Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 6/8 kr. 3-4
  • Nea Nyamesom Ayɛ wɔ Nnipa Akodi Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Nyamesom Ayɛ wɔ Nnipa Akodi Mu
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akodi ne Wɔn a Wose Wɔyɛ Kristofo
  • Wɔkamfo Asomdwoe Nanso Wɔhyɛ Ɔko Ho Nkuran
    Nyan!—1986
  • Akodi
    Nyan!—2017
  • Nyamesom Gyina Ɔfã bi Akyi
    Nyan!—1994
  • Ɔko—Dɛn Ntia?
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 6/8 kr. 3-4

Nea Nyamesom Ayɛ wɔ Nnipa Akodi Mu

THE World Book Encyclopedia (1970 de) ka sɛ: “Ɛmmae da sɛ nnipa bi atra ase a wonni nyamesom bi.” Nanso abakɔsɛm akyerɛwfo Will ne Ariel Durant kyerɛwee sɛ: “Ɔko ne nneɛma a akɔ so bere nyinaa wɔ abakɔsɛm mu no mu biako.” So saa nneɛma abien a akɔ so bere nyinaa yi, ɔko ne nyamesom, wɔ abusuabɔ ɔkwan bi so?

Nokwarem no, ɔko abata nyamesom ho wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. Ɛdefa Misraim, abakɔsɛm mu wiase tumidi ahorow a edi kan no mu biako ho no, Lionel Casson kyerɛkyerɛɛ mu wɔ nhoma Ancient Egypt mu sɛ: “Woyii tow maa anyame no wɔ ɔko mu nkonimdi biara ho; esiane sɛ na asɔfo no pɛ sɛ wonya ahode pii nti, wɔperee wɔn ho te sɛ wɔn ahemfo no ara pɛ, sɛ wɔbɛko afa nsase afoforo.”

Saa ara na ɔsɔfo W. B. Wright kae wɔ Asiria, tete wiase tumidi foforo ho sɛ: “Ná akodi ne ɔman no adwuma, na na asɔfo no ma akodi ba bere nyinaa. Na wɔde ɔko mu asade titiriw na ɛhwɛɛ wɔn.”

Gerald Simons kyerɛw faa nea ɔfrɛɛ no “Europa atirimɔdenfo” ho sɛ: “Ná wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ nneɛma pii mu, na na wɔahyehyɛ wɔn yiye ama dwumadi biako pɛ, akodi.” Ná nyamesom ka ho. Simons kae sɛ: “Anansesɛm pii ka nkrante a adaemone wom anaa edii dwuma sɛ anyame no adwumayɛfo ho asɛm.”

Nanso, na tebea a ɛwɔ Roma Ahemman a na wosusuw sɛ wɔn ani abue yiye mu no te saa ara. Moses Hadas kyerɛkyerɛɛ mu wɔ nhoma Imperial Rome mu sɛ: “Ná wɔtete Romafo ma akodi.” Ná Roma asraafo de frankaa a wɔn anyame agyiraehyɛde wom kɔ ɔsa. Encyclopedia bi kae sɛ: “Na ɔsahene taa hyɛ ma wɔtow frankaa kyene atamfo no mu, de kanyan n’asraafo no sɛ wɔnkɔfa ade a wobu no sɛ ebia ɛyɛ kronkron sen biara wɔ asase so no, na eyi hyɛɛ wɔn ntua no mu den.”

Akodi ne Wɔn a Wose Wɔyɛ Kristofo

Kristoman a ɛbaa wiase no ansakra nneɛma. Nokwarem no, Anne Fremantle kyerɛwee wɔ nhoma Age of Faith mu sɛ: “Ako a nnipa adi nyinaa mu no, emu biara nni hɔ a wɔde nnamyɛ adi sen nea wɔko ma nyamesom bi. Na ‘akodi kronkron’ yi mu no, emu biara nni hɔ a wɔkaa mogya pii gui wom na ɛkyɛe kɛse sen Kristofo Mmeamudua ho Ako a wodii wɔ Mfinimfini Mmere no mu no.”

Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, ɛnnɛ mpo nsakrae biara mmae. Time nsɛmma nhoma bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nyamesom frankaa din a wodi ako na wowu wom kɔ so denneennen Ulster Protestantfo ne Roman Katolekfo kɔ so kunkum wɔn ho wɔn ho kwa a nyansa biara nnim. Arabfo ne Israelfo de ehu hwɛ asase, amammerɛ ne nyamesom ho ntawntawdi ho nsɛm a esisi.” Afei nso, abusua ne nyamesom mu ntawntawdi ama wɔakunkum nnipa bebree wɔ adehyeman a kan no na wɔka bom yɛ Yugoslavia no mu, ne wɔ Asia nsase nso so.

Anwonwasɛm ne sɛ wɔn a wose wɔyɛ Kristofo taa ne wɔn a wɔne wɔn kura gyidi koro di ako. Enti Katolekfo kunkum Katolekfo wɔ akono. Katolekni abakɔsɛm kyerɛwfo E. I. Watkin gye toom sɛ: “Ɛwom sɛ ɛyɛ yaw sɛ yebegye atom de, nanso yentumi nnyina atoro nimdeɛ ne nokwaredi a ɛnteɛ so mpow anaa yemmu yɛn ani ngu abakɔsɛm mu nokwasɛm yi so, sɛ Asɔfo Mpanyin akɔ so agyina ako a ɔman a wofi mu aban adi no nyinaa akyi. Nokwarem no, menkae bere bi mpo a ɔman bi asɔfo akasa atia ɔko bi . . . Sɛnea asɔre no nkyerɛkyerɛ te biara no, wɔn nneyɛe mu no, ‘nea me man yɛ fata bere nyinaa’ ne nnyinasosɛm titiriw a Katolek Asɔfo Mpanyin di akyi wɔ ɔko bere mu.”

Nanso, ɛnyɛ Katolekfo nkutoo nnyinasosɛm titiriw. Atesɛm krataa Sun a ɛwɔ Vancouver, Canada, no mu samufo asɛm bi ni: “Protestantsom ntumi nka wɔ ɔkwan biara so sɛ ɛkwati saa ɔmampɛ honhom a ɛde mpaapaemu ba yi. Ebia ɛyɛ nyamesom a wɔahyehyɛ nyinaa mmerɛwyɛ sɛ asɔre no di frankaa no akyi . . . Ako bɛn na wodii a wɔanka sɛ na Onyankopɔn gyina afanu no nyinaa akyi?”

Ɛda adi pefee sɛ ɔko biara nni hɔ! Protestant sɔfo Harry Emerson Fosdick gye toom sɛ: “Yɛn asɔredan ahorow no mu mpo no yɛde ɔko no ho frankaa sisii . . . Yɛde yɛn ano fã yii Asomdwoe Hene no ayɛ, na yɛde ɔfã foforo no kamfoo akodi.” Na sɛnkyerɛwfo Mike Royko kae sɛ ɛmmae da sɛ Kristofo “atan ko a wɔko tia Kristofo afoforo.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ wɔayɛ saa a, anka ako a emu yɛ den a wodii wɔ Europa no remma da.” Nea agye din wɔ eyinom mu ne Mfe Aduasa Ko a ɛbae wɔ Germany Protestantfo ne Katolekfo ntam no.

Nokwasɛm ahorow no da adi pefee. Nyamesom adi akodi akyi, na ɛtɔ mmere bi mpo a, ɛde akodi ba. Enti, pii asusuw nsemmisa yi ho: So Onyankopɔn gyina ɔman biako akyi wɔ ɔko mu ankasa? So ogyina ɔman biako afã bere a aman reko no? So bere bi bɛba a ɔko befi hɔ?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]

Roma asraafo tow frankaa a wɔn anyame agyiraehyɛde wom kyenee wɔn atamfo mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena