Wiase Nsem
Yɛwɔ Aduan a Ɛdɔɔso, Nanso Nnipa Nnya Aduan Pa Nni Ara
Ɛwom mpo sɛ wiase no mu nnipa adɔɔso pii de, nanso nnipa a wonnya nnuan pa nni a wɔwɔ aman a ahia wɔn no mu sua sen nnipa a na wonnya aduan pa nni wɔ mfe 20 a atwam no mu ɔpepem 150. John Lupien, UN Food and Agriculture Organization panyin se: “Akuafo ama aduan dodow a wonya no ne nnipa a wɔwo wɔn no dodow ayɛ pɛ, na adɔɔso asen nnipa no dodow mpo. Mprempren, aduan a ɛwɔ hɔ no bɛso nnipa nyinaa di, nokwarem no sɛ anka ebetumi adu nnipa a wohia no nkyɛn a.” Nanso awerɛhosɛm ne sɛ The Economist bɔ amanneɛ sɛ: “Nnipa bɛyɛ [ɔpepem] 780 a wɔwɔ aman a ahia wɔn no mu baanum biara mu biako nnya aduan a ɛbɛso no nni. Nanso nnipa bɛyɛ ɔpepepem abien a wonya nnuan di mee no nni aduannuru a wɔfrɛ no vitamin ne mineral a wohia no. . . . Mmofra nkumaa bɛyɛ 40,000 wuwu da biara, na ne fã bi fi nnuan pa a wonnya nni, ma enti ɛnyɛ den sɛ nyarewa ahorow nyinaa bi betumi aka wɔn.” Nea ɛne eyi bɔ abira no, nnuan pa a wonya di boro so no redi afoforo awu, ɛma adefo nya nyarewa te sɛ komayare ne akisikuru ahorow bi.
Mmoa a Wɔde Maa Somalia no mu Abirabɔsɛm
Nnuan a wɔde kɔkyɛɛ Somaliafo a ɔkɔm de wɔn no de abirabɔsɛm bi a ɛyɛ anika aba. Ɛwom sɛ ɔkɔm no ho dwumadi tumi maa ɔkɔm no gyaee de, nanso ɛreyɛ asɛe hɔnom kuadwuma nso. Bere a na aduan ho yɛ den araa ma anka ɔkɔm reyɛ akunkum nnipa bɛboro ɔpepem 1.5 no, aduan bo kɔɔ soro kɛse. Nanso bere a wɔkɔɔ so de nnuan kɔkyɛɛ wɔn no, ne bo baa fam. New York Times se: “Wɔkyerɛ sɛ ɛmo bo wɔ fam wɔ hɔ sen wiase no mu baabiara, na ɛmo kotoku kilogram 50 bo so atew abedu dɔla 5 wɔ asram kakra a atwam no mu. Sɛ wɔde toto ho a, wɔtɔn ɛmo a ɛte saa no bɛyɛ dɔla 11.70 wɔ United States ne dɔla 120 wɔ Japan.” Esiane eyi nti, hɔnom akuafo nnuan bo aba fam araa ma akuafo no ntumi ntɔn. Mprempren wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛtɔn nnuan a wɔde kɔkyɛɛ wɔn no bi de abɔ mmɔden ama ne bo agyina faako.
Asodi no Bi Da Agyanom Nso So
Efi bere bi ni no, wɔabɔ apemfo kɔkɔ sɛ wɔnkwati nneɛma a ebetumi ama wɔn mma adi dɛm wɔ awo mu, te sɛ mmosa ne sigaretnom, na wonni nnuan pa. U.S.News & World Report se: “Mprempren wɔrebɔ wɔn a wɔbɛyɛ agyanom no nso kɔkɔ saa ara. Nhwehwɛmu afoforo kyerɛ sɛ ɛnyɛ wo a ɔbarima bi betumi awo no nko na nnuru a ɔde di dwuma no betumi anya so nkɛntɛnso, na mmom ne mma daakye akwahosan nso.” Adanse kyerɛ sɛ mmarima “yɛ nneɛma pii ma wɔn yerenom pɔn na wɔn mma di dɛm ahorow, wonya akisikuru ahorow, na wɔtɔ ape sen sɛnea na wonim kan no.” Mprempren ɛte sɛ nea nnuru ahorow (a sigaretnom mu de ka ho) , ne nnuan a nnuadewa ne nnuaba a aduannuru a wɔfrɛ no vitamin C nnim sɛnea ɛsɛ no pira ahobae no mu nkwaboaa no. Awuduru ho ɔdenimfo Devra Lee Davis se: “Yɛde yɛn adwene asi ɛnanom nkutoo so ma akyɛ dodo. Yɛankyerɛ hia a ɛho hia sɛ agyanom betumi ama nkokoaa anya akwahosan no ho anisɔ kɛse.”
Anigye Kɛse a Wɔrenya wɔ Ahonhonsɛm Ho
Ahonhonsɛm a nnipa ani regye ho kɛse wɔ wiase nyinaa no da adi yiye wɔ South Africa. Ɛhɔnom akɔmfo, honhom sɔre, nsoromma mu ahwɛfo, ne Abonsansom regye din ntɛmntɛm fi 1980 mfinimfini mu hɔ. Dɛn ntia? The Weekly Mail a wotintim wɔ Johannesburg no se: “Sɛ nnipa ba ɔhaw mu a, wogyae nneɛma ho dwen na wɔde wɔn adwene si ahonhonsɛm so. Mfe mpem abien awiei yi no, nkurɔfo renya ahonhonsɛm ho anigye kɛse.” Nnipa asetra ho ɔdenimfo Robert Thornton kyerɛkyerɛ mu sɛɛ se: “Misusuw sɛ gyidi ahorow yi da nneɛma ahorow a nnipa suro no adi. Ɛyɛ guan a nnipa a wɔte nka sɛ wontumi nkyerɛ wɔn asetra kwan no guan toa’tumi bi a ɛkorɔn sen onipa de.” Nneɛma a yɛmfa aniwa nhu ho kyerɛkyerɛfo, Rod Suskind, se: “Ade biako nti a wɔrenya ahonhonsɛm ho anigye kɛse ne sɛ ɛte sɛ nea wontumi nhu nea ɛbɛba daakye, na nkurɔfo pɛ sɛ wɔfa akwan afoforo so te nea ɛresisi no ase sen sɛ Wɔbɛfa tete de a wonim no so.” Na sɛnea The Weekly Mail kyerɛ no, nnipa asetra ho ɔdenimfo Isak Niehaus “ka sɛ eyi nyinaa fi hu a wɔahu sɛ nyansahu ne nyamesom ntumi mfa nsɛmpɔw akɛse a nnipa rehyia ho mmuae mma no.”
Nsɛnkyerɛwfo a Wokum Wɔn
Anyɛ yiye koraa no wokunkum nsɛnkyerɛwfo 60 wɔ 1992 mu bere a wɔrekyerɛw wiase nyinaa no mu akodi ahorow ho asɛm no. Amanneɛbɔ yi a International Federation of Journalists tintimii wɔ Brussels, Belgium, na ɛbaa Manchester Guardian Weekly mu no, kaa Turkey neBosnia ho asɛm sɛ mmeae a ɛhɔ yɛ hu sen biara. Wɔkae sɛ anyɛ yiye koraa no wokum nsɛnkyerɛwfo du wɔ saa aman abien no mu wɔ afe a etwaam no mu. Wɔahunahuna nsɛnkyerɛwfo nso bere a wɔrekyerɛw Somalia mmusua ntam akodi ne ɔkɔm a asi hɔ ho asɛm no. Kuw no reka akyerɛ Amanaman Nkabom ne Europa Aman Nkabom no sɛ ɛmfa nto gua sɛ nsɛm ho amanneɛbɔ a wɔbara no yɛ “hokwan ahorow a nnipa wɔ a wobu so koraa.”
So Influensa Rebɛtrɛw Bio?
The New York Times Magazine no se: “Ɛkame ayɛ sɛ akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ influensa trɛw a, ɛbɛyɛ ɔyare bɔne wɔ mfe kakra a edi hɔ no mu. Sɛnea nyansahufo kyerɛ no, bere aso sɛ inflensa yare a ɛte sɛ nea ɛbae wɔ 1918 mu a ekum nnipa ɔpepem 20 kosi ɔpepem 40 no ba. John R La Montagne, nsanyare ho panyin wɔ National lnstitute of Allergy and lnfectious Diseases wɔ Bethesda, Maryland se: “Yɛhwɛ kwan yiye sɛ sɛ́ aba pɛn a, ebetumi asan aba bio. Nanso. nyarewa mmoawa a wɔma influensa trɛw ntɛmntɛm no ho yɛ na. Wɔaba mprɛnsa pɛ wɔ afeha yi mu: nea wose wɔfrɛ no Spanish influensa a ɛbae 1918, Asia influensa a ɛbae 1957, ne Hong Kong influensa a ɛbae 1968; sɛ wɔde toto ho a, na abien a etwa to no ano nyɛ den kɛse. Na esiane sɛ influensa ɔyare mmoawa no taa sakra na wontumi nkyerɛ sɛ ɛbɛba saa nti, nea ebetumi akunkum nnipa betumi aba ansa na wɔanya ano aduru ankasa. Asɛm no de ba awiei sɛ: “Na sɛ abakɔsɛm yɛ biribi a etumi kyerɛ yɛn kwan de a, ɛnde yebetumi ahwɛ kwan sɛ nsakrae kɛse bɛba nipadua mu tumi a ɛko tia nyarewa no mu-nsakrae kɛse biako a ebetumi ama influensa atrɛw wɔ wiase nyinaa—ansa na afeha yi akɔ n’awiei.”
Okununom a Wɔboro Wɔn
The Toronto Star se: “Mmea a aban no nhwehwɛmu bi ma wobisaa wɔn nsɛm no mu bɛyɛ ɔha biara mu nkyem 40 kae sɛ wɔahunahuna anaa wɔaboro wɔn kununom pɛn, wɔdɔɔso pii sen mmarima a wobisaa wɔn nsɛm a wɔn dodow te saa ara a wɔkyerɛe sɛ wɔayɛ wɔn yerenom saa no. Nhwehwɛmu no dan gyidi a ahyeta sɛ abusua mu basabasayɛ fi ti no. . .Nea efii nhwehwɛmu no mu bae no maa nhwehwɛmufo no mpo ho dwiriw wɔn.” Nea na ɛka ayayadeyɛ asekyerɛ ho ne ahunahuna, biribi a wɔtow anaa wɔde bɔ obi. Wɔ nsɛm no pii mu no. mmea no kae sɛ ɛnyɛ sɛ wɔrebɔ wɔn ho ban nti na wɔyɛɛ saa. Rena Summer, adesuani a ɔwɔ Manitoba Sukuupɔn abusua ho asuae na ɔyɛ nhwehwɛmu no akyerɛwfo mu biako ko kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ nea wɔahu yi ma nkurɔfo san susuw sɛnea aware mu ayayadeyɛ te ho wɔ nsɛmmɔnedi ho atemmu mu. Nanso, ɔkae nso sɛ esiane sɛ mmarima ho taa yɛ den sen mmea nti, sɛ mmea no kununom yɛ wɔn ayayade a, wɔtaa pira kɛse.
Wɔda so Ara Kyere Abayifo
India Today bɔ amanneɛ sɛ basabasayɛfo kuw bi a wɔn ani abere kunkum mmea bɛboro dumien a wobu wɔn sɛ wɔyɛ abayifo wɔ mmusua a wɔtete India nkuraa ase wɔ asram abien mu. “Wɔaboro mmea afoforo pii ayɛ wɔn ayayade, ma wɔde adagyaw atu aprenten, agu wɔn anim ase wɔ atirimɔden kɛse so, na wɔapam wɔn afi wɔn nkuraa ase nso.” Wɔde nyamesom mu aprenten a wotu kɔɔ akuraa ahorow ase na efii basabasayɛ no ase. Adeyɛ yi ma wɔtew asetram ɔsesɛw kuw bi na ɛtew nsɛmmɔnedi nso so. Nanso afei “honhom” sii mmea a na wɔka aprententu no ho no mu bi so, na wofii ase kyerɛe sɛ nkuraasefo mmea no bi yɛ abayifo a wɔn na wɔma ɔhaw ahorow ba hɔnom. Sɛ obi anni nkonim wɔ bemdi ho “sɔhwɛ” no mu, te sɛ tumi a ontumi nyan owufo, sɛ wɔbɔɔ no sobo sɛ wakum obi a, wodi ne were amonom hɔ ara. Wɔkyerɛ sɛ abayisɛm mu gyidi na ɛma wɔyɛ saa, na sɛnea nnipa asetra ho ɔdenimfo bi ka no. “efi ɔpɛ a mmusua wɔ sɛ wobenya tumi a ɛkorɔn sen nnipa de adi dwuma, na ama wɔanya tumi a wɔde bɛko atia anibɔne, tumi a ɛbɛma wɔadu wɔn botae ahorow ho ne tumi a ɛbɛma wɔahyɛ afoforo ma wɔayɛ nea wɔpɛ.”
Wɔde Asodi no To Caffeine So
Wɔn a wɔnom kɔfe pii a wogyae nom mpofirim taa ka sɛ wɔn ti pae wɔn, wɔbotow, wɔbrɛ, wɔyɛ basaa, wɔn ntini mu yɛ wɔn yaw, wɔn bo fono wɔn, na wɔfefe mpo. Mprempren nhwehwɛmufo a wɔwɔ John Hopkins Sukuupɔn mu ahu sɛ eyinom nso da adi wɔ nnipa a wɔnom kɔfe kuruwa biako anaa abien pɛ anaa tii da biara, anaa nsa a ɛmmow a caffeine wom dodow bi, a wogyae nom nnanu no ho. Ne nom a wogyae no tumi haw wɔn kɛse ma wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wokohu oduruyɛfo. Wɔn a ɛhaw wɔn no betumi ayɛ wɔn a wɔnkɔ adwuma dapɛn awiei, nnipa a wogyae kɔnom nsa a ɛmmow a caffeine nnim anaa ayarefo a ɛsɛ sɛ wɔkyen kɔm ansa na wɔayɛ wɔn oprehyɛn. Wotu nnuruyɛfo fo sɛ wɔnyɛ ayarefo a wɔka wɔn ti a ɛpae wɔn ne ɔyare ho nsɛnkyerɛnne afoforo a ɛte sɛ wɔn a wogyae kɔfe nom de ho asɛm no kɔfenom ho kyerɛwtohɔ. Wotu wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtew wɔn kɔfenom so fo sɛ wɔnyɛ saa nkakrankakra. Nhwehwɛmu no nso maa nsemmisa sɔre wɔ sɛ ebia ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ kɔfe yɛ aduru a ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobegyae nom no ho.