Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 12/8 kr. 27-29
  • Bere a Wo Ba Ho Ayɛ Hyew

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Wo Ba Ho Ayɛ Hyew
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dwuma Pa a Ahoɔhyew Di
  • Sɛnea Wɔsa Ahoɔhyew a Ano Nyɛ Den
  • Adɛn Nti na Ɔpapu Haw Nnipa Pii Saa?
    Nyan!—2004
  • Dwensɔyaw—N’awiei Reba Anaa?
    Nyan!—1997
  • Wiase a Bɔne Nni Mu​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Dɛn Na Awofo Betumi Ayɛ?
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 12/8 kr. 27-29

Bere a Wo Ba Ho Ayɛ Hyew

“Me ho mfa me!” Sɛ wo ba de awerɛhow ka saa asɛm yi a, ebia wode ahopere de wo nsa bɛka ne ho ahwɛ sɛ ne ho ayɛ hyew anaa. Sɛ ne ho ayɛ hyew a, ntease wom sɛ ebia wo yam bɛhyehye wo.

Sɛnea nhwehwɛmu bi a Johns Hopkins Mmofra Asoɛe a ɛwɔ Baltimore, Maryland, U.S.A. yɛe no kyerɛ no, awofo ɔha biara mu 91 gye dii sɛ “anyɛ hwee koraa no, ahoɔhyew kakra bi mpo betumi de asiane bi te sɛ asensen anaa amemene mu dɛmdi aba.” Saa nhwehwɛmu koro no ara daa no adi sɛ “awofo ɔha mu 89 ma wɔn mma nnuru a ɛbɛma ahoɔhyew akɔ fam ansa na wɔn ho hyew no akodu digrii Celsius 38.9.”

Sɛ wo ba ho yɛ hyew a, so ɛsɛ sɛ wo yam hyehye wo paa? Na akwampa bɛn na wobetumi afa so asɔw ano?

Dwuma Pa a Ahoɔhyew Di

Dɛn na ɛde ahoɔhyew ba? Ɛwom sɛ onipa biara honam mu hyew taa yɛ digrii Celsius 37 (wosusuw wɔ onipa anom) de, nanso ɛtaa kɔ soro ba fam digrii biako anaa nea ɛboro saa da mũ no nyinaa.a Enti, ebia wo ho bɛyɛ nwini kakra anɔpa na ayɛ hyew kakra awia. Atikɔ hon a ɛwɔ amemene no ase no na ɛsakrasakra nipadua no mu hyew no sɛnea ɔtomfo tumi de n’afa ma ogya dɛw buruburuw anaa bɔkɔɔ no ara pɛ. Obi ho yɛ hyew bere a nipaduam nkwaadɔm no yɛ ahoɔdennuru bi a wɔfrɛ no progens gu mogya mu esiane sɛ ebia yare mmoawa bi ne nipadua no redi asi nti. Eyi ma atikɔ hon no “kyim” nipadua no ma no yɛ hyehyeehyew.

Ɛwom sɛ ahoɔhyew betumi de tipae aba na ama nipadua no mu nsu ayow de, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ hu. Nokwasɛm ne sɛ, sɛnea Mayo Asoɛe a ɛhwɛ Nnuruyɛ Ho Adesua ne Nhwehwɛmu so ka no, ɛte sɛ nea ahoɔhyew boa yiye ma nipadua no tumi de ne ho fi yare mmoawa ne nsanyare a ɛhyɛn nipadua no mu no ho. “Yare mmoawa a wɔnam mframa mu a wɔde ɔpakum ne ahurututu mu yare ba no taa pɛ beae a ɛhɔ yɛ nwini. Enti sɛ wo ho yɛ hyew kakra a, na ɛreboa ma nipadua no atumi ade ne ho afi yare mmoawa no ho.” Enti, nhwehwɛmufo koro no ara kaa bio sɛ “ɛho nhia sɛ wobɛsa ahoɔhyew a ano nyɛ den esiane sɛ saayɛ mma abofra no nipadua no ntumi nko ntia yare papa nti.” Anwonwasɛm ne sɛ, Mexico ayaresabea bi mpo nam nkurɔfo ho a wɔma ɛdɔ paa so na ɛsa yare ahorow bi.

Oduruyɛfo Al Sacchetti a ɔwɔ Amerikafo Ahokyere Bere Mu Nnuruyɛfo Adesuabea no ka sɛ: “Ɛnyɛ ahoɔhyew no ankasa ne asɛm no. Nanso, ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ebia yare mmoawa aba obi mu. Enti, sɛ abofra bi ho yɛ hyew a, ɛsɛ sɛ wɔde adwene no kɔ abofra no ne yare ko a ebia ɛrehaw no no so na ɛnyɛ ahoɔhyew no ankasa so.” Amerikafo Mmofra Hwɛ Ho Adesuabea no ka sɛ: “Ɛntaa nhia sɛ wɔbɛsa ahoɔhyew a ennuu digrii Celsius 38.3, gye sɛ abofra no ho yeraw no anaasɛ ɛsoro taa ka no. Sɛ ɛsoro ntaa nka wo ba anaasɛ yare a enni sabea bi nni ne so a, ahoɔhyew a emu yɛ den mpo ntaa nyɛ ade a ɛyɛ asiane ankasa ma no. Ɛho hia sɛ wobɛhwɛ sɛnea wo ba no keka ne ho. Sɛ otumi didi tumi da yiye, na otumi di agoru bere ne bere mu a, ebia onhia aduru biara.”

Sɛnea Wɔsa Ahoɔhyew a Ano Nyɛ Den

Eyi nkyerɛ sɛ wuntumi nyɛ hwee mmoa wo ba no. Aduruyɛ mu abenfo bi kamfo nea edidi so yi kyerɛ sɛ akwan a wobetumi afa so adi ahoɔhyew ho dwuma: Ma wo ba no dan mu hɔ nyɛ nwini kakra. Fa ntade a emu nyɛ duru pii hyɛ abofra no. (Ahohuru ntraso betumi ama ahoɔhyew no mu ayɛ den.) Esiane sɛ ahoɔhyew betumi ama nipadua no mu nsu ayow nti, hyɛ abofra no nkuran ma onni anaa ɔnnom nneɛma a ɛyɛ nsunsu te nsu, aduaba mu nsu a wɔafrafra mu, ne nkwan.b (Esiane sɛ anonne a ahoɔdennuru a wɔfrɛ no caffeine wom te sɛ bese anaa tii yɛ ade a ɛma wotumi dwensɔ pii nti, ebetumi ama nipadua no ahwere nsu bio.) Ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ma nkokoaa nufu. Esiane sɛ ahoɔhyew mma yafunu no ntumi nyam ade ntɛmntɛm nti, mma no aduan a ɛyɛ den.

Sɛ abofra ho yɛ hyew boro digrii Celsius 38.9 a, wɔtaa de ahoɔhyew nnuru a enhia sɛ oduruyɛfo na ɔbɛkyerɛw ama te sɛ parasetamɔl anaa brufin ma no. Nanso, ɛho hia sɛ wodi aduru no ho akwankyerɛ so. (Ɛnsɛ sɛ wɔde aduru biara ma abofra a onnii mfe abien bere a wonkohuu oduruyɛfo.) Ahoɔhyew aduru nko ntia yare mmoawa. Enti, sɛ abofra bi nya ɔpakum anaa yare bi a ɛte saa a, ɛmma ne ho ntɔ no na mmom ebia ɛbɛma no anya ahomeka kakra. Esiane sɛ wɔkyerɛ sɛ aspirin betumi ama obi anya Reye yare—yare a ebetumi ama obi nkwa afi ne nsa—nti, animdefo bi bɔ kɔkɔ sɛ sɛ mmofra a wonnya nnii mfe 16 ho yɛ hyew a, ɛnsɛ sɛ wɔde saa aduru yi ma wɔn.c

Wobetumi ama obi nso ho adwo denam nsu a wɔbɛbobɔ no no so. Fa nsu boturobodwo a ɛnnɔɔso pii gu hweaseammɔ mu na fa abofra no si mu na tutu gu ne ho. (Esiane sɛ ade a mmosa wom betumi ayɛ awuduru nti, mfa biribi saa nsrasra ne ho.)

Nsɛm bi a ɛwɔ adaka a edi hɔ no mu no bɛboa ma wɔahu bere a ebia ɛfata sɛ wokohu oduruyɛfo. Sɛ obi te beae a atiridii a ɛyɛ hu te sɛ dengue, Ebola yare mmoawa, atiridii a etwa yafunum kuru ne asram abu so a, ɛho hia yiye sɛ okohu oduruyɛfo.

Ne nyinaa mu no, nea eye kyɛn so ne sɛ wobɛhwɛ ma wo ba no anya ahotɔ. Kae sɛ ɛntaa mma sɛ ahoɔhyew mu bɛyɛ den ara ma asɛe obi adwene, n’akyi berɛmo anaa mpo akum no. Ɛwom sɛ asensen mpo a ahoɔhyew tumi de ba no yɛ hu de, nanso ɛntaa mma obi nni dɛm.

Nokwarem no, aduru a ɛkyɛn so koraa ne nyarewa ano a wobesiw, na ɔkwampa a ɛsen biara a wubetumi afa so abɔ wo ba ho ban ne sɛ wobɛkyerɛkyerɛ no ahotew ho nneɛma nketenkete bi. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmofra ma wɔtaa hohoro wɔn nsa—titiriw ansa na wɔadidi, bere a wofi agyanan so aba, bere a wɔakɔ nnipa mu aba, anaa bere a wɔde wɔn nsa akeka afieboa no. Wɔ wo mmɔdenbɔ nyinaa akyi no, sɛ wo ba ho yɛ hyew kakra a, mma wo yam nnhyehye wo. Sɛnea yɛahu no, pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ ma wo ba no anya ahotɔ.

[Ase hɔ nsɛm]

a Nipadua no afã bi betumi ayɛ hyew asen afã bi na egyina nkamtoa anaa tɛmomita kõ a wɔde susuw so nso.

b Hwɛ April 8, 1995 Nyan! no kratafa 11 wɔ sɛnea wɔyɛ nsu nkyenekyene ma obi a ne ho ayɛ hyew na ne yam retu anaasɛ ɔrefe no.

c Reye yare yɛ yare bi a ɛka obi adwene, n’akyi berɛmo, ne ne nkatede a ebetumi ayɛ mmofra bere a yare mmoawa a ɛtaa fa mframa mu aba wɔn mu no.

[Adaka wɔ kratafa 29]

Kohu Oduruyɛfo sɛ Abofra a Ne Ho Ayɛ Hyew no . . .

◼ Adi asram abiɛsa anaasɛ onnuu saa na ne ho ayɛ hyew adu digrii Celsius 38 anaa nea ɛboro saa a

◼ Adi fi asram abiɛsa kosi asia na ne ho ayɛ hyew akodu digrii Celsius 38.3 anaa aboro saa a

◼ Adi boro asram asia na ne ho hyew no akodu digrii Celsius 40 anaa aboro saa a

◼ Nni nnuan a ɛyɛ nsunsu na ɛda adi sɛ nsu nni ne mu a

◼ Sensen anaasɛ wayɛ mmerɛw a

◼ Sɛ ne ho kɔ so yɛ hyew nnɔnhwerew 72 akyi a

◼ Sɛ osu denneennen a woyɛ no biribiara a onnyae anaasɛ wayɛ basaa anaa n’ani so ayɛ krakra a

◼ Sɛ ɛpɔw gu no, ontumi nhome papa, ne yam retu, anaasɛ ɔkɔ so fe a

◼ Sɛ ne kɔn sen na ne ti pae no denneennen mpofirim a

[Asɛm Fibea]

Fibea: The American Academy of Pediatrics

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena