Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 6/8 kr. 18-19
  • Bɔ Wo Ho Ban Fi Nsonsono Ho!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bɔ Wo Ho Ban Fi Nsonsono Ho!
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahobammɔ Yɛ Sen Ayaresa
  • Dwensɔyaw—N’awiei Reba Anaa?
    Nyan!—1997
  • Yareɛ Bɛn Ne Atiridii?
    Nyan!—2015
  • Mmofra A Wɔbɛboa Wɔn Ma Wɔanya Nkwa!
    Nyan!—1989
  • Anifurae a Nkontia De Ba—Ɔyare Bɔne a Wobetu Ase
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 6/8 kr. 18-19

Bɔ Wo Ho Ban Fi Nsonsono Ho!

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ HONDURAS HƆ

WOSƆRE anɔpa a na wo bo fono wo. Biribi kakraa bi a na woabrɛ. Wo yafunu ahyɛ kakra. Wonyem anaa? Ebia ɛte saa. Nanso sɛ wote wiase baabi a ɛhɔ yɛ hye paa a, ebetumi aba sɛ mmoa a wodidi nnipa ho te sɛ nsonsono na aba wo yam. Ɛdɛn ne mmoa a wɔba nnipa yam no bi, na ɛbɛyɛ dɛn na woahu sɛ mmoa bɔne yi bi aba wo yam?

Sɛ wɔka sɛ aboa bi didi nnipa anaa mmoa foforo ho a, nea ɛkyerɛ tiawa ne sɛ saa aboa no tra ne fiewura no ho anaa ne mu twe ne mogya. Saa mmoa bɔne a wɔtra nnipa yam yi mu mmienu ne nnokommoaa ne nsonsono. Baabi a mmoa yi betumi apira obi akodu no gyina mmoa ko a wɔredi saa dwuma no, wɔn dodow, mfe a nipa no adi ne sɛnea n’akwahosan te so.

Sɛ nhwɛso no, nsonsono bi wɔ hɔ a wobetumi ato nkosua 200,000 da koro. Nanso, sɛ wɔanto angu dɔteɛ mu a, ɛbɛsɛe. Nkosua a ebetumi apae anaa nea apae foforo a ɛkɔ obi yam no na ɛbɛkyerɛ nsonsono dodoɔ a ɛbɛtra ne mu. Nnipa pii na nsonsono agye nhini wɔ wɔn mu a wonnim. Nanso sɛ nsonsono pii wɔ obi yam a, ebetumi asi ne nsono mu kwan.

Sɛ nsonsono ba obi yam a, sɛnkyerɛnne a ɛda adi no bi ne sɛ ne yafunu bɛkeka no anaa ɛbɛhyɛ, ne bo bɛfono no, n’anom bɛto, biribi kakraa bi a na wabrɛ, odidi a, entumi nsiane, ne yam betu anaa ebetim. Afei sɛ mmoa ba ne yam a ebetumi ama wafɔn, ontumi nna, ne ho bɛyɛ no hene, ne home nsi so yiye, na ne ho bɛyɛ hye. Nokwasɛm ne sɛ ɛnyɛ nsonsono nkoaa na ɛma obi hu nneɛma a ɛtete saa. Nanso sɛ wokɔ ayaresabea na wɔhwehwɛ wo tiafi mu a, wobetumi ahu sɛ nsonsono wɔ wo yam anaa ebi nnim.

Ehia sɛ woyɛ nhwehwɛmu papa. Sɛ nhwɛsoɔ no, sɛ mmoa ahoroɔ wɔ wo yam a, ebehia sɛ wohwehwɛ ebinom ano aduro kan ansa na woaba afoforo so. Adɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ nsonsono nyinaa na nnuro pɔtee bi tumi wɔn, mmom ɛbɛsrosro wɔn na wɔakɔ honam akwaa foforo mu akodi awu wɔ hɔ.

Ahobammɔ Yɛ Sen Ayaresa

Ɛwom sɛ nnuro tumi tu nsonsono ase deɛ, nanso ne papa mu ne sɛ woremma bi mma wo ho koraa. Ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn atumi abɔ wo ho ban na woannya bi?

Ahoteɛ yɛ ahobammɔ paa. Ɛsɛ sɛ obi gya n’anan a ɔkata so. Ɛnsɛ sɛ wɔyɛ tiafi ma ɛbɛn nsuo a wɔsa nom. Ɛnyɛ papa sɛ wɔde nnipa tiafi yɛ asase yiye. Ehia nso sɛ obiara di ne ho ni. Bio nso mma mmofra nnni dɔteɛ. Sɛ ɛbɛda adi sɛ abofra baako anya nsonsono a, ɛbɛyɛ papa sɛ abusua no mufoɔ nyinaa kɔ ma wofiri wɔn.

Ahwɛyiye ho hia bere a woretɔ aduane anaa worenoa no. Tɔ nneɛma a wunim sɛ woduaa wɔ baabi a ɛhɔ teɛ. Worenoa ɛnam a, hwɛ ma mfimfini nyinaa mmen kama. Nwe nammono da. Ɛsɛ sɛ wohohoro nnuaba anaa nhahamma ho yiye ansa na wode ayɛ aduane. Na hwɛ sɛ womfa nsufĩ a ɛte saa nyɛ biribi foforo biara.

Ɛsɛ sɛ wonoa nsuo a wobɛnom ma ehuru. Afei sɛ ɛdwo a, wubetumi ama mframa afa so kakra. Afie pii nni nneɛma papa a wɔde sɔne nsuo so. Sɛ nsuo a wɔtɔn wɔ sotɔɔ mu bɛte a, ebegyina baabi a wɔyɛɛ ho adwuma.

Ɛho hia sɛ woma w’ani da hɔ bere a woretu kwan anaa woredidi abɔnten. Mpɛn pii no ɛyɛ a anonneɛ a ɛwɔ toa mu a wɔde ahyɛ adaka mu yɛ papa, sɛ wɔammubu ice block angu mu a. Esiane sɛ mmoawa bi tumi tra ice block mu a wonwu nti, sɛ nsuo a wɔde yɛɛ ice block no nyɛ a, ɛkyerɛ sɛ ice block no nso nyɛ. Ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye bere a woretɔ aduane abɔnten. Sɛ wuhu aborɔbɛ anaa anowatere a wɔatwitwa a, ɛbɛyɛ wo akɔnnɔ, nanso mpɛn pii no, wɔde nsuo na ɛpetepete so ma ani yɛ fɛ—nsuo a ebia efĩ wom. Ahwɛyiye hia, nanso hwɛ nso na woanyɛ ahẽa, anyɛ saa a, wunnya anigye biara wɔ akwantuo no mu. Sɛ woma w’ani da hɔ sɛnea ɛsɛ a, wubetumi afa akwan pii so abɔ wo ho ban afi nsonsono ho.

[Kratafa 18 mfonini]

Ahoteɛ yɛ ahobammɔ paa

[Kratafa 19 mfonini]

Sɛ nsuo a wɔde yɛɛ “ice block” no nyɛ a, ɛkyerɛ sɛ “ice block” no nso nyɛ

[Kratafa 19 mfonini]

Mmoawa a wodidi nnipa ho no mu mmienu ne nnokommoaa ne nsonsono

[Asɛm Fibea]

DPDx, the CDC Parasitology Website

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena