Ɔkwan Dedaw no a Wɔsan Kɔfa De Ko Atiridiinini
Bere a wiase no de n’adwene asi amanko, nsɛmmɔnedi, adwuma a nkurɔfo nnya nyɛ, ne ɔhaw afoforo so no, atiridiinini a ekunkum nkurɔfo no nyɛ nea nsɛm amanneɛbɔfo taa bɔ ho dawuru. Nanso, Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no (WHO) ka sɛ wiase nnipa bɛyɛ fã na atiridiinini betumi akye wɔn nnɛ, na nnipa bɛyɛ ɔpepem 300 kosi 500 na ɛkye wɔn afe biara, na ɛno ma atiridiinini bɛyɛ “nsase a osu tɔ na owia bɔ kɛse no so nyarewa a atrɛw sen biara na ekunkum nnipa sen biara no biako.” Edi awu kodu he?
Atiridiinini kum onipa biako anibu 20 biara. Wɔkeka ɛno bom a ekunkum nnipa bɛboro ɔpepem 1.5 afe biara—a ɛte sɛ nnipa dodow a wɔwɔ Afrika man Botswana nyinaa. Wɔn a atiridiinini kunkum wɔn no mu du biara mu akron wu wɔ Afrika nsase a osu tɔ na owia bɔ kɛse no so, faako a wɔn a wowuwu no mu fã kɛse no ara yɛ mmofra nketewa. Wɔ Amerika aman mu no, WHO akontaabu kyerɛe sɛ Amazon mantam no mu na nnipa nyaa atiridiinini kɛse. Kwae mu nnua a wotwa gu ne nsakrae a aba nnipa ne mmoa atrae mu no ama nnipa pii rehu amane wɔ atiridiinini nsa ano wɔ wiase no fã hɔ. Wɔ Brazil mmeae a Amazon asubɔnten no nam no, seesei tebea no mu ayɛ den araa ma ɛhɔfo 1,000 biara mu nea ɛboro 500 nya yare no bi.
Sɛ́ ɛyɛ Afrika, Amerika aman, Asia, anaa mmeae foforo no, atiridiinini kye nnipa a ahia wɔn paa no kɛse. WHO ka sɛ, saa nnipa yi “na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobenya ayaresa ho nneɛma, sika a wɔde bɛbɔ wɔn ankasa ho ban, na nhyehyɛe a wɔyɛ de sɔ atiridiinini ano no ne wɔn ntam kwan ware kɛse.” Sɛ ɛte saa mpo a, saa ahiafo no tebea nyɛ nea anidaso nnim. TDR News, nsɛmma nhoma a ɛka nyarewa a ɛyɛ wɔn a wɔwɔ nsase a osu tɔ na owia bɔ kɛse wɔ so nhwehwɛmu ho asɛm no ka sɛ, nnansa yi mfe mu no, akwan a etu mpɔn sen biara a wɔfa so kwati atiridiinini no biako abu so seesei. Wɔfrɛ saa ogyefo yi dɛn? Ntontonnan a wɔahyɛ no aduru.
Mfaso a Afi mu Aba
Ɛwom sɛ ntontonnan yɛ ɔkwan dedaw a wɔsan kɔfa de, nanso Ɔbenfo Ebrahim Samba, WHO adwumayɛbea a ɛwɔ Afrika no kwankyerɛfo, ka kyerɛɛ Panos Features a ɛyɛ Panos Asoɛe no nsɛmma nhoma no sɛ, nneɛma a wɔyɛ de sɔɔ ntontonnan hwɛe wɔ atiridiinini a wɔde ko mu no akyerɛ sɛ “eye paa.” Sɛ nhwɛso no, ntontonnan a wɔahyɛ no mmoawammoawa aduru a wɔde dii dwuma wɔ Kenya no atew mmofra a wonnii mfe anum dodow a wowuwu nyinaa so nnipa baasa biara mu biako, a ɛnyɛ wɔn a atiridiinini kunkum wɔn no nkutoo. Sɛ nkwa ho ban a ɛbɔ no da nkyɛn a, “ntontonnan betumi atew ayaresa ho adwumayɛfo no adesoa so koraa” efisɛ ayarefo kakraa bi na wobehia atiridiinini ho ayaresa wɔ ayaresabea.
Nanso, ɔhaw biako bi wɔ hɔ a wonnya nnii ho dwuma: Hena na obetua ntontonnan no ho ka? Bere a wɔka kyerɛɛ Afrika man bi mufo sɛ wonyi ntoboa no, wɔn mu dodow no ara anyɛ. Na ɛnyɛ nwonwa, efisɛ wɔ nnipa a wɔte aman a sika a wɔde hwɛ onipa biako yare afe biako no nnu $5 (U.S.) mu fam no, ntontonnan—nea wɔahyɛ no aduru anaa nea wɔnhyɛɛ no aduru—kɛkɛ mpo yɛ ade kɛse. Nanso, esiane sɛ saa kwan yi a wɔfa so kwati no bɛtew ɛka a aban ahorow bɔ so asen sɛ wɔbɛsa nnipa a wɔanya atiridiinini yare nti, UN abenfo ka sɛ “ɛbɛyɛ ade a ɛka nnim koraa sɛ wɔde aban sika a ɛho yɛ den no bɛtotɔ ntontonnan a wɔahyɛ no aduru akyekyɛ.” Nokwarem no, wɔ aban ahorow fam no, ntontonnan a wɔde bɛma nkurɔfo no betumi ayɛ ɔkwan a wɔfa so kyɛe sika so. Nanso, wɔ wɔn mamfo ɔpepem pii a ahia wɔn no fam no, ɛsen saa koraa—ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so bɔ wɔn nkwa ho ban.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]
CDC, Atlanta, Ga.