Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 7/15 kr. 14-15
  • Yareɛ Bɛn Ne Atiridii?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yareɛ Bɛn Ne Atiridii?
  • Nyan!—2015
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1 DƐN NE ATIRIDII?
  • 2 ƐYƐ DƐN NA OBI NYA ATIRIDII?
  • 3 WOBƐYƐ DƐN ABƆ WO HO BAN?
  • Owu wɔ Ntaban a Ɛnyɛ Den So
    Nyan!—1993
  • Ɔkwan Dedaw no a Wɔsan Kɔfa De Ko Atiridiinini
    Nyan!—1997
  • Bɔ Wo Ho Ban Fi Nsonsono Ho!
    Nyan!—1999
  • Ɔyaredɔm Wɔ Afeha a Ɛto so 20 Yi Mu
    Nyan!—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2015
g 7/15 kr. 14-15

Yareɛ Bɛn Ne Atiridii?

Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no bɔɔ amanneɛ sɛ afe 2013 mu no, nnipa bɛboro ɔpepem 198 na wɔnyaa atiridii, na wɔn mu 584,000 na wɔwuiɛ. Wɔn mu dodow no ara yɛ mmofra a wɔnnii mfe nnum. Yareɛ yi atu atese wɔ aman ne nsase bɛyɛ 100 so wɔ wiase nyinaa. Yɛreka yi nnipa bɛboro ɔpepepem 3 deɛ, sɛ wɔgyaagyaa wɔn ho kakraa bi a, atiridii de wɔn bɛkɔ.

1 DƐN NE ATIRIDII?

Yaremmoawa bi na ɛde atiridii ba. Sɛ atiridii kye obi a, ebia ne ho bɛyɛ hye, awɔ bɛde no, ɔbɛte mfifiri, ne ti bɛpae no, ne honam nyinaa bɛyɛ no ya, ne bo bɛfono no na wafe mpo. Sɛ yareɛ yi bɔ obi a, bɛyɛ nnanu anaa nnansa biara, nneɛma a yɛabobɔ din yi bi bɛyi ne ti. Ne nyinaa gyina ntontom ko a ɛkaa no so ne bere tenten a ahyɛ ne ho.

2 ƐYƐ DƐN NA OBI NYA ATIRIDII?

Mfoni a ɛkyerɛ sɛnea obi nya atiridii
  1. Sɛ ntontom bedeɛ ka obi a, ɔpu atiridii mmoawa a wɔfrɛ no Plasmodia gu ne mogya mu.

  2. Afei yaremmoawa yi nenam mogya no mu saa ara na akɔhyɛ ne berɛbo mu. Sɛ ɛnya kɔhyɛ hɔ a, na apae bebree.

  3. Afei nkwammoaa a ɛwɔ berɛbo mu no hon, na sɛ ɛpae a, na yaremmoawa no akɔto ahyɛ mogya mmoawa kɔkɔɔ no so. Ɛhɔ nso, yaremmoawa no kɔ so dɔre.

  4. Bere biara a mogya mmoawa kɔkɔɔ baako bɛhono apae no, ɛka mogya mmoawa foforo.

  5. Mogya mmoawa kɔkɔɔ no bɛkɔ so ahono na apae, na bere biara a ɛbɛba saa no, onii no ho bɛyɛ hye anaa awɔ bɛde no anaa ɔbɛhu sɛnkyerɛnne foforo a ɛkyerɛ sɛ wanya atiridii.

3 WOBƐYƐ DƐN ABƆ WO HO BAN?

Wote baabi a ntontom wɔ? Ɛnneɛ . . . 

  • Da ntontonnan mu, na hwɛ sɛ

    • woahyɛ no aduro.

    • ntokuru biara nni mu.

    • woapiapia ahyɛ mpa no ho yie.

  • Fa aduro petepete wo fie hɔ.

