Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 8/8 kr. 27-28
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akode a Enkum Nnipa
  • Twetiatwa ne AIDS
  • Mmofra a Wonsuaa Nhoma
  • “Awerɛhow Mmere”?
  • Mahogani a Aba Asiane Mu
  • Awuduru a Wɔde Kɔ Amannɔne
  • Vitamin-A a Wonni
  • Adwene a Wɔmfa Nni Dwuma We Nkannare
  • Mframa Bɔne
  • Asɛmpatrɛwfo a Wɔwɔ Afrika
  • Hohoro Wo Nsa!
  • Nyamesom wɔ Finland
  • Ɔyaredɔm Wɔ Afeha a Ɛto so 20 Yi Mu
    Nyan!—1997
  • Dɛn Nti na Afrika Rehu Amane saa?
    Nyan!—1992
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1995
  • Mmofra Wɔ Ahokyere Mu
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 8/8 kr. 27-28

Wiase Nsɛm

Akode a Enkum Nnipa

Sɛnea The Wall Street Journal kyerɛ no, United States aban reyɛ nhwehwɛmu a ɛbɛma wɔatumi de akode a enkum nnipa adi dwuma wɔ ɔko mu. Nnɛyi mfiridwuma ho nimdeɛ betumi ama daakye asraafo de anyinam ahoɔden mfiri bi asɛe atamfo mfiri a ɛma wohu wimhyɛn a ɛreba, kɔmputa, ne mfiri atitiriw foforo a wonkunkum nnipa. Journal no ka sɛ wɔreyɛ “‘afiri bi a edum gya’ a ɛma mfiri a ɛrekɔ gyina mpofirim, ne nnuru ahorow a ɛma lɔre tae ahorow bi yɛ denneennen na ɛsɛe. Nanso, saa akode ahorow yi bi de nnipa nkwa bɛto asiane kɛse mu. Journal no de ka ho sɛ afiri a ɛtow hann a ano yɛ den a wɔayɛ sɛ wɔde bɛsɛe ɔtamfo ntwitwiridii no betumi ama ɔsraani aniwa nkesua apae nso. Akode nketewaa bi a United States Asraafo Atitiriw resɔ ahwɛ no betumi asɛe atamfo nkitahodi mfiri ahorow komm na anoa obi ayamde nso.”

Twetiatwa ne AIDS

Fransefo nsɛmma nhoma, La Revue Française du Laboratoire, ka sɛ ɛte sɛ nea twetia a wotwa mmarima tumi siw nyarewa a wonya fi nna mu, te sɛ AIDS ano. Nsɛmma nhoma no kae sɛ aduruyɛ mu nhwehwɛmu abiɛsa a ankorankoro bi yɛe daa no adi sɛ mmarima twetiatwa (mmarima awode ano nam a wotwa) ka ho na wosiw AIDS trɛw ano. Nkontromfi ho nhwehwɛmu bi ada no adi sɛ nkwa mmoawa bebree a ɛbɛma wɔatumi anya AIDS ɔyare mmoawa no wɔ mmarima awode no ano mu sen ɔhonam no fã foforo biara. Bio nso, Canadafo nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Afrika mmeae 140 no daa adi sɛ nkurɔfo a wontwa twetia no wɔ AIDS sen wɔn a wotwa twetia. Wohui wɔ nhwehwɛmu foforo mu sɛ Amerikafo mmarima a wɔatwa twetia a wɔne mmea da a wɔanya AIDS no yɛ kakraa bi.

Mmofra a Wonsuaa Nhoma

Boliviafo mmofra mpempem pii nnya nhomasua a ɛfata. Sɛnea Bolivia atesɛm krataa Presencia kyerɛ no, 1992 mu nnipakan daa no adi sɛ mmofra a wɔaso sukuukɔ 2,268,605 na wɔwɔ Bolivia. Nanso, Asoɛe a Ɛhwɛ Nhomasua so kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ wɔ saa bere no ara mu no, mmofra 1,668,791 pɛ na ɔman no sukuu gyee wɔn. Eyi kyerɛ sɛ mmofra 600,000 annya nhomasua a ɛfata. Presencia de ka ho sɛ wɔn a wogyee wɔn wɔ sukuu ahorow mu no mu 102,652 gyaee sukuu saa afe no.

“Awerɛhow Mmere”?

So 1955 akyi na wɔwoo wo? Ɛnde wubetumi anya adwenemhaw kɛse wɔ w’asetram bere bi asen wo nananom mpɛn abiɛsa. Eyi ne nea amanaman ntam nhwehwɛmu bi a wɔyɛ faa nnipa bɛboro 39,000 ho wɔ aman akron mu no ma wohui. International Herald Tribune reka nhwehwɛmu no ho asɛm no, ɛkyerɛe sɛ nneɛma a ɛde adwenemhaw ba wɔ yɛn nna yi mu no bi betumi ayɛ mfiridwuma mu ɔhaw ahorow, awuduru ho dwumadi, Onyankopɔn anaasɛ owu akyi asetra mu gyidi a wɔahwere, na wɔ mmea bi fam no, ahoɔfɛ mu nneɛma pa a wontumi nnya. Tribune no ka sɛ ebia adesamma rehu “Awerɛhow Mmere bi mfiase.”

Mahogani a Aba Asiane Mu

Brazil Indiafo a wɔtete Amazon kwae no mu ɔpehannu aduonum no tetefo afie rebefi wɔn nsa. Sɛnea aban no India adwuma no panyin kyerɛ no, “asiane kɛse” no fi mahogani ho aguadi no. The Guardian a wotintim wɔ London bɔ amanneɛ sɛ, mahogani a wotwa wɔ sum ase ama wɔapae akwan kilomita 3,000 a mmara mma ho kwan afa Pará State anafo. Bere biara a wotwa mahogani biako no, nnua ahorow bɛboro 20 sɛe. Bere a wɔdɔw kwae no, aguadifo pɛsɛmenkominyafo yi bue kwan ma atubrafo ne wɔn a wotu sika kɔkɔɔ ne nnwuma mpempem pii a ɛpae ntaaboo ba hɔ. Esiane sɛ mahogani dodow a wotwa mprempren no kyerɛ sɛ ɛbɛsa wɔ mfe 32 pɛ ntam nti, wontumi nhu ne daakye te sɛ Indiafo de no ara pɛ.

Awuduru a Wɔde Kɔ Amannɔne

Sebastião Pinheiro a ɔwɔ Brazilian Institute of Environment and Renewable Natural Resources ka sɛ awuduru ho dwumadi ho ka a akɔ soro nti, “aman a wɔwɔ sika no de wɔn awuduru kɔ aman a ahia wɔn no mu.” Sɛnea nsɛmma nhoma veja bɔɔ amanneɛ no, nhwehwɛmu biako daa no adi sɛ “wɔde awuduru nkaribo tɔn ɔpepem biako kɔ aman a Afei na wɔrenya nkɔso no mu afe biara.” Dɛn na wɔde awuduru a wɔkra yi yɛ? Wobetumi ahyew no sɛ ngo a wɔde gu anyinam ahoɔden nkanea mfiri afoforo mu. Brazil adwuma a ɛhwɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia so ho ɔfotufo bi se: “Aman a afei na wɔrenya nkɔso no de anoyi ma sɛ ɛho hia sɛ wobue nnwuma wɔ ha ɔkwan biara so.” Nanso, wɔkɔ so bisa ho nsɛm wɔ wiase nyinaa. Financial Times a wotintim no London bisa sɛ: “So ɛsɛ sɛ baabi a nnipa nkwa bo ba fam ho akontaabu so na wogyina si mmeae a wobebue nnwuma ho gyinae?” Veja de ka ho wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so sɛ: “Ɛte sɛ nea mmuae no yɛ yiw.”

Vitamin-A a Wonni

Afe biara mmofra a wonnya nkɔɔ sukuu bɛyɛ ɔpepem fã ani fura efisɛ wonni nnuan a vitamin-A dɔɔso wom. Saa mmofra yi baasa biara mu baanu wu asram kakraa bi ntam wɔ wɔn anifurae no akyi. Sɛnea World Health Organization kyerɛ no, eyi si wɔ Afrika, Asia ne Latin Amerika titiriw, mmeae a nkurɔfo nni nnuaba ne nnuadewa a abere, nnuadewa bun, nhabamma, ne nnuan afoforo a vitamin-A wom pii no. Mmofra ɔpepem 40 na wonni vitamin-A pii wɔ wiase nyinaa, na eyinom mu ɔpepem 13 wɔ ani yare bi dedaw. Vitamin-A a wonni no betumi ama wɔatɔ ape, ama nyarewa afoforo a wonya no mu ayɛ den, na ama tumi a nkokoaa ne mmofra nkumaa betumi awu no ayɛ kɛse.

Adwene a Wɔmfa Nni Dwuma We Nkannare

So adwene no a wɔmfa nni dwuma bere tenten no ye ma no? Ɔbenfo Bernd Fischer a ɔwɔ Medical Trade Fair wɔ Düsseldorf, Germany, no kae sɛ dabi. Sɛnea Der Steigerwals-Bote kae no, nea ohui no kyerɛe sɛ “nhwehwɛmu ahorow ada no adi sɛ sɛnea onipa tumi susuw ade ho no so tew kɛse bere a ɔmfa nni dwuma wɔ nnɔnhwerew kakraa bi akyi no.” Ɔbenfo no tuu wɔn a ahomegye a wɔpɛ ne sɛ wɔnyɛ hwee no fo sɛ wɔnsan nsusuw asɛm no ho bio. Atesɛm krataa no kae sɛ: “Te sɛ ntini a wɔmfa nni dwuma no, adwene no hia adapɛn abiɛsa na anya nea etumi yɛ kan no wɔ ahomegye bere tenten a wɔnyɛ hwee no akyi wɔ tebea ahorow bi mu.” Wɔkae sɛ agumadi, agorudi ne nsɛm a ɛyɛ anigye a wɔkenkan mma adwene nwe nkannare wɔ ahomegye bere mu.

Mframa Bɔne

“Mframa a wɔsɛe no rema akwahosan ho nsɛnnennen ayɛ nea anibere wom wɔ wiase no mu nkuropɔn akɛse binom mu, na ɛkame ayɛ sɛ ɛnyɛ ade a wobetumi akwati wɔ nkurow akɛse mu asetram wɔ baabiara.” Saa na amanneɛbɔ bi a World Health Organization ne United Nations Environment Program boom tintim nnansa yi ka. Amanneɛbɔ no a egyina nkuropɔn 20 ho nyansahu mu nhwehwɛmu bi so no kyerɛ sɛ lɔre ne ade titiriw a ɛsɛe mframa. Ɛdaa no adi nso sɛ lɔre a ɛwɔ wiase nyinaa, a mprempren ɛbɛyɛ ɔpepem 630 no dodow bebu abɔ ho wɔ mfe 20 anaa 30 a edi hɔ no mu. Mframa a wɔsɛe no sɛe ɔhome ne koma nkwaadɔm no, na ɛma nyarewa, dɛmdi ne awuwuawuwu dɔɔso.

Asɛmpatrɛwfo a Wɔwɔ Afrika

Sɛnea American Journal of Tropical Medical Hygiene kyerɛ no, ade titiriw a ekunkum Amerikafo asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ Afrika mprempren ne lɔre akwanhyia, owuyare, ne mogya ntini no mu kwan a srade siw no. Nsanyare a ekunkumm wɔn kɛse ne mmerɛbo mu yare a nyarewa mmoawa ma wonya, nea edi hɔ ne nyarewa te sɛ atiridii ahorow ne ɔkraman yare a wɔfrɛ no rabies ne nyarewa afoforo a nsanyare de ba. Nanso, nhwehwɛmu a wɔyɛe fi 1945 besi 1985 ada no adi sɛ wu a Afrika aman a ɛwɔ Sahara anafo no mu Amerikafo asɛmpatrɛwfo betumi awu no yɛ wɔn mfɛfo Amerikafo a wobetumi awu wɔ United States ankasa no fã pɛ. Eyi te saa wɔ Afrika a tumi a lɔre akwanhyia betumi ama wɔawu no yɛ mmɔho abien na kum a obi betumi akum wo no yɛ mmɔho anan no.

Hohoro Wo Nsa!

Ɛwom sɛ nnɛyi aduruyɛ mu nkɔanim aboa pii ma wɔako atia nyarewa de, nanso nyansahufo ka sɛ samena ne nsu a wode bɛhohoro wo nsa da so ara yɛ kwan a eye sen biara a wɔfa so siw nsanyare pii a ɛtrɛw no ano no mu biako. Fransefo atesɛm krataa Le Figaro bɔ amanneɛ sɛ nhwehwɛmufo yɛɛ wɔn ho te sɛ nnwumayɛfo a wosiesie anaa wɔprapra ahɔhodan, adidibea, nnwumam, ne sukuu mu tiafi so wɔ ahotew ho nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ France, Germany, Netherlands, ne Switzerland no mu. Wohui sɛ nnipa 4 biara mu 1 nhohoro ne nsa bere a wakɔ tiafi awie, na wɔn a wɔhohoro wɔn nsa no mu baanan biara mu biako nso mfa samena nhohoro ne nsa. Nyansahufo ka sɛ wɔ wiase nyinaa no, ɛte sɛ nea nnipa nsa da so ara yɛ akwan a nyarewa nam so trɛw titiriw no mu biako.

Nyamesom wɔ Finland

The European ka sɛ Finland nnipa ɔpepem anum no mu 10 biara mu 9 yɛ Lutheran State Church no muni. Finland Lutheranfo bebree yi de wɔn akatua mu ɔha biara mu nkyem 1.5 kosi 2.5 ma asɔre no sɛ tow, nanso asɔre no kyerɛ sɛ enni sika koraa a ɛbɛma wɔahyɛ nnipa afoforo ɔha asɔfo, na ɛbɛma wɔatoto asɔre ahorow bi mu afe yi. Wonnye nni sɛ ebia Finland Lutheranfo bɛboro ɔpepem anan no bɛboa asɔre no. The European ka sɛ “Finlandfo pii nni ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ Asɔre no dwumadi ahorow mu kɛse sen sɛ wɔbɛkɔ Asɔre afahyɛ te sɛ Buronya ne Easter ase.” Atesɛm krataa no de ka ho sɛ “towtua nkutoo na ɛma Finlandfo pii ne nyamesom di nkitaho.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena