Dwensɔyaw—N’awiei Reba Anaa?
Efi Nyan! Kyerɛwfo A Ɔwɔ Nigeria Hɔ
ƐMFA ho nkɔanim nwonwaso a wɔanya wɔ aduruyɛ ne nyansahu mu no, adesamma ntumi nsiesie wɔn haw ahorow a akyɛ no mu pii. Saa na ɛte wɔ mmɔden a wɔabɔ sɛ wɔbɛbrɛ dwensɔyaw ase no ho.
Ɛkame ayɛ sɛ nneɛma a ehia na wɔde adi ho dwuma no nyinaa wɔ hɔ. Nnuruyɛfo nim sɛnea aboawa a ɔde yare no ba no asetra te. Wotumi hu yare no ntɛm. Nnuru a etu mpɔn wɔ hɔ a wɔde sa yare no. Aban mpanyimfo wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛma mmɔden a wɔrebɔ sɛ wobesiw ano no anya nkɔso. Nanso, biribiara nkyerɛ sɛ ɔyare a ɛhaw nnipa ɔpepepem pii wɔ Afrika, Asia, Caribbea nsase, Mediterranea Supɔw, ne Amerika Kesee fam yi awiei reba.
Dwensɔyaw (a wɔsan frɛ no bilharziasis anaa schistosomiasis) no ahaw onipa mfe mpempem pii. Nkesua a akyenkyen a wohui wɔ Egyptfo amukyenee ahorow mu no di adanse sɛ ɔyare no yɛɛ Egyptfo wɔ farao ahene no bere so. Mfeha aduasa akyi no, ɔyare koro no ara da so ara haw Egypt, ma ɛresɛe saa man no mufo ɔpepem pii akwahosan. Wɔ Nile Asuasu hɔ nkuraa bi ase no, nnipa 10 biara mu 9 anya yare no bi.
Egypt yɛ aman 74 anaa nea ɛboro saa a dwensɔyaw agye ntini wom no mu biako pɛ. Sɛnea Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no (WHO) akontaabu kyerɛ no, nnipa ɔpepem 200 na yare no ayɛ wɔn wɔ wiase nyinaa. Nnipa ɔpepem 20 a ɔyare no ntumi mfi wɔn ho da no mu bɛyɛ 200,000 wuwu afe biara. Wɔ nyarewa a mmoawa mmoawa de ba wɔ nhimahobea nyinaa mu no, wɔkyerɛ sɛ sɛ woyi atiridiinini si nkyɛn a, dwensɔyaw na edi hɔ wɔ nnipa dodow a ɛyɛ wɔn ne sɛnea ɛka asetra ne sikasɛm no mu.
Sɛnea Aboawa a Ɔde Ba no Asetra Te
Dwensɔyaw ho nimdeɛ a wubenya, na woahu sɛnea wosiw ano na wɔko tia no hwehwɛ sɛ wunya aboawa a ɔde ba no ho nimdeɛ. Asɛnhia a ɛwom ne sɛ: Nea ɛbɛyɛ na aboawa a ɔde yare no ba yi atumi atra ase na n’ase afɛe no, ohia atrae abien, abɔde a nkwa wom abien a obetumi atra wɔn mu adidi anyin. Obiako ne abɔde a wɔma wɔn mma nufu, te sɛ onipa; nea ɔka ho ne asuten mu nwaw.
Nea ɛba ni. Sɛ obi a aboawa no wɔ ne ho dwensɔ anaa ogya n’anan gu asuwa, ɔtare, asuten, anaa asubɔnten mu a, aboawa no nkesua fi ne mu ba—ebia bɛyɛ nkesua ɔpepem biako da biara. Saa nkesua yi susua araa ma sɛ obi nni afiri a wɔde hwɛ nneɛma nketewa a, ontumi nhu. Sɛ nkesua no ka nsu a, ɛpae ma mmoawa no fi adi. Mmoawa no de nhwi nketenkete a ɛwɔ wɔn nipadua ho no guare kɔ asuten mu nwaw bi ho kowura ne mu. Wɔdɔre wɔ nwaw no mu wɔ adapɛn anan kosi ason a edi hɔ no mu.
Sɛ wofi nwaw no mu a, wɔwɔ nnɔnhwerew 48 pɛ a ɛsɛ sɛ wɔde kɔ onipa anaa nufuboa foforo bi mu. Anyɛ saa a wobewuwu. Sɛ aboawa no du saa abɔde a otumi tra ne mu a waba nsu no mu nkyɛn a, owura ne were mu kɔ ne mogya mu. Eyi betumi ama onii no ho akeka no, ɛwom sɛ mpɛn pii no, n’adwene nkɔ so sɛ biribi aba ne nipadua mu de. Sɛ aboawa no du mogya no mu a, ɔkɔ dwensɔtwaa anaa ne nsono mu, a egyina aboawa ko no su so. Adapɛn kakraa bi mu no, mmoawa no bɛyɛ asunson anini ne abere a wɔanyinyin na wɔn tenten tumi yɛ nsateakwaa biako. Sɛ anini ne abere no hyiam a, abere no fi ase to nkesua gu nea wɔte ne mu no mogya mu, na asetra foforo asan afi ase.
Nkesua no bɛyɛ fã fra nea aboawa no te ne mu no tiafi (wɔ nsono mu dwensɔyaw mu) anaa ne dwensɔ (wɔ dwensɔtwaa mu dwensɔyaw mu) fi ne nipadua mu. Nkesua a aka no kɔ so tra nipadua no mu, sɛe nkwaa a ɛho hia. Bere a yare no yɛ kɛse no, ebia nea aboawa no te ne mu no benya atiridii, ne yafunu bɛhyɛ, na mogya anwun ne mu. Awiei koraa no, yare no betumi akowie dwensɔtwaa mu kokoram mu anaasɛ asɛe berɛbo anaa asaabo no. Wɔn a ɛyɛ wɔn no bi bɛyɛ bonin anaa wobubu. Afoforo wuwu.
Ano Aduru ne Emu Nsɛnnennen
Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔyare no ntrɛw no, anyɛ yiye koraa no nneɛma anan na wobetumi ayɛ. Sɛ wɔfa saa akwan yi mu biara so wɔ wiase nyinaa a, anka ɔyare no ase bɛtɔre.
Ɔkwan a edi kan ne sɛ wobeyi nwaw no afi asuten mu. Nwaw ho hia na aboawa no akɔ so atra hɔ. Sɛ nwaw nni hɔ a, dwensɔyaw remma.
Mmɔden titiriw a wɔabɔ ne sɛ wɔbɛyɛ awuduru bi a ano yɛ den sɛ ebetumi akunkum nwaw nanso ɛrensɛe nsu no. Wɔ 1960 ne 1970 mfe no mu no, mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛtɔre nwaw ase no kunkum mmoa a ɛwɔ nsu pii mu no nyinaa. Wɔabɔ mmɔden wɔ Egypt Theodor Bilharz Nhwehwɛmubea hɔ sɛ wɔbɛhwehwɛ molluscicide (aduru a etumi kunkum nwaw) bi a enkunkum abɔde foforo a nkwa wom no mu. Ɔbenfo Aly Zein El Abdeen, nhwehwɛmubea no titrani, ka saa aduru no ho asɛm sɛ: “Yɛde begu nsu a wɔde gugu nnɔbae so, nnipa ne mmoa nom, ne nea mpataa te mu no mu, enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu yiye sɛ ɛrenka eyinom biara.”
Ɔkwan a ɛto so abien ne sɛ wobekunkum mmoawa no wɔ nnipa mu. Ɛde besi 1970 mfe no ntam no, na nnuru a ɛde ɔhaw ne nyarewa foforo ba na wɔde sa yare no. Mpɛn pii no, na ayaresa no hwehwɛ sɛ wɔfa akwan a ɛyɛ yaw so, na wɔde mpaane wowɔ obi. Ebinom kaa ho asɛm sɛ na ayaresa no yɛ yaw sen ɔyare no! Ɛno akyi no, wɔabenya nnuru foforo a etumi dwensɔyaw, te sɛ praziquantel, na wobetumi amemene.
Ɛwom sɛ saa nnuru yi tumi saa yare no bere a wɔsɔ hwɛe wɔ Afrika ne Amerika Kesee fam no de, nanso ɔhaw titiriw a ɛwom wɔ aman pii fam ne ɛho ka. WHO dii abooboo wɔ 1991 mu sɛ: “Aman a ɔyare no agye ntini wom no ntumi nyɛ nhyehyɛe a ɛkɔ akyiri mfa nni [dwensɔyaw] ho dwuma esiane ɛka kɛse a ɛwɔ ne sa mu nti; aduru no ankasa bo taa yɛ kɛse sen sika a Afrika ayaresa asoɛe ahorow mu fã kɛse no ara de di dwuma wɔ ankorankoro biara ho a wɔaka abom no.”
Sɛ wɔde nnuru no ma ɔyarefo no kwa mpo a, nnipa bebree nkogye ayaresa. Dɛn ntia? Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ, sɛ wɔyɛ ntotoho a, nnipa dodow a ɔyare no kunkum wɔn no nnɔɔso, enti ebinom mmu no aniberesɛm. Ade foforo nso ne sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na nkurɔfo hu yare no ho sɛnkyerɛnne. Wɔ Afrika mmeae bi no, mogya a wɔdwensɔ (a ɛyɛ yare no ho sɛnkyerɛnne titiriw) no abu so araa ma wɔfa no sɛ ɛka nneɛma a ɛkyerɛ sɛ obi renyin no ho.
Ɔkwan a ɛto so abiɛsa ne sɛ wɔmma nkesua no ntra asuten mu. Sɛ wosisi tiafidan ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a asuwa ne atare mu nsɛe, na sɛ obiara kɔ so a, ɛbɛyɛ den sɛ obi benya dwensɔyaw.
Nhwehwɛmu a wɔayɛ no wiase nyinaa kyerɛ sɛ ɔyare no so tew bere a wɔyeyɛ dorobɛn ma nsu fa mu na wosisi tiafidan ahorow no, nanso saa nneɛma yi nkyerɛ sɛ wobetumi asiw ano koraa. Nyansahufo Alan Fenwick, a wayɛ dwensɔyaw mu nhwehwɛmu bɛboro mfe 20 no ka sɛ: “Onipa biako pɛ a ogya n’anan wɔ osubɔnka mu no betumi afi aboawa no asetra ase.” Asiane foforo nso ne sɛ dorobɛn bɛpaapae ma tiafi a ɔyare mmoawa wom agu asuten mu.
Ɔkwan a ɛto so anan ne sɛ wɔmma nnipa nkɔ nsu a aboawa no te mu no mu. Eyi nso nyɛ mmerɛw sɛnea ebia obi bebu no. Wɔ aman pii mu no, wɔde atare, nsuwansuwa, ne nsubɔnten a wɔnom no mu nsu guare, wɔde gugu nnɔbae so, na wɔde horo nneɛma nso. Apofofo kɔ nsu mu da biara da. Na esiane ɔhyew kɛse a ɛwɔ nhimahobea nti, mmofra kɔn bɛdɔ sɛ wobeguare ɔtare bi mu.
Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Daakye?
Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa ne ahyehyɛde ahorow a wɔwɔ adwempa reyɛ adwumaden de ako atia dwensɔyaw, na wɔanya nkɔanim kɛse. Nhwehwɛmufo rebɔ mmɔden mpo sɛ wɔbɛyɛ ho aduru bi a wɔde tete nkurɔfo.
Nanso, ɛte sɛ nea wonni anidaso kɛse sɛ wobetumi atu ɔyare no ase. Oduruyɛfo M. Larivière ka wɔ Franse kasa mu aduruyɛ ho nsɛmma nhoma La Revue du Praticien mu sɛ: “Ɛmfa ho nkɔanim ahorow a wɔanya . . . no, biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔyare no ase retu.” Ɛwom sɛ ebinom betumi asiw ɔyare no ano anaa wɔasa de, nanso ebia wɔrennya dwensɔyaw ho haw no ano aduru mma wiase nyinaa kosi sɛ Onyankopɔn wiase foforo no bɛba. Bible hyɛ bɔ sɛ ɛhɔ no, “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!”—Yesaia 33:24.
[Kratafa 19 mfonini]
Sɛ nnipa kɔ nsu a mmoawa a wɔma dwensɔyaw wom mu a, wobetumi anya bi