  • Sɛ ɛbɛyɛ yie a, hwɛ sɛ wode net ahyɛ apon ne mpomma nyinaa ano. Ɛyɛ a sɔ fan anaa air-conditioner. Ɛba saa a, ntontom rennya baabi nsi.

  • Nhyɛ ntade tuntum; hwɛ ma w’atade nkata wo ho nyinaa.

  • Ntaa ntena baabi a mfuyɛ wɔ anaa nsuo taataa, efisɛ ntontom taa pae wɔ mmeae a ɛte saa.

  • Wohu sɛ woanya atiridii a, ntenatena ho; pɛ ano aduro ntɛm.

Atiridii mmoawa no to hyɛ mogya mmoawa kɔkɔɔ no so, na ɛhono paepae

Sɛ ntontom bi wɔ atiridii mmoawa na ɔka obi a, ɔnii no bɛtumi anya atiridii. Saa ara nso na sɛ obi nya atiridii na ntontom ka no a, ntontom no nso bɛnya atiridii mmoawa no bi. Afei sɛ saa ntontom no ka obi a, ɔnii no bɛnya yareɛ no bi

Woretu kwan akɔ baabi a ntontom wɔ a . . . 

  • Kenkan ɔman no ho nsɛm ansa na woakɔ, efisɛ mmoawa a ɛde atiridii ba no gu ahorow, na ebiara ne aduro a ɛtumi no. Bio nso, wo ne wo dɔkota nni nkitaho na woahu nea wobɛyɛ.

  • Wokɔdu nso a, bɔ mmɔden fa akwankyerɛ a ɛwɔ soro hɔ no yɛ adwuma.

  • Sɛ wonya atiridii a, ntenatena ho koraa; pɛ ano aduro ntɛm. Kae sɛ ntontom ka wo a, ɛbɛdi bɛyɛ nnawɔtwe kɔsi bosome ansa na woahu sɛ woanya atiridii.

DƐN BIO NA WOBƐTUMI AYƐ?

  1. Hwɛ nhyehyɛe a aban no ayɛ de reko atiridii na di so.

  2. Ntɔ aduro wɔ baabiara kɛkɛ. (Sɛ aduro no nyɛ a, ɛbɛsorosoro yareɛ no, na ɛbɛtumi akum wo mpo.)

  3. Siesie wo fie ne w’afikyire kama na ntontom ammɔ wɔn ho adwaa wɔ hɔ.

Sɛ wote baabi a ntontom wɔ anaa woatu kwan akɔ hɔ aba na wohu nneɛma ɛdidi so yi a, fa no aniberesɛm . . . 

  • Wo ho ayɛ hye

  • Wote mfifiri

  • Awɔ ate agu wo so

  • Wo ti pae wo

  • Wo ho nyinaa yɛ wo ya

  • Woyɛ biribi kakra bi a na woabrɛ

  • Wo bo fono wo

  • Wo fe

  • Wo yam hwie

Sɛ atiridii bɔ wo na woampɛ ano aduro ntɛm a, wo mogya so bɛte ma woayɛ hodwoo, na ɛba saa a, na wogyina owuo nkwanta. Enti; hwehwɛ ano aduro ntɛm ansa na agye nsam. Mmofra ne apemfoɔ deɛ, ɛnsɛ sɛ wɔtenatena ho koraa.a

a Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ November 2011 Nyan! kratafa 24-25, ne November 2009 Borɔfo deɛ no kratafa 26-29.

WONIM?

Wɔɔkye a ɛda Afrika mfoni mu

Afrika nkutoo no, simma biara atiridii kum abofra baako

  • Wɔn a atiridii tumi wɔn paa ne mmofra ne apemfoɔ.

  • Sɛ yɛhwɛ Afrika nkutoo a, simma biara atiridii kum abofra baako.

  • Adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ, sɛ obi nya atiridii na wɔtwe ne mogya ma onipa foforo a, ɔno nso bɛtumi anya yareɛ no bi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena