Owu wɔ Ntaban a Ɛnyɛ Den So
Efi Nigeria Nyan! kyerɛwfo hɔ
Ɛnyɛ ɔko a wɔde yɛ nsɛmti akɛse wɔ atesɛm nkrataa mu; nanso akunkum nnipa ɔpepem pii. Ɛnyɛ ɔko a wɔde atopae ne mmoba ko nanso amanehunu ne nnipa a ekunkum wɔn no kyɛn akodi mu de. Wɔ ɔko yi mu no, ɛnyɛ atopae a wɔtotow guu atamfo so bebree no na ekunkum nnipa no, na mmom ntontom ɔbere ntaban a ɛnyɛ den no.
ƐYƐ anadwo; abusua no ada. Ntontom tu ba piam hɔ, ɔbɔ ne ntaban mu mpɛn 200 kosi 500 wɔ anibu biara mu. Ne kɔn adɔ nnipa mogya. Osi abarimaa bi nsa ho brɛoo. Esiane sɛ ne mu duru yɛ gram 3/1,000 pɛ nti, abarimaa no nkeka ne ho. Afei ɔtwe ne sẽ feafeaa a ɛte sɛ ɔwan no de wɔ abarimaa no were mu wɔ ntini ketewa bi so. Pɔmpe abien a ɛwɔ ne tirim twe ne mogya. Bere koro no ara atiridii mmoawa fi ntontom no mu kɔ abarimaa no mogya mu. Adeyɛ no ba awiei ntɛmntɛm; abarimaa no nte hwee. Ntontom no tu kɔ, a mogya no ama wayɛ kɛse mmɔho abiɛsa. Nna kakraa bi akyino, abarimaa no yare a ɔreyɛ awu. Atiridii ayɛ no.
Ɛyɛ ade a akɔ so mpɛn ɔpepem pii. Eyi de amanehunu ne awuwu pii aba. Akyinnye biara nni ho sɛ atiridii yɛ adesamma tamfo otirimɔdenfo
Boasetɔ a Wɔde Hwehwɛ ɔtamfo No
Britania Asraafo oduruyɛfo bi a na ɔwɔ India na ohuu nneɛma atitiriw a wɔde ko tia atiridii no mu biako, na ɛnyɛ Europa nyansahufo abenfo no. Afeha 19 no mu nyansahufo ne nnuruyɛfo ne adwene a na wokura wɔ mfe mpem abien a atwam no mu kyerɛe sɛ atɛkyɛ mu mframa bɔne a wɔhome na ɛmaa nkurɔfo nyaa ɔyare no.a Nea ɛne eyi bɔ abira no, Oduruyɛfo Ronald Ross gye dii sɛ ntontom na ɔma yare fi onipa biako nkyɛn kɔ ɔfoforo hɔ. Bere a wohui sɛ atiridii mmoawa a wɔwɔ mogya mu na wɔde atiridii ba mpo akyi no, nhwehwɛmufo kɔɔ so hwehwɛɛ nea ɛde ba no fii mframa ne atɛkyɛ nsu mu. Nanso, Ross kɔɔ so hwehwɛɛ ntontom yafunu mu.
Sɛ wususuw tete mfiri a ɔde yɛɛ nyarewa ho nhwehwɛmu no ho a, na ɛnyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛhwehwɛ ntontom yafunu mu. Sɛnea Ross kyerɛ no, bere a na ogu so yɛ adwuma no na ntontom ne atɛn bebree tu twa ne ho hyia a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛtɔ no so were wɔ “wɔn nnamfonom wu ho.”
Awiei koraa, wɔ August 16, 1897 mu no, Ross huu mmoawa nkurukuruwa a wɔanyin ayɛ akɛse anadwo biako pɛ wɔ ntontom bere yafunu mu. Ná wɔyɛ atiridii mmoawa!
Ross de anigye kyerɛwee wɔ ne nhoma mu sɛ wahu ade a ebegye “nnipa mpempem pii” nkwa no. Ɔkyerɛw Bible mu nhoma a ɛne Korintofo nhoma no mu asɛm bi nso sɛ: “Owu, wo nwowɔee wɔ he? Ɔdamoa, wo nkonimdi wɔ he?”—Fa toto 1 Korintofo 15:55 ho.
Atiridii Adesɛe
Nea Ross hui no bɛyɛɛ ade titiriw wɔ ko a wɔko tia atiridii no mu, nea ɛboa buee kwan ma adesamma ko tiaa ɔyare no ne mmoawa a wɔde ba no kɛse nea edi kan.
Adesamma adi nkogu kɛse wɔ atiridii ho atoatoa so wɔ abakɔsɛm bere fã kɛse mu. Misrifo tete nkyerɛwee ne nhoma mmobɔwee di nnipa pii a atiridii kunkum wɔn mfe 1,500 ansa na Kristo reba asase so ho adanse. Ɛsɛee tete Hela nkurow fɛfɛ a na ɛwowɔ abon mu, na ekum Alexander Ɔkɛse no wɔ ne mmerante bere mu. Ɛbɔɔ Romafo nkurow na ɛmaa adefo guan kɔtraa mmepɔw so. Ekunkum nnipa pii sen nea Mmeamudua ho Akodi, Amerika Ɔmanko, ne wiase nyinaa akodi abien ne ako akɛse pii yɛe no.
Wɔ Afrika no, atiridii ka ho bi na wɔtoo Afrika Atɔe Fam din sɛ: “Oburoni Ɔdamoa.” Nokwarem no, ɔyare no yɛɛ akwanside kɛse maa Europafo a na wɔrepere afa Afrika adi so no araa ma Afrika Atɔe Fam sukuupɔn bi kae sɛ ntontom yɛ ɔman no dɔmmarima! Wɔ Amerika Mfinimfini no, atiridii ka ho bi na Fransefo antumi anyɛ Panama Canal no. Wɔ Amerika Kesee Fam, wɔ bere a na wɔreyɛ Mamore-Madeira keteke kwan no wɔ Brazil no, wɔkae sɛ nnipa dodow a atiridii kunkum wɔn no ne ade a wɔde miamiaa keteke dade kwan mu dodow yɛ pɛ.
Ɔko a Wɔko de Di Nkonim
Bɔ a wɔbɔɔ wɔn ho ban wɔ ntontom ho, a na wonnim sɛ wɔreyɛ saa wɔ atiridii ho no, kɔɔ so mfe mpempem pii. Wɔ afeha 16 A.Y.B. mu no, Misrifo de Balanites wilsoniana dua no mu ngo yɛɛ aduru a wɔde pam ntontom. Mfe apem akyi no, Herodotus kyerɛwee sɛ Misraim apofofo de wɔn asawu twaa wɔn mpa ho hyiae anadwo de siw mmoawa no kwan. Na mfeha dunson akyi no, Marco Polo bɔɔ amanneɛ sɛ India adefo daa mpa a wɔde nkataanim a wobetumi akeka asi anim anadwo abɔ ho ban so.
Nnipa huu nnuru a mfaso wɔ so ankasa wɔ mmeae afoforo pii. Bɛboro mfe 2,000 ni, wɔde dua bi a wɔfrɛ no qinghaosu a ɛyɛ ahaban duru bi a wɔahu wɔ nnansa yi mfe yi mu atumi asa atiridii wɔ China. Wɔ Amerika Kusuu Fam no, Peru Indiafo de cinchona dua abona adi dwuma. Wɔde cinchona dua no baa Europa wɔ afeha 17 no mu, na wɔ 1820 mu no, Parisfo nnufrafo baanu bi yii nsu bi fii mu a wɔfrɛɛ no quinine.
Akode Afoforo
Wɔanhu mfaso a na ɛwɔ quinine a wɔde siw atiridii ano, na wɔde sa yare no ntɛm, nanso bere a wohui no, ɛbɛyɛɛ aduru a wɔkamfo kyerɛe mfe ɔha. Afei, wɔ wiase nyinaa ko a ɛto so abien mfiase no, Japan asraafo ko faa cinchona mfuw bi wɔ Akyirikyiri Apuei. Quinine a eyi maa ho bɛyɛɛ nã wɔ United States no maa wɔyɛɛ nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri a ɛbɛma wɔayɛ atiridii ano aduru foforo. Nea efii mu bae ne chloroquine, aduru a na asiane nnim, ɛyɛ nnam, na ne yɛ mmɔ ka kɛse.
Chloroquine bɛyɛɛ akode titiriw a wɔde ko tia atiridii ntɛm ara. Aduru a wɔyɛe wɔ 1940 mfe no mu nso ne DDT, etumi kunkum ntontom yiye. Ɛwom sɛ DDT gyina hɔ ma adurudichlorodiphenyltrichloroethane a ne bɔ yɛ hu no de, nanso nnipa pii a wɔka Engiresi kasa de asɛm (“otwa hwe wu mprenu”) na ɛkae asɛmfua no, na ɛma wotumi kae no yiye efisɛ ɛnyɛ sɛ na DDT kunkum ntontom no wɔ bere a wɔde petepetee wɔn so no mu nko, na mmom akyiri yi nea wɔde petepetee wɔn so a ɛkaa afasu ho no nso kunkum mmoawa ahorow.”b
Ɔko a Anidaso Wom
Wɔ wiase nyinaa ko a ɛto so abien no akyi no, nyansahufo a wɔwɔ DDT ne chloroquine no yɛɛ nhyehyɛe sɛ wobetu atiridii ne ntontom so sa wɔ wiase nyinaa. Na wobedi ako no wɔ akwan abien so—na wɔde nnuru bekunkum ɔyare mmoawa a wɔwɔ nipadua no mu no, na wɔapetepete nnuru a wɔde kunkum mmoawa de atɔre ntontom ase.
Na botae no ne sɛ wobedi nkonim koraa. Na wobetu atiridii ase koraa. World Health Organization a na wɔatew no foforo, a ɛde ɔyare no ase a wobetu yɛɛ n’atirimpɔw titiriw no na edii ɔsatu yi anim. Wɔde sika taa wɔn bo a wosii sɛ wɔbɛyɛ saa no akyi. Efi 1957 kosi 1967 no, amanaman no de dɔla ɔpepepem 1.4 na ɛyɛɛ wiase nyinaa ɔsatu no. Na nea efii mu bae mfiase no yɛɛ nwonwa. Wodii ɔyare no so nkonim wɔ Europa, Amerika Kusuu Fam, SovietUnion, Australia, ne Amerika Kesee Fam aman bi so. Ɔbenfo L. J. Bruce-Chwatt, obi a wadi ako atia atiridii pɛn kae sɛ: “Ɛyɛ den sɛ wobɛkyerɛkyerɛ anigye kɛse a wonyae wɔ wiase nyinaa atiridii asetu ho adwene wɔ saa asomdwoe bere no mu mu nnɛ.” Na atiridii redi nkogu! World Health Organization hoahoaa ne ho se: “Yɛatumi atu atiridii ase ankasa.”
Atiridii San Sɔre Bio
Nanso wɔantumi anni nkonim. Nnuru a wɔde kum mmoawa ntumi ntontom a wɔanwuwu wɔ saa ɔsatu no mu no. DDT ntumi nkunkum wɔn ntɛm sɛnea ɛyɛɛ kan no. Saa ara nso na chloroquine ntumi nkunkum atiridii mmoawa a wɔwɔ nipadua no mu no bio. Eyinom ne nsɛnnennen afoforo de nkogudi a ɛyɛ hu baa nsase bi a ɛte sɛ nea wɔadi nkonim awie no so. Sɛ nhwɛso no, wɔ Sri Lanka a wosusuwii sɛ wɔatu atiridii ase koraa wɔ 1963 mu no, ɔyare no san yɛɛ nnipa ɔpepem pii wɔ mfe anum pɛ akyi.
Ebeduu 1969 no, na wɔagye atom wɔ mmeae pii sɛ atiridii yɛ ɔtamfo a wontumi nni no so nkonim. Sɛ anka wɔde asɛmfua “asetu” bedi dwuma no, afei asɛmfua “anosiw” na ɛbaa so. Dɛn na “anosiw” no kyerɛ? Oduruyɛfo Brian Doberstyn, World Health Organization no fã a edi atiridii ho dwuma no panyin kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nea yebetumi ayɛ mprempren nyinaa ne sɛ yɛbɛbɔ mmɔden atew owu ne amanehunu no so sɛnea ɛsɛ.”
World Health Organization panyin foforo ka sɛ: “Efi bere a yɛbɔɔ mmɔden sɛ yebetu atiridii ase wɔ 1950 mfe no mu, na yɛde DDT dii dwuma de tiaa mmoawa ahorow akyi no, wiase amanaman no agyae atiridii ho ɔsatu no. Ohia, adan pa a wonni, nnuru a entumi ɔyare no ne ɔyare no mmoawa no ama ɔyare no da so ara wɔ hɔ. Nokwarem no, ɔyare no adi yɛn so nkonim.”
Nokwasɛm foforo nso ne sɛ nnwumayɛkuw a wɔyɛ nnuru no agyae wɔn nhwehwɛmu no yɛ. Atiridii ho nyansahufo bi kae sɛ: “Asɛnnennen no ne sɛ egye sika pii, nanso wonnya mu mfaso ne nkuranhyɛ.” Yiw, ɛwom sɛ wɔadi akodi pii mu nkonim de, nanso wonnii atiridii ho akodi no mu nkonim. Nanso, Bible no ka bere bi a abɛn a “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: ‘Meyare’” bio ho asɛm. (Yesaia 33:24, New World Translation) Ansa na saa bere no bɛba no, ntaban a ɛnyɛ den bɛkɔ so ama nnipa ayare na wɔawuwu.
[Ase hɔ asɛm]
a Asɛmfua “malaria” (atiridii) no fi Italia kasa mala (bɔne) ne aria (mframa) mu.
b Wohui sɛ DDT sɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no na wɔabara anaasɛ wɔatew ne dwumadi so koraa wɔ aman 45 mu
[Adaka wɔ kratafa 14]
Ntontom ne Onipa Ntam Akodi
Ɛde adesamma mu bɛyɛ fã, aman ɔha ne akyi a ɛwɔ mmeae a osu tɔ na owia bɔ kɛse no nkwa to asiane mu tee. Ɛwɔ Afrika titiriw.
Wonim sɛ ntontom nam wimhyɛn so tumi fi aman a osu tɔ na owia bɔ kɛse wɔ hɔ no mu kɔ mmeae afoforo, na wɔakeka nnipa a wɔte bɛn amanaman ntam wimhyɛn gyinabea no.
Wɔn a atiridii yɛ wɔn. Atiridii ka nnipa ɔpepem 270, na ekunkum bɛyɛ ɔpepem 2 afe biara. Ekunkum apemfo ne mmofra titiriw, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ekum mmofra baanu simma biara.
Ɛka wɔn a wɔba baabi a osu tɔ na owia bɔ no. Afe biara wɔbɔ atiridii a “wɔkra” kɔ Europa 10,000 ho amanneɛ ne 1,000 ne akyi ho amanneɛ wɔ Amerika Kusuu Fam.
Akwan ɛ ɛnam so ba. Ntontom abere de ɔyare no ma nnipa anadwo titiriw. Wotumi nya atiridii fi mogya a wɔde ma mu, na ɛtɔ mmere bi a, denam mpaane a ɔyare no bi wom so.
Nnansa yi ara na adesamma anya nimdeɛ ne akwan a wɔfa so ko tia. Wɔ mmɔden a aman 105 abom rebɔ sɛ wobedi ɔyare no so nyinaa akyi no, adesamma redi nkogu.
[Box/Mfonini wɔ kratafa 15]
Bɔ Wo Ho Ban Na Ntontom Ankeka Wo
Da ntontonnan mu. Ntontonnan a wɔde ahyɛ nnuru a ekunkum mmoawa mu no ne nea eye sen biara.
Sɛ wowɔ air conditioner a, sɔ anadwo, anaa da adan a wɔde atra akata ne mfɛnsere ne n’apon ano mu. Sɛ atra nni apon ne mfɛnsere no ano a, totom.
Sɛ owia kɔto a, ɛyɛ papa sɛ wobɛhyɛ shɛt a ne nsa yɛ tenten ne trɔsa a ɛware. Nneɛma a ani yɛ tumm twetwe ntontom.
Fa nnuru a ɛpam mmoawa ahorow sra w: nipadua no afã a hwee nkata hɔ no. Paw nea aduru a wɔfrɛ no diethytoluamide anaasɛ nea wɔfrɛ no dimethyl phthalate wom.
Fa aduru a wɔde ko tia ntontom a wɔpetepete, mmoawa aduru, anaa aduru a wɔ hyew de pam ntontom di dwuma.
Nsɛm no Fibea: World Health Organization
[Asɛm Fibea]
H. Armstrong Roberts
[Adaka wɔ kratafa 16]
“‘Anwonwa Kwan So Aboba’ Biara nni Hɔ”
Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea wonnya nnii atiridii so nkonim koraa de, nanso wɔda so ara tu so sa. Wɔ atiridii ho amanaman ntam nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Brazzaville, Congo, wɔ October 1991 ase no. Worid Heaith Organization ananmusifo kae sɛ wɔntwe wɔn ho mfi “nkrabea su” no ho. na wɔkamfoo wiase nyinaa ɔsatu a ɛbɛma wɔasiw atiridii ano kyerɛe. Ɔkwan bɛn so na mmɔdenbɔ a ɛte saa no bedi nkonim?
World Health Organization kwankyerɛfo panyin Hiroshi Nakajima kae nnansa yi sɛ “‘atiridii ho anwonwa kwan so aboba’ biara hɔ. Enti ɛsɛ sɛ yɛfa akwan pii so ko tia.” Akwan horow abiɛsa a wɔnam so ko tia a ɛho asɛm ahyeta nnansa yi ni:
Nnuru a wɔde sesa. Nyansahufo de mfe pii ahwehwɛ atiridii ano aduru a wɔde sesa, na ɛtɔ mmere bi a, nsɛm ho amanneɛbɔfo ka nhwehwɛmu mu “nkonimdi” ho asɛm. Bere a ɛrekasa atia anidaso a ɛmfata no, World Health Organization no de kɔkɔbɔ mae wɔ “nnaadaasɛm a ɛkyerɛ sɛ wobenya atiridii ano aduru a wɔde sesa nnansa yi ara” no ho.
Aduru a wɔde sesa a wobenya no mu asɛnnennen biako ne sɛnea atiridii mmoawa a wɔwɔ nipadua no mu tumi kwati nipadua no mu tumi a ɛbɔ mmɔden sɛ ɛbɛsɛe no no. Mfe pii a ɔyare no ka nnipa mpɛn pii nyinaa akyi mpo no, wɔn nipadua tumi bɔ ne ho ban kakraa bi pɛ wɔ ɔyare no ho. Oduruyɛfo Hans Lobel, oduruyɛfo a osiw nyarewa ano a ɔyɛ adwuma wɔ U.S. Centers for Disease Control wɔ Atlanta no ka sɛ: “Wo nipadua no ntumi mmɔ ne ho ban bere a woanya ɔyare no mpɛn kakraa bi pɛ no. Enti [bere a worebɔ mmɔden ayɛ ano aduru a wɔde sesa] no, na worebɔ mmɔden ama abɔde anya nkɔso.”
Nnuru. Esiane sɛ atiridii mmoawa no kɔ so tumi gyina nnuru a ɛwɔ hɔ mprempren no ano nti, World Health Organization no rehyɛ aduru foforo bi a wɔfrɛ no arteether a wonya fi Chinafo ahaban duru qinghaosuc mu no ho nkuran.‘ World Health Organization wɔ anidaso sɛ wɔde qinghaosu bɛyɛ nnuru foforo koraa, a wiase no mu nnipa benya wɔ mfe du ntam.
Ntontonnan. Ɛda so ara yɛ dwuma yiye wɔ mfe mpem abien a wɔde abɔ wɔn ho ban wɔ ntontom ho no mu. Ntontom a wɔde atiridii ba no taa keka anadwo, na ntontonnan pam wɔn. Nea ɛyɛ adwuma yiye ne ntontonnan a wɔahyɛ no aduru a ekunkum mmoawa, aduru te sɛ permethrin. Nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ Afrika da no adi sɛ nkuraase a wɔde ntontonnan a wɔahyɛ no aduru a ekunkum mmoawa dii dwuma no, nnipa a atiridii kunkum wɔn no dodow so tew ɔha biara mu nkyem 60.
[Ase hɔ asɛm]
c Qinghaosu yɛ aduru a woyi fi awɔnwene dua. Artemisia mu.
[Kratafa 17 adaka/mfonini]
So Woretu Kwan Baabi a Osu Tɔ na Owia Bɔ Kɛse?
Sɛ woyɛ nhyehyɛe sɛ wubetu kwan akɔ beae bi a atiridii wɔ ho a, ɛsɛ sɛ woyɛ nea edidi so yi:
1. Hu wo oduruyɛfo anaa kɔ beae a wɔde ano aduru sesa.
2. Di akwankyerɛ a wɔde ma wo no akyi pɛpɛɛpɛ, na sɛ worefa atiridii ano aduru a, kɔ so yɛ saa adapɛn anan bere a woafi beae a atiridii wɔ akyi no.
3. Bɔ wo ho ban na ntontom ankeka wo.
4. Hu atiridii ho nsɛnkyerɛnne: tipae, honam yaw, ɛfe, ne/anaasɛ ayamtu. Kae sɛ atiridii tumi da ne ho adi wɔ afe akyi bere a woafi beae a atiridii wɔ no, sɛ wofaa atiridii ano nnuru mpo a.
5. Sɛ ɔyare no ho nsɛnkyerɛnne da adi wɔ wo ho a, kohu oduruyɛfo. Atiridii mu tumi yɛ den ntɛmntɛm na etumi kum nnipa wɔ nea ennu nnɔnhwerew 48 mu bere a wohu ho nsɛnkyerɛnne a edi kan no.
Nsɛm no Fibea: World Health Organization.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 13]
H. Armstrong Roberts