɛ.” Meyɛɛ saa, na mannom tawa bio da

Ná nneɛma nyɛ mmerɛw wɔ asram kakra a edi kan a yɛde yɛɛ adesua no mu. Me kan nnamfonom baa me nkyɛn bɛkaa aguadi a mmara mma kwan ho asɛm kyerɛɛ me, na mmea a na me ne wɔn kɔ apontow ahorow ase bɛhwehwɛɛ me wɔ yɛn fie. Nanso na masi me bo sɛ mɛsakra m’abrabɔ, na menam Yehowa dom so tumi yɛɛ saa. Mfiase no, m’adwuma no kɔɔ fam, na na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn asetra gyinapɛn ba fam. Nanso nea ɛyɛ anigye ne sɛ Dalva hyɛɛ me nkuran bere nyinaa.

Bere a yɛde asram anum yɛɛ Bible adesua akyi no, m’adwenem nããyɛ biara fii hɔ. Na migye di sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no na n’Asɛm a wɔakyerɛw no ne Bible no. Enti January 12, 1962 no, na me ne Dalva ka nnipa 1,269 a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ nhyiam kɛse a edi kan a wɔyɛe wɔ Ibirapuera Agodibea wɔ São Paulo no ase no ho. Dɛn na ɛte sɛɛ sɛ wubehu nnipa 48,000 a wɔhyiam no!

Yɛn Mma a Yɛkyerɛkyerɛɛ Wɔn

Nhyiam no boaa me ma mihuu asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛkyerɛkyerɛ yɛn mma na yɛtete wɔn. Enti ntɛm ara yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛyɛ yɛn abusua Bible adesua Wukuda biara anadwo. Ɛde besi nnɛ mpo, Wukuda da so ara yɛ yɛn abusua adesua da. Nanso, mprempren me ne Dalva nkutoo na yesua ade efisɛ mmofra no nyinaa aware.

Ná nneɛma a yɛne mmofra no sua no bi ne ɔhaw ahorow a mmofra hyia wɔ yɛn bere yi mu, te sɛ ntade yɛbea ne ahosiesie ne ɔbarima ne ɔbea ntam abrabɔ pa ho nkɔmmɔbɔ. Afei nso, sɛ mmofra no mu bi wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu dwumadi a ɔyɛ kyerɛ yɛn Wukuda anadwo.

Afei nso, yɛnam mmoa nyɛmmea ne mmeae afoforo a yɛde mmofra no kɔe so kyerɛɛ wɔn sɛnea Yehowa abɔde yɛ fɛ. Ná yɛboa wɔn ma wohu sɛ Yehowa na ɔbɔɔ mmoa ne nnomaa no na ama onipa ani agye, ne sɛ ɛrenkyɛ yebenya hokwan no ahu wɔn wɔ petee mu a yebetumi ne wɔn adi agoru, na ɛnyɛ ebuw anaa ban mu.

Bere a mmofra no da so ara susua no, yɛde Ɔwɛn Aban ne Nyan! ne Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma afoforo akenkan ho nhyehyɛe bɔɔ yɛn aduan dan mu. Wɔn nyinaa yɛɛ nea wobetumi biara de dii nhyehyɛe no akyi sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi aka nea wɔasua akyerɛ yɛn. Yebetumi aka no nokwarem sɛ mmofra no a yɛtetee wɔn sɛɛ no de mfaso kɛse brɛɛ yɛn. Wɔbɔɔ mmofra baasa no mu biara asu ansa na wɔredi mfe dumiɛnsa.

Cézar, yɛn mma no mu akumaa koraa no na odii kan nyaa bere nyinaa ɔsom adwuma no ho anigye. Bere a odii mfe akron no, ɔhwɛfo kwantufo bi frɛɛ no kɔɔ asɛnka agua so a wanni kan anhyɛ no ase, na obisaa no nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ bere a wanyin no. Cézar buae sɛ: “Betelni, ɔmansin sohwɛfo, anaa ɔsɛmpatrɛwfo.”

Cézar dii mfe 17 no, ɔbɛyɛɛ daa ɔkwampae somfo. Saa bere no ara mu no, osuaa nhoma tintim ho ade ma enti osiesiee ne ho sɛ ɔbɛyɛ adwuma wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Brazil no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔtoo nsa frɛɛ no kɔɔ Betel, na ɔsom wɔ hɔ mfe anan. Afei ɔwaree, na ɔne ne yere yɛɛ akwampaefo atitiriw; wɔtoaa so saa ara kosii sɛ wɔwoo wɔn babarima. Mprempren Cézar som sɛ Kristoni ɔpanyin, na ne yere nso yɛ daa ɔkwampaefo. Wɔbɔɔ wɔn babarima no asu wɔ 1990 mu, bere a na wadi mfe 11 no.

Sandra, yɛn mmabea no mu biako fii akwampae adwuma ase wɔ 1981 mu. Ɔwaree Sílvio Chagas a ɔyɛ Betel abusua no muni afe a edi hɔ no mu. Wɔsom bom sɛ akwampaefo atitiriw mfe awotwe na mprempren wɔwɔ ɔmansin adwuma no mu, resrasra Yehowa Adansefo asafo ahorow. Solange a ɔne Sandra yɛ ntafo no ne ne kunu som sɛ akwampaefo atitiriw mfe abiɛsa. Wɔbɔɔ wɔn babarima Hornan asu nnansa yi ara. Solange kunu yɛ Kristoni ɔpanyin.

Me ne Dalva te nka sɛ Wukuda anadwo abusua adesua a yɛyɛɛ no daa, a yefii ase bɛyɛ mfe 30 ni no titiriw na ɛboaa mmofra no ma wonyaa honhom mu nkɔso no. Ade foforo a ɛboae wɔ wɔn ntetee mu ne ahwɛfo akwantufo ne bere nyinaa asomfo afoforo a yɛtoo nsa frɛɛ wɔn baa yɛn fie no. Saa Kristofo anuanom mmarima ne mmea yi boaa mmofra no maa wonyaa bere nyinaa ɔsom no ho botae.

Yɛn Ankasa Nhyira Ahorow

Me ne Dalva ayɛ nneɛma atitiriw pii fi ade titiriw a yɛyɛe wɔ 1962 mu, bere a wɔbɔɔ yɛn asu no. Mede mmere kakra som sɛ ɔmansin sohwɛfo nsiananmu, na yenyaa hokwan srasraa Yehowa Adansefo asafo ahorow. Minyaa Nhyiam Asa a ɛwɔ Duque de Caxias no si a edii mfe anum no mu kyɛfa. Na makɔ aban mpanyimfo, nnuruyɛfo ne sraafo mpanyimfo anim mpɛn pii, a ɔmantam no amrado abadiakyi nso ka ho. Atirimpɔw nti a mekɔɔ wɔn anim ne sɛ megye agumadibea a yɛde bɛyɛ nhyiam ahorow na makyerɛkyerɛ afã biara a yenni ne nea enti a Yehowa Adansefo nnye mogya no mu.

Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi na misusuw nhyira ahorow bebree a manya fi bere a minyan Dalva anadwo kaa me bɔhyɛ no kyerɛɛ no no a, metumi aka no nokwarem sɛ nhyira no mu kɛse koraa ne sɛ yɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa adawurubɔfo. Me ne Dalva gye di sɛ ɔkwan a Yehowa Nyankopɔn nam n’ahyehyɛde no so kyerɛ yɛn kwan no ne ‘Ɔkwan No’ a ɛde kɔ anigye asetra mu nnɛ, ne awiei koraa no, asetra a enni awiei wɔ Nyankopɔn wiase foforo no mu ampa. (Asomafo no Nnwuma 9:2; 19:9)​—Sɛnea Cézar A. Guimarães ka kyerɛe.

[Kratafa 28 mfonini]

Cézar Guimaraẽs ne n’abusua nnɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena